So Adesamma Bɛsɛe Wɔn Ho?
NÁ OWIA rebɔ fɛfɛɛfɛ wɔ Japan kurow a wɔfrɛ no Hiroshima no so wɔ saa awerɛhow da no—August 6, 1945. Bere a kurow no mufo sɔree saa da no na obiara nhwɛ ɔsɛe a ɛbae saa da no anɔpa 8:15 no kwan.
Wɔkaa nea ɛbae no ho asɛm sɛ “ɔsɛe a ɛtɔ fii wim bae, nea wonhuu bi saa da wɔ asase so.” Na adesamma ahyɛn akodi foforo bere mu, na ɛde hokwan a wɔnam so bɛsɛe nnipa pii bae.
So nea ɛbae yi fa nea Bible frɛ no “wiase awiei” a dabi ɛbɛba no ho? Ansa na yɛbɛma mmuae no, momma yensusuw nea enti a nea ɛbaa saa da no wɔ August mu no yɛ ade a ɛyɛ hu saa wɔ abakɔsɛm mu no ho.
Nea Obi a Ɔde N’aniwa Hui No Kae
Ɔbea bi a na ɔwɔ Hiroshima se: “Obi teɛɛm sɛ, ‘biribi te sɛ omununkum reba fam!’ Medan m’ani hwɛɛ baabi a ɔde ne nsa kyerɛe no.” Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Saa bere no ara pɛ biribi pae yerɛw wɔ wim faako a na merehwɛ no. Minnim ɔkwan a mɛfa so akyerɛkyerɛ sɛnea na saa hann no te no mu. Ɛyɛɛ te sɛ nea m’aniwa mu redɛw ankasa.
“Mintumi nkae nea edii kan bae—hann a ɛpaee no anaasɛ ɔtopae no nnyigyei a metee nka wɔ me yafunu mu pɛɛ no. Nanso, nea edii akyi bae ne sɛ mehwee fam.
“Ankyɛ metee sɛ mframa no mu bɔn kɛse. Afei mihui sɛ m’anim aworɔ na ɛmaa me ho popowee. Na me nsa ho nso. . . . me nsa nifa ho nyinaa worɔe a na ɛsensɛn hɔ huhuuhu. Na nea mihui wɔ ɛtwene no ase no yɛ awerɛhow: Na nnipa ɔhaha pii gugu asubɔnten no mu. Na mintumi nhu sɛ wɔyɛ mmarima anaasɛ mmea. Na wɔn nyinaa sɛ. Ná wɔn anim ahonhon ayɛ fitaa. Na nnipa pii a wɔamoma wɔn nsa so akɔ soro, na wɔresi apini, de mmirika rekɔ nsu no mu.”
Ɔbea yi dii kan huu nea atesɛm nkrataa frɛ no “ɔsɛe afiri a ɛyɛ hu sen biara a wɔadi kan ayɛ”—atomik ɔtopae—wɔ akodi mu. Ɛwom sɛ ekum nnipa ɔpedudu pii amonom hɔ ara de, nanso pii danee nsõ amonom hɔ ara, na wɔn a wofii ɔtopae akodi a edi kan yi mu kae no huu sɛnea nuklea akodi yɛ hu fa. Esiane sɛ mframa bɔne a efi ɔtopae yi mu no kɔɔ wɔn mu nti, ankyɛ na ɔyare bobɔɔ wɔn. Eyi ma wɔtee mogya, nyaa atiridii a ano yɛ den, wɔn yam tui kɛse a na mogya wom, na wowuu ahometew wu wɔ nnafua 10 pɛ mu. Wɔkyerɛ sɛ nnipa a wowuwui no bɛyɛ 140,000—ne nyinaa fi ɔtopae biako pɛ!
Mfirihyia 35 ni a saa bere foforo yi fii ase. Saa bere no na ɔman biako pɛ na ɛwɔ ɔtopae no bi. Dɛn na aba fi saa bere no?
Bere a Wokum Nnipa Mmoroso
Ankyɛ, aman afoforo nso yɛɛ atomik akode ahorow, na bere a amanaman ntam ntawtawdi kɔɔ anim no, nuklea akodeyɛ nso kɔɔ so. Wɔyɛɛ ɔtopae akɛse pii. Nea wɔtoe wɔ Hiroshima, a wɔtoo din “Little Boy” (Abofra Ketewa) no, na n’ahoɔden yɛ ɔtopae mu ahoɔden mpem 13 pɛ. Nanso sɛ wɔde to nnɛyi ɔtopae ahorow ho a, na eyi yɛ “abofra ketewa” ampa. Nea wɔasɔ ahwɛ dedaw no mu binom ahoɔden yɛ ɔpepem 60!
Wɔayɛ saa ɔtopae ahorow yi ɔpedudu pii agu hɔ wɔ mmeae horow pii. Amerika nkutoo wɔ ɔtopae a ɛdɔɔso a ebetumi akum ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔwɔ asase so no mpɛn ahorow 12. Nanso tumi a wɔde sɛe ade yi yɛ nneɛma a ɛma onipa koma tu no mu biako pɛ.
Ebia wobɛte nka sɛ wode ɛnkã wo efisɛ wo ne atamfo aman no ntam twe akwansin mpempem pii. Nanso, nnɛ de, wɔwɔ nea wɔnam so betumi atow atomik ɔtopae yi ma akodu beae a wɔhwehwɛ no pɛpɛɛpɛ a ɛyɛ nwonwa. Wɔayeyɛ asraman ahorow a emu biara tumi soa atomik ɔtopae ahorow bɛyɛ awotwe kɔ bɛyɛ akwansin 6,000, a ebetumi akɔ faako a wɔpɛ sɛ ɛkɔ no tẽe a ɛmman mfi ho basafa kakraa mpo! Ɛda adi pefee sɛ, obiara nni asase so a ɔbɛte nka sɛ ɔte hɔ dwoodwoo anaasɛ ɔno de, faako a ɔwɔ no, “hwee renka no.”
Nea ɛka ho no, aman no binom ayeyɛ nnubɔne ne mmoawa akode ahorow. Wɔn a wɔwɔ eyi ho nimdeɛ no mu biako bɔɔ amanneɛ sɛ, “Wɔreyɛ ade foforo bi a wɔde pete a ɛde owu ba, na eyi ketewaa bi mpo tumi de komayare ba.” Nanso nyansahufo bi a wɔagye din a wɔde bere pii asua eyi ho ade no bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Mmoawa ne nnubɔne akodi da so yɛ ade kɛse a ɛreyi wiase no hu.”
Soviet Russia mampanyin Leonid Brezhnev kyerɛkyerɛɛ nneɛma a wɔayɛ aka akode ho nnansa yi no mu sɛ ɛyɛ “akode a ɛyɛ hu sen nuklea de no mpo.” Ɔhyɛɛ “bara a ɛsɛ sɛ wɔbara akode afoforo a wɔde sɛe nnipa” a wɔbɛyɛ ho nkuran. Nnipa pii te nka sɛ na ɔreka “wim nsakrae akode,” nsakrae a wɔma ɛba wim de sɛe atamfo ho asɛm. Soviet Russia nsɛmma nhoma Red Star bɔɔ kɔkɔ faa “asiane kɛse a ɛyɛ ma wiase yi nyinaa” sɛ wɔde wim tebea horow bedi dwuma wɔ “akodi mu de asɛe ade” no ho. Wosuro sɛ ɔman biako betumi ama nsuyiri, ɔpɛ a esi, asasewosow, kyinhyia mframa ne ahum akɛse atu wɔ atamfo asase so. Sɛ wususuw sɛnea ahum biako ano tumi yɛ den sen nuklea ɔtopae a ɛsõ sen biara mu ahoɔden mpɛn 16 no ho a, saa wim nsakrae so tumi a obi benya wɔ akodi mu no betumi asɛe ade kɛse.
Ɛda adi sɛ onipa nsa aka nea obetumi de asɛe n’ankasa ho dedaw. Nanso efi 1945 reba yi wɔmfaa nuklea akode nnii dwuma wɔ akodi mu da. Esiane eyi nti nnipa pii te nka sɛ wɔwɔ dwoodwoo asetra, wosusuw sɛ wɔremfa atomik akode, a nea ɔboa ma wɔyɛɛ saa ɔtopae yi, Albert Einstein, kae sɛ ɛbɛkyerɛ “nkwa a wɔbɛpopa afi asase so koraa,” no nni dwuma wɔ akodi mu.
[Kratafa 19 mfoni]
Amerika nkutoo wɔ nuklea akode ahorow a ɛdɔɔso a ebetumi akum ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔwɔ asase so mpɛn ahorow 12