Mmusua A Emu Tetew—“Wiase Ɔhaw”
“YƐN anibue no asi ɔsɛe kwan so ankasa, sɛ yɛamma abusua nhyehyɛe a emu retetew no annyae a.”
Ɔbenfo Lee Salk a ɔwɔ New York ayaresabea bi na ɔkaa saa asɛm no wɔ asɛm bi a ne ti ne “Wiase Ɔhaw” a wotintimii wɔ Leaders nsɛmma nhoma mu no mu. Ɔbenfo Salk kae nso sɛ: “Kakraa bi na aban ne adwuma mpanyimfo ayɛ de asiesie nneɛma ahorow a asɛe wɔ abusua no mu” a wɔka ho na aba saa no.
Abusua ne ɔman nhyɛase titiriw. Ɛhɔ na ankorankoro, titiriw mmofra a wɔbɔ mmɔden, sua asetra mu nsɛm ne nneɛma afoforo a ebetumi ama wɔayɛ nnipa a wɔn ho wɔ mfaso wɔ ɔman mu. Dodow a abusua no sɛe no, dodow no ara na ɔhaw a ɛde ba ankorankoro ne ɔman no nyinaa so no yɛ kɛse. Abakɔsɛm da no adi sɛ abusua asetra a ɛsɛe ka ho kɛse mpo na ɛmaa nhemman akɛseakɛse gui.
Ɛdefa eyi ho no, Abakɔsɛm ho ɔbenfo Albert Hyma kyerɛwee wɔ An Outline of Ancient History mu sɛ: “Sɛ abusuabɔ a ɛda agya ne ɔba ntam ne okunu ne ɔyere ntam no di dwuma yiye a, ɛbɛyɛ yiyedi ne nniso pa adum a ɛso sen biara. Sɛ ofie asetra yɛ nea asomdwoe wom a, ɔman bɛkɔ so adi yiye na ayɛ dwoodwoo. Sɛ wɔma abrabɔ bɔne ho nkyerɛkyerɛ ahorow sɛe ofie asetra no denam akasakasa ne pɛsɛmenkominya so bere nyinaa a, basabasayɛ a ɛwɔ fie no da adi wɔ akuw akɛse a ɛbom yɛ ɔman mũ no nyinaa so.”
Wɔ nnɛ bere yi mu, titiriw wɔ mfe dudu kakraa a abetwam yi mu no, wɔasɛe abusua asetra no wɔ akwan horow pii so, na ama aware ahorow pii mu atetew. Adwen horow asɔre na abrɛ abusua no mudi ase. Wɔama awaregu ayɛ mmerɛw. Bɔ a wɔbom tra ase a wɔnware abɛyɛ ade a ɛrekɔ so. Nnuru ahorow a abu so ama mmofra pii (ne awofo) adan kɔ nneyɛe ahorow a enye so. Ɔbarima ne ɔbea nna ahorow a wɔma ho kwan abu so: nneɛma ahorow a woyi wɔ television so, sini ahorow, nsɛmma nhoma ne nhoma afoforo hyɛ aguamammɔ, a awaresɛe nso ka ho, ho nkuran sɛ nea wɔpene so, ne nea eye mpo. Nea ɛka eyinom nyinaa ho ne asetra mu sikasɛm wɔ bere bi a sikasɛm nyinaa agyigya kɛse mu no.
Nneɛma yi, ne pii a ɛkeka ho abɛyɛ nea ɛremia mmusua horow kɛse. Eyi ma ɛbɛyɛ den titiriw ma mmerante ne mmabaa a wɔde wɔn ho ahyɛ aware mu a afei na wɔafi abusua asetra ase no. Esiane nsakrae ahorow a ɛrekɔ so a ɛfa aware ho ne adwene ahorow ahorow pii a ɛfa asetra ho no nti, awarefo pii mu paapae mfiase no ara. Wonhu nea enti a wɔn aware no mma wonnya anigye a wɔhwɛɛ kwan no; na wonnim nea wɔbɛyɛ wɔ ho nso.
Nanso wɔ aware ahorow a ɛtra hɔ kyɛ nyinaa mu no, egye mmɔdenbɔ ankasa na ama wɔn nsa aka anigye a etumi fi abusuabɔ a ɛte sɛɛ mu ba no. Nanso, wɔ pii fam no, ɛyɛ afe a edi kan wɔ aware mu no na ɛde nsɛm a emu yɛ den kɛse no bi ba. Eyi ne bere a ɛsɛ sɛ nnipa baanu a ɛsono obiara su, nea ɔpɛ ne nea ɔmpɛ, de yɛ nsakrae ahorow.
Ɛnde, ɔkwan bɛn so na awarefo betumi “atwa” afe a edi kan wɔ aware mu no na wɔanya mu anigye ankasa nso? Ɔkwan bɛn so na wobetumi ama wɔn aware no ayɛ nea ɛbɛma wɔanya abotɔyam mprempren ne akyiri yi nso?