Adesamma Nuayɛ—So Ɛyɛ Adaeso Ara Kwa?
ESII bere a aka nna kakra ma December awu wɔ afe 1914 a na emu yɛ den no mu. Ná wiase ko a edi kan no afi ase, na—asram anum pɛ mu no—ɛmaa nnipa bɛyɛ ɔpepem abiɛsa ne fã totɔe.
December 24 anadwo, wɔ akono a ɛbɛn Ypres, Belgium no, wohyɛɛ Britania asraafodɔm bi sɛ wonsisi nnua na womfa nnade nhama nnye ho ban wɔ baabi a ɛne amoa ahorow a na Germanfo deda mu no ntam twe bɛyɛ basafa 40 pɛ. Nea ɛyɛɛ Britaniafo no nwonwa no, Germanfo no anto tuo biako mpo. Ade kyee no, mmarima ɔhaha pii a wɔwɔ afanu no fi wɔn amoa a wɔdeda mu no mu fii na wɔka boom sɛ anuanom wɔ asase a ɛnyɛ obiara de no so, kyiakyiae na wɔde nneɛma a ɛbɛma wɔakae saa da no memaa wɔn ho wɔn ho.
Dɛn na na aba? Ɛha, te Sɛ akono hɔ baabiara no, na afahyɛ bere no adan mmarima a ɔko ama wɔabrɛ no adwene akɔ asomdwoe ne adamfofa a wɔn kɔn dɔ kɛse so.
Nanso na ɛrentra hɔ. Aman ahorow no koo Wiase Ko I kosii n’awiei, kunkum nnipa ɔpepem pii na ɛde amanehunu pii bae. Ná saa bere tiaa mu onuayɛ a woyii adi kyerɛe no yɛ adaeso ara kwa. Na Wiase Ko II bɔɔ adaeso no gui bio. Ɛnnɛ, sɛ́ anka ɛbɛyɛ adaeso no, asraafo a wɔyɛ keka ne akode ahorow a ebetumi atɔre nnipa ase ma ehu ka nnipa kɛse.
Mmɔden a Wɔbɔ sɛ Wɔbɛhyehyɛ Onuayɛ Fekuw Ahorow
Adesamma abakɔsɛm ayɛ mogyahwiegu ne basabasayɛ nnidiso tenteenten a ɛyɛ awerɛhow. Nanso nnipa bebree ahwɛ adesamma nuayɛ kwan. Sɛ nhwɛso no, Franse Ɔman Anidan a ɛbae 1789 no kanyan Fransefo ma wɔkae sɛ “Liberté, Egalité, Fraternité” (“Ahofadi, Pɛpɛɛpɛyɛ, Onuayɛ”) . Nanso mfe kakraa bi akyi no, Napoleon Bonaparte a ofi Franse de mogya guaree Europa.
Abakɔsɛm nyinaa mu no, onuabarimayɛ ne onuabeayɛ fekuw ahorow bebree aba. Nanso wonni wiase nyinaa nuayɛ su horow ankasa. Sɛ nhwɛso no, amanaman ntam onuayɛ kuw bi a agye din yiye a wɔfrɛ no Free-masonry no yɛ wɔn ade kokoam na mmarima nko na wɔwom.
Ɛda adi sɛ, mmɔdenbɔ ahorow a ɛtete saa no nyinaa mma wonnyaa adesamma nuayɛ. Nanso susuw ho kakra: na sɛ wobetumi ama saa adaeso yi abɛyɛ paara nso ɛ? Hwɛ nsakrae ankasa a anka ɛde bɛba! Amanaman ntam onuayɛ ankasa beyi ahye ahorow, amammui ne nyamesom mu ntawntawdi, ɔtan a ɛwɔ aman ne mmusua ntam afi hɔ. Anka ebeyi akodi, amumɔyɛ ne nneɛma ahorow a ɛde tebea horow a ɛyɛ hu yiye ba wiase nnɛ no nyinaa afi hɔ.
Wobɛpɛ sɛ wuhu biribi a ɛte saa? Akyinnye biara nni ho. Nanso ebia wobɛka sɛ: ‘Ɛrentumi mma da. Abakɔsɛm kyerɛ sɛ adwene a ɛne sɛ nnipa nyinaa bɛka abom sɛ anuanom no yɛ adaeso.’ ‘Na sɛ wohwɛ nnipa ho kyerɛwtohɔ a atwam ne nnɛ de a, ɛnde w’asɛm no bɛyɛ nokware.
Hwɛbea a Ɛkorɔn
Nanso, biribi foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho, nea ebetumi de nsakrae bi aba. Sɛ nhwɛso no: Sɛ woyera wɔ kwae kɛse bi mu, a wunhu ɔkwan biara a wobɛfa so apue a, wo nkwa bɛyɛ nea ɛda asiane mu. Nanso, ebia obi a ɔwɔ wimhyɛn mu nam soro behu ɔkwan a wubetumi afa so afi adi no pefee, na ɔnam radio so akyerɛ wo kwan. Akwankyerɛ a onii a ɔwɔ soro de ma no betumi akyerɛ nkwa anaa owu.
Ɛnnɛ, nnipa pii nhu ɔkwan a wɔbɛfa so afi wiase yi mu ɔhaw ahorow a ɛrekɔ anim no mu. Enti, ɛho hia, ampa ɛyɛ nkwa ne owu asɛm, sɛ wususuw tebea no ho fi baabi a ɛkorɔn—fi sɛnea Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no susuw ade ho no a. Ɛdefa ne ho no, odiyifo bi a honhom kaa no kyerɛwee sɛ: “Na sɛ́ ɔsoro korɔn sen asase no, saa ara na m’akwan korɔn sen mo akwan, na m’adwene korɔn sen mo adwene. Na anigye na mode befi akɔ, na wɔde asomdwoe agya mo kwan.”—Yesaia 55:9, 12.
Nanso ansa na yɛbɛka Ɔbɔadeɛ no adwene a ɛkorɔn wɔ onuayɛ ankasa ho no ho asɛm no, yebetumi abisa sɛ: Dɛn na ama ayɛ den wɔ onipa fam?
[Kratafa 3 mfoni]
Napoleon nkonimdi ahorow sɛee onuayɛ ho anidaso