Ohia Ho Asɛm A Ɛyɛ Den No—Ano Ankasa A Wobesiw
NA CARMEN hɔho no yɛ Yehowa Adansefo no mu biako, na Ɔdansefo yi boaa no ma ohui sɛ na ɛnsɛ sɛ ne nkutoo di ne haw ahorow no ho dwuma. Ná ɛnyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn ankasa na osusuw ne haw ahorow no ho. Wɔka ne ho asɛm wɔ Bible no mu sɛ “ɔma ɔbrɛfo so fi mfutuma mu, na ɔma ohiani so fi sumina so.”—Dwom 113:7.
Eyi yɛɛ awerɛkyekyesɛm maa Carmen, titiriw bere a ohuu sɛnea Onyankopɔn boaa ahiafo wɔ mmere horow a atwam no mu, sɛnea ɔboa wɔn nnɛ, ne sɛnea ɔbɛboa wɔn daakye no. Sɛ w’ankasa wususuw asɛm yi ho a, wobɛte nea enti a Carmen suban wɔ asetra ho nyinaa sakrae no ase.
Wɔ Mmere a Atwam no Mu
Wɔ afe 1513 A.Y.B. mu, bere a Yehowa Nyankopɔn de Israel man sii hɔ no, ɔmaa wɔn mmara a ɛyɛɛ ɔdɔ nsiesie maa ahiafo. Nea edi kan no, ɛda adi sɛ mmara no amfa adefo anaa ahiafo kuw biara ansi hɔ. Mfiase no, ná abusua biara wɔ hokwan koro. Nanso, so ɛnyɛ nokware sɛ nnɛ nnipa pii te nka sɛ saa kuw mu nkyekyem ahorow no yɛ nea ɛde ohia ba no biako titiriw?
Ɛwom, wɔ wiase a sintɔ wom yi mu no, nkurɔfo tebea horow betumi asakra. Na ebinom betumi abɛyɛ ahiafo. Nneɛma a ɛtete saa bae wɔ Israel nso. Ɔkwan bɛn so na Mmara no boae saa bere no?
Anhyɛ ade a wɔde bɛma wɔn a wɔsrɛsrɛ ade ho nkuran. Nanso ɛhyɛɛ ayamye honhom wɔ afoforo ho ho nkuran. Enti, wɔhyɛɛ Israelfo no sɛ wɔmfa “ayisaa ne okunafo” nka wɔn ho wɔ wɔn afahyɛdi ahorow no mu.—Deuteronomium 16:9-11.
Sɛ ná ohiani bi hia sika a, wɔhyɛɛ ne manfo nkuran sɛ wɔmfɛm no dodow biara a ohia, womfi ayamye mu nyɛ saa a wonnye mfɛntom. (Deuteronomium 15:7, 8; 23:19, 20) Wɔ saa kwan yi so no, ná ɔdefo a ɔwɔ ɔman no mu no rennya mfaso mfi ne nua Israelni ahokyere no mu. Nanso, twa ɔkwan foforo so no, ohiani no bɛte nka sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ otua ka no.
Edu twabere a, wɔma Israelfo ahiafo no kwan ma wokodi mpɛpɛw wɔ afoforo mfuw ne bobe nturo mu bere a atwafo no awie twa. Enti na wobetumi ayɛ adwuma anya nneɛma a wohia ama wɔn mmusua. Sɛ ná onipa bi de ka kɛse a, obetumi akɔyɛ akoa akosi bere bi. Ná eyi nyɛ adebɔne koraa te sɛ nea wote no no. Mmara bɔɔ ne yiyedi ho ban, na na enti obetumi atua ne ka no, ahwɛ ama n’abusua anya ahobammɔ bere a ɔreyɛ saa no.—Leviticus 19:9, 10; Deuteronomium 15:12-15.
Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Ohiani rempa w’asase so.” Nanso, na kwan abue ama ahiafo no sɛ wɔbɛboa wɔn ma wɔafi ohia no mu. Bere dodow a ɔman no kyerɛɛ gyidi wɔ Onyankopɔn mu no, nsiesiei ahorow yi boae. (Deuteronomium 15:11; Dwom 37:25) So Yehowa kyerɛ anigye koro no ara wɔ ahiafo ho nnɛ? Yiw, ɔyɛ saa.
Nea Onyankopɔn Ani Gye Ho Nnɛ
Da koro bi, ná Yesu rekasa akyerɛ nnipadɔm kɛse bi a na akyinnye biara nni ho sɛ ahiafo pii ka ho. Ɔde nkuranhyɛ mae denam kae a ɔkaee wɔn anwonwa kwan a Yehowa nam so hwɛ mmoa ne afifide so no so. Afei ɔmaa asuade fii eyi mu a ɛkyerɛ biribi ankasa ma nnɛyi ahiafo a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no.
Ɔkae sɛ: “Na sɛ Onyankopɔn fura wuram ahaban a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena wode gu fononoo mu no ntama saa a, ɔrenyɛ nea ɛkyɛn eyi mma mo, mo a mo gyidi sua? Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro Agya no nim sɛ eyi nyinaa hia mo.”—Mateo 6:30-32.
Ɛbɛyɛ dɛn na obi a ahia no atumi agye adi sɛ Onyankopɔn susuw ne ho? Ɛdenam Onyankopɔn a ɔde no bedi kan wɔ n’asetra mu no so, sɛnea Yesu kɔɔ so kae no: “Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.”—Mateo 6:33.
Te sɛ nea Carmen yɛe no, saa ara na ahiafo afoforo nso a wotie “ahenni no ho asɛmpa” a Yehowa Adansefo reka no hu sɛ́ Onyankopɔn dɔ wɔn a wɔsom no nyinaa na ɔbɔ wɔn ho ban a ahiafo ka ho. (Mateo 24:14) Na ɔboa ampa. Wɔ afotu a wɔde di dwuma a ɛyɛ yiye a ɔde ma wɔ Bible mu—te sɛ nea yɛabɔ din wɔ asɛm a edi eyi anim no mu no—akyi no, ɔhwɛ n’asomfo so na ɔma wotumi tra ase. Nnipa bebree adi ho adanse sɛ otie mpae a wɔbɔ sɛ, “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ” no ankasa.—Mateo 6:11.
Nanso wɔn a wotie “ahenni no ho asɛmpa” no sua ade a ɛho hia sen saa mpo. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4) Enti wohu bo a honhom mu nneɛma som no.
Ɛdenam Onyankopɔn Asɛm, Bible no so no, wosua sɛnea wobetumi anya anigye wɔ abusua no mu. Wosua sɛ wɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ pa ne sɛnea wɔbɛyɛ n’apɛde a ɛwɔ hɔ ma wɔn no. Na wonya “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so.” (Filipifo 4:7) Adefo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ nni saa asomdwoe no. Nanso ɛsom bo koraa sen nea honam fam ahonyade betumi ayɛ.
Onipa a otie “asɛmpa” no sua biribi bio nso a ɛsom bo. Ohu sɛ ɛho nhia sɛ ohia a odi no tra hɔ daa.
Ɔhaw no Ano Aduru
Ohia betumi ayɛ nea sikasɛm nhyehyɛe a ɛmfata na ɛde ba. Ebetumi nso ayɛ nea efi akodi, aduankɔm, ɔyare, abusua anaa ɔman mu nneyɛe bɔne ahorow, “bere ne asiane,” anaa nnipa sintɔ ara kwa. (Ɔsɛnkafo 9:11, NW) Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa ntumi mma emfii hɔ!
Nanso, Kristofo reka “ahenni no ho asɛmpa” no nnɛ wɔ baabiara. Eyi ne asɛmpa a ɛne sɛ, wɔde Onyankopɔn ahenni no asi hɔ wɔ soro na ɛrenkyɛ ebedi asase yi nyinaa so tumi no. Kristofo abɔ eyi ho mpae mfehaha pii bere a wɔka sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro no.”—Mateo 6:9, 10.
Saa ahenni yi bɛyɛ wiase nyinaa nniso. Ebegu sikasɛm nhyehyɛe a ɛmfata no. Abusua ne ɔman mu nneɛma bɔne ahorow renya afã biara wɔ hɔ, efisɛ mmara a ebedi tumi wɔ saa nniso no ase bɛyɛ ɔdɔ mmara no, a ahyɛde yi ka ho sɛ: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!”—Mateo 22:39.
Afei nso, akodi remfa ohia mmrɛ adesamma bio, efisɛ Onyankopɔn bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ (Dwom 46:9) Awiei koraa no ɔyare ne adesamma sintɔ mpo befi hɔ, efisɛ “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (Adiyisɛm 21:4) Afei, nnipa a ahia wɔn benya hokwan afi ohia no mu daa, na wobeyi adesoa a akyɛ yi afi adesamma so korakora.
Wɔn Ani Gye Sɛ Wɔbɛtwɛn
So wubetumi ate nea enti a obi te sɛ Carmen benya asetra ho adwene foforo koraa bere a ɔtee saa “asɛmpa” yi akyi no ase? Hwɛ asɛm a ɛnyɛ sɛ anigye nko na ɛyɛ na mmom ɛyɛ nokware ni. Adanse no da adi fann sɛ Onyankopɔn ahenni no bɛyɛ nneɛma a Onyankopɔn aka sɛ ɛbɛyɛ no nyinaa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛka ɔbea foforo a ɔwɔ mma pii a oguan fii ne man mu esiane nsɛmmɔnedifo nneyɛe nti ma ɔkae sɛ: “Yɛpene [ohia] tebea a yɛwom yi so esiane adefo a yɛyɛ wɔ honhom fam no nti. Yiw, onyamesom pa a ɔpene wom yɛ adenya kɛse”!—Hwɛ 1 Timoteo 6:6-8.
Nnipa ahobrɛasefo pii a wɔasusuw ohia ho asɛm a ɛyɛ den no ano aduru a Onyankopɔn wɔ no ho no ani gye sɛ wɔbɛtwɛn ne bere a ɛsɛ sɛ ɔde beyi ɔhaw yi afi hɔ koraa no. Mprempren yi wɔde wɔn ho bɔ nnipa a wɔwɔ gyidi koro no ara bi, na wɔde hokwan biara a wobenya ka wɔn gyidi kyerɛ afoforo no ho. Enti wonya honhom fam nneɛma mu anigye, ɛmfa ho sɛ wodi hia wɔ ɔhonam fam.
So wiase ohia yɛ ade a ɛhaw wo? Sɛ saa a, adɛn nti na wɔnhwɛ asɛm koro no ara a aboa Carmen ne mpempem afoforo no mu. Ɛno ansa na wo nso wubenya hokwan ahu bere a ohia nni hɔ bio no.
[Kratafa 8, 9 mfoni]
Onyankopɔn ahenni beyi tebea horow a ɛde ohia ba no afi hɔ koraa
[Kratafa 10 mfoni]
Sɛ Onyankopɔn ma nnomaa aduan a, so ɔremma adesamma nso a wɔsom no no aduan?