Ɔkwan Bɛn So Na Nyamesom Aka Onuayɛ?
ƐWOM sɛ nnipa dodow no ara nni nyamesom mu ahotoso nnɛ de, nanso nnipa bebree gye di sɛ nyamesom kyerɛkyerɛ ɔdɔ ne onuayɛ. Ampa, wɔ ankorankoro fam no, nyamesom ahorow nyinaa mufo bi ahu bra pa bere nyinaa. Nanso dɛn na nokwasɛm ahorow da no adi wɔ wiase yi mu asɔre horow nyinaa ho? Sɛ nhwɛso no, dɛn ne nyamesom kyerɛwtohɔ wɔ ɔko ho—ade a ɛne ɔdɔ ne onuayɛ bɔ abira ankasa?
Ɛyɛ ahodwiriw. Amanehunu, atirimɔdensɛm ne mogyahwiegu a atoro som na ɛde bae anaasɛ ehyiraa so ho kyerɛwtohɔ yɛ nea ɛyɛ hu. Ɛreka “ɔko kronkron ahorow” ho asan no, nhoma Age of Faith se: “Ebiara nni hɔ a na aka mogya agu te sɛ Kristofo Akodi Kronkron no wɔ Mfinimfini Mmere no mu.
. . . Kristofo Akofo . . . too mfɛfo Kristofo mmonnaa fow wɔn nneɛma fae na wɔyɛɛ wɔn atamfo Nkramofo atirimɔdenne a ɛyɛ nwonwa.”
Wɔ 1208 Y.B. mu no, Paapa Innocent III fii ɔko kronkron titiriw bi ase de tiaa nyamesom kuw bi a wɔfrɛ wɔn Waldensefo a na wɔyɛ Franseni guadini, Peter Waldo akyidifo no. Na Waldo akasa atia asɔfo no ahonya. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo H. G. Wells kyerɛ no, paapa no ɔko kronkron no penee “obiara a ɔnenam basabasa a wɔbɛfrɛ no . . . sɛ ɔmfa ogya ne afoa nkura na ɔnto mmonnaa na ɔnyɛ atantanne biara wɔ Franse Hene nkoa a wɔmpɛ wɔn ho asɛm koraa mu no so. Saa ɔko yi mu atirimɔdensɛm a wodii ne atantanne ahorow a wɔyɛe ho kyerɛwtohɔ yɛ awerɛhow sen Kristofo a abosonsomfo kunkum wɔn sɛ mogya adansefo no ho kyerɛwtohɔ biara a wɔkan.”
Nneɛma a efi ɔko kronkron no mu bae no mu biako ne “Asennii Kronkron” a wɔhyehyɛe wɔ Dominikafo Anuanom ase no. Nea H. G. Wells ka wɔ eyi ho ne sɛ: “Afei, wɔ Europa gua ahorow ɔha so no, asɔre mpanyimfo hwɛɛ wɔn atamfo nipadua ahorow a ayɛ tumm no sɛ ɛrehyew yayaayaw . . . na wɔn adwuma kɛse a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ adesamma mu no ne wɔn hyewee dwerɛbee.”
Abɔnefosɛm ne ayayade ahorow a ɛtete saa na ɛde Ɔsesɛw Bere no bae wɔ afeha a ɛto so 16 no mfiase hɔ. Nanso ankyɛ na Protestantfo de wɔn ho bɛhyɛɛ amansɛmdi mu kɛse sɛnea na Roma Asɔre no ayɛ mfehaha pii no. Afei, wɔ 1618 mu no, Mfirihyia Aduasa Ko no sii wɔ Protestantfo ne Katolekfontam wɔ Germane. Ankyɛ na ɛkãa, Kristoman fã kɛse no ara. Ɛyɛ ɔko a wɔde anibere koe a na kakraa bi na ɛte saa wɔ abakɔsɛm mu. . . . abrabɔ pa kɔɔ fam na ebuee kwan maa basabasayɛ kɛse.”—A History of Europe, a. H. Fisher yɛe.
Eyinom yɛ akodi bebree a nyamesom de bae anaasɛ egyinaa akyi wɔ mmere a atwam no mu no ho kyerɛwtohɔ tiawa bi. Na nnɛ nso ɛ?
Nyamesom Nnɛyi Kyerɛwtohɔ
Ɔtan a ano yɛ den a ɛwɔ Katolekfo ne Protestanfo ntam de amanehunu aba Ireland mfehaha pii. Basabasayɛ a ɛwɔ Ireland Atifi fam wɔ nnansa yi mfe no mu no de amanehunu kɛse ne nnipakum aba afã abien no so. Asɔre ahorow no wɔ afã pɔtee wɔ ɔhaw pii no ara mu esiane wɔn ho a wɔde hyehyɛ amammui ne amansɛm mu nti.
Ebesi nnɛ nso no Mfinimfini Apuei da so ara yɛ baabi a nyamesom mu akodi kɔ so. Mfe bebree no, “Kristofo” ne wɔn a wɔnyɛ “Kristofo” akunkum wɔn ho wɔn ho wɔ Lebanon, na ɛte sɛ nea mogyahwiegu no nnyae da. Na ɛyɛɛ saa ara wɔ India, bere a Britaniafo fii hɔ wɔ 1947 mu na akuw a wɔnyɛ Kristofo a wɔwɔ ɔman no mu tow hyɛɛ wɔn ho wɔn ho so wɔ awudi kɛse mu no.
Nokwasɛm ahorow a ɛfa eyinom ne ntawntawdi afoforo a nyamesom di mu akoten ho yɛ nea wonim no yiye. Nanso, ɛnyɛ sɛ wiase asɔre akɛse no nko na wɔde wɔn ho hyem. Asɔre nketewa no nso saa ara. Titiriw, biako bi maa wiase nyinaa ho dwiriw wɔn wɔ 1978 mu. Eyi yɛ bere a “Ɔsɔfo” Jones bi akyidifo 900 kunkum wɔn ho wɔ Guyana denam pia a wɔn panyin no piapiaa wɔn no so no.
Nanso na ɛno yɛ ketewaa sɛ wɔde toto nea esisii wɔ Wiase Ko I ne Wiase Ko II mu no ho a. Wɔ saa akodi no mu no, Kristoman mufo ɔpepem pii a Yudafo, Budhafo, Hindufo ne afoforo ka ho, kunkum nnipa pii na wɔde amanehunu baa wɔn ankasa ho so. Nanso asɔfo a na wɔwo afã abien a wɔreko no bɔɔ mpae srɛɛ Onyankopɔn nhyira.
Huammɔ a wiase asɔre horow adi sɛ wobedi dwuma sɛ tumi a ɛde onuayɛ ankasa ba no fi saa mfomso titiriw yi: sɛ wɔma nkurɔfo di nnipa sodifo ne wɔn adwenhorow akyi mmom sen sɛ wɔbɛyɛ nea Onyankopɔn ka wɔ n’Asɛm, Bible mu no.—Yohane 12:43.
Enti, wiase asɔre horow a ɛtete saa no rentumi nyɛ nokware som. Sɛnea Bible kyerɛwfo bi a honhom kaa no kae pefee no: “Onyamesom a ɛho tew na ɛho nni fĩ agya Onyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nyisaa ne akunafo wɔn ahohia mu, na oyi ne ho fi wiase nkekae mu.” (Yakobo 1:27) Saa asɛm no kanyan ɔdɔ ne onuayɛ honhom. Nanso, susuw ɔpepem pii a wɔama wɔayɛ nyisaa ne akunafo esiane amumɔyɛ ne ɔsɔretia a atoro som de aba no nti no ho! Na nea enti a ɛte saa ne sɛ ‘wiase nkekae akeka’ ɔsom a ɛte saa.
Hwɛ sɛnea ɛda adi pefee, afei, sɛ yɛrentumi nhwɛ kwan da sɛ atoro som, a Kristoman mu asɔre horow yɛ ne fã titiriw no de amansan nuayɛ ankasa besi ho. Wɔanya tumi ne hokwan mfehaha pii a anka wɔde bɛyɛ saa. Nanso, nea afi mu aba ne wiase bi a ɛrehu amane wɔ amumɔyɛ ne akodi mu, wiase a amansɛm, ɔmampɛ, nnipa mu nyiyim ne nyamesom akuw mpempem pii ama emu apaapae.
So anidaso biara nni hɔ afei? So tebea no asɛe araa ma adesamma nuayɛ bɛkɔ so ayɛ te sɛ adaeso bi ara kwa? ‘Ebia nnipa bebree ne dwom bi a agye din a wɔato din “Adɛn?” no mu nsɛm a ɛyɛ awerɛhow no bɛyɛ adwene sɛ: “Obi ayera nhyehyɛe Ma adesamma nuayɛ no Na obiara nni hɔ a ɔrebɔ mmɔden ahwehwɛ bio.”
Nanso ma wo bo ntɔ wo yam! “Nhyehyɛe ma adesamma nuayɛ” no nyerae ankasa Nokwarem no, wɔde adesamma nuayɛ no nhyɛase asi hɔ dedaw!
[Kratafa 7 mfoni]
““Akodi kronkron” de ahohorabɔ aba Onyankopɔn so