Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g80 6/8 kr. 17-20
  • Sɛnea Wɔaboa Ebinom Ama Wɔagye Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Wɔaboa Ebinom Ama Wɔagye Adi
  • Nyan!—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahofadi ma Dɛn?
  • Mmoa a Ɛbɛma Obi Ahu Sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ
  • Mmoa a Wɔde Ma Wɔn na Wɔahu Nyankopɔn
  • Akwan Foforo a Wɔfa So Hu Nyankopɔn
  • Yiw, Yehowa Te Ase
  • Nnye Onyankopɔn Ahofadi A Ɔde Ma No Kwa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • Som Yehowa, Onyankopɔn a Ɔma Ahofadi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
  • Ahofadi a Yehowa Asomfo Wɔ
    Biako a Wɔayɛ De Resom Nokware Nyankopɔn Koro No
  • Ahofadi a Yehowa Asomfo Wɔ
    Som Nokware Nyankopɔn Koro No
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1980
g80 6/8 kr. 17-20

Sɛnea Wɔaboa Ebinom Ama Wɔagye Adi

ƆKWAN bɛn na onipa a onnye nni sɛ Onyankopɔn te ase no bɛfa so ahu no? Nnipa pii a mprempren yi wogye di no hui sɛ, ɛsɛ sɛ wohyia ɔhaw bi ansa. Dɛn ne ɛno?

Kan Apuei fam ɔsom bi muni penee so sɛ: “Ebia atirimpɔw atitiriw a ɛma obi de ne ho fam gyidi a okura sɛ Ɔbɔadeɛ bi nni hɔ no ho no mu biako ne sɛ, saa ɔsom yi hyɛ obi nkuran ma ɔtra ase sɛ obi a ɔde ne ho, na ama ne koma atɔ ne yam.”

Saa ara nso na wɔ Atɔe fam no ɔkyerɛwfo John Cogley kae sɛ: “Ɛnnɛ bere mufo, (anyɛ yiye koraa no, wɔn a wɔnyɛ Komunistfo) si ahofadi a obi benya so dua pii​—wɔ adwene mu, amammui mu, ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm mu ne nea ɛkyɛn ne nyinaa no, nea wosusuw fa nkwa yi mu nsɛntitiriw ho.”

Saa, ahofadi yi​—ne yɛ a obi yɛ biribiara a ɔpɛ a hwee mfa ne ho a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no​—betumi ahyɛ obi tirim ma. Sɛ́ obi begyaa eyinom mu na wapene Otumfoɔ bi a ɔso sen no no so no hwehwɛ ahobrɛase ne anidahɔ a ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔwɔ saa su no.

Ahofadi ma Dɛn?

Mmom, ahofadi betumi ayɛ nea wɔpɛ. Nanso ahofadi betumi apira obi nso. Ahofadi pii a wɔde bɛma abofra bɛma wadi agoru wɔ abɔntenkwan a lɔre ahorow nam so so anaasɛ ama ɔde ne nsa aso muka a adɔ mu. Ahofadi koraa a yɛde si yɛn ankasa yɛn gyinae a mmoa biara mfi akyi no nso de ɔhaw horow pii ba, titiriw bere a gyinaesi ahorow no nteɛ no.

Sɛ yɛpene nokware a ɛfa asetra mu a Onyankopɔn wɔ no so a, yɛrenyera biribiara. Ɛyɛ nokware sɛ, eyi siw obi ankasa ahofadi kwan kakra wɔ ɔkwan bi so de​—nanso wɔ akwan horow a ɛboa yɛn ma yɛkwati pira a yebepira yɛn ankasa ho ne afoforo no nkutoo so. Wɔn a wogye Onyankopɔn di ankasa no pɛ sɛ wogyina saa sintɔ ahorow yi ano. Nokware ahorow a ɛfa Onyankopɔn ho a wɔapene so no nso ama wɔn ahofadi: wɔafa wɔn ho adi afi nnaadaa a afoforo a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ankasa nyansapɛ ne anidaso biara a wonni esiane sɛ wonnim atirimpɔw a ɛwɔ asetra akyi nti so daadaa wɔn no nsisi ho. Sɛnea Yesu kae bere bi no: “Nokware no bɛma moade mo ho.”​—Yoh. 8:32; Kol. 2:8.

Mmoa a Ɛbɛma Obi Ahu Sɛ Onyankopɔn Wɔ Hɔ

Wɔ Atɔe fam no, nnipa pii nim nea asɛmfua, “Ɔsorosoroni,” no kyerɛ, ɛwom sɛ pii na wɔka sɛ wonnye no nni. Wɔ Apuei fam de, ɔhaw no mu yɛ den. Pii na wɔnte asɛm no ase. Obi a na kan ɔnyɛ Kristoni no ka faa ne mfɛfo anyamesomfo no ho sɛ: “Wɔn mu pii ntumi nsusuw wɔ a Osorosoroni no wɔ hɔ no ho.”

Wɔ saa nnipa horow yi fam no, ade a edi kan a wɔbɛfa so aboa wɔn na wɔahu Onyankopɔn taa yɛ abɔde a wɔde bɛkyerɛ wɔn ne nea enti a ɛsɛ sɛ ɔyɛfo bi anaa ade Hyehyɛfo bi fi eyinom ase no. Kristoni bi a ɔde bere tenten asom wɔ Japan kae sɛ: “Yɛde nhwɛsode ahorow di dwuma. Egye obi a ɔyɛ onyansafo na wayɛ dɔn anaa wakye, kamera a wɔde twa mfonini ne nea ɛkeka ho, nanso saa nneɛma yi nni nkwa. Hwɛ nhwiren, anomaa anaasɛ onipadua no. Hena na ɔbɔɔ eyinom?” Ɔnam nsusuwii a ɛte sɛɛ so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛhyehyɛ asetra mu a Onyankopɔn wɔ no wɔ Apuei fam adwene no mu.

Mmoa a Wɔde Ma Wɔn na Wɔahu Nyankopɔn

Sɛ́ wobɛkɔ w’anim wɔ bere a woahu sɛ adebɔ tumi wɔ hɔ, de akosi sɛ wubehu Nyankopɔn sɛ ɔsoro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ nkɔanim kɛse. Ɛda adi pefee sɛ Einstein mpo antumi ampene so sɛ honhom a ɛbɔ ade a ohui sɛ ɛhyɛ amansan yi akyi no yɛ onipa ankasa a adesamma betumi abɛn no. Ɔkae bere bi sɛ: “Nea ɛde nnɛ bere mu ntawntawdi a ɛda ɔsom ne nyansahu ntam no bae yɛ nea ɛfa Onyankopɔn a ɔyɛ onipa a ɔwɔ hɔ ho.”

Ɔkwan bɛn so na nnipa a mprempren yi wogye di no abehu Onyankopɔn sɛ onipa? Na ɛsɛ sɛ wɔde wɔn ho to Onyankopɔn ankasa so. Wɔ ɔman kɛse biara mu no, ɔmanfo no mu pii nim sɛ wɔn mampanyin no te ase. Na onya wɔn asetra so nkɛntɛnso da biara da. Nanso, wɔn a wɔbɛyɛ ne nnamfonom no nkutoo na ɔma wɔbɛn no. Saa ara nso na yebetumi asua asetra mu a Onyankopɔn wɔ a akyinnye biara nni ho no afi adebɔ mu, na onya yɛn asetra so nkɛntɛnso da biara da, efisɛ yenya n’akyɛde horow te sɛ aduan, mframa, owia, osu a ɛtɔ ne nea ɛkeka ho mu anigye. Nanso, yɛrentumi nhu no gye sɛ ɔma kwan ma yetumi bɛn no.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ wayɛ eyi. Wɔ ɔkwan bɛn so? Wiɛ, ɔkwan biako yɛ nea ɛnam Bible no so. Wama wɔakyerɛw ɔkwan a wafa so ne adesamma adi mfirihyia pii a atwam no wɔ saa nhoma no mu. Wada ne su horow no adi na wama yɛn din a yɛbɛfa so ne no akasa. Saa din no ne “Yehowa.” (Dw. 83:18) Enti, nnipa a wɔabehu Nyankopɔn wɔ nokware mu no dii kan maa wɔn ani sɔɔ nhoma a ɛyɛ nwonwa no.

Nnipa pii hu sɛ biribi yɛ soronko wɔ Bible no ho. Wɔakyerɛw ase akɔ ɔkasa horow mu kyɛn nhoma biara. Ɛno ne nhoma a wɔtɔ sen biara. Atumi afi mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe no wɔ mfehaha a atwam no mu no mu. Ɛkɔ akyiri wɔ abakɔsɛm mu kyɛn nhoma biara. Nanso nea nnipa pii mpene so ne nea Bible no ankasa ka sɛ wofi honhom mu kyerɛwee no. Nanso Bible no ka pefee sɛ: “Kyerɛw nyinaa fi Onyankopɔn home mu.” (2 Tim. 3:16) So wobetumi adi nea wɔka yi ho adanse sɛ ɛyɛ nokware? Yiw, na nnipa a kan bi no wonnye nni na afei wɔabehu Yehowa no pɛe yiye sɛ wowogye bere de pɛɛpɛɛ adanse no mu. Dɛn na wohui?

Wohuu nkɔmhyɛ ahorow ɔhaha pii wɔ Bible no mu a abam nokware. Wohui sɛ ɔdesani biara rentumi nni kan nhu adesamma asetra mu nsɛm mfehaha pii, mfirihyia mpem bebree. Bible no ankasa di adanse sɛ nkɔm a wotumi hyɛ wɔ nokware mu no yɛ adanse biako a ɛkyerɛ sɛ efi Nyankopɔn. (Yes. 46:8-10) Onyankopɔn nkoa a wɔtraa ase wɔ tete mmere mu no mu biako kaa asɛm faa Bible mu nkɔmhyɛ ahorow a abam de besi saa bere no ho sɛ: “Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Awurade [Yehowa] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.” (Yos. 23:14) Wɔn a wogye eyi di no nso ahu sɛ nkɔmhyɛ mmamu nyɛ biribi a atwam. Nkɔmhyɛ ahorow pii rebam nokware wɔ yɛn ankasa da yi mu. Esiane sɛ wɔapɛɛpɛɛ nokwasɛm no mu nti, wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔpene so sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn asɛm a efi honhom mu.​—Hwɛ Mateo 24; Marko 13; Luka 21; 2 Timoteo 3:1-5.

Wɔahu sɛ afotu ne akwankyerɛ a ɛwɔ Bible no mu no nso yɛ nea ɛso nni. Wɔde nkakrankakra ahu sɛ eyi kyerɛ nyansa a ɛkorɔn kyɛn onipa de. Wohuu obi a watra ase ahwɛ adesamma mfirihyia mpem bebree na onim nea eye sen biara ma yɛn no nimdeɛ ne ne ntease sɛ ɛda wɔn anim. Bible mu afotu a ɛde ma awarefo, mmerante ne mmabaa, ahiafo ne adefo yɛ nwonwa bere nyinaa, esiane nhumu a ɛda no adi ne sɛnea wotumi di ho dwuma ma ɛyɛ yiye nti. (Sɛ nhwɛso no, hwɛ Kolosefo 3:5-8, 18-25; 1 Timoteo 6:9-11, 17-19; Mateo 6:24-34; Mmebusɛm 7:1-27.) Bere a wɔn ankasa fii ase de afotu yi dii dwuma pɛ na wohuu nokware a Dwom 119:2 yɛ: “Nhyira ne wɔn a wɔhwɛ [Onyankopɔn] n’adansesɛm so, na wɔde wɔn koma nyinaa di akyiri.

Akwan Foforo a Wɔfa So Hu Nyankopɔn

Ɔbarima bi nyaa kwan ne kuw bi a wɔyɛ Kristofo a wɔrekɔ Yehowa Adansefo nhyiam traa oketeke mu toatoaa so nna pii wɔ Japan. N’ani gyee wɔn suban ho yiye ma enti ofii ase yɛɛ mpɛɛpɛɛmu. Teteete na ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo nyinaa sɛ “munsua Onyankopɔn.” (Efe. 5:1) Sɛnea mmofra taa yi su a wɔn awofo kura no adi no, saa ara na nokware Kristofo bɔ mmɔden sɛ wobeyi su a wɔn soro Agya no kura no adi wɔ wɔn asetra ne wɔn suban mu. Mmɔden a wɔabɔ wɔ eyi mu no ne aba a asow no na ɛyɛɛ Japanni a yɛka ne ho asɛm wɔ ha no fɛ no, na ɛno na ɛboaa no ma obehuu Yehowa. Mprempren yi ɔno nso yɛ Yehowa Adansefo no mu biako.

Saa ara nso na bere a wobisaa ɔbea bi a ofi Apuei fam aman no biako mu sɛ ɔnkyerɛkyerɛ nneɛma a ɛboaa no ma obehuu Nyankopɔn no, nneɛma a ɔbɔɔ din no mu binom ni: “Mmara ne nnyinasosɛm ahorow a etumi ka nnipa horow nyinaa bom a ɔman a wofi so mfa ho, a ɛda adi wɔ Yehowa Adansefo mu sɛ adansedi no ho nimdeɛ.” Ne afei nso: “Yehowa Adansefo ne wɔn suban a ɔhwɛe.” Enti, ɔbɔadeɛ no fa n’asomfo no suban ne nnwuma horow a wodi so yi ne ho adi kyerɛ nea ɔhwehwɛ no no.

Ɔbea a yɛaka ne ho asɛm wɔ atifi hɔ no nso kaa foforo a ɛkanyan adwene a ɛboaa no ma obehuu Ɔbɔadeɛ no. Ɔkae sɛ: “Me kan su horow no pii asakra​—na ɛyɛ me nwonwa yiye.” Ɛyɛɛ dɛn na etumi baa saa? Ɔsomafo Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ ade a ɛte sɛɛ a ɛbɛba no kwan. Ɔka kyerɛɛ Kristofo sɛ: ‘Momma wɔmfa tumi a ɛkanyan mo adwene no so nyɛ mo foforo. Monhyɛ nipadua foforo a wɔrebɔ no wɔ Onyankopɔn apɛde so wɔ nokware trenee ne nokwaredi mu no.’ (Efe. 4:23, 24) Wɔn a wɔyɛ nokwaredifo no bɔ mmɔden sɛ wɔbɛbrɛ su horow a enye a wohu wɔ wɔn mu no ase. Ɛyɛ den. Nanso wɔn a wɔsom ɔbɔadeɛ no wɔ ‘tumi a ɛkanyan wɔn adwene’ a etumi ma wɔyɛ saa. Nea ɛhyɛ eyi den ne Onyankopɔn ankasa honhom kronkron no. Esiane sɛ saa ‘tumi’ yi ahyɛ wɔn den nti, wɔatumi asa ebinom yare afi nnuru bɔne a wɔde di dwuma, aguamammɔ, nsɛmmɔnedi ne su ahorow a ɛtete sɛɛ mu. Wɔabɛdan nnipa a wɔwɔ ɔdɔ, anigye, asomdwoe, boasetɔ, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo ne ahosodi. (Gal. 5:22, 23) Eyi asi so dua ama wɔn denneennen sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Na ɔpɛ sɛ ɔboa wɔn.

Mpaebɔ ne ɔkwan foforo a wɔafa so abehu Nyankopɔn. Ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yoh. 5:14) Mmom, ɛnyɛ obiara mpaebɔ na Onyankopɔn tie. Mmebusɛm 15:29 ka sɛ: “Awurade [Yehowa] ne abɔnefo ntam ware, na treneefo mpaebɔ de, otie.” Nanso wɔn a wɔsom Onyankopɔn wɔ nokwaredi mu no bɔ mpae, na ɔma wɔn mpaebɔ ho mmuae. Ɛbɛyɛ den sɛ worennye obi a wokasa kyerɛ no bere nyinaa na otie wo wɔ akwan horow so no nni.

Yiw, Yehowa Te Ase

Yiw, Yehowa Nyankopɔn te ase, na akyinnye biara nni eyi ho. Ɔpɛ sɛ n’abɔde hu no. Ɔnam nneɛma horow a wabɔ no so yi ne ho adi, denam Bible no so, ne afei nso ɔkwan a ne honhom fa n’ahyehyɛde no ne akorankoro so yɛ adwuma no so.

Dɛn nti na womma ne nkyɛn sɛ wo soro Agya na woanya ahofadi a ɛba fi nokware a wohu no mu anigye no bi? Di n’afotu akyi. Gye bɔhyɛ horow a ɔde ama a ɛfa daakye ho a ɛma koma ani gye no di. Yiw, sɛnea odwontofo no tuu fo wɔ teteete no: “Monka nhwɛ na munhu sɛ Awurade [Yehowa] ye, nhyira ne onipa a oguan toa no.”​—Dw. 34:8.

[Kratafa 18 mfoni]

Obi na ɔhyɛɛ da yɛɛ anomaa fi mfiase

[Kratafa 19 mfoni]

Onyankopɔn nam Bible no so da ne ho adi kyerɛ yɛn, ne su horow, n’atirimpɔw

[Kratafa 19 mfoni]

Sɛ nnipa hu sɛnea afoforo yi Yehowa ne ne su horow adi wɔ wɔn asetra mu no a, eyi twetwe wɔn bɛn ne som ho

[Kratafa 20 mfoni]

Ɛyɛ den sɛ worennye obi a wokasa kyerɛ no a otie wo no nni

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena