Ɔsoro Ahenni Reba
ABAKƆSƐM akyerɛwfo bɔ yɛn amanneɛ sɛ ahenni yɛ nea ne bere akɔ so atwam wɔ mfehaha pii mu. Ɛnnɛ aman ahorow pii wɔ hɔ a nnipa no ananmusifo a wɔapaw wɔn na edi so, a anyɛ yiye koraa no ɛyɛ nea wɔde wɔn ano ka. Wɔ mmeae a ahemfo anaa ahemmea da so ara wɔ hɔ, te sɛ Great Britain, mpo no, tumi ankasa a wɔwɔ no yɛ kakraa bi.
Ɛnde, dɛn nti na Onyankopɔn bɔ ne tirim sɛ obedi asase nyinaa so denam ahenni bi so? So onhu sɛ nsusuwii a ɛte saa yɛ nea ne bere atwam wɔ bere yi a ɔmanfo ankasa na wɔtow aba paw nnipa a wɔpɛ sɛ wodi wɔn so, yi mu? Yiw, nanso nea nnipa bu sɛ ɛyɛ nea aba so mmfa Onyankopɔn ho. Ɔrebɛma asase no nniso ko a ehia, a nea nkurɔfo susuw sɛ wɔpɛ mfa ho.
Onyankopɔn mmɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma wɔatow aba wɔ wiase nyinaa de ahwɛ sɛ nkurɔfo bɛpene n’ahenni no so anaa. Mmom no, sɛnea Bible no ka saa ahenni no a wɔde besi hɔ ho asɛm ni. Ɛyɛ dae bi a tete ɔhene bi soe a ɛfa wiase nniso daakye ho, a wɔde ohoni kɛse bi a ne fã yɛ sika, dwetɛ, kɔbere, dade ne ɛfa gyinaa hɔ mae ho.
Bere a tete Hene Nebukadnesar rehwɛ saa ohoni kɛse no, “ɔbo bi a nsa biara nkura mu tew bɛbɔɔ ohoni no anan a ɛyɛ dade ne ɛfa no, na ebubuu no dukuduku; ɛnna dade, ɛfa, kɔbere, dwetɛ ne sika no bubuu dukuduku prɛko pɛ, na ɛyɛe sɛ ahohuru bere mu awiporowbea so ntɛtɛwa, na mframa sesaw kɔe, na wɔanhu baabiara bio; na ɔbo a ɛbɔɔ ohoni no yɛɛ bepɔw kɛse, na ɛyɛɛ asase nyinaa so ma.”—Daniel 2:34, 35.
Nea ɛkyerɛ wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no mu da hɔ. Wɔrebɛsɛe wiase nniso horow no! Nanso hena na ɔbɛyɛ eyi? Hena na ɔmaa ɔbo kɛse no bubuu ohoni no? Dɛn ne bepɔw kɛse a ɛyɛ asase nyinaa so ma bere a wɔasɛe nniso horow akyi no?
Ɛho nhia sɛ yɛbɔ yɛn tirim ka biribi, efisɛ Bible no kyerɛkyerɛ ɔhene no nkɔmhyɛ dae no mu sɛ: “Na ahene no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa. Ɛno nti wuhui sɛ ɔbo a nsa anka tew fii bepɔw no ho, na ebebubuu dade, kɔbere, ɛfa, dwetɛ ne sika no dukuduku. Onyankopɔn kɛse no akyerɛ ɔhene nea daakye ɛbɛba, na ɔdae no wom na ne nkyerɛase yɛ nokware.”—Daniel 2:44, 45.
Ɛnyɛ onipa na ɔbɛma Onyankopɔn ahenni no adi tumi! Ɛyɛ ɔsoro tumi bi a wontumi nsiw ano na ɛde besi hɔ, na asɛe wiase nniso horow biara a ɛwɔ hɔ, bere a ɛba bedi asase nyinaa so te sɛ bepɔw kɛse bi no. Esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm no si so dua kyerɛ yɛn sɛ anisoadehu no yɛ nokware nti, ɛnsɛ sɛ yɛn adwene mu yɛ yɛn naa sɛ ebia Onyankopɔn bɛyɛ nea ɔkae no. Anoyi biara nni hɔ mma nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔnka nokwasɛm a ɛho hia yi ho asɛm nkyerɛ nkurɔfo no. Wɔyɛ eyi denam kyerɛ a wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo sɛ Onyankopɔn ahenni no yɛ adwene mu mfonini anaa nsusuwii bi ara kwa no so!
Ɛnyɛ asɛm no ne sɛ ebia Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔde wiase nyinaa ahenni bi besi hɔ, na mmom bere a ɔbɛyɛ saa. Efi Bible no a wosua mu no, Yehowa Adansefo agye adi sɛ bere no abɛn pɛɛ. Dɛn ntia?
Ntease pa ahorow abien ni—
Nea edi kan no, Daniel nkɔmhyɛ nhoma a anisoadehu yi wom no ara kura mmerebu ho nkɔmhyɛ ahorow a ɛdan adwene ba yɛn afeha yi so pefee. Sɛ nhwɛso no, Daniel ti 4 kura nkɔmhyɛ bi a emu no, wɔnyɛ Onyankopɔn ahenni no ho mfonini sɛ, ɔbo anaa bepɔw, na mmom sɛ dua. Yehowa Adansefo akyerɛkyerɛ mu pefee sɛ “mmere nson” a na ɛsɛ sɛ etwam ansa na saa nkɔmhyɛ no abam no ba besi afeha a ɛto so aduonu yi so pɛɛ.”a (Daniel 4:25) Akyinnye biara nni nokware a Daniel anisoadehu ahorow no mu mmerebu yɛ no ho. Saa anisoadehu no biako hyɛɛ bere a Mesia no bɛba ho nkɔm ma ɛbaa mu pɛpɛɛpɛ. (Daniel 9:24-27) Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yesu twee n’akyidifo no adwene sii Daniel nhoma no so bere a na ɔreka nneɛma a ebesisi daakye ho asɛm no!—Mateo 24:15.
Yehu ntease a ɛto so abien no wɔ nsɛm a Yesu ankasa kae no mu. Sɛ wokenkan Mateo ti 24, Luka ti 21, anaa Marko ti 13 a wubehu wiase nsɛm tebea horow a ɔkaa ho asɛm a ɛbɛhyɛ bere a wasan aba sɛ Onyankopɔn ahenni no Hene no agyirae. Ɔkenkanfo a ɔwɔ nhumu biara nni hɔ a nsɛdi a ɛwɔ akodi, aduankɔm, nsasewosow ne nsɛmmɔnedi a Yesu hyɛɛ ho nkɔm no ne akodi, aduankɔm, nsasewosow ne nsɛmmɔnedi a wɔbɔ ho amanneɛ da biara wɔ atesɛm mu no mma ne ho nnwiri no.
Enti Bible mmerebu ne Bible nkɔmhyɛ bom di adanse sɛ yɛn nyinaa, a Ɔheneba Charles ka no, te awo ntoatoaso bi a ebehu Onyankopɔn ahenni sɛ afi ase redi asase yi so tumi, na ayi mprempren ahenni horow ne ɛho akasakasa ne ɔmanfo nniso horow no afi hɔ to sɛ ntɛtɛwa no mfinimfini. Sɛ saa bere no du a, so wobɛyɛ obi a wasiesie ne ho?
Wo ne Onyankopɔn ne ne Ba, trenee sodifo Yesu Kristo, ntam abusuabɔ no nyɛ biribi a ɛsɛ sɛ wode di agoru. Ɛbɛkyerɛ nea ɛbɛba wo so bere a wɔde Yehowa wiase nyinaa ahenni no asi hɔ no. Wubetumi awu sɛ obi a ɔsɔre tia Onyankopɔn ahenni no anaasɛ wubetumi ahwɛ asetra a ɛyɛ anigye kwan wɔ Onyankopɔn “bepɔw” no so bere a ɛma asase no dan paradise a na ɛsɛ sɛ ɛyɛ bere nyinaa no. Wubetumi apaw nea wopɛ.
Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nea ɛsɛ sɛ wopaw? Yehowa adansefo Kristofo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma wo nsa aka Bible mu nimdeɛ a wubegyina so asi gyinae pa. Adɛn nti na wonka ho asɛm nkyerɛ wɔn? Wubetumi atra ase wɔ anigye mu wɔ ahenni koro pɛ a wiase yi nsa betumi aka no ase.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ asɛm “Amanaman No Mmere a Wɔahyɛ” wɔ Aid to Bible Understanding mu nkratafa 94-96. (Ɔwɛn-Aban Bible ne Nhomawa Asafo a ɛwɔ New York no na etintimii.)
[Diagram/Picture on page 10]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
ONYANKOPƆN AHENNI
Babilon
Media ne Persia
Hela
Rome
Britania & Amerika
Nnipa a Wɔyɛ Katee Akuw Horow