Nea Enti A Nufu A Wɔde Ma Ye Sen Biara
Efi Afrika “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
Wɔ Aburokyiri aman mu no, wofi bere tenteenten apɛ ntoa mu aduan a wɔde ma nkokoaa, nanso afei de, mmofra dɔktafo a wɔaben rebɔ mmɔden adan ɛnanom adwene sɛ nufu a wɔde ma na eye. Nanso, wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔanim no mu no wɔrepaw nnuan a wɔde gu ntoa mu ma nkokoaa pii.
So toa mu aduan a wɔde ma ho wɔ mfaso? Dɛn nti na afei wɔrehyɛ nufu a wɔde ma ho nkuran bere a toa mu aduan a wɔde ma agye din? Mmuae a nyansa wom betumi aboa ɛnãnom ma wɔapaw ɔkwan a eye sen biara ama wɔn mma.
MFE 100 pɛ a atwam no, ɛkame ayɛ sɛ na mmeatan nyinaa ma wɔn mma nufu. Saa na wɔn maamenom yɛe mfe mpempem ansa na wɔreba. Bere a wɔretwa abofra nufu no nkutoo na wofii ase maa no nnuan afoforo. Nanso, wɔ Aburokyiri aman a anya nkɔso mu no, mmabaa a wɔwɔ hɔ nnɛ no fã kɛse no ara yɛ adwuma na enti wobu sɛ ɛso wɔ mfaso pii sɛ wɔde ntoa mu nnuan bɛma wɔn mma. Bebree nso bu nufu a wɔde ma sɛ ade a atwam.
Wɔ aman a ɛrenya nkɔso mu nso no, wɔde nufusu a ɛwɔ ntoa mu ma nkokoaa a wonnya ntwaa wɔn nufu. Wɔ ayaresabea ahorow no, wɔyɛ nhyehyɛe de ntoa mu nnuan ma nkokoaa a wɔawo wɔn foforo no daa, efisɛ eyi mma adwumayɛfo a wɔwɔ hɔ no mmrɛ.
Wɔ aman a afei na wɔrenya nkɔso mu no, nkokoaa fã kɛse ara da so yɛ wɔn a, nufu nkutoo na wɔma wɔn anaasɛ wɔma wɔn fã-ne-fã. Nanso ebia ɔbeatan a, ɔwɔ kurow kɛse mu bɛma ne ba nufu anadwo ne anɔpa; na, bere a ɔkɔ adwuma no, abofra a wanyin kakra anaasɛ obusuani bi de toa mu aduan ma akokoaa no.
Esiane sɛ nantwi nufusu a ebia wɔnhwɛ so yiye anaa kooko na wɔtaa de gu toa mu nti, bebree te nka sɛ eye sɛ wɔkyerɛkyerɛ ɛnãnom ma wɔde ɔkwan a wɔakyerɛ sɛ wɔmfa so nsiesie aduan no di dwuma. Nanso ɔhaw ahorow wom.
Ahotew Ho Asɛm
Nea ohia de ba no yɛ nea wɔahu sɛ ɛhaw akwahosan wɔ aman a wodi hia no mu. Ahotew ne akwahosan ho nhyehyɛe pa a enni hɔ, a aduan ne nsu pa a enni hɔ ka ho, yɛ nneɛma atitiriw a ɛma nkokoaa yare na wowuwu. Faako a ntoa mu nnuan a wode ma dɔɔso wɔ tebea horow a ɛtete saa mu no, asiane a ɛwom sɛ efĩ betumi akɔ mu no nya nkɔanim, sɛ wɔamfa ɔkwan a ɛfata so, te sɛ ebia nsuɔhyew, anhohoro nea wɔde aduan gu mu no mu yiye a.
Ɛyɛ den sɛ efĩ bɛkɔ ɛnã nufusu mu sen sɛ efĩ bɛkɔ toa mu de mu. Eyi nti na Venezuela dɔkta bi, bere a ohui sɛ ayamtu ne emuyare anaasɛ mpafe kunkum nkokoaa 10,000 a wɔwɔ aman no mu afe biara no, ɔkae sɛ: “Akokoaa a wɔma no nufu nkutoo nyare saa.” Saa nso na, wɔ India no, woahu sɛ nkokoaa a wɔde ntoa mu nnuan ma wɔn fi mfiase fi bere a wɔwoo wɔn a wowuwu no dodow yɛ wɔn a wɔma wɔn nufu a wowuwu no mmɔho awotwe. Ahotew a wɔmmfa nni nnuan a wɔde ma ho dwuma na ɛde eyi ba. Ade foforo nso wɔ hɔ. Ɛnã nufusu de nyarewa ho ahobammɔ a eye kyɛn so ma.
Nyarewa Ho Ahobammɔ Mfaso Horow
Akokoaa a wɔawo no foforo no ba wiase bi a nyarewa ahyɛ mu ma mu a onnya nnyaa ahoɔden a obetumi de agyina ano. Nufu a ɛnã de ma de saa ahoɔden yi ma bere a wɔawo akokoaa no nna kakraa bi akyi sen aboa nufusu a wɔde ma. Ahoɔden ne nneɛma pa a ɛyɛ nipadua yiye wɔ saa nufusu a ɛnyɛ fitaa papa a ɛna de ma yi mu, na etumi kum mmoawa a wɔde nyarewa ba nipadua mu no asram bebree.
Ɔbeatan nufusu nso boa kunkum mmoawa a wɔde yare ba nipadua mu no na esiw nneɛma afoforo a ɛde nyarewa ba kwan. Nanso ɔhyew a wɔde di dwuma de siesie nnuan ma nkokoaa no sɛe nneɛma pa a ɛwɔ aduan no mu a ɛko tia yare no. Enti akokoaa a wɔde ntoa mu aduan ma no no nni ahobammɔ.
Aduan Mu Nnepa Ho Mfaso Horow
Nneɛma pii na ɛho hia a ɛwɔ nufu ankasa mu. Kyerɛ sɛ aduannuro ne nneɛma afoforo a ɛwɔ mu betumi ayam ntɛm na ɛmma akokoaa no nsono a ɛyɛ mmerɛw no nyɛ adwuma mmrɛ. Aduan no tumi yam ntɛm.
Ma yɛnhwɛ nea ɛma eyi yɛ nokware no binom: Biribi a ɛwɔ nufusu mu a wɔfrɛ no borɔfo mu iron a ɛnnɔɔso pii wɔ onipa nufusu mu no ma wotumi twe pii sen nea ɛwɔ nantwi nufusu mu no. Eyi ma akokoaa nya iron a ohia wɔ asram asia a edi kan wɔ n’asetra mu no nyinaa. Sɛ iron a ɛwɔ mu no dɔɔso pii a, anka ɛbɛfra nneɛma afoforo bi a ɛwɔ nufusu no mu no na asiw ɔyare mmoawa a ɛko tia no ano. Nhwehwɛmufo susuw sɛ iron a ɛnnɔɔso pii no nti na mmofra a wɔma wɔn nufu no ntaa nnya yafunyare, efisɛ iron a ɛdɔɔso dodo betumi ama mmoawa a ɛde ɔyare yi ba no anyin.
Nufusu a edi kan ba bere a ɔbea awo foforo no kura nneɛma ahorow a ɛma ahoɔden na ɛma onipa nyin. Wɔkyerɛ sɛ ɛboa ma biribi a ɛte sɛ ahorɔ ba nsono no mu na ɛko tia nneɛma a ebetumi ama akokoaa no yam ahwie.
Nkokoaa hia srade pii na ama wɔanya ahoɔden na wɔanyin sɛnea ɛsɛ. Srade a ɛwɔ onipa nufusu mu no yɛ nea afra dedaw a ɛho nhia sɛ wɔde Vitamin E a ɛma saa ahoɔden no ka ho sɛnea wɔde fra nnuan afoforo a wɔyɛ ma nkokoaa mu no. Srade a ɛwɔ nufusu mu a ɛma ɔte nka sɛ wamee no dɔɔso bere a akokoaa no nom no. Ɛmma onnidii ntra so, na ɛmma ɔnyɛ kɛse pii. Eyi nso bɛbɔ ne ho ban afi kɛse pii a ɔbɛyɛ daakye ho.
Srade ne nneɛma afoforo bi a ɛwɔ nufusu ankasa mu no dɔɔso, na wɔkyerɛ sɛ ɛma akokoaa no nkate ne ne nipadua mu nkwaa ahorow nyin, na ɛma nsu a ɛwɔ ne bɔnyoma mu no ano yɛ den. Srade ne saa nneɛma yi a abofra nya fi ne mmofraase no nso siesie ne nipadua no na atumi adi nneɛma a ɛtete saa ho dwuma. Enti ebetumi aboa obi a wanyin a wɔmaa no nufu wɔ ne mmofraase no ma ne nipadua atumi adi srade a ɛba ne ntini ahorow mu ho dwuma a onnya ɔyare a wɔfrɛ no mogya-boro-so.
Mfaso Afoforo
Wɔ nea yɛahu yi nyinaa mu no, ɛda adi sɛ ntoa mu nnuan a wɔde ma mfa mfaso pii mmrɛ akokoaa no. Ampa, ɛho betumi aba ɛnã no ne adwumayɛfo a wɔwɔ ayaresabea hɔ no mfaso. Afei nso, mmofra aduan a wɔtɔn yɛ adwuma kɛse ankasa ma wɔn a wɔyɛ nnuan a ɛtete saa. Nanso abofra no na ne ho kam.
Ɔrekyerɛw wɔ Sunday Sketch atesɛm krataa mu no Nigeriani adwene ne nkate mu oduruyɛfo bi twee adwene kɔɔ mfaso foforo a efi nufu a wɔde ma akokoaa mu ba no so. Ɔkae sɛ: “Ɛnanom pii ani ku nea ɛbɛma wɔn mma anya ahoɔden ho pii nnɛ. Wɔtɔ mmoa nufusu a wɔayɛ no pawda a eye sen biara de ma akokoaa no fi bere a wɔawo no no, na wobu ani gu nkate, anigye ne biakoyɛ ankasa a ɛsɛ sɛ ɛba ɛna ne akokoaa ntam bere a wɔde ahoɔden nom nufu no so.”
Abusuabɔ a emu yɛ den a ɛba yi boa ma abofra no adwene ne ne nkate nyin. Ɛnã no nso nya abotɔyam pii bere a ɔde ne ho ma abofra no. Eyi nso boa ɛna no ma oyi nidɔ adi kyerɛ abofra biara fi mmofraase kosi mpanyin bere so.
Mfaso foforo ne sɛ, nufu a wɔde ma no ma bere a etwam ansa na ɔbea no atumi anyinsɛn bio wɔ awo akyi no mu twe. Eyi ma mmofra no ntam tete sɛnea ɛfata a aduru bi a wɔfa ho nhia. Afei nso, nneɛma a ɛwɔ nipadua no mu a ɛma nufusu ba no ma awotwaa no san kɔ ne dedaw mu, na ɛde srade pii a ɛba nipadua no mu bere a ɔbea nyem no di dwuma. Eyi boa ɛnã no ma ɔsan si ne dedaw mu.
Awiei koraa no, amanneɛbɔ bi a ɛwɔ New York Times Magazine, July 8, 1979, mu daa no adi sɛ “nhwehwɛmufo bebree nso ahu sɛ kokoram a ɛba nufu mu no nnɔɔso wɔ mmea a wɔde nufu ma wɔn mma mu.”
Ɛda adi sɛ, nyansa a Ɔbɔadeɛ no wɔ, a ɔnam so de nufusu a efi ɛnã nkyɛn ma akokoaa no sõ sen nyansa a awo ntoatoaso abien a wɔayɛ mmofra nnuan wɔ no.—Gen. 1:27, 28; Dw. 139:13-16.
Eyinom nyinaa nkyerɛ sɛ ɔhaw nni nufu a wɔde ma mu. Nufusu ankasa betumi asɛe. Sɛ ɛnãnom fa nnuru bi a, eyinom tumi ba nufusu no mu. Sɛ wɔtaa de nnuru a ekum mmoawammoawa di dwuma a, saa nnuru yi mu nneɛma bi betumi aba nufusu no mu.
Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ wosusuw ho ne sɛ ɛnã nufusu nyɛ nea ɛba kɛkɛ. Ɛho hia sɛ ɛnã no didi yiye na watumi anya nufusu a ahoɔden wom. Nyansa mu no, ɛnã betumi de sika a ɔde bɛtɔ nkankyee mu nnuan a wɔde ma mmofra no atɔ nnuan a ahoɔden wom ama n’ankasa ho.
Ampa, ɔkwan a wɔfa so ma nufu nyɛ ade a wonsua. Nanso, ɛkame ayɛ sɛ ɔbea biara betumi ayɛ saa, sɛ ɔpɛ na sɛ afoforo de nkuranhyɛ ne akwankyerɛ ma a. Bere a abofra no nom no, biribi kanyan ɛna no nkate na ɛma nufusu no ba pii. Na saa adeyɛ yi bɛyɛ mmerɛw bere a abayɛn kokwaw ɛna no no.
Sɛ yesusuw ɔhaw ne mfaso ahorow no ho a, dɛn ne ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wofa so ma wo ba ketewa no aduan? Mpɛn pii no, nufu ankasa a wɔde bɛma ne ɔkwan pa. Mpɛn pii no, ɛnyɛ aduan ara kwa a wode ma wo ba. Bere a worema wo ba nufu no, na woreyɛn wo ba no ankasa.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Nkokoaa a wɔmaa wɔn ntoa mu aduan a wowuwui no bɛyɛ sɛ wɔn a wɔmaa wɔn nufu no mmɔho awotwe
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]
Nneɛma pa a etumi sɛe mmoawa a wɔde nyarewa ba nipadua mu no bi wɔ nufusu ankasa mu