Na Biribi Ayera Afi Me Yudafo Ntetee Mu
“YUDAFO—monsan nkɔ mo hyiadan mu.” Bere a yɛhyɛn ɔdan a wɔsesã wɔn ho wom mu no, na wɔakyerɛkyerɛw saa nsɛm no agu yɛn nnaka a ntade wom no nyinaa so. Wɔ agoru bi a wɔfrɛ no basketball a yɛne “Kristofo” kuw bi dii mu no, bere nyinaa na wopiapia yɛn to fam. Nea na yɛpɛ sɛ yɛyɛ nyinaa ne sɛ yɛbɛbɔ bɔɔl. Nanso yɛn Yudafo bɔɔlbɔ kuw no antumi ankwati nyamesom mu adwene a ɛfa gyidi ho no.
Na madi bɛyɛ mfe 12 saa bere no. Nanso ansa na ɛno reba no, na masua sɛnea na wɔahyɛ m’awofo ne Yudafo afoforo so wɔ Europa wɔ Ɔhempɔn Nicholas II nniso ase no ho asɛm. Cossack abɔmmɔfo a wɔyɛ ɔhempɔn asraafo, no hwehwɛɛ nkurom ne nkuraase, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛfow Yudafo nneɛma, atow wɔn mmonnaa na wɔakunkum wɔn. M’awofo nyaa wɔn ti didii mu denam guan a woguan kɔtraa Amerika wɔ 1900 mfe no mfiase hɔ no so.
Afei misuaa Yudafo ɔpepem pii a wokunkum wɔn wɔ German Nniso a Ɛto so Abiɛsa bere no mu no ho ade. Sɛ́ abofra no, eyinom nyinaa ma me werɛ howee. Mpɛn pii no, na mente ase sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn ma nnipa kakraa yi hu nsisi a ɛte saa ho amane?’ Akyiri yi mifii ase nyaa ntease horow wɔ sɛnea Onyankopɔn te ankasa no ho. So ɔwɔ nkate horow, anaasɛ ɔyɛ tumi bi ara kwa a onni nkate? So n’ani gye ɔko ho? So ɔbrasɛe, afide ne atorodi a abu so kɛse wɔ wiase yi mu no haw no? Mepɛe sɛ mihu. Bere a m’ani gyee atetesɛm ne nsɛnkyerɛnne ahorow a na ɛyɛ Yudasom fã ho no, eyinom amma me nsemmisa no ho mmuae. Na ɛte sɛ nea me gyidi no yɛ hann. Na biribi ayera wɔ me Yudafo ntetee mu.
Wɔ 1956 mu no, miwiee Sukuupɔn a ɛwɔ Boston no. Sɛ́ menya mmoa bi wɔ me gyidi ahorow ho mmom no, ná m’adwenem a ɛyɛ me nãa wɔ nea ɛyɛ nokware wɔ asetra ne n’atirimpɔw ho no anya nkɔanim denam saa adannandi adesua no so.
Saa bere yi na manya ɔyere a obedi me nokware na waboa me wɔ honam fam nneɛma a merebɔ mmɔden ahwehwɛ no ho. Ne Yudafo ortodoks ntetee ma minyaa ɔpɛ foforo sɛ mɛkɔ hyiadan mu. Nanso, esiane biribi a esii wɔ dapɔnna asɔre akɛse bi a wɔyɛe ase nti, yɛn baanu gyaee kɔ.
Ná yɛahyɛn hyiadan no mu, nanso esiane sɛ yɛantumi antɔ tekiti a yɛde bɛtra ase nti, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yebegyina hɔ na yɛatie asɔre a wɔreyɛ no. Na yennii simma ahe biara wɔ hɔ bere a ɔsomfo bi bae bɛka kyerɛɛ yɛn sɛ ɛsɛ sɛ yɛtɔ tekiti anyɛ saa a yemfi nkɔ.
Mibuae sɛ, “Wiɛ, sɛ ɛno ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ a, ɛnde na yɛbɛkɔ.” Na saa na yɛyɛe. Hwɛ awerɛhow ne huammɔdi nka a yɛtee sɛ yehui sɛ nyiyim a ɛte saa wɔ asɔredan a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn de mu! Nanso, esiane sɛ na yɛn ani gye yɛn Yudafo ntetee no ho nti, yɛkɔɔ so kuraa Yudafo mfitiase nkyerɛkyerɛ anaasɛ gyidi no mu. Nanso na biribi da so ara wɔ ho a ayera—na nsemmisa a ɛhaw me no da so wo hɔ a minnyaa ho mmuae.
Bere a Nsakrae Bae
Na yɛn abakan yɛ ɔbabarima, nhyira titiriw ma Yudafo abusua ankasa. Hwɛ sɛnea yɛn ho dwiriw yɛn bere a asiane bi bae a anka ɔreyɛ awu no! Ahometew ne adwennwene hyɛɛ yɛn so wo nnɔnhwerew a yɛde twɛnee a na yɛrehwɛ nea wɔbɛka akyerɛ yɛn wɔ ne tebea no ho kwan ho. Mebɔɔ Onyankopɔn bi a minnim no mpae—sɛ yɛn babarima no anwu a, mehu sɛ Onyankopɔn te ase na otiee m’adesrɛ no. Yɛn abofra no nyaa aboɔden!
N’adekyee ara pɛ no Yehowa Adansefo mu biako baa baabi a meyɛ adwuma. Ɛno akyi bere tiaa bi no, me ne me yere ne no fii adesua ase wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu.
Mekae nea esii anwummere bi no yiye bere a na yɛne ɔdansefo no rebɔ Bible mu nkɔmmɔ no. Ɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn sɛ onipa yɛ Onyankopɔn abɔde tẽe. (Gen. 2:7) Mibuae sɛ: “Nanso nea efi adannandi nyinaa mu ba ne onipa na nea edi eyi ho adanse pii wɔ hɔ a sɛnea na tete nnipa ahorow te a woahu ka ho.” Bere a merebuebue me ntoaso sukuu nhoma Cultural Anthropology a Merviile Herskovits yɛe mu no, mihuu mfonini ahorow bi wɔ kratafa 15 a ɛrekyerɛ nnompe bi a wotutuu fam kohui. Mekɔɔ so kae sɛ: “So eyi nyɛ adanse ahorow a ayera a ɛkyerɛ sɛ onipa nam adannandi so na ɛbae no mu biako anaa?”
Nanso, akyiri yi, bere a mehwehwɛɛ asɛm no mu bio no, mihui sɛ, kratafa a edi ɛno anim no retwe adwene akɔ saa mfonini no so no, ɛkae sɛ: “Onipa ho adesua afã biara nni hɔ a nsɛm a wɔbɔ tirim ka pii wom te sɛ eyi.” Metɔɔ mumu. Mekan no mpɛn pii. Nea edi ho adanse? Dabida! Osusuka! Nnipa adwene!
Ankyɛ mmɔden a na merebɔ sɛ mede ntoaso sukuu nhoma ahorow bedi dwuma de akyerɛkyerɛ me gyidi mu no mpo ano brɛɛ ase na mifii ase gyee nsɛm a ntease wom a efi Bible ne Bible ho nhoma ahorow a yesuae mu no toom. Nea ɛsakraa m’adwene titiriw ne nhomawa Evolution versus The New World. Nea ɛkanyan me ne sɛnea na asɛm a ɛka de gyinaa adebɔ akyi ne nea ɛka faa Ɔbɔadeɛ Tumfoɔ bi ho no ne adebɔ ankasa hyia bere nyinaa no.
Yegye Yesu Tom
Na yɛmfa din “Yesu” no nni dwuma koraa wɔ yɛn abusua mu bere a na merenyin no, gye sɛ fɛwdi kwan so. Na eyi te saa nso wɔ me yere abusua mu. Dɛn ntia, da koro bi wɔma ɔde samina hohoroo n’anom esiane sɛ ɔbɔɔ edin “Yesu” no nti!
M’asɔfo ka kyerɛɛ me sɛ: “Mesia no mmae.” Me mfɛfo Yudafo kae sɛ: “Onyankopɔn nni ba .” Ná adwene a m’abusuafo kura bere nyinaa ne sɛ: “Yesu yɛ mpena ba.”
Enti bere a yedii kan bɔɔ nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho wɔ Daniel 9:24-27 ho nkɔmmɔ no, mibisae sɛ: “Ɔkwan bɛn so na na eyi betumi afa Yesu Kristo ho? Afei na Mesia no rebɛba, nanso onii a wɔfrɛ no Yesu yi aba kɔ.”
Nanso bere a yesuaa saa nkɔmhyɛ no ne afoforo no, yefii ase nyaa nokwasɛm ahorow a ɛda adi. Ɛdɛn, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel nhoma no mu daa afe 29 Y.B. adi sɛ afe a Mesia no bɛba! Wɔkyerɛw nsɛm a ɛka ne ho asɛm no yiye wɔ Yesaia nhoma no ti a ɛto so 53 mu. Na nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 49:10 no mpo bɔɔ abusua a na obefi mu aba no din. Mekãe sɛ: “Ɛsɛ sɛ Mesia no aba dedaw, anyɛ saa a, esiane sɛ mmerebu ho kyerɛwtohɔ ahorow no atwam nti, anka wɔrentumi nhu no mpo, sɛ afei na ɔrebɛba a!”
Sɛ́ na Onyankopɔn wɔ ba ankasa no yɛ ade a ɛbɛyɛɛ yɛn nwonwa, nanso ɛbɛdaa adi a akyinnye biara nni ho bere a yɛkenkan fii Hebri nkyerɛwee no mu wɔ Mmebusɛm 30:4 sɛ: “Hena na ɔde asase ano sisi hɔ? Sɛ wunim a, ne din de dɛn? Na ne ba din de dɛn?” Yesuae sɛ na wo a ɔbaabun woo no no nyɛ nea ɛmfata, na mmom na ɛnam Onyankopɔn pɛ so, sɛnea wɔka siei wɔ Yesaia 7:14 ne 9:6, 7 no
Enti, Hebri Kyerɛwnsɛm no a yesuae no ma yɛtee ase sɛ na Yesu ne Mesia, anaasɛ Kristo Onyankopɔn Ba no. Ná nea wɔkyerɛwee wɔ Kyerɛwnsɛm no mu faa ne ho no fata no.
Nea Na Ayera No a Mihu
Bere a mekɔɔ so suaa ade no, nsemmisa a na ahaw me bere tenteenten no ho mmuae fii ase bae mmiako mmiako. Na merehu nea na ayera wɔ me Yudafo ntetee mu no.
Mibisaa Ɔdansefo no sɛ, “Na akodi ahorow nso ɛ? So ɛnsɛ sɛ ɔman mma pa nyinaa ko gye wɔn man?” Mibisaa eyi, ɛnyɛ sɛ na mepɛ ɔko ahorow no nti, na mmom esiane sɛ mepɛe sɛ mihu sɛ ebia Onyankopɔn ani gye ho nti.
Obuae sɛ: “Ɔko bere mu no, Katolekfo kunkum Katolekfo, Protestantfo kunkum Protestantfo, na Yudafo kunkum Yudafo.
Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn bɛpene ɔko anaasɛ ahyehyɛde a ɛma emufo kwan sɛ wonkunkum wɔn ho wɔn ho no so?”
Eyi mu daa hɔ maa me. M’ani gyei ankasa sɛ mihui sɛ Onyankopɔn nni afã biara wɔ amanaman akokoakoko no mu. Hwɛ anigye a ɛyɛe sɛ mihui sɛ ɔwɔ abrabɔ, ɔkasa a ɛho tew ne nokwaredi a ɛne nea nnipa a wɔyɛ nyamesomfo ne wɔn a wɔnyɛ bi gye tom no bɔ abira koraa no ho mmara! Ná ɛnyɛ Bible no akenkan ara kwa na ɛma yegyee eyi toom; ná ɛyɛ adanse a yehui wɔ Adansefo a yehyiaa wɔn na yɛne wɔn bɔe no mu no. M’ani gyei yiye sɛ misuae sɛ Onyankopɔn wɔ atirimpɔw ma ne nkurɔfo ne sɛ dwuma a wobedi ma ɛne saa atirimpɔw no ahyia betumi akowie daa nkwa mu wɔ tebea a ɛyɛ pɛ mu. (Yes. 25:6-9) Wɔ m’adwene mu no, misusuwii sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na ɔdɔ Nyankopɔn a ɔte saa betumi ayɛ tumi hunu bi ara kwa?”
Abusua Mu Ɔsɔretia
Saa bere yi na yɛrehyia abusua ɔsɔretia a emu yɛ den. Nea ɛka pow a wɔpow yɛn ne yɛn ho fɛw a wodii ho no, wohunahunaa yɛn sɛ wobegye yɛn babarima no afi yɛn nsam. Wotwaa nkitaho a yɛne me nuabarima kumaa, Marvin, a na ɔtra Bible mu nkɔmmɔ a na yɛne Adansefo no bɔ mu no di no mu.
Akansi bi bae bere a me nenabea wui akyi no. M’abusuafo yɛɛ nhyehyɛe ma me ne Yudafo asɔfo atitiriw a wɔwɔ Boston mpɔtam no mu biako ahyia. Wɔpɛe sɛ wogu m’anim ase, na ɛdenam saa yɛ so no, wɔabu me nuabarima Marvin abasam wɔ tie a obetie me no ho. Nanso sɛnea ɛyɛe no, ɔsɔfo no na n’anim guu ase.
Esiane sɛ na me nenabea wui nkyɛe nti, mibisaa ɔsɔfo no sɛ: “Mesrɛ wo kyerɛ m’abusuafo Bible mu faako a egyina Yudafo nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu da akyi ho no?” Wammua m’asemmisa no, na ɔkae sɛ esiane sɛ mente Hebri kasa no nti na mayɛ basaa no. Mibuae sɛ: “Anka ɛbɛyɛ nea ntease wom pii, sɛ wubue Bible no mu na wokyerɛ yɛn Kyerɛwsɛm a egyina ɔkra a enwu da akyi no a.” Wammua asemmisa no ara.
Bere a nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so no, yɛdan kɔɔ Mmaransɛm Du no so. Enti mibisaa no sɛ, “Bible mu hefa na wohu Mmaransɛm Du no?” Ná onnim! Ɔkaa biribi wɔ’ Hebri mu kyerɛɛ me nua bi, na bere a ɔde bɛyɛ simma du ahwehwɛ denam mmoa nhoma bi so no, me nua no de Hebri kaa faako a ɛwɔ kyerɛɛ no. ‘Bere a mihuu nea aba no, mibisaa ɔsɔfo no sɛ: “Sɛ woabɔ mmɔden saa ahu Mmaransɛm Du no a, ɛnde dɛn nti na wɔnkyerɛ yɛn Kyerɛwsɛm a egyina ɔkra a enwu no akyi, sɛ wunim a?”
Bere a ɔkɔɔ so hwehwɛɛ Talmud (atetesɛm a ɛfa Yudafo gyidi ho) no ne nkyerɛwee afoforo de abua m’asemmisa no, misii hia a ehia sɛ yegye Bible no tom sɛ nokware no so dua na mifii ase kan Yeremia 31:31-34 nkɔmhyɛ no.
Ɔsɔfo no kaa Bible a mabue no toom na ɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ nokware a, nokware wɔ biribiara mu, a Satan Ɔbonsam ka ho!”
Mibuae sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn nguan no so hwɛfo ankasa na meyɛ oguan a ɛreyera a, dɛn nti na wonkyerɛ me kwan nkɔ nguankuw no mu denam bua a wubebua me nsemmisa afi Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw mu no so?”
Bere a mekɔɔ so no, ne bo fuwii na ɔfrɛɛ me ɔkwasea. Ɛhɔ no, m’abusuafo no mu biako dan ne ho kyerɛɛ ɔfoforo kae sɛ, “Dɛn nti na ommua ne nsemmisa no mmom?” Wɔn abaw mu bui sɛ wantumi ankyerɛ sɛ madi mfomso. Suban a ɛte saa a obi a anka ɛsɛ sɛ ɔboa titiriw wɔ me Yudafo ntetee mu yii no adi yɛɛ me nwonwa kɛse.
Minyaa Nsemmisa Pii Ho Mmuae
Mannya me nsemmisa bebree ho mmuae amfi Yudafo nyamesom akyerɛkyerɛfo no nkyɛn! Sɛ Yudafo yɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔapaw wɔn, a wɔda so wɔ Mose mmara no ase a, ɛhe na Yerusalem asɔredan kronkron no wɔ? Ɛhe na apam adaka no wɔ? Aaron abusua mu asɔfodi no wɔ he? Mmoa afɔre horow no wɔ he? Ɛhe na anatõ kyerɛwtohɔ ahorow a ɛkyerɛ mmusua horow mfitiase no wɔ? Sɛ ɛsɛ sɛ wodi homeda a, ɛhe na afe a ɛto so nson, afe a ɛto so 50 anaasɛ Ahõsɛpɛw afe homeda ahorow no wɔ? Wɔ saa nsɛm yi nyinaa ho no, Yudafo asɔfo a me ne wɔn kaa ho asɛm no bɔ gui anaasɛ wɔammua ho hwee.
Meka kyerɛɛ ɔsɔfo foforo sɛ: “Wɔ me Bible adesua no mu no, mahu sɛ Mesia no aba dedaw.”
Ɔkae sɛ: “Ɛno ntumi nyɛ yiye.”
Mibisae sɛ: “Wiɛ, ɛnde, wobɛyɛ dɛn ahu no, esiane sɛ Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Genesis 49:10 kyerɛ sɛ Mesia no befi Yuda abusua no mu aba nti no?”
Ɔsɔfo no kae sɛ: “Woama me ho akyere me. Na m’adesua no gyina Talmud so. Sɛnea ɛbɛyɛ a mɛfata na me ne wo abɔ asɛm yi ho nkɔmmɔ no, ebehia sɛ misua Bible.”
Wɔ bere foforo no, me papa nyaa ɔsɔfo bi ne no kasae telefon so wɔ yɛn fie. “Sɛ woayɛ krado sɛ wufi Kyerɛwsɛm mu bɛda no adi akyerɛ me sɛ afei na Mesia no bɛba, ne sɛ Yudafo atetesɛm nyinaa gyina Kyerɛwnsɛm so a, ɛnde ɔkwan biara so no ma minhu bere a wobɛpɛ sɛ woba bɛkasa kyerɛ me.”
Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Wiɛ, mɛfrɛ wo.” Wamfrɛ da.
Nanso ɛdenam Adansefo no mmoa so no, yɛyɛɛ nhwehwɛmu pii wɔ yɛn fie Bible adesua no mu. Yehui sɛ na Hebri nkyerɛwee no ma nsɛm a ɛfa nyamesom ho yi nyinaa mu da hɔ na ɛdaa nea enti a tete Yudafo nhyehyɛe no ayera ankasa no adi kyerɛɛ yɛn.
Asɔfodi ne nniso nhyehyɛe a na efi Onyankopɔn hɔ a ɔde maa Israelfo no yɛ nea ohyiraa so bere tenten a wɔde nidi maa no na wodii ne mmara so no. Nanso ɛdenam wɔn atetesɛm a nnipa ahyehyɛ so no, wɔamma ahyɛde horow yi antim na wɔboapa gyinaa nhyehyɛe a atɛntrenee nni mu afã, nea ɛtraa hɔ kosii 70 Y.B. mu, bere a Romafo sɛee no no. Wɔsɛee anatõ ho kyerɛwtohɔ ahorow a ɛda asɔfodi ne mmusua adi no kaa asɔrefi a wɔsɛee no no ho. Baabi a na esi no na Nkramofo asɔredan kɛse no si de besi nnɛ.
Yesuae sɛ, eyi ansiw bere ne nsɛm Hyehyɛfo Kɛse no kwan wɔ kɔ a ɔbɛkɔ so ayɛ nhyehyɛe foforo a ɛrenhyira ɔman biako pɛ na mmom nnipa a wofi ɔman biara mu no. (Gen. 22:18) Fi ne mfiase wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔde amanaman ntam ahyehyɛde a Onyankopɔn di so asi hɔ. Ɛdenam ne honhom kronkron so no, Onyankopɔn de ntetee a efi n’Asɛm Bible mu ama nnipa ahorow ahorow nyinaa. (Yes. 54:13) Hwɛ anigye ara a yenyae sɛ yenyaa nsemmisa yi ho mmuae horow!
Fi saa da no wɔ 1956 mu, bere a yebuee yɛn adwene ne yɛn koma mu maa Onyankopɔn Asɛm mu nokware no, me ne Lorrie anya ɔdɔ ne anisɔ a ɛkɔ anim ama Onii a wayi ayamhyehye ne ɔdɔ adi akyerɛ yɛn no. Yiw, yɛne yɛn mma baasa—Joel Julie ne Mark, ne ne yere Marjorie—de anigye abehu Yehowa, nkwa ne anidaso Farebae no.
Mfe kakra a atwam yi mu no, m’ani agye sɛ me ne me nua Marvin tetew mu mfe 18 akyi no, yɛaka abom bio. Ɛyɛ me anigye sɛ mɛka sɛ, mprempren, ɔno ne n’abusua nso abɛyɛ Yehowa Adansefo.
Yiw, metumi aka nokwarem sɛ mihuu ade a na ayera afi me Yudafo asetra mu—nokware Nyankopɔn, Yehowa no som no. Mahu abusua a ɔdɔ wom a woayɛ biako wɔ nokware som mu ne ayɔnkofa a emu yɛ den a ɛwɔ wɔn a wodi Kyerɛw Kronkron no mmara horow ne nnyinasosɛm ahorow so nokwaredi mu mu no nso. Ɛha, wo mmarima ne mmea ahorow ahorow mu, mmofra ne mpanyin mu no, mahu obu kɛse a wɔde ma Bible no abrabɔ pa, ɔkasa a ɛho tew na ɛhyɛ nkuran ho mmara ne asetra a nokwaredi wom ankasa.—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 16 mfoni]
Sɛ́ abusua no, yɛahu nea ɛde anigye ba