Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 6/8 kr. 9-10
  • Nea Enti A Wonnye Nni

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti A Wonnye Nni
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔ Apuei Fam
  • Wɔ Atɔe Fam
  • Ebia na Wo Ankasa Wowɔ Atirimpɔw Bi
  • Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wususuw Ɔsom Afoforo Ho?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • So Yebetumi Anya Ɔbɔadeɛ Bi Mu Gyidi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • Nyamesom—Efii Ase Dɛn?
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • So Ntease Wɔ Nea Wɔka No Mu Anaa?
    Nyan!—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 6/8 kr. 9-10

Nea Enti A Wonnye Nni

“Onyankopɔn Nni Hɔ”

Ɔbɔadeɛ Bi Nni Hɔ

Adannadi

Adesamma Amanehunu

“YƐTE adesamma wiase bi a Onyankopɔn nni dwuma titiriw biara wɔ nnipa asetra, nsusuwii anaasɛ wɔn adeyɛ ahorow mu mu; nnipa nim nnɛ sɛ wobetumi atra ase ayɛ biribiara a wɔpɛ, wɔ nkate mu, ne afei wɔ adwene anaa nimdeɛ mu a Onyankopɔn ho asɛm bi mfa wɔn ho.”

Eyi ne asɛm a nyansahufo bi a ɔresua gye a wonnye Onyankopɔn nni ho asɛm no kae, na ɛyɛ asɛm a wɔfa kae wɔ nhoma Religion ni a Secular Age no mu. So wo ne ɛno yɛ adwene?

Sɛ wo ne no yɛ adwene a ɛnde akyinnye biara nni ho sɛ wususuw wo ankasa ho sɛ obi a ɔyɛ kyiri-nyame, a wagye atom sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Anaasɛ woyɛ obi a biribiara mfa wo ho, a wususuw sɛ ebia Onyankopɔn wɔ hɔ anaa onni hɔ; na esiane sɛ yenni ɔkwan biara a yɛbɛfa so ahu nti, eyi nyɛ ɔhaw biara. Anaasɛ wɔ ɔkwan foforo so no, wobɛyɛ obi a Encyclopedia Britannica no frɛ no ‘obi a onnye Onyankopɔn nni ankasa.’ Ebia na wugye Onyankopɔn di; nanso gye a wugye no di no nni dwuma titiriw biara wɔ w’asetra mu.

Wɔ ɔkwan biara a wobɛfa so akyerɛkyerɛ sɛnea wote mu no, dɛn nti na wontwɛn nsusuw ade ho kakra? Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, na sɛ ɔwɔ atirimpɔw ankasa ma wo a, so pow a wopow sɛ onni hɔ no renyɛ aniberesɛm? So ɛnte sɛ obi a wote ɔman bi mu na afei wopow sɛ wobɛpene so sɛ nniso anaa aban wɔ ɔman no mu? Ɛrenkyɛ na asɛm aba wo ne nniso no ntam. Na worentumi mfa hokwan biara a nniso no de ma so mmɔ wo ho ban, na worennya mu mfaso nso.

Enti, ɛsɛ sɛ wohwehwɛ mu yiye. Na yɛpɛ sɛ wode anibere susuw sɛnea wudwen saa asɛm yi ho no ho yiye. Sɛ wunnye Onyankopɔn nni a ɛnde dɛn ntia? So ɛyɛ gyinae a wo ankasa wusii? So efi ntetee a woanya nti, anaasɛ so ɛyɛ nkɛntɛnso a nnipa a wɔatwa wo ho ahyia no anya wɔ wo so nti? Nneɛma a ɛnyɛ den koraa bɛn sɛɛ na nnipa gyina so ka sɛ wonnye Onyankopɔn nni?

Wɔ Apuei Fam

Sɛ obi te Rusia a, nea ebetumi aba sɛ ɛbɛma wayɛ obi a onnye Onyankopɔn nni no befi sɛ wɔtetee no saa. Nniso a ɛwɔ saa asase no so no ayɛ nhyehyɛe sɛ obebu nnipa abaw mu wɔ ɔsom ho, na wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nni hɔ wɔ sukuu ahorow no mu.

Sɛ ɔte apuei fam akyirikyiri a ebia na efi sɛnea wɔtetee no fae wɔ ɔsom mu nti. Ɔsom mu ntetee? Yiw, efisɛ bere a nnipa a wofi Apuei fam no mu dodow no ara yɛ anyamesomfo no, mpɛn pii no wɔn anyamesom no nkyerɛ wɔn Ade Nyinaa So Tumfoɔ a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ no mu gyidi.

Sɛ nhwɛso no, ɔsom ahorow a ɛwɔ Apuei fam a ɛwɔ akyidifo pii no mu biako ne Budhasom. Sɛnea mpɛɛpɛɛmu bi kyerɛ no, saa ɔsom yi anya “bɛyɛ nnipa a wɔatra asase so pɛn efi mfirihyia 2,500 a Budha wui no akyi reba no mu nkyem anan mu biako adwene so nkɛntɛnso.” Nnipa yi dɔɔso yiye! Yɛkenkan fa saa onipa a onyaa afoforo so nkɛntɛnso yi ho sɛ: “Ɔkaa asɛm faa ɔsom a wotumi di ho dwuma a guasodeyɛ biara nnim ho asɛm, na afei oyii nyansahu a wɔde susuw ade ho fii mu, na ogyaw asemmisa a ɛfa sɛ́ Onyankopɔn te ase anaa ɔnte ase ho no too hɔ a wankyerɛkyerɛ mu.” Enti, bere a Budhafo a wɔwɔ aman horow so som wɔ wɔn tetefo ahoni ahorow anim no, mpɛn pii no, wɔnte adwene a ɛfa Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn a ɔbɔɔ nneɛma nyinaa ho adwene no ase.

Ɔsom horow a efi Apuei no mu binom te saa. Hindusom a ɛwɔ anyame ne anyamewa ahorow ɔpepem bebree no nso yɛ nea wɔkyerɛkyerɛ mu saa ara: “Wɔn mu bi betumi ayɛ nea onnye Onyankopɔn nni, nanso ɔfrɛ ne ho sɛ Hinduni.”

Wɔ Atɔe Fam

Sɛ wote Atɔe fam a, ɛnde na ɛda adi sɛ wobɛte ɔkasasin “Ade Nyinaa So Tumfoɔ” no ase. Anyamesom ahorow pii a ɛwɔ Atɔe fam no kyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn na wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɔno na ɔbɔɔ nneɛma nyinaa. Nanso Atɔe nso na edi kan wɔ nnɛ bere mu nyansahu mu nkɔso a aba no mu. Saa nkɛntɛnso ahorow yi ma nnipa susuw ɔsom ho sɛ ade a ne bere atwam na wɔdan wɔn ani hwɛ onipa na wanya wɔn haw horow no ano aduru ama wɔn. Enti asɔrekɔfo pii hu sɛ nsonsonoe da nea wɔte wɔ asɔre no mu no ne nea wɔte fi mmeae ahorow no ntam. Nea afi mu aba no betumi ayɛ nea ɛyɛ nwonwa yiye.

Mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia nnansa yi no daa no adi sɛ Protestant asɔre mma a wɔwɔ ho no mu nkyem abiɛsa mu biako​—ne afei nso asɔfo no mu biako wɔ anum biara mu​—adwenem yɛ wɔn naa wɔ sɛ́ Onyankopɔn wɔ ho no ho. Eyi nyɛ nea ɛwɔ Australia nkutoo. Na sɛ eyi yɛ nokware wɔ asɔrekɔfo mu a, ɛnde na ɛda adi sɛ ɛyɛ nokware yiye wɔ wɔn a wɔnyɛ asɔrekɔfo no ho.

Ebia na Wo Ankasa Wowɔ Atirimpɔw Bi

Pii a yɛaka wɔn ho asɛm wɔ atifi hɔ no nnye Onyankopɔn nni wɔ nkɛntɛnso a nnipa a wɔte wɔn mu no nya wɔ wɔn so nti. Nanso sɛ ebia wunnye nni a, na ebia wowɔ wo ankasa w’atirimpɔw bi nti. Ebia na woahu asiane bi anaasɛ wususuw sɛ ɔhaw horow a ɛwɔ wiase no dɔɔso dodo. Nea ebefi mu aba a wobɛka ne sɛ Onyankopɔn nni hɔ, efisɛ, sɛ ɔwɔ hɔ a, anka wayɛ eyinom ho biribi dedaw.

Anaasɛ so ebia wonam nyansapɛ so na asi gyinae? So wote nka sɛ, esiane sɛ onipa abɔ mmɔden kɛse ama ne nimdeɛ a ɛwɔ amansan ho no akɔ anim, titiriw wɔ adannandi ho nkyerɛ mu nti, ɛho nhia bio sɛ wubegye Ɔbɔadeɛ Pumpuni bi adi bio anaa?

Sɛ wuhu sɛ wususuw nsɛm bi a ɛte saa ho a, ɛnde yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan nsɛm a wɔakyerɛw a edidi so yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena