Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g81 9/8 kr. 15-18
  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane
  • Nyan!—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aware ne Awaregu Ho Afotu Pa
  • So Bible No Betumi Aboa Wo?
  • Nea Awaregyae Yɛ Mmofra
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Awaregyae Ho Gyinaesi
    Nyan!—1999
  • Aware​—Nea Enti a Pii Gyae
    Nyan!—1993
Nyan!—1981
g81 9/8 kr. 15-18

Mmofra, Wɔn A Wɔn Ho Nni Nsɛm A Wohu Awaregu Mu Amane

Dɛn ne ano aduru?

PAPA kɔe akyi no, Mama kɔɔ adwuma, na ná ɛsɛ sɛ me ne me nuanom hwɛ yɛn ankasa ho. Sɛ́ yɛbɛba fie a yɛnto obiara no bɛkokwaw yɛn, anaasɛ na ɛnyɛ yɛn ade foforo. Nokwarem no, sɛ yɛpɔn sukuu a, na yɛto nsa frɛ yɛn nnamfo sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrente awerɛhow nka pii. Bere a minyinii no, misusuw aware ho, nanso na minni nea ɛbɛma aware agyina anaasɛ ayɛ basaa no ho adwene biara.”​—Rob (n’awofo gyaee aware bere a na wadi mfe akron) .

“Papa bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtete yɛn, na na ommu n’ani ngu nneɛma so, nanso na onnim ɔkwan a ɔbɛfa so akasa akyerɛ yɛn, na mpɛn pii no na wabrɛ dodo sɛ ɔbɛbɔ ho mmɔden. Ná ɛsɛ sɛ m’ankasa mehwehwɛ nokwasɛm ahorow a ɛfa asetra ho no mu. Wɔwaree me bere a na madi mfe 17, na migyaee aware mfe kakraa bi akyi a na mikura abofra ketewaa. Na me ne me kunu ntumi nni nkitaho koraa.”​—Marya (n’awofo guu wɔn aware bere a na wadi mfe nson) .

Eyinom ne nsɛm a mmofra bi a wɔbɛyɛɛ wɔn a wohuu awaregu ahorow a ɛrekɔ so wiase nyinaa no bi mu amane no kae. Wɔ Rusia no, aware 100 biara mu 30 gu. Japan de, simma anan biara wogu aware. Srɛ a wɔsrɛ sɛ wongu aware wɔ Engiresi Aburokyiri no dodow akɔ anim mmɔho anum efi 1961 mu. Wɔ Amerika no, bɛyɛ sɛ aware ahorow nyinaa mu fã kowie awaregu mu.

Ebia awarefo a wonni anigye bebu awaregyae sɛ ɔkwan a wɔnam so di wɔn haw ahorow ho dwuma, nanso, dɛn na ɛde reyɛ wɔn mmofra?

Adanse bebree wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ anigye a enni abusua mu de nkate mu ɔhaw ahorow te sɛ kɛtɛ so a wɔdwensɔ, mmɔden a wɔmmɔ wɔ sukuu ne awerɛhow a emu yɛ den brɛ mmofra no. Wɔ Engiresi Aburokyiri a mmofra 200,000 hu sɛ wɔn awofo tetew mu afe biara no, sukuu kyerɛkyerɛfo bi ka sɛ: “Minhuu sukuuni a biribi haw no a omfi abusua a ɔhaw wom mu.”

Nanso ɛdɛn, sɛ bere nyinaa okunu ne ɔyere ko ɛ? So ɛrenyɛ papa mma mmofra no sɛ wɔn awofo gyae aware anaa?

Nsɛmma nhoma a wɔfrɛ no Psychology Today kyerɛ sɛ mfe anum nhwehwɛmu bi a wɔyɛ faa ‘mmofra’ 100 ‘a wɔn awofo agyae aware’ ho nnansa yi daa no adi sɛ awaregu nnye mma mmofra. Ná mmofra a wɔwɔ mmusua a anigye nni mu koraa mu no mpɛ sɛ wɔn awofo gyae aware. Ampa, bere a wɔagyae aware akyi mfe anum no, na mmofra yi pii ani nnye, na ná wɔn mu bɛboro aduasa werɛ how kɛse. Dɛn ntia?

Animdefo gye tom sɛ, sɛ abofra hu sɛ n’abusua mu repaapae a, “ɔte nka sɛ ne wiase asã.” Mmofra nkumaa mpo betumi asusuw sɛ ne nyinaa yɛ wɔn mfomso, ne sɛ esiane sa wonnye nti na wɔn Papa gyaw wɔn hɔ kɔe. Eyi betumi ama nkate mu ɔhaw ahorow a emu yɛ den asɔre. Abeawa ketewa bi kae wɔ n’awofo awaregu ho sɛ: “Misusuwii sɛ ebia na mayɛ adebɔne bi atia me maame ne me nuabea na na Onyankopɔn retwe m’asõ.”

Ɛkame ayɛ sɛ awaregu de sikasɛm mu ahokyere ba bere nyinaa, titiriw wɔ ɔwofo a mmofra no hwɛ da no so no fam. Tebea no mu mpo yɛ den kɛse, sɛ ɛsɛ sɛ ɔwofo no tu fi baabi a ɔte hɔ ma abofra no gyaw ne nnamfo ne afipamfo ne n’awofo no mu biako hɔ mpofirim a. Ɔhaw ahorow a mmofra nya saa bere yi betumi aka wɔn daakye.

Mary se: “Awaregu no akyi no, me ne Mama trae kakra. Nanso na ɛsɛ sɛ ɔkɔ adwuma anadwo sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika a ɛdɔɔso de ahwɛ yɛn. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ɛnã pa, nanso mpɛn pii no, na nea otumi yɛ ara ne sɛ ɔma me sika a mede bɛtɔ nnɔkɔnnɔkɔde ama me nuanom mmarima ne me nuabea, na afei ogyaw yɛn nko. Wunim, ayayade a ɛte saa na mede yɛɛ me babea ketewa. Metee nka sɛ, sɛ midii yiye a anka ebi bɛka no saa ara.”

Mary te nka sɛ nea wɔde yɛɛ no sɛ abofra a n’awofo gyaee aware no kaa no akyiri yi sɛ ɔyere ne ɛnã. So n’asɛm no yɛ nwonwa? Dabida.

Nhwehwɛmu ahorow pii kyerɛ sɛ, sɛ mmofra a wɔn awofo gyaee aware nyinyin a, mpɛn pii no, wonya aware mu ɔhaw ahorow sen mmofra a wɔn mmusua mu ampaapae no. Adwene ho animdefo ka sɛ, sɛ́ mpanyimfo no, ebetumi aba sɛ, nneɛma te sɛ asusuasusu, da a wontumi nna, nka a wɔte sɛ wɔn ade yɛ mmɔbɔ ne abasamtu betumi ahaw wɔn. Esiane eyi nti, nokware bɛn na adwene a ɛne sɛ awaregu akyi no mmofra yɛ basaa mfe kakra na akyiri yi wɔba benya anigye sen kan no yɛ?

Sɛ awaregu ara kwa sɛe abofra asetra a, dɛn na ɛba bere a kɔ a wɔde kɔ asennibea kɔkasa tia wɔn ho wɔn ho ba asɛm no mu no?

Ɔtemmufo bi a ɔwɔ Atlanta kae sɛ: “Mɛpɛ sɛ yekwati nhyehyɛe a ɛwɔ asennibea ma awaregu no.” “Sɛ awaregu nya kɔ asennibea a, mmaranimfo yɛ wɔn ho sɛ atamfo ma ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wɔko.” Saa ɔko no betumi de abufuw a ɛmfata aba awofo ne mmofra no ntam.

Ɔbea biako kyerɛwee sɛ: “Me mmaranimfo no pɛ sɛ meyɛ ade tia me kunu de pam no fi fie . . . Sɛ mensesa nkrado a ɛdeda apon anono nyinaa na menka sɛ me kunu ho yɛ hu na ɔyɛ basabasa. Nokwarem no, me kunu nyɛ saa, nanso me mmaranimfo no se, sɛ meyɛ eyi a, akyiri yi ɛbɛboa me wɔ asɛm no mu. Ose wɔyɛ no daa nyinaa. Ná minim sɛ ɛbɛhaw me mmofra.”

Ɛwom sɛ ɛnyɛ mmaranimfo nyinaa na wɔde afotu a ɛte saa ma. Nanso, sɛnea ɔtemmufo no ma ɛdaa adi no, “ɔtan” su a ɛwɔ asennii nhyehyɛe bebree mu no hyɛ adeyɛ a ɛte saa ho nkuran. Enti, Atlanta mmaranimfo bi mpɛ sɛ ɔde nsɛm a ɛfa awaregu ho kɔ asennibea, na mmom ɔde ne ho ma sɛ obedi dwuma sɛ ntamgyinafo​—nanso ne de yi yɛ soronko.

Na mmara foforo a ɛno de ɛho nhia sɛ obi kyerɛ mfomso bi a ne hokafo ayɛ no nso ɛ? So ɛnte sɛ nea ebetumi ayi ntɔkwaw afi awaregyae mu anaa? Dabida. Mprempren yi, sɛ́ anka wɔbɛko nea ɔmaa awaregyae no bae no ho no, mmaranimfo ko sika ne mmofra no ho.

Sɛ wɔhyɛ mmofra no anaa wɔdaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ ntɔkwaw a wɔko wɔ nea mmofra no bɛkɔ ne kyɛn no mu a, ebetumi ahaw wɔn yiye. Bere a asennifo maa abofra bi a wadi mfe 13 kwan sɛ ɔmpaw nea ɔpɛ sɛ ɔne no tra no,’ ɔyɛɛ “basaa.” Nea enye koraa bio ne mmofra 25,000 a wɔn ankasa awofo wia wɔn anaasɛ wɔde wɔn guan kɔ baabi afe biara wɔ nea mmofra no bɛyɛ ne de ho akyinnyegye mu no. Ebia awofo a wɔte saa no fa sum ase ne wɔn mmofra no kɔtra, na wɔmma wɔnkɔ sukuu mpo esiane sɛ wosuro sɛ wɔbɛkyere wɔn sɛ wɔn a wɔawia mmofra nti.

Nnipa binom te nka sɛ ano aduru ne sɛ wɔn baanu no bɛka abom ahwɛ mmofra no, nanso sɛnea Engiresi Aburokyiri sukuu panyin bi kyerɛ no, eyi kowie mmofra a wodi akɔneaba fi ofi biako mu kɔ ofi foforo mu te sɛ agode bi a wɔtow kɔ hia ba ha, na ɛma wɔbɛyɛ basaa. Ɔpanyin no de kaa ho sɛ, “Migye di sɛ eyi haw abofra no kɛse sen awaregyae no.”

Sɛ mmofra no rehyia nsɛm a emu yɛ den wɔ wɔn tebea foforo no mu a, so ɛsɛ sɛ wodi eyi ho dwuma denam ɔpanyin bi a onim nyansa anaasɛ adwene ho nimdefo bi hɔ a wɔde wɔn bɛko so? Ɔbenfo Christopher Lasch a ɔwɔ Rochester Sukuu Kunini mu kyerɛw wɔ nnansa yi nhoma bi mu sɛ, saa nnipa a wosusuw sɛ wɔde mmoa ma a wɔaba no de ɔhaw pii aba sen papa​—na ɛma abusua ba bɛyɛ wɔn a wokyin hwehwɛ afotu. Ose: “Ano aduru koro pɛ ne sɛ wɔbɛhyɛ nkurɔfo nkuran ma wɔadi wɔn nsɛm a emu yɛ den ho dwuma.”

Nea ɛda asiane ahorow a ɛwɔ nnansa yi nsusuwii ahorow no binom mu adi ne New York adwene ho nimdefo bi a ɔyɛ adwuma wɔ ayaresabea a na wɔagyae no aware asɛm no. Bere a ɔbea a na anka ɔyɛ ne yere no san waree a na wɔn babarima wɔ ɔbea no nkyɛn no, agya no anhwehwɛ ne ba no akyi kwan koraa bio. Dɛn ntia? Ne nkyerɛkyerɛmu kyerɛe sɛ “na me ho a mɛtwe afi ne hwɛ ho no ho bɛba abarimaa no mfaso efisɛ na ɛremma n’adwene nyɛ no mmienu mmienu.” Dɛn na efi mu bae? “Ɛda adi sɛ adwene a minyae a misusuwii sɛ ɛde yiyedi bɛbrɛ no no sɛee asɛm no kɛse, ɛwom sɛ meyɛɛ nhwehwɛmu kakraa yiye wɔ nhoma ahorow mu de.” Wɔkyeree ne babarima no sɛ wakowia kar.

Nea na saa abarimaa no hia ankasa ne agya a ɔbɛte n’ani ahwɛ no yiye. Sɛ onimdefo yi yɛɛ ne nhwehwɛmu no pii wɔ adesamma nhoma a akyɛ sen biara a ɛka nnipa abrabɔ bo asɛm a wɔakyekyɛ sen biara no mu a, anka obehu asɛm yi: “Onyansafo tie agya nteɛso; na fɛwdifo ntie ntwiwanim.”​—Mmeb. 13:1.

Wohu asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no wɔ Bible mu. Sɛ wugye di sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm anaasɛ wunnye nni mpo a, ebia wunim sɛ ɛyɛ nea wɔde ho ato so agye afotu a ɛfa abusua asetra ho afi mu mfe mpempem pii. Wɔasakra nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛfa aware ne awaregyae ho no mpɛn pii mfe a abɛsen no mu, nanso Bible no kɔ so de nsɛm ahorow ano aduru ma nnipa wɔ asetra mu tebea biara mu.

Ebia bere nyinaa na wususuw Bible no ho sɛ wiase nhoma afoforo a ɛwɔ hɔ ma nnipa a wɔpɛ nyamesom no mu bi. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wobɛte sɛ wɔka ho asɛm sɛ nea ɛkyerɛ nnipa nneyɛe kwan anaasɛ akwankyerɛ a ɛho wɔ mfaso wɔ awaresɛm mu, nanso dɛn nti na wo ankasa wonhwehwɛ mu? Saa na Rob ne Mary ne mpempem afoforo a wɔyɛ ‘mmofra a wɔn awofo gyaee aware’ ayɛ. Rob se: “Bible no ama me nhumu kɛse wɔ ɔkwan a wɔfa so ma aware yɛ yiye no ho.” “Ama me ahotoso pii a na anka minni.”

Dɛn na Bible no ka a ɛyɛ soronko saa?

Aware ne Awaregu Ho Afotu Pa

Ade biako ne sɛ, Bible no de sɛnea ɛsɛ sɛ wobu aware a ebetumi aboa nnipa ma wɔakwati awaregu ho adwene ma wɔn. Ɛka no pefee sɛ Onyankopɔn ne aware Hyehyɛfo, ne sɛ obu no sɛ biribi a ɛho hia sɛ wɔkora so anaasɛ wɔma ɛtra hɔ.​—Gen. 2: 21-25; Mat. 19:3-6.

Nanso, nnɛyi anyansafo taa ka aware ho asɛm sɛ ayɔnkobɔ mu mfasode bi. Adwene ho nimdefo bi a ɔte saa, a na n’ankasa agyae aware kae sɛ: “Sɛ nnipa baanu hu sɛ abotɔyam wɔ abusuabɔ a anigye wom mu a, ɛnde wɔbɛpɛ sɛ wɔma nneɛma tra hɔ sɛnea ɛte. Nanso sɛ nkate yi sesa, esiane sɛ abusuabɔ no ayɛ basaa na ɛmmfa anigye ne nkɔso ne nea ɛbɛboa ama mmofra no anya ntetee pa mma bio nti a, ɛnde minhu mfomso biara a ɛwɔ ho sɛ wogu aware no.” Aba bɛn na adwene yi asow?

Mary se: “Me ne me kunu a odi kan no anyɛ biribi ankasa a yɛde bɛkora yɛn aware no so. Nã yentumi nsusuw nneɛma ho. Sɛ asɛm bi sɔre a, na ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mesusuw awaregyae ho mmom sen sɛ mɛbɔ mmɔden ama aware no atra hɔ anaasɛ agyina.” Bere a ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible akyi no, Mary san waree a okura adwene foforo koraa. Ose: “M’ani gye m’aware no ho kɛse,” na n’anim kyerɛ saa. “Me kunu de ayɛ ne botae titiriw sɛ obenya abusua asetra pa, na saa nso na mede ayɛ me botae. Ampa, egye mmɔdenbɔ anaasɛ adwuma, nanso hu a yebehu sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ yɛn aware ho no ma yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛma ayɛ kama, na ɛno na ama ayɛ soronko koraa.”

So Bible No Betumi Aboa Wo?

Nnipa ɔpepem pii ani nnye wɔn aware ho nnɛ ma wɔresusuw awaregyae ho mprempren yi ara. Wohu awaregyae sɛ ɛne ɔkwan koro pɛ a ɛbɛma wɔn haw ahorow no to atwa, sɛ ɔkwan koro pɛ a wɔbɛfa so aguan afi awerɛhow tebea a ɛte saa mu. Nanso so ɛte saa?

Dabi, ɔkwan papa bi wɔ hɔ. Ɔkwan a ɛbɛkɔ akowie daa anigye mu ama awarefo ne wɔn mmofra, a ɔhaw ahorow ne nsɛm a emu yɛ den a awaregyae de ba nni mu. Ɛyɛ dɛn?

Ɛne sɛ wɔde Bible afotu bedi dwuma de ama aware no atim.

Ebia wususuw sɛ eyi rentumi nyɛ yiye, nanso sɛnea Yesu Kristo kae no, “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.” (Marko 10:27) Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔde mmoa a egyina Bible so bɛma nnipa a wɔwɔ aware mu ɔhaw ahorow nyinaa a wonnye hwee. Wobetumi akyerɛ aware horow pii a na ɛreyɛ agu a wɔnam Bible mu afotu so ma egyinae. Ampa, yebetumi anya aware ho adwempa, ne abusua asetra ho afotu pa a ɛho hia ma aware a ɛte saa ayɛ yiye. Sɛ wurehyia ɔhaw wɔ wo aware mu a, dɛn nti na wonhwehwɛ Yehowa Adansefo akyi kwan na womma Onyankopɔn Asɛm no mmoa wo?

[Ase hɔ nsɛm]

a Wasrɛ ma wɔasesa ne din

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 16]

Sɛ abofra hu sɛ n’abusua mu repaapae a, ɔte nka sɛ ne wiase asã

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Sɛ wɔhyɛ mmofra anaasɛ wɔdaadaa wɔn ma wogyina ntɔkwaw a wɔko de gye mmofra fa no akyi a, ebetumi ahaw wɔn paa

[Box on page 18]

AWARE AHOROW A EGYINA ƆDƆ A ƐTE SƐ EYI SO NGU DA

“Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.”​—1 Kor. 13:4-8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena