Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 6/8 kr. 3-4
  • So Nneɛma Bo A Ɛkɔ So Yɛ Den No Bɛba Awiei Da Bi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nneɛma Bo A Ɛkɔ So Yɛ Den No Bɛba Awiei Da Bi?
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Eyi Ka Wo Wɔ Ɔkwan Bɛn So?
  • Dɛn Nti Na Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Dɛn?
  • Ɔkwan Bɛn Na Yɛbɛfa So Atwa Sika A Yɛsɛe No So?
  • Dɛn Na Ɛde Nsakrae Bɛba?
  • Gye Tom Sɛ Nneɛma Bo Bɛyɛ Den
    Nyan!—2025
  • Nneɛma Bo A Ɛrekɔ Sobo​—Sɛnea Ɛka Nnipa
    Nyan!—1989
  • Towtua​—Ɛyɛ “Nnipa Anibue” So Akatua?
    Nyan!—2003
  • Nneɛma Bo Kɔ Ara Na Ɛrekɔ Soro Wɔ Wiase Baabiara—Dɛn Na Bible Ka Fa Ho?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1981
g81 6/8 kr. 3-4

So Woasusuw Ho Pɛn Anaa​—

So Nneɛma Bo A Ɛkɔ So Yɛ Den No Bɛba Awiei Da Bi?

SƐ WOBISA wo sɛ dɛn na wote nka sɛ ɛne ɔhaw a ano yɛ den sen biara a ɔman no hyia a, anka wobɛma mmuae dɛn? Mpɛɛpɛɛmu bi a wɔyɛe wɔ Atɔe man bi mu nnansa yi mu no, nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu fã buae sɛ: ‘Nneɛma bo a ayɛ den.’

Nanso nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no nyɛ ɔman biako mu asɛm. Nneɛma bo a ɛyɛ den no aka ɔman biara wɔ wiase.

Eyi Ka Wo Wɔ Ɔkwan Bɛn So?

Nneɛma a ehia wo no mu kakraa bi pɛ na sika biara a wowɔ no tumi tɔ mprempren. Sɛ nhwɛso no, susuw nneɛma ahorow anan pɛ a wosɛe sika wɔ ho no ho hwɛ.

ADUAN: Nneɛma bo akɔ soro wɔ mmeae horow pii araa ma, sɛnea ɔdetɔfo bi a ne bo afuw kae no: “Ɛreyɛ adu baabi a afei de yɛrentumi nnidi bio.” Mmeae ahorow bi wɔ hɔ a adu tebea a Bible no kaa ho asɛm siei no: ‘Da mũ akatua a wɔde tɔ abodoo.’​—Adi 6:6, Weymouth, nkyerɛase.

NTAMA NE NTADE. Sɛ nhwɛso no, ɔman biako bɔ amanneɛ sɛ nneɛma bo akɔ anim ɔha mu 50 wɔ mfirihyia anum a atwam no mu. Ɛkɔɔ soro mpo kyɛn saa wɔ mmeae ahorow bi.

NNURUYƐ: Nnipa pii ho kyere wɔn bere a wohia ayaresa wɔ ayaresabea, esiane sɛ ayaresabea ahorow pii gye sika pii da koro biara nti.

TOW AHOROW: Ɔbea bi a na ɔte ɔno ankasa ne dan mu a na tow a otua wɔ ho no abu abɔ ho wɔ afe biako pɛ mu no kae sɛ. ‘Nea meyɛe ara ne sɛ metraa ase sui’! Afei de na ebehia sɛ ɔtɔn ne fie no esiane sɛ na tow ahorow a otua no nkutoo yɛ n’akatua a ogye bosome biara no mu nkyem anan mu biako nti. Na ɛnyɛ ɔbea yi nko. Akyinnye biara nni ho sɛ woahu sɛnea wode w’akatua fã kɛse no ara tuatua tow ahorow. Mpɛn pii no, tow a nkurɔfo tua no taa yɛ sika a wɔde di dwuma no nkyem abiɛsa mu biako. Wɔ Sweden de, ɛyɛ nea ɛboro fã mpo.

Dɛn Nti Na Nneɛma Bo Kɔ So Yɛ Dɛn?

Nea wɔn a wɔwɔ eyi ho nimdeɛ ka no bi ne sɛ: Petrol bo ayɛ den. Nneɛma ho ayɛ nã. Nnipa nkorɛnkorɛ ne nniso horow sɛe sika pii denam adefiri so. Efi nneɛma ahorow. pii.

Nanso Bible da nea ɛde eyinom ba no biako adi pefee. Ɛka sɛ: “Ɔbɔnefo di so a ɔman si apini.” (Mmeb. 29:2) Ɛda adi pefee sɛ nnipa ‘resi apini’ wɔ sikafam ahokyere mu. Nanso, so sodifo a Bible no de eyi ho asodi to wɔn so no teɛ?

Ade biako ne sɛ, ɛyɛ nea wonim no yiye sɛ nniso horow bi bɛsɛe nnuan pii sɛnea ɛbɛyɛ na ama nneɛma bo akɔ so ayɛ den. Afei nso, wɔ mmeae horow a aduan bo yɛ den ma ɛno nti ɔkɔm de nnipa ɔpepem pii no, amansɛmdi mu ntawtawdi taa siw aduan a abu so baabi a ɛsɛ sɛ wɔkyekyɛ ma obiara nya bi no kwan.

Ɛwom sɛ wɔde tow a wogyigye no bi yɛ nnwuma horow a mfaso wɔ so de, nanso wɔde ɔfã kɛse no yɛ akode. Sika a wiase mũ no nyinaa sɛe no wɔ akode mu no’ yɛ nea afei de ɛreyɛ adu Sidi ɔpepem abien ne ɔpehanu aduonum simma biako mu. Wɔn a wɔwɔ eyi ho nimdeɛ no mu biako kae sɛ: “Saa akode yi ho ka a wotua no bɛda nnipa nkorɛnkorɛ so denam tow akɛse a wotua so.” Aman horow bi wɔ hɔ a sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, sika a wɔsɛe no akode ho no yɛ nea onipa biako biara tua C1,287 afe biako. Susuw nea sɛ w’abusua muni biara nyaa C1,287 afe biara a anka mubetumi de yɛ no ho hwɛ!

Biribi foforo nso wɔ hɔ a ɛma nneɛma bo kɔ so yɛ den. Bible kaa bere bi a wɔfrɛ no “nna a edi akyiri” ho asɛm sɛ: “Nnipa bɛyɛ pɛsɛmenkomenyafo [ne] aniberefo.” (2 Tim. 3:1, 2, Good News Bible) So eyi nte saa wɔ nnipa pii ho nnɛ? So wunhuu sɛnea nneɛma bo akɔ soro esiane anibere nti? Mmom, nnipa bi toto nneɛma bo so esiane saa nneɛma no bo a ɛkɔ soro nti, nanso afoforo fam de, anibere na ɛma wɔyɛ saa titiriw.

Ɔkwan Bɛn Na Yɛbɛfa So Atwa Sika A Yɛsɛe No So?

ADUAN: Tɔ afum nnuan afoforo bere a aba pii. Nwẽ nam pii. Hwehwɛ nnuan a wɔahyɛ da abɔ ho dawuru wɔ atesɛm nkrataa mu. Anaasɛ, nea eye sen eyi no, sɛ wowɔ asase ketewaa bi a, dɛn nti na wo ankasa wo nnua w’aduan? Nea wobɛkora so wɔ eyi mu no fata ankasa.

NTAMA NE NTADE: Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no kwati adefiri. Wɔn a wɔwɔ eyi ho nimdeɛ no ka sɛ eyi tumi kora wo sika no nkyem anan mu biako anaa nea ɛboro saa so. Afei nso, sɛ wutumi sua adepam na wopam wo fifo ntade a, nea anka wubetua wɔ aguadidan mu no bo betumi aba fam bɛyɛ ɔha mu 35 kosi 50. Sɛ wopɛ sɛ wusua a, ebia wubehu sɛ wo nnamfonom mu biako ani begye sɛ ɔbɛkyerɛkyerɛ wo. Mpɛn pii no, wɔ mmofra ntade fam sɛɛ no, nhyehyɛe bi a wɔyɛ ma wɔne abusuafo ne afipamfo afoforo sesã ntade a ɛnkɔ wɔn mma bio no nso tumi boa.

NNURUYƐ: Sɛ wokwati su horow a enye te sɛ sigaretnom, nsanom bebrebe, adidi ntraso ne ahohwibra a, ebetumi ama woanya akwahosan, na eyi bɛboa wo ma woakwati sika pii a wobɛsɛe wɔ ayaresa ho. Afei nso, di aduan pa, da sɛnea ɛsɛ, na teɛteɛ w’apɔw mu. Eyi yɛ mmerɛw kyɛn ayaresa ho ka a wobɛbɔ.

TOW AHOROW: So wunim nea mmara ma kwan sɛ wɔtew ne nea ɛnsɛ sɛ wɔtew? Mpɛn pii no obi a ɔwɔ eyi ho nimdeɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ wo mu no fata.

Nanso, nea woyɛ sɛ wode begyina nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no ano nyinaa akyi no, ɛda adi sɛ nnipa aniberefo ne nniso horow a wɔhyɛ afoforo so nsakra.

Dɛn Na Ɛde Nsakrae Bɛba?

Bible da no adi sɛ Onyankopɔn bɛyɛ ho biribi, na ɛrenkyɛ. Ɔde ne soro nniso, n’ahenni, no bɛsɛe nniso horow a wɔhyɛ nkurɔfo so ne nnipa aniberefo.​—Dan. 2:44.

Onyankopɔn nniso no bɛhwɛ ne mamfo so ankasa. Dwom 72 kyerɛkyerɛ Salomo nniso no mu na ɛde di dwuma sɛ ɔhene a Onyankopɔn apaw no sɛ onni asase nyinaa so no nniso nhwɛso. Ɛka sɛ ebegye ahiafo ne aberɛfo afi nhyɛsofo nsam na ɔde trenee aba asase so. Eyi beyi ɔman ho dɔ a ɛpaapae nnipa mu, a ɛma nneɛma bo yɛ den kɛse nnɛ no afi hɔ. Eyi bɛma aduan aba bebree na asetra mu nneɛma ho renhia obi. Bere a asomdwoe aba asase so nyinaa no, ahohiahia a akodi de ba no nso befi hɔ. Saa nniso yi ase no, ɔyare mpo befi hɔ koraa. Ahotɔ bɛn na eyi be bɛba sɛɛ yi!​—Dw. 46:8, 9; 72:1, 4, 12-16; Adi. 21:3, 4.

Bible no ka nso sɛ nhyira a ɛte saa abɛn. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛkyerɛ wo eyi wɔ wo Bible mu na wɔaboa wo ma woanya daakye anidaso pa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena