Nea Aniwa Hu Betumi Ayɛ Nnaadaa
“Mihuu Philip sɛ ɔne Arthur yere fi saa adidibea ha repue. Ɔde no traa kar mu kɔɔ ne fi, ná ade asã, wɔn baanu no nyinaa kɔɔ dan no mu, na wɔkyɛe wɔ hɔ. Ɛda adi sɛ na Arthur nni fie. Ɛte sɛnea ebia awaresɛe ho asɛm . . . ”
“Twɛn kakra. Ebia ɛte saa, nanso nkã no saa ansa. Ɛnyɛ bere nyinaa na nneɛma te sɛnea ɛda adi sɛ ɛte no. Kae Hana asɛm a ɛwɔ Bible mu no, Samuel nhoma a edi kan ti a edi kan.”
HANA ASƐM NO
Hana rehyɛ Yehowa Nyankopɔn saa bɔ yi, nanso wɔ ne koma mu, ommue n’ano:
“Sɛ . . . woma w’afenaa ɔbabanin a, ɛnde mede no bɛma [Yehowa] ne nkwa nna nyinaa.”
Ɔsɔfo Panyin Eli hui sɛ ɔrebesebese n’ano nanso ɔnte nea ɔreka no, ‘obuu no sɛ ɔsabofo.’
“Da bɛn na wobɛbow nsa akosi? Yi wo nsã no fi w’ani so.”
“Dabi, me wura, meyɛ ɔbea werɛhowfo; bobesa ne nsã biara de, mennom bi ɛ, na mihwiee me kra miguu [Yehowa] anim.”
“Mfa w’abaawa nto ɔbea huhuni bi ho, efisɛ m’awerɛhow ne me yamgya dodo mu na makasa mabesi sesɛɛ yi.”
Nea Ɔsɔfo Panyin Eli aniwa hu a ogyinaa so buu atɛn no yɛ nea ná ɛnteɛ, na ná ɛsɛ sɛ ɔtwe san.
“Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn bɛma wo w’ade a wosrɛɛ no hɔ no.”
ƐDA A EDI HƆ
“Ao! Ɛyɛ me dɛ yiye sɛ me ne wo kasae ansa na merekɔka biribi! Mehwehwɛɛ mu na mihui sɛ ná ne kunu apira wɔ adwuma mu akwanhyia bi mu. Philip de no kɔɔ ayaresabea hɔ ma ɔkɔhwɛɛ no. Akyiri yi wɔkɔhwehwɛɛ biribi kakra kaa wɔn ano wɔ adidibea hɔ. Afei Philip de no kɔɔ ne fi na okogyee Arthur nneɛma bi san de kɔmaa no wɔ ayaresabea hɔ.”
“Bible no wɔ asuade ahorow pii ma yɛn nnɛ. Sɛnea yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ nnɛra no, Eli gyinaa nea n’aniwa hu so buu atɛn na odii mfomso. Mfe bi akyi, akokoaa a Hana woo no a ɔde no mae maa Yehowa som a wɔfrɛ no Samuel no nso hwɛɛ nea etua aniwa. Yehowa teɛɛ no so sɛ: ‘Menhwɛ nea onipa hwɛ, na onipa hwɛ nea etua aniwa, na mede, mehwɛ komam.’ (1 Samuel 16:6, 7) Enti yɛmpɛ sɛ yɛyɛ Eli mfomso no bi, gyina nea yɛn aniwa hu so bu yɛn nuanom atɛn. Eyi betumi ayɛ nnaadaa.”