Asetra Ho Afotu Pa
Nneɛma bo a ɛyɛ den yɛ ɔhaw wɔ wiase nyinaa. Nneɛma bo kɔ so kɔ soro. Sika a wotua adwumayɛfo ntaa nso nneɛma bo a ɛyɛ den no tɔ. Eyi ma asetra yɛ den, na ɛnyɛ den sɛ eyi bɛma honam fam nneɛma ho dadwen ne haw agye obi bere ne n’adwene nyinaa.
Nanso yɛn honam fam nneɛma no mu biara nni hɔ a mfaso bɛba so bere a yenni nkwa. Ɛhefa na nkwa fi ba?
So ɛyɛ ade a ɛbae mpofirim ara kwa? Ɛnte saa. Ɔdesani rentumi mfa ne nyansa a ɔwɔ no mpo nyɛ aba biako a ebenyin adan nhwiren anaasɛ dua. Saa nso na yɛrentumi nwo mma bere a akwaa ne mmɔdenbɔ ahorow a ɛyɛ nwonwa a wɔde ama yɛn wɔ awo mu no nni hɔ. Nyansa a ɛnka na ɛda adi wɔ saa nneɛma a wɔhyehyɛe yi nyinaa mu. Hena nyansa? Ɛnyɛ yɛn de. Ɛyɛ Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no nkutoo na ɔwɔ tumi a ɔde nkwa ma, na nhyehyɛe a wayɛ no nso ma nkwa tra hɔ.—Aso. 17:25, 28.
Sɛnea ɛbɛyɛ na ɔbɛboa yɛn na yɛate eyi ase no, Yesu Kristo kaa asɛm bi a ɛfa ɔdefo bi a ne nnɔbae baa pii ho asɛm. Onni dan a ɔde ne nnɔbae no nyinaa begu mu. Dɛn na ɔbɛyɛ? Ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: “Nea mɛyɛ ni, meburuw n’asan na mesi akɛse; ɛhɔ ne mede me nnɔbae nyinaa ne me nneɛma besie, na maka makyerɛ me kra sɛ: ‘Ɔkra, wowɔ nneɛma pa pii a wɔde asie ama mfirihyia pii. Home, didi, na wo bo ntɔ wo yam!”
Biribi wɔ hɔ a na enye wɔ ɔbarima no nsusuwii ho. Ɔyɛɛ ade te sɛ ne nkwa ne honam fam yiyedi gyina n’ankasa so. Wansusuw Onyankopɔn ho, wamfa bere bi ansi hɔ sɛ obesua ne ho ade na wayɛ Onyankopɔn apɛde. Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a wo asiesie no bɛyɛ hena dea?”
Yesu de kaa ho sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam te.”—Luka 12:16-21.
Honam fam nneɛma biara nni hɔ a ebetumi ama nkwa. Wɔ sika a ɛdɔɔso a onipa nya nyinaa akyi no, owu to no. Ɛnyɛ nea onipa wɔ no mu na ne nkwa wɔ.
Sɛ́ yɛwɔ nneɛma bebree, anaasɛ yɛwɔ nneɛma ketewaa bi no, yɛn daakye gyina Onyankopɔn so. Ɛbɛyɛ papa sɛ yebebisa yɛn ankasa ho sɛ: Dɛn na yɛreyɛ na yɛahu Nea ɔne nkwa Fibea no? So yɛtra ase wɔ ɔkwan a ɔpene so so? Onyansafo no remfa ne ho nhyɛ honam fam ne asetra yi mu nneɛma ho dadwen ne ɔhaw mu a ɔmpɛ sɛ ɔbɛyɛ “ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam.”