Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g82 12/8 kr. 6-9
  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?
  • Nyan!—1982
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛrekɔ So
  • Na Akyerɛkyerɛfo no Nso Ɛ?
  • Tebea Bɔne Afoforo
  • Dɛn na Awofo Betumi Ayɛ?
  • Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
    Nyan!—1996
  • Nsɛm A Akyerɛkyerɛfo Baanu Kae—Nea Enti A Wogyaee Adekyerɛ
    Nyan!—1980
  • Adekyerɛ—Emu Afɔrebɔ ne Ɔhaw Ahorow
    Nyan!—2002
  • Biako a Wɔne Sukuu Nhyehyɛe no Bɛyɛ
    Sukuu ne Yehowa Adansefo
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1982
g82 12/8 kr. 6-9

Dɛn Na Ɛrekɔ So Wɔ Sukuu Ahorow No Mu?

Efi Canada Nyan! kyerɛwfo hɔ

SƐ WOTE North America anaa Europa a ɛnde ebetumi aba sɛ wutua tow a ɛsõ wɔ wo mma nhomasua ho. Wɔ mmeae horow bi no, wɔwowɔ sukuu adan a ɛyɛ foforo, nnɛyi nneɛma a wɔde sua ade ahorow pii a ɛyɛ fɛ wɔ adan no mu, na wɔkyerɛ nnɛyi nneɛma ahorow pii ho ade. Nanso so eyi nyinaa kyerɛ sɛ wɔkyerɛ mmofra a wɔkɔ sukuu nnɛ no ade kɛse sen kanfo no? Ɛnte saa.

Nokwasɛm no ne sɛ wɔ North America no, sukuufo a wɔwɔ wɔn afe a etwa to wɔ ntoaso sukuu (a egye mfe 12) mu no pii wɔ hɔ a wontumi nkenkan ade nsen wɔn a afei na wɔwɔ wɔn afe a ɛto so anum mu no. Ɛyɛ nokware nso sɛ sukuufo no bi ntumi nte nneɛma a wɔkenkan no pii ase. Wɔn mu dodow no ara nsa ano nkyerɛwee yɛ nea wontumi nkenkan. Enti, sɛ́ wobetumi abɛyɛ nnipa a wɔn ho wɔ mfaso ma ɔman no yɛ nea ɛho yɛ den kɛse.

Dɛn nti na eyi aba saa? Dɛn na ɛreba mmofra nhomasua so?

Nea Ɛrekɔ So

Ade biako nti a ɛyɛ den ma awofo ne afoforo a wotua tow sɛ wɔbɛte nea ɛrekɔ so no ase ne sɛ, wosusuw sɛ sukuu ahorow no te sɛ nea na ɛte bere a awofo no kɔɔ bi mfe pii a atwam ni no. Nanso nneɛma asesa koraa. Ɔwofo biara ho bedwiriw no wɔ nea nnansa yi wɔyɛ da biara no ho.

Dabi, ɛnyɛ mmofrasɛm a sukuu mmofra di no ho asɛm na yɛreka. Yɛreka nnubɔne a wɔde di dwuma, nsã a ano yɛ den a wɔnom, ahohwibra​—mpo aguamammɔ​—wɔ sukuu mu ho asɛm. Yɛreka ntɔkwaw ahorow, asekan twetwe​—a sɔre a wɔsɔre hyɛ akyerɛkyerɛfo ne akyerɛkyerɛfo mpanyimfo ka ho​—wɔ sukuu adan ahorow mu ho asɛm. Yɛreka sukuu nneɛma a ɛsom bo a wɔsɛe no a nyansa biara nni mu ho asɛm.

Ɛnyɛ ne nyinaa nen. Wɔ sukuu adan ahorow bi mu no, ɛyɛ ntɔkwaw nkutoo da biara wɔ akyerɛkyerɛfo ne mmofra a wɔn ani nsɔ ade ntam. Akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ adwempa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ ade sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛboa wɔn a wɔpɛ sɛ wosua ade no, nanso sukuufo a wɔyɛ atuatewfo siw kwan, wɔsɔre tia tumidi na wɔma ɛhɔ yɛ gyegyeegye. Afoforo wɔ hɔ a wɔma su yi ka wɔn ma wosuasua atuatewfo no, ma enti bere kɔ so no sukuufo a wɔwɔ ɔdan biako mu nyinaa sɔre hyɛ ɔkyerɛkyerɛfo no. (Wɔ asɛm biako bi a esii mu no, sukuufo no nyinaa sɔre de wɔn anim kyerɛɛ dan ho na wɔpowee sɛ wɔne ɔkyerɛkyerɛfo no bɛkasa.) Enkosi sɛ da no bɛba awiei no na akyerɛkyerɛfo no ayɛ basaa, wɔyareyare, bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nneɛma ayɛ yiye na wɔanya obu no. Enti, hokwan, dom akyɛde ne sika​—wo sika​—yɛ nea wɔsɛe no kwa.

Sɛ wode nkamfo a ɛmfata a wɔde ma wɔ sɔhwɛ mu ne sɔhwɛ ahorow a wɔyɛ wɔ ɔkwan bi so a ɛma ɛkame ayɛ sɛ obiara tumi paase no ka nea ɛwɔ atifi hɔ no ho a, nea wuhu ne tebea a nneɛma kakraa bi na ɛwom a ɛma wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wosua ade anaasɛ wɔyere wɔn ho. Nea ɛsan sɛe asɛm no ne sɛ, wɔhaw sukuufo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ nea eye no, woyi wɔn hu, wɔhwe wɔn na wodi wɔn ho fɛw. Ɔhaw ahorow no dɔɔso araa ma ebetumi ama wode wo ho ahyɛ basabasayɛ ne aguamammɔ mu.

Susuw abofra bi a ɔwɔ n’afe a edi kan wɔ ntoaso sukuu mu a sukuufo afoforo wiaa ne sukuu adansedi krataa na wɔde nkyerɛwee akɛse kyerɛw asɛmfua “GAY” (obi a ɔbɔ ahuhubra) guu ne mfonini a ɛbɔ anim no so asɛm no ho. Dɛn ntia? Efisɛ ɔpowee sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ aguamammɔ mu. Sukuufo no frɛɛ saa abofra yi awofo wɔ telefon so, na wɔboa pa yɛɛ te sɛ nea wosusuw sɛ wɔne abofra no na ɛrekasa, na wɔkae sɛ wɔn nsa aka ne marijuana (wii) no bi​—wɔyɛɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɛe ahotoso a awofo no wɔ wɔ ne mu no, na wɔde no ato ɔhaw mu wɔ fie. Ɛtɔ bere bi a wɔsɛe ne sukuu adwuma a wayɛ, ne nhoma ahorow ne ne nneɛma afoforo na mpo wɔsɔre hyɛ no wɔ sukuu kwan so. Nnipa baahe na wobegyina saa tebea no mu akyɛ?

Ebia wobɛka sɛ, ‘Woreka tebea horow bi a enye koraa wɔ sukuu ahorow a ɛwɔ baabi a hwee mfa wɔn ho, ho asɛm, nanso faako a me mma no kɔ sukuu no de ɛnte saa wɔ hɔ.’ Wugye di? Ebia wobɛma mmuae sɛ, ‘Yiw, wɔnkaa biribi a ɛte saa ho asɛm da.’ So woabisa? Ɛwom, yɛwɔ anidaso sɛ wo mma no tebea nsɛee saa de, nanso ebia ɛbɛyɛ wɔn aniwu dodo sɛ wɔbɛka nea ɛrekɔ so no ho asɛm, anaasɛ, ebia afoforo ahaw wɔn pɛn. Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso ɛhe na akyerɛkyerɛfo no wɔ bere a nsɛm a ɛte sɛɛ sisi no?

Na Akyerɛkyerɛfo no Nso Ɛ?

Ɛno yɛ asɛm a ntease wom ma awofo ne mpanyimfo afoforo a ɛhaw wɔn no sɛ wobebisa. Nea ɛyɛ anigye no, akyerɛkyerɛfo pii da so ara yɛ nnipa a wɔwɔ ahofama a wɔpɛ sɛ wɔboa. Dɛn nti na wo ne wɔn a wɔte saa wɔ wo mma no sukuu mu no nkasa? Sɛ saa nneɛma ahorow yi haw wɔn a, ma akyerɛkyerɛfo yi nhu sɛ wompene atuatew ne nneɛma a wɔyɛ de sɛe mmɔden ankasa a wɔbɔ sɛ wɔde ɔsom pa bɛma no so. Sɛnea ɛte biara no, ma wonhu nea ɛyɛ wo gyinapɛn ahorow ma w’abusua no ne nea wohwɛ kwan wɔ wo mma a wɔwɔ wɔn nsam no ho. Ebia ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔakɔ so ako atia adwemmɔne ne ntoa ahorow ankasa a wɔde ba wɔn so no.

Akyerɛkyerɛfo hia mo nkuranhyɛ Susuw wɔn abasam a etu no ho bere a wohu sɛ wogyaa mmofra a wɔde basabasayɛ ba no bere a wɔaka wɔn anim anaasɛ wɔatwe wɔn asɛn nna kakraa bi no. Ɔkyerɛkyerɛfo bi a wobisabisaa no nsɛm kae sɛ: “Bere bi mekɔɔ faako a mmarimaa no horo wɔn nneɛma wɔ sukuu na mekyeree mmarimaa baasa sɛ wɔrekyekyɛ marijuana (wii) mu agugu rɔba bag nketewaa bi mu. Mede wɔn kɔɔ mpanyimfo no anim na mede nneɛma a edi ho adanse no maa ɔkyerɛkyerɛfo panyin abadiakyiri no. . . . Ade kyee no mekɔɔ ɔkyerɛkyerɛfo panyin abadiakyiri no hɔ na mibisaa no nea wɔyɛɛ saa sukuufo yi. Ɔkae sɛ, wɔma wɔkɔɔ fie nnansa.”

So eyi ka sukuufo no su wɔ nea wosusuw sɛ wobetumi afa wɔn ho adi wom no ho? Akyinnye biara nni ho sɛ ɛka wɔn. Sɛnea abofra bi a wayɛ bɔne ka kyerɛɛ adwene ho ɔbenfo bi wɔ n’asɛm no ho no: “Ɛrenkosi baabiara. Nea wɔrebɛyɛ ara ne sɛ wɔde me bɛkɔ asennibea na wɔakasa akyerɛ me simma kakraa bi.” Enti mmofra binom bu tumidi ne atemmu nhyehyɛe no nyinaa animtiaa. Wɔn su horow no ma fɛwdi ahorow nya nkɔso. Sukuufo a wɔapam wɔn no de wɔn bere a wɔmfa nkɔ sukuu no kɔnantenantew sukuu no mu na wɔhyɛ afoforo nkuran ma wɔyɛ bɔne. Wɔbɛyɛ akatakyie!

Tebea Bɔne Afoforo

Nea yɛaka yi ara dɔɔso a ebetumi akyerɛkyerɛ nea enti a mmofra betumi akɔ sukuu nanso wonsua ade yiye no mu, sɛ́ wɔka basabasayɛ no ho ankasa anaasɛ wɔnka ho. Wɔ pii fam no, sukuu yɛ beae bi a wohyiam nom nsã, nom nnubɔne na wɔne wɔn ho wɔn ho da ara kwa. Nanso tebea afoforo wɔ hɔ a ebetumi asiw wo mma no nhomasua kwan.

Nea ɛyɛ awerɛhow sɛ yɛbɛka no, akyerɛkyerɛfo no binom wɔ hɔ a mmofra a wɔkyerɛ wɔn ade no nim sɛ wɔde nnubɔne di dwuma na wɔyɛ nnipa a wobu bra bɔne. Ɛno nkanyan sukuufo mmofra no wɔ ɔkwan a ɛteɛ so. Susuw nkɛntɛnso no wɔ sukuuni abarimaa a wadi mfe 16 so no ho, bere a ɔkyerɛkyerɛfo a ɔyɛ ɔbea a wadi boro mfe 20 tra ne pon so na obisa no sɛ: “Dɛn nti na womma me nkyɛn mmehu me te sɛ mmarimaa afoforo a wɔaka a wɔwɔ dan yi mu no?” Mpɛn pii sukuufo mmeawa no bi bɔ amanneɛ sɛ wohu amane wɔ akyerɛkyerɛfo mmarima a wɔhyɛ mmeawa no bɔ sɛ, sɛ wɔpene so ma wɔne wɔn da a wɔbɛma wɔapaase no nsam.

Afei, akyerɛkyerɛfo kakraa bi wɔ hɔ a ɛte sɛnea wɔte nka sɛ wɔwɔ “dwumadi titiriw” bi sɛ wɔbɛma mmofra no ahu “abrabɔ afoforo” nso ani so. Ebia wɔbɛto nsa afrɛ gyantrafo ne mmarima a wɔne wɔn ho da aba sukuu hɔ na wɔabɛka wɔn abrabɔ ho nsɛm akyerɛ sukuufo no. Anaasɛ ebia wɔbɛhyɛ sukuufo no sɛ wɔnkenkan anaasɛ wɔnhwɛ aguamammɔ ho mfonini, sɛ ade a ɛho hia wɔ obi nhomasua mu. Wɔ Canadafo sukuu ahorow bi mu no wɔfrɛ no “nneɛma a wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛkenkan.” Sɛ wobisa wɔn a wɔrehyɛ akenkan a ɛte sɛɛ ho nkuran no ho asɛm a, wɔbɛka akyerɛ nea ɔrebisa no sɛ, wɔnnhyɛ obiara sɛ ɔnkenkan nhoma ahorow a ɛte saa. Nanso so ɛte saa?

Mfe kakraa bi a atwam ni, abeawa bi a ɔwɔ Ontario powee sɛ ɔbɛkenkan nhoma bi a ɛka abofra bi a gyantrani bi akyerɛ no ahohwibra ahorow nyinaa bi osuahu ahorow ho asɛm. Abeawa no agya gyinaa n’akyi wɔ ne gyinaesi no mu. Nanso ne kyerɛkyerɛfo no kyerɛe sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkenkan nhoma no​—na ɔkyerɛkyerɛfo panyin no ne ɔkyerɛkyerɛfo no yɛɛ adwene! Awiei koraa no wɔpenee so: Afei de ná wɔhwehwɛ sɛ abeawa no bɛkenkan nhoma afoforo abien a n’ankasa pɛ. Nokwarem no wɔtwee n’aso wɔ kyerɛ a ɔkyerɛɛ n’adwene no ho ne wɔ n’ahonim ho!

Dɛn na Awofo Betumi Ayɛ?

Afei a moahu sɛnea nneɛma te wɔ sukuu ma mo mma ne wɔn akyerɛkyerɛfo no akosi baabi yi, dɛn na mobɛyɛ? Dɛn na mubetumi ayɛ? Kae, wɔwo mmofra ma awofo ne wɔ mmusua horow mu. Wɔnwo wɔn mma ɔman no anaasɛ aban ahyehyɛde ahorow biara. Ɛsɛ sɛ bere nyinaa wobu biribiara a ebia aban no de bɛma wɔ nhomasua mu no sɛ nea wɔde reboa na ɛnyɛ sɛ nea awofo begyina so agyaw wɔn asɛyɛde ahorow. Mmofra no yɛ mo de. Enti, mowɔ ano (na ɛsɛ sɛ munya anigye bi) wɔ nea wɔkyerɛkyerɛ wɔn ne ɔkwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ wɔn no mu. Esiane sɛ eyi te saa nti, ɔkwan bɛn so na mofa di ho dwuma?

Nea edi kan no, mo ne mo mma no ntra ase na mommɔ nea ɛrekɔ so wɔ wɔn sukuu (ahorow) mu no ho nkɔmmɔ. Nneɛma bɛn na wohia na dɛn na ɛhaw wɔn? Awofo a Kristofo nnyinasosɛm ahorow ho hia wɔn no bɛpɛ sɛ wohu nea wɔrekyerɛkyerɛ wɔn mma anaasɛ wɔhwehwɛ sɛ wɔkenkan a ebia ɛne nnyinasosɛm ahorow yi bɔ abiara no. Awofo afoforo bɛpɛ, wɔ ntease mu, sɛ wɔkora tete gyidi ahorow bi a wɔn ani gye ho so.

Sɛ mo ne mo mma no wɔ nkitahodi pa bere nyinaa a, nyansahyɛ a ɛwɔ atifi hɔ no renyɛ asɛm a ɛyɛ den. Nanso, sɛ moabu mo ani agu eyi so wɔ ɔkwan bi so bere a atwam no a, ebegye bere ne boasetɔ na moatumi adi eyi ho dwuma na mo ne wɔn anya nkitahodi pa. Monkae, mowɔ abusuabɔ a emu yɛ den a ɛma munya wɔn so tumi. Mo mma no dɔ mo, na wɔn ho anigye ankasa a mokyerɛ no bɛma wɔn ani gye. Awiei koraa no wɔbɛka wɔn nsɛm pii akyerɛ mo. Enti ebia ɛho behia sɛ mode mmoa ahorow bi ma, nanso bere ne mmɔdenbɔ no yɛ nea ɛfata.

Nanso, pɛn koro pɛ a mobɛyɛ eyi no nnyɛ nea ɛdɔɔso. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ anigye a motoa so kyerɛ wɔ wɔn ho bere nyinaa. Bere nyinaa, ebia bere a abusua no redidi anwummere anaa wɔ bere foforo bi a ɛfata mu no, mummisa sɛnea nneɛma kɔɔ so wɔ sukuu saa da no. Dɛn na wosuae? Sɛ wɔrema mmuae a, muntie no yiye. Mommfa nsɛm ntwitwa mu bere a ɛho nhia. Sɛ muhu biribi a mompɛ wɔ nea wɔkyerɛɛ wɔn no mu a, mommma mo koma ntu. Monnyɛ ade mma ɛntra so anaasɛ mommubom ngu wɔn so. Ɛno bɛma wɔaka wɔn ano atom. Mummisa wɔn nea wosusuw wɔ nea wɔka kyerɛɛ wɔn no ho. Mummisa wɔn nea enti a wogye toom anaasɛ wɔannye antom. Ebia mo ani begye yiye wɔ sɛnea wodii asɛm no ho dwuma wɔ ɔkwan pa so no ho. Sɛɛ saa a, monkamfo wɔn!

Wɔ ɔkwan foforo so no, sɛ muhu sɛ, wɔ ɔkwan bi so, wɔasɛe nea anka mopɛ sɛ mo mma nya no a, mowɔ hokwan na ɛyɛ mo asɛyɛde nso sɛ mo ne wɔn besusuw eyi ho. Ɛyɛ mmerɛw sɛ mubetu adwen horow a ɛnteɛ biara ase mfiase yi, na nneyɛe bɔne amfa awerɛhow ammrɛ abusua no. Mo ne mo mma no nsusuw sɛnea nea wɔkyerɛɛ wɔn no bɛka wɔn akosi daakye no ho. So adwen horow no ne nokware a wɔagye atom hyia? Monkyerɛ wɔn asiane ahorow a ɛwɔ ahopere a wɔde gye ade a ɛba so bere tiaa mu tom a ɛsɔre tia ho a wɔde fam nyansa a wɔde bere pii asɔ ahwɛ a adi adwene horow a ɛpoe so nkonim mu no.

Afei nso, sɛnea ɛbɛyɛ a mo ankasa mubehu sɛnea nneɛma te wɔ sukuu hɔ no, monkɔsra hɔ. Munni nnɔnhwerew kakraa anaa da koro, sɛ mubetumi a. Ɛrenhaw akyerɛkyerɛfo no. Nokwarem no, pii ani begye ho. Sɛ nhyiam bi wɔ hɔ a wɔrebɛyɛ a awofo ne akyerɛkyerɛfo betumi akasa a, monkɔ bi. Wɔ ne nyinaa mu no mo ne akyerɛkyerɛfo no nkasa ankasa na munhu sɛnea nneɛma te wɔ mo mma no ho. Muntie bere a ɔkyerɛkyerɛfo no kasa kyerɛ mo no. Mommpere ho nnya adwene bi. Mo ne wɔn nka nea mopɛ ma mo mma no ho asɛm nyansam. Sɛ mowɔ nyamesom, amanne anaa nneɛma afoforo ho nsɛm bi a ehia mo a momma wonhu. Akyerɛkyerɛfo no pii te asɛm ase nnɛ, nanso wɔrentumi mmɔ wɔn tirim nhu saa nneɛma yi. Sɛ nhwɛso no, ebia wobesusuw sɛ mo ba no nan ase a ɔtwentwɛn wɔ ne ho a ɔde bɛhyɛ sukuu nhyehyɛe anaa dwumadi ahorow bi mu no yɛ mmofra adwene bi ara kwa.

Mo mma no akyerɛkyerɛfo foforo a mobɛkɔ akɔsra wɔn afe biara no ma munya hokwan kyerɛ akyerɛkyerɛfo yi nea mohwɛ kwan wɔ mo mma no nhomasua mu. Eyi ma munya bere nso hwehwɛ nhoma ahorow a wosua no mu na mo ne wɔn susuw nea mopɛ ho. Eyi bɛboa ɔkyerɛkyerɛfo no ne mo mma no.

Enti, bere a ɛnyɛ adwene a mode rekɔ hɔ ne sɛ morekɔko, anaasɛ morekɔsesã nhomasua nhyehyɛe no nyinaa no, pii wɔ hɔ a mubetumi ayɛ de ama mo mma no anya sukuu a wɔkɔ no mu mfaso. Mo tow ahorow ara kwa a mutua no nnɔɔso. Na saa ara na ɔkyerɛkyerɛfo biara rentumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ awofo yɛ wɔ wɔn mma ho no mma wɔn. Nea mo mma no hia na wɔatumi asua ade sɛnea ɛfata no pii wɔ hɔ. Nanso nea ehia titiriw wɔ nhyehyɛe no mu ne MO.

[Kratafa 9 adaka]

“Na nsɛm a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wa mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu; na fa yɛ sɛnkyerɛnne kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkae ntamabamma; na kyerɛw gu wo fi apongua ho ne w’aponkɛse so.”​—Deuteronomium 6:6-9.

[Kratafa 8 mfoni]

Wo ne wo ba no mmɔ nea ɛrekɔ so wɔ sukuu mu no ho nkɔmmɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena