So Wotaa Gye Akyinnye Wɔ Sika Ho?
“MMA WO werɛ mfi sɛ aware ho hia yiye kyɛn sika.” Afotu a efi awarefo baanu bi hɔ yi fa ɔhaw a ɛwɔ wiase nyinaa no ho.
Wɔ nnɛ wiase no mu no, sika adan ahiasɛm. Enti ntease wom sɛ ɔbarima a ɔnyɛ adwuma anaasɛ sika a ɔde kɔ ofie no nso sua haw kakra wɔ saa asɛm yi ho. Ɔbaa warefo hyia nneɛma bo a ɛyɛ den bere nyinaa a ɔkɔ gua so. Esiane sɛ onhu ɔkwan a ɔmfa so mma ne sika no nso nneɛma nyinaa tɔ nti sika ho akyinnyegye yɛ nea wontumi nkwati.
Ɔhaw No Ntini Ankasa
Wɔtaa fa Bible mu asɛm bi ka wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so sɛ: “Sika ne nneɛma bɔne nyinaa ntini.” Nanso kenkan kyerɛw nsɛm no wɔ 1 Timoteo 6:10 wɔ wo ankasa wo Bible mu na hwɛ sɛnea ɛka ankasa. Authorized nkyerɛase a wɔkyerɛɛ yɛn Twi Bible no ase fii mu no kenkan sɛ: “Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyi yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”
“Sika” yɛ ade biako; “sikapɛ nso yɛ ade foforo.” Sika ankasa nyɛ bɔne. Sɛ wobenya ɔdɔ ama no na ɛyɛ bɔne. Enti ɛnyɛ sika, na mmom “sikapɛ” ne nea edi anim kɔ bɔne mu.
Wo de susuw nsɛmmɔne ahorow a wodi a ne nyinaa fi adifudepɛ a ɔdesani yɛ ne ɔdɔ a enni awiei a ɔwɔ ma sika nti no ho hwɛ: korɔnbɔ, nsisi, dwowtwa, yiw, ne awudi mpo! Nanso mprempren de yɛtwe yɛn adwene kɔ abusuabɔ a ɛda okunu ne ɔyere no ntam no so. So sika ho adwene a enye a wobenya betumi de awaresɛm a emu yɛ den aba?
Susuw German aberante ne ababaa bi a wom de sika ketewaa bi fii wɔn aware ase no osuahu no ho hwɛ. Esiane sɛ na wɔretete okunu no na wawie adwuma a ɔde ne ho ahyɛ mu no nti, ɛno maa ne yere no nso de no ho hyɛɛ adwumayɛ mu na wɔde anya honam fam nneɛma a ehia wɔn. Bere a owiee adwuma no sua pɛ na aberantewa no hyehyɛɛ n’ankasa n’adwuma, a mfiase no sika kakra a ehia wɔn na wɔn nsa ka. Saa sika a ɛnnɔɔso yi taa de akyinnyegye ba, na ɛtɔ dabi a na abufuw no mu yɛ den.
Nanso wɔ bere a ɛsɛ mu no ɔbarima noadwuma kɔɔ so. Afei de na sika nyɛ ɔhaw bio. Awarefo yi anya nea wɔhwehwɛ nyinaa, yiw, bebree akyɛn so. Wotumi tɔɔ ofie fɛfɛ, kar ahorow, tu kwan kɔgye wɔn ani. Nanso so sika ho akyinnyegye no gyaee anaa? Dabi. Akyinnye horow a wogye wɔ ɔkwan wɔbɛfa so de sika kakra a wɔwɔ no ahwɛ wɔn ho no adan ɔkwan a wɔbɛfa so de bebrebe a wɔwɔ no adi dwuma.
“Sikapɛ” refi ase. Nnwumayɛ mu suban de ahonim bɔne bae, nea efii mu bae ne ɔhaw kɛse a ɛbɛdaa wɔne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfonom ntam. Nea enye koraa no na sika a wɔde wɔn ho ahyɛ mu yi resɛe wɔn aware no. Dɛn na efii mu bae? Awaregyae, ne ofie a emu apaapae ma mmofra no. So sika ho hia yiye ma enti ɛsɛ sɛ wɔma kwan ma “sikapɛ” see obi anigye?
Afie binom mu no, sɛ okunu nkutoo na ɔyɛ adwuma de sika ba ofie hɔ a, ɔde sika no di dwuma sɛ akode bi na ɔde “aka ne yere ahyɛ. Ɔhyɛ da ma no sika ketewaa bi, na ama ɔbea no de ne ho ato no so, ɔyɛ no saa de brɛ no ase sɛnea ɛbɛyɛ na ɔbɛpa no kyɛw na wama no sika na ɔde atotɔ aduan ne ntade a ehia abusua no, ɔbea no haw yiye wɔ eyi mu, na nea ɛde ba ne akyinnyegye anaasɛ abufuw a ano yɛ den.
Ɛtɔ bere bi a na ɔyere no yɛ nea odi fɔ. Ehia obesi gyinae sɛ ɔbɛyɛ adwuma, ɛnyɛ sɛ ebia efi hia a sika ho hia nti, na mmom esiane sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa ne ho di na onya “n’ankasa ne sika” nti. Sika a ɔwɔ no betumi ama afei de wanya ahofadi honhom bi wɔ nsɛm horow bi nso mu. Eyi de akyinnyegye bɛba ofie no mu.
Dɛn na wobetumi ayɛ na wɔde asiw abusua mu akyinnyegye yi ano?
“Sika Wɔ Hɔ Ma Ahobammɔ”
Bible no de adwene a ɛkari pɛ wɔ sika ho a ebetumi aboa ama anigye aba aware mu ma. Ɛkyerɛkyerɛ mu wɔ Ɔsɛnkafo 7:12 sɛ: “Nyansa wɔ hɔ ma ahobammɔ sɛnea nso sika nso wɔ ho ma ahobammɔ; na mfaso a ɛwɔ nimdeɛ so ne sɛ nyansa ankasa kora ne wuranom so.” Wobetumi de sika adi dwuma “ama ahobammɔ” wɔ akwan horow so. Ebetumi atua wo dan ka, atɔ yɛn aduan, de nneɛma a ehia yɛn da biara da ama yɛn. Wobetumi de adi dwuma de asom afoforo, de saa yɛ abɔ nnamfonom ho ‘ban.’ Wobetumi de atu kwan akɔ mmeae horow anaasɛ wɔde atua “nneɛma horow a wɔbɛtɔ aka ho ka”—akyɛde ahorow bi a wɔnhwɛ kwan, sɛ nhwɛso no—nea eye a ebetumi atwe nnipa bi abɛn abusua no ho. Sika betumi asom, abɔ aware no ho ban wɔ eyi ne akwan horow pii nso so.
Sɛnea yenim no biribi a ɛho hia sɛ wɔbɔ ho ban no ho hia yiye kyɛn nea wɔde bɔ ho ban no. Sɛ nhwɛso no, ɔdesani nipadua no ho hia yiye kyɛn ntama a wɔde bɔ ho ban fi nneɛma horow ho. Akwahosan ho hia kyɛn aduru a wɔkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔnom na wɔde abɔ wɔn ho ban afi ɔyare ho no. Saa ara nso na aware a anigye wom ho hia kɛse yiye kyɛn sika a wɔde di dwuma de bɔ ho ban.
Nea yɛahu, sɛ sika tumi ‘bɔ obi ho ban’ nkutoo no boa yɛn ma yɛma nneɛma a ɛho hia titiriw no tra yɛn adwenem, nneɛma a wontumi mfa sika ntɔ: aware mu ɔhokafo a odi nokware, adamfo a odi wo nokware, honhom mu ne nipadua mu akwahosan pa, adwene mu asomdwoe! Sika rentumi ntɔ eyinom mu biara.
“Nyansa” nso tumi “bɔ obi ho ban.” Ebetumi abɔ yɛn ho ban afi yɛn ho a yɛde bɛto nea sika betumi ayɛ dodo no so no ho. Ɛbo a sika som no kodu baabi. Ebetumi agyaw yɛn na ɛtaa yɛ saa nso wɔ bere a yehia no kɛse no mu no. Nanso nokware nimdeɛ nyɛ saa. Ebetumi adi yɛn anim nkonimdi mu afa asetra mu ɔhaw horow nyinaa mu, na abɔ yɛn ho ban ankasa, na aboa yɛn mpo na yɛanya Onyankopɔn anim dom ne daa nkwa ho akwanhwɛ.
Sɛnea Yɛbɛkwati Sika ho Akyinnyegye
Sika ho akyinnyegye a yɛbɛkwati no nkyerɛ sɛ yɛrenka sika ho asɛm anaasɛ ɔkwan a wɔbɛfa so de adi dwuma ho asɛm da. Nkɔmmɔbɔ a enni hɔ no taa de akyinnyegye ba.
Nkɔmmɔbɔ ne nneɛma ho a wosusuw ho wɔ mfaso, efisɛ ɛka aware no bom; akyinnyegye nyɛ saa, efisɛ ɛpaapae baanu no mu kɔ akyirikyiri. Ɛho nkɔmmɔ a wɔbɔ kyerɛ ɔdɔ; akyinnyegye nyɛ saa. Akyinnyegye de kasa a ano yɛ den a ɛyɛ den sɛ wobebu ani agu so na wɔn werɛ afi ba. Ɛkɔ so sɛe abusuabɔ na ɛrenkyɛ na ɛde mpaapaemu anaasɛ awaregyae aba.
Aware fa kyɛ a wɔkyɛ ade ho. Ɛnte saa? Saa “eyi yɛ mede na eyi nso yɛ wode” adwene no nyɛ nea ɛma anigye ba aware mu. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ papa sɛ awarefo baanu no bɛtra ase akyerɛw nneɛma a ɛho hia wɔn no nyinaa na wɔayɛ adwene wɔ ɔkwan a wɔbɛfa so de wɔn sika no adi dwuma no so. Nkɔmmɔ a wɔbɛbɔ no bɛma wɔasusuw nneɛma bo a ɛkɔ so yɛ den no ho ne afei nea abusua no nso hia nso ho. Sɛ wosua sɛnea wobegye wɔn ho wɔn ho adi, denam nyansa a wɔde bedi dwuma, ne ahomaso a wɔbɛkwati so a, awarefo no ‘betumi aboa na wɔakwati sika ho akyinnye a wogye no.
Sɛ́ obi besua ɔkwan a ɔbɛfa so ama ne koma atɔ ne yam no yɛ nea ɛde anigye ba. Bible no tu yɛn fo wɔ Hebrifo 13:5 sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ.”
Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yebetumi anya nneɛma a yɛhwehwɛ, nanso yɛn nyinaa betumi asua sɛnea yɛbɛma yɛn ani asɔ nneɛma a yɛwɔ no. Mommɔ mmɔden nyi ani a ɛnsɔ ade no mfi hɔ denam nneɛma a mo sika renso tɔ a mo kɔn rennɔ sɛ mubenya so. Nneɛma a mubefiri pii dodo no remmoa mo na moakora mo sika so na moatumi adi nea mo nsa ka no, na mmom ɛde sika ho akyinnyegye a abufuw wom bɛba Awarefo a woasua ahu nea ɛwɔ akomatɔyam mu no nya mu anigye pii. Wɔntaa nnye sika ho akyinnye. Ɛho nhia saa!
Sɛ wusi sɛnea sika ho hia so dua wɔ ɔkwan a enye so na wunya ɔdɔ ma no na wo kɔdan n’akoa a, wode awerɛhow pii bɛba wo so. Ma ɛntra n’afa a ɛfata, bu no sɛ ade a ‘Wode bɔ wo ho ban,’ ma ɛnsom wo, na wubenya akomatɔyam ne anigye pii! Kae sɛ, “aware ho hia pii koraa kyɛn sika.”