So Wote Nea Wuhu No Ase?
ƆDƆ NNI HƆ
SO WUNSUSUW sɛ ɛfata sɛ nnipa nya ɔdɔ ma wɔn a wɔbɛn wɔn—wɔn nuanom mmarima ne mmea, wɔn awofo, wɔn aware mu ahokafo ne wɔn mma? Nokwasɛm ni, mmofra nkumaa hu sɛ ɛfata sɛ wɔdɔ obiara, abusuafo ne wɔn a wɔnyɛ abusuafo nyinaa.
Nanso, nnɛyi wiase nyɛ nea ɔdɔ wom. Afipamfo asɛm mfa afoforo ho, “ɛmfa me ho” suban na afoforo kura wɔ ahɔho ho, na ɔdɔ a yɛhwɛ kwan sɛ ɛsɛ sɛ ɛtra abusua mu bere nyinaa no ayera. Dɛn ntia?
Ɔdɔ Ma Mmofra
Mfehaha a atwam ni no, na mmeawa nkumaa ani gye mmaduaba a wɔde di agoru ho na ná wɔhwɛ kwan sɛ wobenyin na wɔn ankasa anya “nea nkwa wom ankasa.” Na wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛyɛ ɛnãnom. Wobuu mmea sɛ wɔwɔ “ɛnãnom a wɔbɛyɛ ho nkate.” Nanso nhoma bi a wotintimii nnansa yi wɔ Franse kasa tia saa adwene yi, na ɛka sɛ ɛyɛ asɛm bi ara kwa a mmarima aka sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde abrɛ mmea ase.
Ɛda adi sɛ mmea bebree a wɔwɔ hɔ nnɛ gye tom. Nneɛma afoforo a wɔn ani gye ho bunkam ɔdɔ biara a ebia wobenya ama wɔn mma so—ansa na wɔbɛwo wɔn ne bere a wɔawo wɔn no akyi. Na ɛwom sɛ ebia saa mmea yi werɛ bɛhow kɛse bere a wohu sɛ nkurɔfo yɛ mmofra ayayade de, nanso ɛnyɛ wɔn yaw anaasɛ awerɛhow sɛ wɔ aman bebree mu no, wɔma yafunu a wotu gu ho kwan bere biara a obi bɛpɛ sɛ wɔyɛ ma no no. Nanso so yafunu a wotu gu nyɛ ayayade a wɔde yɛ abofra a ɛyɛ bɔne sen biara?
Ɔdɔ ma mmofra so ahuan wɔ yɛn afeha a ɛto so 20 yi mu araa ma Swiss atesɛm krataa, Weltwoche-Report, kae nnansa yi sɛ: “Nea Ellen Keya kãe mfe 79 a atwam ni sɛ ɛbɛyɛ mmofra afeha no betumi ayɛ mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade afeha. Mmofra a wɔyɛ wɔn ayayade kɛse a ɛrekɔ anim yɛ nea wobehu wɔ wiase nyinaa . . . Nea ɛka nipadua mu ayayadeyɛ ho no, adwenem ayayadeyɛ nso wɔ hɔ, ɛno nso betumi ayɛ atirimɔden.”
Ɔhaw a saa ayayade a wɔyɛ mmofra, sɛ́ ɛyɛ nipadua mu anaasɛ adwene mu de ba no, betumi apira awofo a wɔyɛ saa no akyiri yi. Susuw sɛnea agya bi a onni ne mma ho dɔ biara no, bɛte nka, bere a ne babarima bi a ɔkɔ ntoaso sukuu ka kyerɛɛ no sɛ “sɛ ɔbɛsan ayɛ akokoaa bio a, anka ɔbɛpɛ sɛ ɔyɛ sɛ abaduaba—na watumi anya obi afa no abɔ ne bo.”
Dɛn na aba ɔdɔ a ɛsɛ sɛ wonya ma afoforo no so?
Ɔdɔ Ankasa a Ɛwɔ Awarefo Ntam
Sɛ mmofra nsa nka ɔdɔ a wɔhwehwɛ—a ɛfata sɛ wɔde ma wɔn—no amfi fie a, ebia wɔbɛbɔ mmɔden sɛ wobenya afi baabi foforo. Wɔ ɔkwan bi so no, eyi betumi ama yɛahu nea enti a wɔ aman binom so no mmofra a wonnuu mpanyin afe so a wɔware, anaasɛ wɔbom tra a wɔnware, rekɔ anim.
Nanso bere a wɔabom atra akyi no, so saa mmofra yi hu ɔdɔ a wɔhweree wɔ fie no? Ebinom hu saa. Nokwasɛm a ɛne sɛ wɔn mu ɔpehaha pii gyae aware anaasɛ wɔbɛtew mu akyiri yi, yɛ adanse a ɛda adi pefee sɛ ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no nyɛ ɔdɔ paara bere nyinaa. Sɛnea wɔhwɛɛ kwan no.
Afei nso, susuw okunu anaasɛ ɔyere a wɔhwe no no nhwɛso horow no ho. Atesɛm nsɛmma nhoma bi kae nnansa yi sɛ: “Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu nnwom kyerɛwfo John Howard Payne fam no, ná Ofie Yɛ Dɛ. Wɔ nnɛ Amerika no, bere nyinaa afie abɛyɛ baabi a apiapia, asunsum, atwɛre totow, anan a wotutu wowɔw, nteɛteɛm, amanehunu ne owu wom . . . Amerikafo a wɔn ankasa mmusua mufo boro wɔn afe biara no dodow bɛyɛ ɔpepem 8.”
Nhwehwɛmufo a wofi England da no adi sɛ nnipa baawɔtwe biara a wokum wɔn no mu biako yɛ okunu anaasɛ ɔyere.
Enti yebisa asɛm no bio sɛ: Dɛn na aba ɔdɔ so?
Ɔdɔ Ma Awofo a Wɔanyinyin
Bere a mmofra nkumaa nyinyin no, ɔdɔ a na wɔn mu pii wɔ ma wɔn awofo ne wɔn nenanom ano tumi dwo. Ntɛm ara, na wɔn a wɔanyinyin no yɛ wɔn a “wonnim nea ɛrekɔ so” ne “wɔn a wɔn bere atwam koraa”; yiw, mpo wɔyɛ te sɛ nea “wɔhaw adwene”. Wɔtaa de wɔn kɔ nkwakorafo afie mu, a ɛnyɛ sɛ bere nyinaa na ɛho hia, na mmom sɛnea ɛbɛyɛ na abusuafo ano anya hokwan ayɛ nea wɔpɛ nti.
Ɛdefa saa adeyɛ yi ho no, Swiss atesɛm krataa bi kae sɛ: “Afie a wɔde nnipa a wɔn mfe akɔ anim kɔtratra mu no nyɛ mmeae a ɛsɛ sɛ wɔtra titiriw, na mmom nea ɛda yɛn adwene ne yɛn suban adi. Sɛnea yebu yɛn abusuafo a wɔn mfe akɔ anim—anaasɛ yenni obu mma wɔn—da faako a yɛda ɔdɔ adi kyerɛ nnipa ankasa kodu adi. Wɔ nea wɔfrɛ wɔn sɛ ‘aman a ennyaa nkɔso’ mu no, wɔn a wɔanyinyin na wɔde obu ma wɔn kɛse’. Wɔ saa aman yi mu no, yenhu afie a wɔasisi ama wɔn ‘a wɔn mfe akɔ anim, titiriw aman a yɛn anibue wiase yi nnyaa wɔn so nkɛntɛnso no mu. Wɔ eyi ho no, yɛwɔ biribi a ɛsɛ sɛ yesua. Nokwasɛm ni nea ɛdɔɔso.”
Bio, hwɛ sɛnea asemmisa no fata: Dɛn na aba ɔdɔ so?
Dɛn Nti na Ɔdɔ Rekɔ Fam?
Ná Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ne sɛ nnipa nyinaa bɛyɛ adesamma abusua biako, a wɔaka abom mufo, a emu no, ɔdɔ a wobenya ama no ne ne yɔnko nipa bɛyɛ ɔdɔ ankasa. Onyankopɔn tamfo, Satan Ɔbonsam sɛee biakɔyɛ yi wɔ Eden turo mu tɔnn na mprempren ɔde biribiara redi dwuma de asɛe Onyankopɔn atirimpɔw a ɔwɔ sɛ ɔnam n’ahenni so bɛsan de asi hɔ no.
Titiriw efi Wiase Ko I no, nnipa mu apaapae denam amammui ne asetra mu basabasayɛ so. Wɔ aman pii mu no, wobu honam fam nneɛma sɛ ɛho hia sen nnipa ntam abusuabɔ. Mpɛn pii no, abrabɔ pa ne nyamesom mu gyinapɛn ahorow akɔ “fam araa akodu baabi a ɛte sɛ nea ebi nni hɔ. Obiara dwen N’ANKASA yiyedi ho sen ɔfoforo de ho. Saa nneɛma yi nyinaa anya nkɛntɛnso kɛse wɔ nnɛyi mmusua ahorow mu.
Ɔdɔ a ɛrekɔ fam, titiriw wɔ abusua mu no, te sɛ nea Bible kyerɛkyerɛ mu wɔ 2 Timoteo 3:1-5 no, adanse ahorow a ɛda adi pefee sɛ yɛte nneɛma nhyehyɛe yi “nna a edi akyiri” mu no mu biako. Ɛrenkyɛ, adesamma wiase foforo a Onyankopɔn reyɛ no besi nnɛyi wiase a nnipa a “wonni dɔ” te mu no anan mu.
Sua nea Onyankopɔn hwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wonya saa adesamma wiase foforo no mu tra no hɔ no. Tie n’afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 4:4 no sɛ: “Di me mmara nsɛm so, na nya nkwa.” Ɛno na wobɛkɔ so atra ase na woanya anigye wɔ asetra mu bere a ɔdɔ a woyi adi kyerɛ nnipa bɛyɛ ade titiriw wɔ wiase.
[Ase hɔ nsɛm]
a Na Ellen Key yɛ ɔkyerɛwfo ne ɔkyerɛkyerɛfo a ofi Sweden a ne nhoma The Century of the child (a wotintim no 1900 mu na wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Engiresi mu wɔ 1909 mu) ma ogyee din wɔ wiase.