Ɔsɔfopanyin No Atwetwesi Dan Beguu N’ankasa So
BERE no ne afe 1860. Wɔ Oxford Sukuupɔn no mu, na Engiresi Fekubɔ a Wɔyɛ ma Nyansahu Nya Nkɔso no ahyiam. Wɔn a wɔwɔ hɔ no mu binom ne adannandini Thomas H. Huxley ne nea ɔsɔre tia saa nkyerekyerɛ a wɔbɔ tirim ka no denneennen, Ɔsɔfopanyin Samuel Wilberforce. Nanso Wilberforce sɛee n’akyinnyegye anaa ne nkyerɛkyerɛmu no denam “asɛm a obisa faa Huxley asefo a wɔyɛ nkontromfi ho a ɔde yaw no no ho.”
Huxley hui sɛ Wilberforce asɛe n’asɛm no. Bere a wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma mmuae no, ɔkae sɛ: “Sɛ wobisa me asɛm a ɛte sɛɛ a, so mɛpɛ sɛ menya nkontromfi a n’ade yɛ mmɔbɔ mmom sɛ me nenabarima, asen ɔbarima a adebɔ akyɛ no ade kɛse na ɔwɔ afoforo so nkɛntɛnso, nanso ɔde saa tumi horow ne nkɛntɛnso yi di dwuma de fɛwdi ba nyansahu mu mpɛɛpɛɛmu a ɛyɛ aniberesɛm yi mu no—Misi so dua a mentwentwɛn me nan ase koraa sɛ mepɛ nkontromfi no mmom.”
Wilberforce atwetwesi no dan beguu n’ankasa so. Hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ papa sɛ obetie Bible mu afotu yi: “Na ɛnsɛ Awurade akoa bi sɛ ɔko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo ma nnipa nyinaa, ohu kyerɛkyerɛ, ɔbrɛ ne bo ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi, nsɛm mu.”—2 Tim. 2:24, 25.
Ɛnyɛ Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu a edi adebɔ a ɔbɔadeɛ pumpuni ne nyansa nyinaa wura bi de bae no ho adanse nko na nokware Kristoni wɔ, na mmom ɔwɔ nokwasɛm a wontumi nnye ho akyinnye a efi adebɔ wiase no mu no nso sɛ nea egyina ne gyidi a ɔwɔ wɔ Onyankopɔn a ɔbɔɔ ade no mu a enhinhim no akyi.