Asetra Mu Atɛntrenee A Mehwehwɛe
Sɛnea Rafael Coello Serrano ka kyerɛe
ATƐNTRENEE ma obiara! So ɛyɛ asetra mu ade a wontumi nnya? Saa botae a wontumi nnu ho no a mehwehwɛe no de me kɔɔ afiase mpɛn 10, ɛde me kɔɔ Komunism mu san bae, ɛde me fii ɔdan biako a nnipa tra mu a ɛyɛ awerɛhow mu kɔɔ aban ananmusifo atrae wɔ aman afoforo so. Egyee mfe 50, nanso minyaa mmuae no.
Wɔwoo me August 1910, wɔ Guayaquil, Ecuador. Na nnipa a wɔwɔ yɛn fie ketewaa no mu no dɔɔso, a me nenabarima a ɔyɛ nsɛnkyerɛwfo, a ɔtetee me ka ho. M’agya de n’adagyew bere nyinaa ne nnamfonom bɔɔ fekuw. Mmarima no—abusuafo, afipamfo anaasɛ ahɔho—de asɔre a wɔmpɛ ne akyinnyegyefo a wɔyɛ hoahoaa wɔn ho; mmea kaa Onyankopɔn ne Yesu ho asɛm.
Saa bere no mpo, mitumi huu nsonsonoe kɛse a na ɛwɔ nnipa asetra mu. Ɛkame ayɛ sɛ na ɔmanfo no dodow no ara nhyɛ mpaboa na na wɔtete adan a nnipa pii te mu mu. Adefo kakraa no de wɔn ahonya a ɛnam kookoo so sisii Aborɔfo adan, bere a wɔn a wɔnhyɛ mpaboa no hataa “sika aba” no wɔ mmɔnten wɔ awia mu.
Saa bere no, Guayaquilfo huu amane kɛse, bere a ɔyarebɔne a ɛyɛ atiridii-nini ne ɔyaredɔm ahorow ba hɔ bere ne bere mu no. Ná hurae ne nsamanwa wɔ hɔ bere nyinaa. Na meyɛ abofra yarefo hatahata, enti me nnamfo ne m’akyerɛkyerɛfo hwɛɛ kwan sɛ mewu me mmofraabere mu. Nanso mibenyaa asetra ho anigye kɛse a meda so wɔ de besi nnɛ.
Meko Tiaa Asetra Mu Nneɛma a Ɛmfata
Wɔ ntoaso sukuu mu no, asetra mu nneɛma a ɛmfata a wɔyɛ no haw me, na mihyiaa akwanside ahorow efisɛ na minni adehyedin biara. Ɛhɔ na nkate a minyae sɛ mɛko atia nsisi no fii ase.
Misuaa nnipa abakɔsɛm a ɛyɛ awerɛhow a ɛfa mogyahwiegu, akodi, nyamesom mu mpaapaemu, akodi ne atirimɔdenne a wɔyɛe, a ekowiee wiase ko a edi kan no mu, a ne nyinaa kɔɔ so wɔ Kristoman mu titiriw no ho ade. Na adesamma abusua no mu fã kɛse no ara wɔ amanehunu kɛse mu. Na adwumayɛfo, ɔmanfo a wɔn ade yɛ mmɔbɔ ne ahiafo no nyinaa te sɛ nkoa wɔ adefo kondua anaasɛ nhyɛso ase. Ná aman a wonnyaa nkɔso no ne faako a aman a wɔanya nkɔso no nya wɔn nneɛma fi, na wodii yiye kɛse, bere a yɛkɔɔ so wɔ yɛn ntetekwaayɛ no mu. Na nea ɛda adi wɔ baabiara ne: “Asetra mu atɛntrenee a enni hɔ!”
Ɛwom sɛ na m’ani gye nkontaabu, nnuruyɛ ne ɔsoro abɔde ho adesua ho de, nanso bere a miwiee ntoaso sukuu no, mekɔɔ sukuu a wosua mmara wɔ hɔ wɔ sukuu kunini mu efisɛ na ɛno titiriw ne nea ɔkwan wom amonom hɔ ara. Nanso sukuu kunini no dii dwuma wɔ tebea horow a emu yɛ den bebree mu. Asuafo a wɔn awofo wɔ dibeane sika no nyaa mmoa soronko. Na na akwan horow a enye a wɔfa so kyerɛ ade nso wɔ hɔ.
Mekae kyerɛkyerɛfo biako bi a na ɔkwan a ɔfa so kyerɛkyerɛ ara ne sɛ ɔbɛtra ne pon ho na wama yɛakenkan sɛnea wɔyɛ mmara ho ade. Da koro bi yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛsrɛ kwan ma yɛabɔ asɛm no ho nkɔmmɔ esiane sɛ na yɛadi kan akan dedaw nti. Asuafo no kasamafo? Na ɛyɛ me.
Adesua mfiase yɛɛ biribi sɛɛ: “Owura, Kyerɛkyerɛfo, yɛpɛ sɛ yɛsrɛ sɛ mma yɛnkan saa asɛm yi ara kwa, efisɛ yɛayɛ saa dedaw . . . ”
Ɔteɛɛm sɛ, “Yɛ komm! Me na misi ɔkwan a mɛfa so akyerɛ ade wɔ ha ho ‘gyinae.”
“Yɛrebisa wo kɛkɛ . . . ”
“Fi adi!”
Mibuae sɛ: “Ɛho nhia sɛ mifi adi.”
Kyerɛkyerɛfo a ne bo afuw no buae sɛ: “Yɛn baanu mu biako ho nhia wɔ ha.”
Mibuae sɛ, “Ɛnyɛ me na me ho nhia wɔ ha,” na sukuufo no bɔɔ wɔn nsam
Kyerɛkyerɛfo no fii adi na wansam amma bio. Saa na yɛn ko no fii ase. Asram anum akyi no, woyii asuafo 16 adi na wɔamma wɔannya kwan ankɔ sukuu kunini ahorow a ɛwɔ Quito ne Cuenca no mu nso. Adwumayafo ne akuafo bi tew kuw bi sɛ wɔde begyina yɛn akyi. Asram bi akyi, bere a madi mfe 19 pɛ no, mekɔdaa afiase.
Saa bere no na wɔabara nyamesom dwumadi wɔ afiase hɔ. Nanso, Roma Katolek sɔfo bi baa hɔ Kwasida bi sɛ ɔrebɛbɔ Mass. Yɛn a yɛyɛ amammui mu nneduafo no hyɛɛ afoforo no sɛ wɔnsɔre ntia, na wɔhyew nyamesom mu abasobɔde ne ahoni ahorow bere a gyegyeegye no rekɔ so no. Afiase hɔ sohwɛfo no ma wɔtwee asɔretiafo no mu biako fii baabi a ɔda, worɔw ne ho besii n’asen wɔ yɛn dan anim na otwaa no mmaa atirimɔden so. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ, sɛ nea asisi no ho da hɔ ma wotintim no atesɛm krataa mu a, wɔbɛtwe yɛn nso asõ. Ade kyee no, na asɛm no wɔ atesɛm krataa titiriw a ɛwɔ Guayaquil no mu. Wɔde yɛn koguu afiase adan a atew ne ho mu. Nanso, nea kuromfo yɛe no ma woyii afiase hwɛfo no adi. Afei woyiyii yɛn mmiako mmiako. Sɛ́ nea n’asɛm yɛ den sen biara no, me na woyii me nea etwa to.
Mekɔ Komunism Mu
Afei misii gyinae sɛ mede me ho bɛhyɛ Komunism mu. Misusuwii sɛ: “Ɛha de metumi ako atia nsisi.” Misuaa Marx, Engels ne Lenin nkyerɛkyerɛ ahorow kɔɔ akyiri yiye, na metew Komunism kuw a edi kan wɔ Ecuador sɛ ebedi dwuma wɔ petee mu. Nanso na Komunistni a obi bɛyɛ saa bere no kyerɛ sɛ wabɛyɛ obi a ne ti nni fie. Wɔpam me fii me fie, na na m’abusuafo ne me nkasa. Meyɛɛ adwuma sɛ obi a ɔde ngo gugu hyɛn a wɔde fa asubɔnten so mu ne mfiridwumayɛfo boafo. Ɔkɔm dee me mpɛn pii.
Mfe ason, efi 1929 besi 1936 no, yɛn a yɛyɛ Komunistfo koo dennennen tiaa Socialistfo, polisifo ne akuw afoforo a wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ Komunistfo nanso wɔyɛ mmerɛw no. Ná polisifo kuw no panyin yɛ m’adamfo agya. Ná ɔtaa to nsa frɛ me ma mikodidi ne fi. Ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Coellito, me fi ha de, wote sɛ ɔbabarima; nanso sɛ mekyere wo wɔ atuatew ɔyɛkyerɛ ahorow a woyɛ wɔ mmɔnten so no mu a, mɛhwe wo te sɛ otuatewfo foforo biara.”
Mibuae sɛ: “Meda wo ase, Ɔsahene, na saa ara nso na, sɛ yenya wo a, yebesiw wo abo.”
Nanso, anadwo bi, sɛnea nneɛma kɔɔ so no, ɛkaa kakraa ma wokum no bere a wɔbɔɔ no fii ne pɔnkɔ so hwee fam wɔ abototow bi mu no. Na ɛyɛ atuatew ɔyɛkyerɛ bi a menka ho mu.
Bere wa misuaa Marx nkyerɛkyerɛ no, mihuu nneɛma ahorow pii a na ɛne ne ho nhyia ne nsemmisa a wɔamma ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, Komumist Nhyehyɛe a Marx ne Engels daa no adi no fa “tumi a adwumayɛfo bedi” ho. Bere koro no ara mu no, Lenin kae sɛ “asraafo, polisifo ne afiase ahorow” a ɛwɔ Ɔman mu no yɛ “aporibaa” a wɔde bɛhyɛ mpapahwekwa so. Engels kae sɛ, “Abɔde yɛ biribi a ɛkeka ne ho.” Nanso dɛn ma ɛma ɛkeka ne ho? Ɛhe na ɛrekɔ? ‘So biribi kyerɛ no kwan? Komunism nkyerɛkyerɛ saa nneɛma no mu. Awiei koraa no, mihui sɛ asetra mu atɛntrenee ano aduru nni Komunism mu.
Afe biako akyi no, m’aware a edi kan gui. Na adi mfe anan na yɛawo mmabea baanu. Wɔ 1939 mu, bere a metwee me ho fii Komunism mu mfe abiɛsa akyi no, mihyiaa me yere Olga a me ne no wɔ hɔ mprempren. Na ɔyɛ sukuu kyerɛkyerɛfo mmɔdenbɔfo ne Katolekni a ɔyɛ den a na mewɔ obu ma ne nkyerɛkyerɛ ahorow. Me ne no anya mma baason.
Nsisi Wɔ Afã Nyinaa
Bere a mesan kɔɔ sukuu no, na sukuu kunini a ɛwɔ hɔ no asakra. Na akyerɛkyerɛfo a wɔaben wɔ hɔ a wɔma misuaa ade yiye. Nea ɛka ho no, saa bere yi de, mepɛe sɛ midi nkonim wɔ m’adesua no mu. Midii nkonim.
Wɔ 1942 mu no, miwiee sukuu, sɛ Mmaranimfo. Saa bere no na mahu Sɛ mmara a wɔakyerɛw ato hɔ, a ntease wom, yɛ ade biako nanso na mmara koro no ara a wɔde bedi dwuma no yɛ asɛm foforo. Ná nnipa a wɔwɔ dibea akɛse, wɔwɔ sika ne tumi no nam anifere kwan so adanmude a wɔde ma so tumi sakra atemmufo fã kɛse no ara gyinaesi ahorow. Sɛ mpanyimfo no mu biako wia ɔmanfo sika a, ɛba bɛyɛ “mfomso” anaasɛ sika ho akontaabu bi a ankɔ yiye. Nanso sɛ ohiani bi wia sika kɔto aduan a, ɔkɔda afiase ɛhɔ ara. Sɛ́ mmaranimfo no, mede me ho sii hɔ sɛ obi a ɔbɛboa ahiafo.
Wɔ 1944 mu no, amammui mu basabasayɛ bi a ɛyɛ hu sɔree wɔ Guayaquil a ɛtrɛwee ntɛmntɛm kɔɔ ɔman no mu baabiara. Mpofirim ara mihui sɛ na me nkwa da asiane mu.
Me ho a metwe fii wɔn a, kan no na me ne wɔn sɔre tia nniso a ɛwɔ hɔ no ho nyinaa akyi no, ebinom suroe sɛ ebia mɛsan asɔre atia wɔn tumidi dibea horow no. Wɔkãe sɛ “ɔmanfo no tamfo” bi wɔ wɔn mfinimfini. Nnamfo kaa atirisopam ahorow ho asɛm kyerɛɛ me, na bere a mibuu no sɛ ade a ɛho hia na abɔ me ho ban no, misii gyinae sɛ mɛsan de me ho ahyɛ amammuisɛm mu bio.
Wɔ saa basabasayɛ yi mu ‘no, atirimɔdenne, ɔsɔretia, ayayade ne nnipa a wɔn ho nni asɛm a wokunkum wɔn na ayɛ “mfaso” ama ɔman no ma mebɔɔ hu. Mpanyimfo a wodidi afoforo ho no foroo yiyedi antweri wɔ “ɔmanfo” din mu, na wɔnam mfaso a wonya wɔ ɔmanfo ho so anya wɔn ho. So 1944 basabasayɛ no de asetra mu atɛntrenee bae? Dabida!
Bio wɔ amammui mu no, mihuu nneɛma soronko yiye wɔ m’asetra mu. Wɔ 1946 mu no, ná mene aban nanmusifo wɔ ɔmampanyin a na wɔde no resi so wɔ Mexico ho guabɔ no ase. Wɔ guabɔ kɛse no ase no, mehwɛɛ ahɔho mpempem ‘a wofi aman horow so sɛ wɔde wɔn ahosiesie fɛfɛ rekyerɛ: Soviet asraafo mpanyimfo a wɔde abasobɔde ahorow ahyehyɛ wɔn; Britania asahene, Amerika asafohene ne sini mu agodifo a wɔagye din. Saa anadwo no ara, awɔw baa Mexico yiye. Ade kyee no, polisifo boaboaa nnipa afunu pii ano—ahiafo a wonnya aduan pa nni a adefo atirimɔdensɛm adi wɔn awu. Esiane abɔnten a wɔhyɛɛ wɔn ma wɔdae nti na wowuwuiNea mihui saa anadwo no a me werɛ remfi da no gyaw me biribi a amma m’ani annye saa asetra no ho.
Wɔ 1950 ne 1951 mu, wɔ “demokrase” ɔmampanyin nniso ase no, midii afe wɔ afiase. Saa bere no na meyɛ mmarahyɛ bagua no muni, nanso wɔde hokwan a na mewɔ no kamee me. Bere a wɔde me too afiase a minnya kwan ne obiara nkasa nna nsia mo, wɔamma me mmara kwan so hokwan biara, na ɛka kakraa ma wokum me. Dɛn ntia? Ná meka amammuifo kuw bi a wɔsɔre tiaa nsase wuranom a wɔwɔ sika ɔpepem pii a wɔn nsase so na na Indiafo te wɔ ohia buroburo mu denneennen no ahofadi no ho.
Bere a meda afiase no, mifii ase susuwii sɛ Onyankopɔn nkutoo na obetumi de asetra mu atɛntrenee aba. Afei Yehowa Adansefo sɛmpatrɛwfo bi a wɔfrɛ no Albert Hoffman bɛsraa me wɔ afiase na ogyaw me nhoma “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo.” Ná nea esii yi renyɛ ɔkwa, efisɛ na me ne Albert behyia bio.
Akyiri yi, wɔ 1953 mu, bere a na mabɛyɛ Adehyeman no mampanyin no yɔnko dwumayɛni no, wɔsomaa me sɛ ɔhemmɔfo kɔɔ Amanaman Nkabom Sika ne Asetra mu Agyinatufo nhyiam bi ase. Saa bere no, mehwɛe, bere a ɔsomafo foforo sɔre tiaa nhyehyɛe biara a na ɛbɛboa Latin Amerika mmeae a ennyaa nkɔso no bere nyinaa no. Asetra mu atɛntrenee wɔ amanaman ntam? Ebi nni hɔ, ebi nni Amanaman Nkabom no mu—ɛdaa adi sɛ wɔn mu dodow no aka abom wɔ tumi horow a wɔn ho yɛ den no nhyɛso ase.
Mekae sɛ da koro bi Ecuador ɔmampanyin no ka kyerɛɛ me sɛ: “Dr. Coello, woayɛ ɔkofo ankasa. Wuhia biribi a ɛbɛma w’adwuma no adi mũ; ɛsɛ sɛ wotra ase sɛ aban ananmusifo, sɛ́ ɔhemmɔfo mfe kakraa.”
Mibuae sɛ, “Ɛyɛ nidi ankasa, Ɔmampanyin, nanso ɛmfata me, na esiane saa nti mempene so. Mepow ankasa efisɛ meyɛ ɔkofo. Memfata ɔhemmɔfo asetra bɔkɔɔ no. Mepɛ sɛ me ne ɔmanfo bom tra, na mihu nea wohu no bi saa ara. Meda wo ase bebree.” Na mepowee.
Mekae sɛ na makan asɛm bi wɔ Bible mu a Yesu yam hyehyee no bere a ohuu nnipa akuwakuw, nkurɔfo, sɛ wɔsam hɔ te sɛ nguan a wonni hwɛfo no. (Mateo 9:36) Nnipa kakraa bi a wɔanya wɔn ho no kɔɔ so didii ɔmanfo a ahia wɔn no ho. Ná meda so ara rehwehwɛ saa nsisi yi ano aduru.
Mehwehwɛ Denneennen
Wɔ 1956 mu no, metwee me ho fii amammui dwumadi biara ho. Dɛn ntia? Mfe abien a na atwam no, ná ɔman no mu amanyɛ kuw ahorow nyinaa atow ahyɛ me so anibere so. Ná Ecuador Social Security Nhyehyɛe a ɛyɛ adwuma mu akatua a wɔtew bi to hɔ a na meyɛ so panyin no, anya asase a ne kɛse bɛyɛ basafa ahinanan 1,800,000 a basafa ahinanan biara yɛ bɛyɛ Amerika sika 40 cent, sɛ wɔmfa nsisi adan a ne bo ba fam koraa. M’amammui mu atamfo kae sɛ m’ankasa makogye sika bɛboro dɔla mpem 450 afi wɔn a wɔtɔn asase no hɔ aka ho afa! Wɔkekaa me ho nsɛmmɔne pii.
Wɔ eyi ho no, misii gyinae sɛ mɛko atia denam dapɛn atesɛm krataa bi a mefrɛɛ no Nokware a mitintimii no so. Nea edi kan a epuei no maa m’atamfo no muaa wɔn ano na ɛyɛɛ me nwonwa. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Mifii ase kaa nokware no pefee a ahohorabɔ anaasɛ ɔkasatia biara nni mu.
Nanso tintim afiri ne ofi a minyae denam adwuma mu akatua a wɔtew to hɔ a wɔde gyinaa m’akyi so no bɛyɛɛ nneɛma a mmara mma ho kwan. M’atamfo pɛe sɛ wɔsɛe me. Nanso wɔantumi. Minyaa nkate no sɛ ɔsoro nkutoo na atɛntrenee betumi afi aba.
Mehyɛɛ m’abusua sɛ wɔnka me ho mma yɛnkan Bible dɔnhwerew biako nnawɔtwe biara. Yesu nsɛm a ɔkae ne nneɛma a ɔyɛe kanyanyɛn, ɛwom sɛ na nneɛma bebree wɔ Bible mu a mepɛe sɛ mekyerɛkyerɛ mu kyerɛ me mma nanso mantumi de. Nanso yɛtee ase pefee sɛ Onyankopɔn nkutoo hɔ na atɛntrenee ankasa betumi afi aba.
Anɔpa bi, October 1958 mu no, ɔbarima bi a ɔwɔ ayamye su bɔɔ me pon. Ná Albert Hoffman rehwehwɛ me bio! Mihui sɛ ɔno ne obi a, na matwɛn no a minnim. Yefii Bible no sua ase denam nhoma “Eyi Kyerɛ Daa Nkwa” no mmoa so.
Mifii ase hui sɛ Bible no yɛ nsu a emu dɔ a nkwa asɛm wom, ɔdɔ akyɛde a efi Ɔbɔadeɛ yamyefo no hɔ. Nsɛm te sɛ nea ɛwɔ Yohane 3:16 a ese: “Sɛnea Onyankopɔn dɔ wiase nni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae; na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa” no kaa me koma. Daa nkwa! Asetra a ɛyɛ pɛ, a atɛntrenee a obiara benya ka ho!
Atɛntrenee ho Ɔsɛnkafo
Bere a me ne Albert suae Bible afe no, wɔ 1959 mu no, mihyiraa me nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn. Efi saa bere no, mede Bible no a m’ankasa m’asetra mu osuahu ahorow ka ho adi dwuma, abɔ mmɔden sɛ mede bɛboa afoforo ma woate ase sɛ atɛntrɛnee ankasa fi Yehowa Nyankopɔn nkutoo hɔ.
Manya hokwan aka Yehowa atɛntrenee ho asɛm akyerɛ nnipa a wɔwɔ tebea biara mu, efi wɔn a woayɛ ɔman mpanyimfo pɛn so kosi adwumayɛfo ahobrɛasefo so. Ebinom atumi ahu nea atɛntrenee ankasa yɛ afi Bible mu. Ebinom ntiei.
Nanso, nea ɛbɛma m’ani agye mmoroso ne me yere ne me mma a mɛboa wɔn na mehu sɛ woahyira wɔn nkwa so ama Yehowa.
Awiei koraa no, mitumi sakraa m’adwene a na ɛnteɛ no. Na masua ahu sɛ Yehowa Nyankopɔn nkutoo nkyɛn na atɛntrenee ankasa betumi afi aba. Ɔno nkutoo na otumi hu nnipa komam na obetumi ayi pɛsɛmenkominya a ɛno na ɛde nsisi ba no afi hɔ. Wahyɛ nhyehyɛe foforo koraa bi a ɛwɔ ɔsoro nniso akwankyerɛ ase a ebedi so a animhwɛ biara nni mu ma asase yi ho bɔ. Hwɛ anigye a minyae sɛ misuae sɛ ɛrenkyɛ, wɔ saa nhyehyɛe foforo no mu no, onipa biara bedi n’afuw a wayɛ so aba na n’ankasa besi dan atra mu. Ayamye ankasa na ɛbɛkanyan nnipa nyinaa, ɛnyɛ pɛsɛmenkominya.—Fa toto Yesaia 65:21, 23. ho.
Osuahu Ahorow ne Anigye
Sɛ́ ɔbenfo wɔ Mmara mu no, wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ Asennibea Kɛse bi mu mfe ason a atwam ni. Mebɔɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mesi gyinae ahorow a egyina mmara ne atɛntrenee so. Wɔ m’atemmu adwuma no nyinaa mu no, mitumi huu ɔkwan kɛse a ɛda nnipa atemmu ne Yehowa atɛntrenee ankasa ntam no pii mpo. Wɔ 1980 mu no, migyaee adwuma.
Ɛwom sɛ yɛte sintɔ mu na yenni asetra mu atɛntrenee de, nanso mahu sɛ, mprempren mpo, wɔ ɔkwan soronko bi so no, Yehowa Adansefo resuasua atɛntrenee wɔ wɔn mu. Wonhu asetra ne nnipa mu nyiyim anaasɛ sikasɛm mu mpaapaemu biara wɔ wɔn mu.
Wɔ August 1981 mu no, midii mfe 71. Ɛwom sɛ minni adagyew koraa de, nanso ɛɔo mmere bi a, ɛyɛ anigye sɛ mema m’adwene nya kwan twa nneɛma a Yehowa ahyɛ ho bɔ no ho mfonini. Mefa no sɛ mewɔ Nhyehyɛe Foforo no mu dedaw, a masan ne me nenanom a wɔanya owusɔre no abom, na mifi ɔdɔ mu ne me nenabarima resua Bible mu nokware sɛnea ɔkyerɛkyerɛɛ me me mmofraase no. Me kɔn dɔ hokwan ahorow a yebenya saa bere no de asua Yehowa kɛseyɛ ho ade no nso, na biakoyɛ mu no yɛakamfo no sɛ ɔdɔ ne atɛntrenee Nyankopɔn daa daa no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]
‘Wɔ afiase no, mifii ase susuwii sɛ Onyankopɔn nkutoo nkyɛn na asetra mu atɛntrenee betumi afi aba’
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]
‘Mihui sɛ Onyankopɔn ahyɛ nniso foforo koraa ma asase yi ho bɔ’
[Picture on page17]
Bere a na meyɛ amansɛmdi mu ɔpanyin no, midii asetra mu nsɛm mu akoten