Efi Bɔɔlbɔ Mu Mmɔden So Kɔ Onyankopɔn Som Pa Ahofama Mu
MINYINII wɔ akuraa bi a wotu fam gyabiriw wɔ mu mu wɔ Yorkshire, England. Ɛwom sɛ na mepɛ sukuukɔ de, nanso ade biako a na m’ani gye ho ne agumadi. Minyaa bɔɔl anaa sɔka ho anigye yiye.
Da koro bi a mabɔ bɔɔl ama me sukuu no awie no, obi a na ɔhwehwɛ wɔn a wonim bɔɔlbɔ yiye bisaa me sɛ so mɛpɛ sɛ mebɔ bɔɔl ma Wolverhampton Wanderes Bɔɔl Kuw no anaa? M’ani anye ho. Nea mehwɛ kwan ne sɛ sɛ miwie sukuu a mefi adwumayɛ ase wɔ beae a wotu fam gyabiriw no, nanso me na hyɛɛ nyansa sɛ anyɛ yiye koraa no, yentu kwan nkɔ Wolverhampton nkotie nea Kuw no wɔ ka, wɔ nea wɔpɛ sɛ wɔde ma me no nti. Mepenee so.
Saa akwantu yi yɛ nea me werɛ remfi da. Ɛmaa m’ani gyei pii. Ɔpanyin a ɔhwɛ saa bɔɔlbɔ kuw no so no ani gyee me ho na ɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me ho mmɔ “Wolves” (sɛnea na kan wɔfrɛ wɔn no) bɔɔbɔ kuw no ho.
Bere a wɔmaa me kwan na me ne saa kuw no fii bɔɔlbɔ ase no na madi mfirihyia 17. Yɛbɔɔ bɔɔl wɔ Leicester na yɛhyɛɛ wɔn. Nea edi hɔ no yɛ nea wɔbɔɔ wɔ yɛn kurom na me na mehyɛɛ wɔn. Afei de atesɛm nkrataa fii ase sɛ wɔka me ho asɛm sɛ, “Wɔawo Bɔɔlbɔfo Foforo!”
M’asetra sɛ Nea Ɔbɔ Bɔɔlbɔ mu Mmɔden
Bere a m’ani gye nkutoo ne bere a na merebɔ bɔɔl, titiriw bere a mahyɛ gool. Mekae sɛ da koro bi a na yɛrebɔ bɔɔl wɔ Preston no, mebɔɔ bɔɔl hyɛɛ gool a na faako a migyina bɔɔ bɔɔl no yɛ basafa 35. Mihuu sɛnea bɔɔl no kɔɔ tee te sɛ ɔsraman bi kɔhyɛɛ gool no. Ɛno na afei mituu mmirika kɔɔ faako a wɔn a wogyina yɛn akyi no wɔ no na misii kutruku maa me nsa so kyerɛɛ wɔn a nea merekyerɛ ne sɛ wɔahu biribi a ɛte saa pɛn anaa. Nnipakuw no gyee so teɛteɛɛm fii ase bɔɔ me din.
Wɔpaw me kaa England mmerantewa a wonnii mfirihyia 18 no bɔɔlbɔfo kuw no ho mpɛn ahorow pii. Ɛno na afei wɔ bere a ɛsɛ mu no wɔpaw me sɛ memmɛbɔ bɔɔl mma England na memmɛka wɔn a wonnii mfirihyia 23 a wɔyɛ England man bɔɔlbɔfo kuw no ho. Pii kae sɛ ɛrenkyɛ na wɔapaw me ama mabɔ bɔɔl ama England bɔɔlbɔfo kuw titiriw no.
Sɛ́ meyɛ obi a onim bɔɔlbɔ yiye no amma ɔhaw horow a ɛwɔ m’asetra mu no ano ammrɛ ase. Na mewɔ atuatew su bi; na nea ɛba afoforo so no mfa me ho. Me suban sɛee yiye ma enti nea ɔhwɛ bɔɔlbɔfo kuw no so no yɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔmfa me nkɔ obi a onim adwenemyare ho biribi nkyɛn na ɔnhwɛ me. Nanso mansakra. Ɛno na da koro bi mihyiaa Jean na ankyɛ na yesii gyinae sɛ yɛbɛware. Nea ɔhwɛ yɛn kuw no so no ani gyei. Osusuwii sɛ sɛ meware a ɛbɛma m’ani aba fam.
Na mepɛ Jean efisɛ ne ho yɛ fɛ. Na ɔno nso pɛ me efisɛ ɔkae sɛ miyi no aseresɛm, nanso na yɛnnɔ yɛn ho ankasa. Jean kae sɛ sɛ́ ɔne obi a onim bɔɔlbɔ befi adi akɔpase no yɛ ade biako, na sɛ́ ɔbɛware obi a ɔte saa nso yɛ ade foforo koraa. Adapɛn kakraa bi akyi pɛ na yɛn aware no yɛɛ basaa na yefii ntɔkwaw ase. Da koro bi a na me bo afuw yiye no, metow ade a yehwie tii (tea) gu mu no kyenee bɔɔ no ma ɛpaapae na ebi kɔbɔɔ yɛn pon a wɔde ahwehwɛ ayɛ no ma ɛbɔe. Ɔno nso de abufuw faa akapɛ na ɔde twitwaa atade foforo a metɔe nkyɛe koraa no mu. Nea misusuwii ne sɛ me ne Jean bedi mpaapaemu, na afei ɔkwan a mefaa so yɛɛ ade no nti ɔkae sɛ obekum ne ho mpo.
Yehowa Adansefo a Mihyiaa Wɔn
Yɛn aware no akyi asram abien pɛ na obi bɔɔ yɛn pon no. Ɔbarima bi a akyiri no mebehuu no sɛ Ken daa ne ho adi kyerɛɛ yɛn sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Bere a mihui sɛ ɔde ɔsom bi na aba hɔ pɛ na meka kyerɛɛ no sɛ m’ani nnye ho. Nanso ansa na mɛto ɔpon no mu pɛ na obisaa me sɛ so mɛpɛ sɛ me nsa bɛka asase bi a asomdwoe wɔ so anaa? Mammua n’asɛmmisa no, nanso metee nka sɛ na mepɛ sɛ meka ɔkwan a m’agya ne me nuabea a ɔyɛ akokoaa no faa so wui no ho asɛm kyerɛ no. Meyɛɛ saa.
Na m’agya yɛ obi a wonim no yiye a wobu no nso, odii mfirihyia 42 pɛ na akisikuru anaa samee kum no. Na mitumi kae ɛyaw nka kɛse a metee bere a migyina asiei no. Ɛno akyi adapɛn abien pɛ na me nuabea akokoaa nso wui. Eyi bubuu me na koma. Me werɛ remfi sɛnea, sɛ́ abarimaa a wadi mfirihyia 11 no, mefaa akokoaa a wawu yi too me nsa so na mede no kɔtoo mpa so no da. Dɛn nti na eyinom nyinaa aba?
Ken bisaa me sɛ so misusuw sɛ Onyankopɔn betumi asiesie nneɛma nyinaa yiye anaa? Mekae yiye sɛ misii so dua kae sɛ, “Dabi!” Afei Ken de 2 Timoteo 3:1-5 kyerɛɛ me na emu nsɛm no biako twee m’adwene, sɛ, “nnipa bɛyɛ ahopɛfo.” Mekae sɛ: “Nnipa te saa nnɛ.” Wɔ nokwarem no mepenee so sɛ “mete saa.” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ tebea horow a ɛbɛba wɔ bere a Bible no frɛ no “awiei bere” no mu no mu. Ɔhyɛɛ nyansa sɛ ɔne me bɛtoa yɛn nkɔmmɔbɔ no so dapɛn a ɛbɛba no mu, na mepenee so. Yɛde nhoma, Nokware a Ɛde kɔ Daa Nkwa Mu suaa Bible no. Jean serew me sɛ merekenkan Bible, nanso bere a ɔfaa ɔdan no mu dapɛn a ɛto so anan, no, obisaa asɛm, na Ken maa no mmuae. Enti ɔsan bisaa foforo, na ankyɛ na Jean de ne ho hyɛɛ adesua no mu.
Ankyɛ na Ken fii ase sɛ ɔto nsa frɛ yɛn kɔ Ahenni Asa so.‘Esiane sɛ meyɛ ɔhopɛfo nti mifii ase susuw nea afoforo bɛka wɔ me ho no. Wɔ yɛn nhyiam a edi kan no mu no, me ne obi a na ɔte me nkyɛn kasae a misusuwii sɛ ɛyɛ ɔkasa brɛoo, nanso wɔn a wɔhwɛ ma afoforo nkongua no mu biako ka kyerɛɛ me sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ mɛbrɛ me nne ase kakraa. Eyi ammu m’abaw mu. Bere a nhyiam no baa awiei no, ɛno na nnipa no mu pii baa me nkyɛn daa wɔn ho adi kyerɛɛ me na wobisaa me din. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔanhu me, na meka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔfrɛ me Peter Knowles. Wonnim mpo sɛ na mebɔ bɔɔl. Bere a wobisaa me sɛ, “Wobɔ bɔɔl ma hefo?” no, eyi koraa na ebubuu me. Misusuwii sɛ obiara a ɔwɔ Wolvenhampton nim me. Saa osuahu ahorow a mihyiaa anadwo no ne pii a ɛrebɛba no ne nea edi kan a ɛbɛma mahu sɛnea mete ankasa.
Jean ne me kɔɔ so suaa ade. Nanso nea na ɛhaw yɛn ne Onyankopon Asɛm a yɛde bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu. Wɔ yɛn fie no, na nnyinasosɛm, “mo bo mfuw, monnyɛ bɔne! Mommma, owia nnkɔtɔ mo abufuw so” no yɛ nea yenni so da. (Efe. 4:26) . Na ɛyɛ den ma me sɛ mɛma me koma atɔ me yam wɔ biribi ho. Na me bo fuw na mehaw bere nyinaa. Wɔ yɛn Bible mu adesua mu mpo no, nea meyɛ ne sɛ sɛ metra akongua biako so a, mifi so kɔtra foforo so, ɛyɛ a na matra fam. Bɔɔlbɔ hyɛɛ me so pii. Enti nea efii mu bae ne nhyɛso ne ɔhaw kɛse a na ɛwɔ me so, na nea eyi nso de ba ne ntɔkwaw a ɛba me ne Jean ntam bere nyinaa. Bɔɔlbɔ mu mmɔdenbɔ antumi anni ammoa yɛn aware no.
Mmoa a Ɔdɔ Wom wɔ Bere a na Ehia Yɛn No
Ade biako a enyaa yɛn so nkɛntɛnso kɛse saa bere no ne ayamye ‘a woyi no adi kyerɛ yɛn wɔ asafo no mu no. Woyii ahɔhoyɛ kɛse adi kyerɛɛ yɛn. Eyi yɛ soronko koraa wɔ yɔnko a me ne bɔɔlbɔfo afoforo bɔ no mu! Wɔntoo nsa mfrɛɛ yɛn nkɔɔ wɔn afie mu da, na saa ara nso na yɛntoo nsa mfrɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛsra yɛn da. Nanso hwɛ, yɛahu nnipa a wobetumi atra nhyehyɛe foforo a yɛresua ho ade no mu ankasa no.
Na 1968-1969 bɔɔlbɔ bere no aba awiei. Enti yɛne Engiresi bɔɔlbɔ akuw horow yɛɛ nhyehyɛe sɛ yɛbɛkɔ Amerika akɔbɔ bɔɔl wɔ hɔ kakra. Ɛhɔ na mewɔ na mesan hyiaa Yehowa Adansefo. Wɔn mu biako hyɛɛ da hwɛɛ me so adapɛn asia a midii wɔ Kansas no, ɔde me kɔɔ nhyiam horow ase, kɔhwɛɛ nhyiam ho nwuma horow a wɔreyɛ. Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, mihu sɛ na ɛyɛ bere a ɛho hia ankasa ma me, sɛ bere a mede bɛkɔ m’anim wɔ honhom mu.
Asetra Kwan Ahorow Abien a Ɛsono Biara
Mesan kɔɔ fie a na bɔɔlbɔ bere reyɛ afi ase a enti obiara afi bɔɔlbɔ sua ase bio. Nanso na asafo no rehwɛ Wembly Stadium a wɔbɛkɔ no kwan, ɛnyɛ sɛ wɔrekɔhwɛ bɔɔlbɔ, na mmom sɛ wɔbɛkɔ “Asomdwoe wɔ Asase So” Amanaman Ntam Yehowa Adansefo nhyiam no. Saa dapɛn no yɛ nea me werɛ remfi da, efisɛ wɔ nea ɛka nhyiam a edi kan a mekɔe no ho no, na ɛsɛ sɛ mebɔ bɔɔl ahorow abiɛsa nso. Minyaa hokwan a ɛyɛ sornko bi sɛ mede su a ɛwɔ ɔdan a yesiesie yɛn ho wɔ mu no mu no bɛto nhyiam ase adesua honhom no ho. Mehyɛɛ nnipakuw a wɔbɛhwɛɛ bɔɔl no na ɛno na afei mede wɔn too nnipa 82,000 a wɔbaa Yehowa Adansefo Nhyiam no ase wɔ Kwasida no ho. Saa dapɛn no ma metee ase yiye na mihuu nsonsonee kɛse a ɛda obi a ɔyɛ bɔɔlbɔ mu mmɔdenbɔfo asetra ne nea ɔde ne ho ama Onyankopɔn som pa de no nso ntam.
Nanso na meda so ara nhu sɛ́, sɛ́ mɛkɔ so abɔ bɔɔl na masan ayɛ Yehowa Adansefo no mu biako no ne ne ho nhyia. Da koro anadwo bi na metoo nsa frɛɛ yɛn asafo no mu guamtrani no sɛ ɔmmra mmɛhwɛ me bɔɔlbɔ. Yɛhyɛɛ wɔn a yɛne wɔn bɔɔ bɔɔl no, na mehyɛɛ gool no bi. Akyiri no, ɔbaa me fie saa anadwo no na yɛbɔɔ nkɔmmɔ kakra. Awiei no, mibisaa no sɛ dɛn na osusuw wɔ saa agoru no ho. Nea ɔkae, sɛ́ meyɛ soronko bere a mewɔ Ahenni Asa no so a maba nhyiam, ná ɛsono me koraa wɔ bere a mebɔ bɔɔl no ma mebɔɔ piriw. Mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ no sɛ da biara a mɛbɔ bɔɔl no mebɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmoa me na me bo amfuw. Nanso ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ merebɔ bɔl a, ɛtɔ bere bi a na mete sɛ obi a ɔreko hwehwɛ afoforo mogya ahwie agu. Nanso mannye eyi antom.
Akyiri no, bere a na yɛne Manchester United rebɔ no, nnipakuw no bɔɔ me din yii me ayɛ. Wɔto nnwom ka sɛ: “Fa ma Knowles; yɛhwehwɛ gool pii!” Na bere biara a mɛhyɛ gool no wɔbɔ me ho dam, teɛteɛm frɛ me din bere nyinaa. Nkakrankakra na mifii ase hui sɛ nea ɔhwɛfo no kae no yɛ nokware. Nnipa pii a wɔhwɛ bɔɔl buu me sɛ meyɛ onyame bi. Ɛyɛ abosonsom na minim sɛ ɛnteɛ. Nanso na mempɛ sɛ migyae bɔɔlbɔ. Mekae sɛ da koro bi a merebɔ bɔɔl no mebɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Mesrɛ wo sɛ boa me na memfa n’abien nyinaa mfra. Mesrɛ wo boa me na minnya ahosodi, na afei mesrɛ wo Yehowa, boa me na menhyɛ gool abiɛsa, denam Yesu din mu. Amen.” Nanso wɔ me komam de na minim sɛ me bɔɔlbɔ awiei rebɛn.
Nea Mepawee—Nea Efii Mu Bae
Da koro bi a na atesɛm krataa mu ɔkyerɛwfo bi rebisabisa me asɛm na wakyerɛw no, mekae sɛ mereyɛ nhyehyɛe agyae bɔɔlbɔ. Otuu mmirika kɔfrɛɛ obi a otwa mfonini na adekyee anɔpa no na atesɛm nkrataa ahorow reka ho asɛm! “Peter Knowles abɛdan Yehowa Adansefo no mu biako—ɔreyɛ nhyehyɛe agyae bɔɔlbɔ!” Efi saa bere no rekɔ pɛ na nneɛma fii ase kɔɔ ntɛmntɛm. Minim sɛ sɛ́ mɛyɛ Yehowa Adansefo no mu biako na masom Yehowa wɔ ahofama a ɛyɛ kronn mu no de daa nkwa akatua bɛbrɛ me. Bɔɔlbɔ mu mmɔdenbɔ rentumi nyɛ saa da. Enti mede bere bi sii m’anim, adapɛn kakraa bi. Bɔɔl a mebɔe a etwa to ne nea yɛne Nottingham Forest bɔe no.
Adapɛn abiɛsa akyi pɛ na wɔbɔɔ me ne Jean asu de yɛɛ yɛn ho so a yɛahyira ama Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Bɔɔl a mabɔ wɔ ɛno akyi ne nea mebɔ de dii bɔ bi a mahyɛ me nuabarima Cyril so no, na ɛno akyi no mansan ankɔ bɔɔlbɔ wiase no mu bio.
Na anuanom akwampaefo baanu wɔ yɛn asafo no mu na yɛkaa wɔn ho de bere pii kaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛmpa wɔ afie afie. Wɔtaa to nsa frɛ yɛn kɔ afie mu, na yegyaw Nokware nhoma no bi ma wɔn. Nanso na ɛyɛ den sɛ wo ne obi bɛka Bible no ho asɛm, na mfirihyia abien twaam a na yentumi ne obi mfi Bible mu adesua ase. Nea obiara pɛ sɛ ɔka ho asɛm ne bɔɔl. Wɔde nhyɛso horow fi mmeae ahorow baa me so sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde bɛhyɛ me na masan akɔ bɔɔlbɔ ho bio. Nanso nea ɛka nkrataa ahorow a nkurɔfo kyerɛw me sɛ mensan mmɔ bɔɔl bio no ho ne pii nso a efi Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no hɔ a wɔrehyɛ me nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ migyaa me gyidi no mu. Yɛtee nka ankasa sɛ afei de yɛka wiase nyinaa anuanom fekubɔ kuw no ho. Enti yɛne Yehowa Adansefo trae, na asram asia pɛ mu no yetumi bɛyɛɛ wɔn a wɔde wɔn bere nyinaa ka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm, na ɛno akyi mfirihyia akron no, minyaa hokwan fii ase somee sɛ ɔpanyin wɔ yɛn asafo no mu.
Sɛ yɛamfi ase ansom Yehowa a, anka akyinnye biara nni ho sɛ mantumi ne Jean antra faako. Yɛn gyidi no aka yɛn abom. Afei de yɛn koma atɔ yɛn yam efisɛ yenim nea ɛwɔ hɔ ma daakye. Yɛda so ara wɔ yɛn mmerɛwyɛ ahorow ne yɛn mmɔdenbɔ, nanso yɛda afotu a efi Onyankopɔn Asɛm no mu no ho ase, sɛ ama yɛatumi agyina yɛn haw horow a yehyia no nyinaa mu mprempren.
Bible mu asɛm bi a m’ani gyee ho titiriw ne nea ɛwɔ 1 Timoteo 4:8 no, na ɛkenkan sɛ: “Na ɔhonam mu mmɔdenbɔ so mfaso sua, na Onyankopɔn som pa ho wɔ mfaso ade nyinaa mu, na ɛwɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.” Sɛ yesusuw “nkwa a . . . ɛrebɛba” no ho a, ɛma mehwɛ bere a mede behu m’agya ne me nuabea ketewaa no nyinaa kwan, ne ɔpepem ahorow pii a wobenyan wɔn aba asase yi so wɔ Onyankopɔn nhyehyɛe foforo no mu wɔ daakye a abɛn pɛɛ no mu no. Sɛ misusuw “nkwa a ɛwɔ hɔ yi” ho a, na ama me koma atɔ me yam yiye asen bere a na mebɔ bɔɔl no.
Ebinom bɛte nka sɛ wobetumi de wɔn bere nyinaa abɔ bɔɔl, na wɔada so ara ayɛ Kristofo, na me de eyi rentumi nyɛ yiye wɔ me fam. Sɛ mebɔ bɔɔl a, ahosodi bɛyɛ den, na ɛtɔ bere bi mpo a na entumi nyɛ yiye. Akansi no mu yɛ den dodo na nea ɛtaa de ba ne abosonsom. Sɛ mitwa m’ani susuw bere a na nnipadɔm no bɔ me din to me ho nnwom na wobu me sɛ mete sɛ onyame bi no a, ɛma mihu sɛ na ɛyɛ ade a na asiane kɛse wom. Afei de, m’asom adwo me. Yehowa a mesom no no de adwene mu asomdwe abrɛ me, na ama manya nnamfonom ankasa. Aboa me a ɛnyɛ sɛ medɔ me ho nkutoo, na mmom medɔ me yere, ne titiriw no Yehowa.—Mat. 22:37-39.
M’atra ase sɛ obi a ɔbɔ mmɔden wɔ bɔɔlbɔ mu. Afei de mepɛ sɛ metra ase sɛ obi a ɔbɔ Onyankopɔn som pa ho mmɔden.