So Paradise Ankasa Bi Bɛba Da Bi?
“NOKWARE mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.” Asɛm yi a wɔkae bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni no kyerɛ sɛ anigye a onipa wɔ wɔ Paradise ho no nyɛ foforo. Nkurɔfo aka ho asɛm fi bere tenten ni.
Nanso, wɔ bere a ɛte sɛnea ɛmfata koraa mu na wɔde saa bɔhyɛ yi maa obi a na anka ɛbɛyɛ den sɛ obenya hokwan atra Paradise. Nea ɔhyɛɛ bɔ no ne Yesu Kristo. Bere a ɔkaa asɛm yi no ná ɔrewu amanehunu wu wɔ dua a wɔsen no wɔ so sɛnea Romafo amanne te no so. Onii a na ɔrekasa akyerɛ no no yɛ ɔbɔnefo a, wɔabu no fɔ, a na ɔno nso rewu wɔ dua so.
So na saa bɔhyɛ a ɛfa Paradise ho yi yɛ adwene mu nsusuwii bi ara kwa? Anaasɛ so ebetumi aba sɛ, da bi paradise ankasa bi bɛba a ɛbɛkata asase so? Wiɛ, susuw nokwasɛm ahorow bi ho.
Daakye Paradise
Yɛn Micronesia nsrahwɛ no ada nneɛma atitiriw abiɛsa adi. Nea edi kan, asase no wɔ nneɛma ahorow a ɛbɛma atumi adan paradise. Wɔ sɛnea nnipa asɛe no ne mfomso ahorow a wɔadi akyi no, saa nsupɔw ahorow yi da so ara yɛ fɛ ankasa. Na bere a nsupɔw a ɛwɔ mmeae a owia bɔ kɛse no fɛ a ɛyɛ no da nsow no, asase mũ no nyinaa yɛ fɛ yiye. Mmepɔw akɛse a nsukyerɛmma ayɛ so ma ne abon a nwura momono ahyɛ mu ma, Artic sare asase no ne kwae a ɛwɔ mmeae afoforo, nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ asase so a ɛma koma no nya anisɔ! Wɔ tebea a eye ase no, ne nyinaa betumi ayɛ paradise.
Yehu nneɛma ahorow nso a edi adanse sɛ asase wɔ tumi a ɛde siesie nneɛma, ma enti etumi siesie nneɛma a nnipa asɛe no. Wɔ Truk baka no mu, sɛ nhwɛso no, po so ahyɛn a ɛmemee wɔ ha a ɛyɛ awerɛhow no yɛ nea po mu nam ahorow de hɔ ayɛ wɔn atrae ma abɛyɛ nea ɛyɛ fɛ na ɛyɛ anigye. Sɛ wogyae mframa, nsu ne asase a wɔsɛe no wɔ wiase nyinaa a, asase no ankasa san siesie ne ho ma ɛyɛ fɛfɛɛfɛ.
Nea etwa to no, onipa ankasa na ɔresɛe mmeae ahorow a atwa ne ho ahyia no fa kɛse no ara. Sɛ́ ɛnam efĩ, nsɛmmɔnedi, basabasayɛ ne asase a wɔsɛe no esiane ahonyade nti o, anaasɛ esiane akodeyɛ ho apereperedi a ɛda wiase tumi ahorow no ntam nti o, ɛyɛ onipa na ɔde nkakrankakra resɛe baabi a ɔte. Na eyi yɛ nokware, a ɛnyɛ wɔ Pacific no mu nko, na mmom wɔ wiase nyinaa.
Nniso ho Asɛm
Enti, sɛ paradise ankasa bɛba a, ɛyɛ onipa na ɛsɛ sɛ ɔsakra. Ɛsɛ sɛ wodi ne nneyɛe bɔne ahorow no ho dwuma, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ma ɔyɛ n’ade wɔ akwan horow a ɛteɛ so. Ɛte sɛ nea aban na ɛsɛ sɛ odi eyi ho dwuma, nanso asɛm no ne sɛ, aban biara nni hɔ a watumi asiw asase a onipa de nkakrankakra resɛe no no ano.
Esiane eyi nti, ɛyɛ anigye sɛ Yesu bɔhyɛ a ɛfa paradise ho no yɛ nea ɔde mae wɔ asɛm bi a ɛfa nniso ho ho mmuaema mu. Ná ɔbɔnefo a wɔasan no wɔ Yesu nkyɛn no ahu sɛnkyerɛnne a ɛbɔ n’atifi no sɛ: “Oyi ne Yudafo hene.” Enti ɔkae sɛ: “Yesu, sɛ woba w’ahenni mu a, kae me!” Ɛyɛ bere a Yesu rema eyi ho mmuae no na ɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Nokware mise wo sɛ, nnɛ wobɛka me ho Paradise hɔ.”—Luka 23:38-43.
Sɛ́ ɔhene no, so Yesu betumi ayɛ biribi a sodifo foforo biara ntumi nyɛ? So obetumi ama asase nyinaa adan paradise ankasa? Yiw, efisɛ Yesu ahenni no yɛ ɔsoro de, ɛnyɛ asase so de. Na Onyankopɔn tumi ankasa na ɛboa no.
Sɛ yesusuw sɛnea Yesu te ankasa no ho a, yebetumi ahu eyi yiye. Bible no ka sɛ ɛnam no so na Onyankopɔn bɔɔ asase ne nkwa a ɛwɔ so nyinaa. (Mmebusɛm 8:22-31; Kolosefo 1:15-17) Enti, Yesu nim ne mfiase nyinaa. Ɔno na onim sɛnea wɔde nneɛma ahorow a ɛwɔ so no di dwuma yiye. Bere a ɔwɔ asase so no, ɔkyerɛɛ sɛnea ɔwɔ tumi wɔ nneɛma a wɔabɔ no so denam mframa a ɔma ɛyɛɛ komm ne sɛnea ɔkyerɛɛ n’akyidifo ɔkwan a wɔfa so yi nam bere a wɔayɛ adwuma anadwo nyinaa a wɔannya hwee akyi no so. (Marko 4:35-41; Yohane 21:4-8) Ampa, wɔ ɔhene a ɔte sɛɛ nniso ase no, ahum akɛse, nsasewosow anaa ogya mmepɔw rempira nnipa, na nneɛma a nkwa wom nyinaa bedi dwuma pɛpɛɛpɛ.
Wɔbɛkyerɛkyerɛ nnipa ankasa nso ma wɔatra ase asomdwoe mu. Ɛdefa nea Onyankopɔn nam Yesu ahenni no so bɛyɛ ho no, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ: “Obebu aman pii mu atɛn, na waka aman akɛse a ɛwɔ akyirikyiri no anim, na wɔde wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.” (Mika 4:3, 4) Wo nniso a ɛte sɛɛ ase no, wɔremfa akodi nsɛe asase fɛ a ɛyɛ no bio.
So Ɛbɛba Ampa?
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso twɛn kakra, Yesu hyɛɛ bɔ a ɛfa Paradise ho no akyi bere tiaa bi na owui.’ Ɛno yɛ nokware, na ɛte sɛnea eyi maa anidaso biara a na ɛwɔ hɔ sɛ saa bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa yi benya mmamu no baa awiei.
Nanso, biribi a ɛyɛ nwonwa sii da a ɛto so abiɛsa wɔ Yesu wu akyi. Yehowa Nyankopɔn nyan no baa nkwa mu bio. Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ wo nwanwa de, nanso eyi yɛ nokwasɛm a wodi ho adanse kɛse wɔ abakɔsɛm mu. Nnipa bɛyɛ ahanum huu no sɛ wasan aba nkwa mu bio. (1 Korintofo 15:3-22) Enti, paradise wɔ Kristo nniso ase ho anidaso no bɛyɛɛ nea ebetumi anya mmamu. Bɔ a ɔhyɛɛ ɔbɔnefo a na ɔrewu no betumi anya mmamu ampa.—Asomafo no Nnwuma 17:31.
Efi saa ade a ɛyɛ nwonwa no so no, nneɛma akɔ so ma yɛabɛn bere a Yesu benya tumi koraa wɔ nneɛma a ɛkɔ so da biara da wɔ asase so no. (Daniel 2:44) Yebetumi akyerɛ sɛ tebea horow a ɛyɛ hu a ɛwɔ wiase nnɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛabɛn saa bere no pɛɛ.a Enti, nkɔmhyɛ no mmamu mu no, wɔreka Kristo “ahenni no ho asɛmpa yi” wɔ nsase ahorow nyinaa so, a saa Pacific mu nsupɔw ahorow yi ka ho. (Mateo 24:14) Ɛwom sɛ nnipa pii tete mmeae ahorow a ebia ɛte sɛ paradise mprempren de, nanso wɔrehwɛ paradise ankasa wɔ asase nyinaa so kwan daakye. Wɔde wɔn ani ato Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so no so sɛ nea ɛbɛma eyi ayɛ hɔ.
Wɔn a Wɔbɛtra Paradise
Yesu nkyerɛkyerɛ ahorow kyerɛ yɛn nnipa a wobɛtra Paradise wɔ ne nniso no ase. Nea edi kan, osii so dua sɛ, ɛsɛ sɛ nnipa a wobenya nkwa a ɛte saa no dɔ Onyankopɔn wɔ nokware mu. “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa ne w’adwene nyinaa dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn.” (Luka 10:25-27) Ɔman a nnipa a wɔte mu no wɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ ma Onyankopɔn no bedi n’ahyɛde nyinaa so. Wɔrenyɛ asabofo anaa nnipa a wobu bra bɔne; na wɔremfi pɛsɛmenkominya mu nsɛe asase, a ɛyɛ Onyankopɔn abɔde no, esiane honam fam mfaso a wobenya nti.
Bio nso, Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Eyi ne m’ahyɛde, sɛ monnodɔ mo ho sɛnea medɔɔ mo no. Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:12, 13) Yenu fi ɔdɔ mu de ne desani nkwa bɔɔ afɔre maa adesamma—maa nnipa a wofi mmusua, aman ne kasa horow nyinaa mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmfa afoforo yiyedi nni wɔn de anim. Wɔ wiase nyinaa no, nnipa ɔpepem pii wɔ hɔ dedaw a wofi nokwaredi mu rebɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ eyi. Wɔ ɔman a nnipa a wɔte mu no wɔ saa su yi mu no, ɛrenkyɛ na nsɛmmɔnedi, dede a ɛho nni mfaso ne ɔhaw ahorow a ɛtete saa no ayɛ nneɛma a atwam. Ohia mpo renkyɛ, sɛ obiara kyerɛ afoforo ho anigye a pɛsɛmenkominya nni mu a.
Ebia wobɛte nka sɛ, ‘Nanso ɔwɔ wɔ paradise bere nyinaa. Sɛ Kristo ahenni no kɔ so dɛn ara a, obi bɛba abɛsɛe nneɛma.’ Ebia ɛno bɛyɛ nokware wɔ mmɔden ahorow a onipa abɔ sɛ obesiesie nneɛma no mu. Nanso yɛreka nneɛma a Onyankopɔn soro nniso a Kristo ne ne hene no bɛyɛ ho asɛm. Obiara nni hɔ a ɔbɛsɛe Paradise a eyi de bɛba no.
Nea edi kan, kae sɛ Onyankopɔn tumi sakra nnipa. Ná Saul a ofi Tarso no sɔre tia Kristosom denneennen. Nanso bere a ogyee Kristofo asɛm a ɛyɛ nokware no, ne suban sakrae koraa, na ɔno na ɔbɛyɛɛ Kristoni somafo Paulo no. Nsakrae horow a ɛtete saa ara rekɔ so nnɛ.—Asomafo no Nnwuma 22:1-11; Kolosefo 3:9-14; 1 Tesalonikafo 2:5-12.
Sɛ nhwɛso, ɔpanyin bi a ɔwɔ Nauru werɛ howee kɛse wɔ ne mma baasa a ɔhweree wɔn esiane aduan papa a wɔannya anni bere a Japanfo bɛtraa ne supɔw no so wɔ Wiase Ko II mu nti no ho. So wubetumi ahu sɛnea ɔtee nka wɔ Japanfo ho? Nanso, ɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no, na bere a ɔresua Onyankopɔn ahenni a ɛnam Kristo so no ho ade no, ne su sakrae. Bere a ná Japanni ɔkwantufo bi nnya baabi a ɔbɛtra no, ɔmaa no baabi trae wɔ ne fi. Ɔkae sɛ ɔnnwenee ho da wɔ ne koma mu fi bere a osuaa Bible no sɛ ɔbɛyɛ biribi atua nea esii no so ka.
Onyankopɔn ahenni no resakra nkurɔfo su wɔ wiase nyinaa. Nnipa a wɔyɛ keka reyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoe. Nsɛmmɔnedifo reyɛ wɔn a wodi mmara so. Nnipa a wodi awerɛhow anaa wɔayɛ basaa renya awerɛkyekye ne anigye. Bio nso, nnipa ahorow nyinaa—ebinom tete mmeae ahorow a ɛhɔ yɛ fɛ, na afoforo wɔ mmeae ahorow a ɛhɔ ntew na ɛnyɛ fɛ—wɔ nea mprempren mpo wɔaka ho asam sɛ honhom mu paradise no mu.
Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Esiane fekuw a wɔne nokware Kristofo, nnipa a wɔde Yehowa Nyankopɔn di kan wɔ wɔn asetra mu na wonya ne nhyira, nnipa a wɔhwɛ Yesu Kristo kwan sɛ asase so ɔhene foforo, na wonim wɔn efisɛ wɔka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo a wonsuro na wɔwɔ ɔdɔ wɔ wɔn mu bɔ no nti. Ɛmfa ho sɛ ɛhe na wɔte, wonim “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.” (Filipifo 4:7; Efesofo 4:20-32) Wo de susuw sɛnea asetra bɛyɛ no ho hwɛ, bere a wɔama asase adan paradise ankasa na nnipa a wɔte sɛɛ ahyɛ so ma no!
Ebia wobɛka sɛ, ‘Nanso ɛnyɛ obiara na ɔbɛsesa.’ Ɛno yɛ nokware. Nanso, asase so asetra wɔ Onyankopɔn ahenni no ase wɔ hɔ ma wɔn a wɔbɛsakra no nkutoo. Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɛe asase no.’ Bible no si so dua sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:10, 11; Adiyisɛm 11:18) Anigye bɛn ara na saa ahobrɛasefo no benya sɛɛ yi?
Anidaso Ankasa
Nanso wɔrennya anigye a edi mũ, sɛ wɔne wɔn adɔfo kɔ so yare na wowuwu a, so wobenya? Enti ɛyɛ nea ɛfata sɛ bere a Yesu wɔ asase so no, ɔsaa nyarewa ahorow nyinaa, tuu adaemone, na onyan awufo mpo. (Mateo 8:28-32; 11:2-5; Yohane 11:43, 44) Bere a ɔnam Onyankopɔn honhom no so tuu adaemone no, Yesu kyerɛe sɛ ɔwɔ tumi sen ahonhommɔne dɔm no. Enti, wɔ paradise hɔ no ɛho renhia sɛ wusuro nneɛma te sɛ ahonhonsɛmdi, ne nnipa a wɔyɛ abayifo. Na bere a ɔsaa ayarefo yare na onyan awufo no, Yesu daa no adi pefee sɛ ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw ma no sɛ, sɛ́ asase so ɔhene foforo no, ɔbɛma adesamma anya ahotɔ afi ɔyare ne owu mu daapem.—Yesaia 25:8.
Enti ɔbɔnefo a ɔne Yesu wui no behu Yesu bɔhyɛ sɛ ‘ɔbɛka ne ho Paradise hɔ’ no mmamu. Nanso sɛ ɔpɛ sɛ ɔtra Paradise hɔ a, ɛnde na ɛsɛ sɛ ɔsakra n’abrabɔ ma ɛne Yehowa akwan hyia.
Enti, afei, so wopɛ sɛ wunya asetra mu anigye wɔ Paradise? Wubetumi anya. Na ɛho nhia sɛ wufi wiase no fã a wowɔ hɔ ba saa nsupɔw yi so na woatumi ayɛ saa. Ɛrenkyɛ, wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa no, Paradise bɛtrɛw wɔ asase nyinaa so. Ansa na ɛno bɛba no, ɛmfa ho sɛ ɛhe na wote, wubetumi anya honhom mu paradise a ɛwɔ hɔ mprempren no mpo mu anigye.
Dɛn nti na wonkenkan Bible no, na wo ankasa woahu saa nneɛma yi? Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ eyi. Ma ɛnna adi mma wo sɛ, saa anidaso yi yɛ nokware. Hu nea Onyankopɔn pɛ sɛ woyɛ na woanya so atra. Ɛno ansa na wubehu bɔhyɛ a ɛyɛ nwonwa no mmamu: “Onyankopɔn . . . bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:3, 4) Saa bere no, asase no nyinaa bɛyɛ paradise ankasa.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ nsɛmti “So Wiase no Awiei’ Abɛn?” wɔ Happiness—How to Find It nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no tintimii no mu.