Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 2/8 kr. 16-20
  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”
  • Nyan!—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nkokoaa Nso Yɛ Nnipa!
  • Ɔdɔ a Wonya
  • Nanso Dɛn Na Ɔrebɔ Mmɔden Sɛ Ɔbɛka?
  • Ayamkaw Ano a Wubegyina
  • Sɛe a Wɔsɛe Wɔn ne Sɛ́ Wɔnsɛe Wɔn
  • ‘Nkokoaa Anom’
  • Nea Mmofra Hia ne Nea Wɔpɛ
    Nyan!—2004
  • Abawo Ma Nsakrae Ba Aware Mu
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Nufu A Wɔma—Ɛnã “Afɔrebɔ” A Efi Ɔdɔ Mu
    Nyan!—1984
  • Nufuma ho Nsɛntitiriw
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 2/8 kr. 16-20

“Johnny, Mesrɛ Wo Yɛ Komm!”

Saa na ɛna bi a ɔyɛ ababaa a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma ne ba a ɔresu agyae su nanso wannyae teɛɛm kae. Ohuruhuruw no, maa no aduan, de no bɔɔ ne kɔn ho, yɛɛ no biribiara nanso anyɛ yiye.

Johnny su no mu kɔɔ so yɛɛ den ara.

AKOKOAA su a edi kan te sɛ nnwom wɔ ne na asom. Nanso su a bere nyinaa akokoaa su a ɛte sɛ dɔn a ɛrebɔ no ama ebinom ayɛ nneɛma a ɛmfata. Sɛnea oduruyɛfo bi kae no, “abofra ketewaa su betumi ama ɔpanyin a ne ho akokwaw yiye ayɛ obi a ɔyɛ ne ho hwee a ɛnyɛ yiye.” Esiane awo mu ɔbrɛ, anadwo aduanma ne nsɔwase a bere nyinaa wɔsesa nti, ɛyɛ den ma mmeatan binom sɛ wɔde ayamhyehye bebua akokoaa a ɔresu.

Nanso ɛnanom atumi agyina wɔn mma nketewa su ano wɔ mfehaha pii mu. Saa ara na wo nso wubetumi! Ɛwom sɛ yɛrenkyerɛ ano aduru anwonwa kwan so de, nanso wubetumi anya afotu a efi awofo, nnuruyɛ mu nyansahu ne Bible mu no ho mfaso.

Nkokoaa Nso Yɛ Nnipa!

Nea edi kan no, ma yenyi asɛm bi a wɔka a ɛnyɛ nokware mfi hɔ: sɛ akokoaa yɛ dɔte pɛkyɛɛ a ɛno ankasa nyɛ onipa​—ade bi, biribi a wɔde di agoru. Mmom no ɔyɛ onipa a ɔte ase a ɔhome a ɔwɔ ahiade ahorow ankasa. Ɛwom sɛ ɛyɛ den sɛ wubesusuw akokoaa a ontumi nyɛ hwee ho sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo, nanso Bible no da no adi ankasa sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Eyi boa yɛn ma yehu sɛ, bere a wɔyɛ mmerɛw na wontumi nyɛ hwee no, nkokoaa betumi ada nnaadaa, abufuw ne ninkunutwe adi​—su a ɛhyɛ adesamma a wɔnyɛ pɛ agyirae no!

Ɛda adi sɛ nneɛma pii kɔ so wɔ akokoaa adwene mu bere a osusuw wiase a atwa ne ho ahyia no ho na ɔyɛ ade wɔ ho sɛnea n’ankasa nkate te no. Akokoaa pɛ sɛ ne nsa ka obi, na afei ɔka sɛ: “Mini! Dan w’ani hwɛ me!” Ɔkwan bɛn so na ɔyɛ eyi? So ɔyɛ eyi brɛoo? Dabi, nea akokoaa betumi ayɛ ara ne sɛ obesu​—mpɛn pii ɔyɛ eyi denneennen sɛnea ne mfẽ ketewaa no betumi.

Ɔdɔ a Wonya

“Bere a mihuu me ba no nea edi kan no, minyaa ne ho dɔ. Ná ɛyɛ sɛnea ɔte no ara kwa. Ná ne ho yɛ fɛ yiye!” Saa na ɛna bi a ɔwɔ mma baasa ka nea nnuruyɛfo taa frɛ no “abadae,” nkate ankasa a ɛwɔ ɛna ne ɔba ntam a ɛka wɔn bɛn ho, no ho asɛm. So ɛho hia sɛ ɛna ne ɔba “bɛdɔ” wɔn ho? Yiw, efisɛ saa ɔdɔ yi boa ɛna ma onya ayamhyehye na ɔde n’adwene si ne ba no ahiade ahorow so. Odiyifo Yesaia bisae sɛ: “So ɔbea werɛ befi ne ba akokoaa, na ne yam renhyehye no ne yafumma ho?”​—Yesaia 49:15.

Ɛda adi sɛ saa ɔdɔ yi betumi afi ase aba wɔ nyinsɛn mu mpo, bere a ɛna a ɔyem no te nka sɛ abofra renyin wɔ ne mu no. Na sɛ wɔma ɛna ne ɔba no kwan ma wɔbom tra wɔ awo no akyi a, ɛda adi sɛ saa abusuabɔ yi mu bɛyɛ den kɛse. Mprempren wɔma nkitahodi a ɛte saa ho kwan wɔ ayaresabea ahorow pii, esiane nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ a ɛkyerɛ nea efi mu ba bere pii akyi no nti: “Akokoaa no nsu pii, akokoaa no nyin ntɛmntɛm, ɔdɔ mu bɛyɛ den, na ɛna no benya ahotoso kɛse ma ne ho,” emu kakraa bi nen.

Ɔsomafo Paulo kaa sɛnea “ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma” ho asɛm. (1 Tesalonikafo 2:7) Saa abayɛn a ɔdɔ wom yi yɛ pii sen aduan pa a wɔde bɛma akokoaa no. Barbara, ɛna a ɔwɔ mma baanum, se: “Nufu a wɔde ma ma wote nka sɛ wobɛn mo ba no kɛse. Na mete nka sɛ mebɛn mmofra a memaa wɔn ntoa mu aduan no de, nanso sɛ woma wɔn nufu a wunya nkate soronko.” Nnuruyɛfo pii fi anigye mu gye tom!

Sɛnea ebia ɛte wɔ ɔdɔ yi ho biara no, ɛnyɛ nea ɛba kwa, nanso wobetumi ama emu ayɛ den na saa ara na wobetumi ama akɔ fam nso. Ebia ebegye bere ne mmɔdenbɔ na woanya akokoaa ma wagye mmɔden a worebɔ no so, sɛ́ wɔde nufu na ɛma no anaasɛ wɔma no ntoa mu aduan, sɛ́ wɔwoo no bɔkɔɔ anaasɛ wɔyɛɛ ne na ɔprehyɛn. Nanso, awiei koraa no, ɛbɛyɛ nea mmɔdenbɔ no fata.

Nanso Dɛn Na Ɔrebɔ Mmɔden Sɛ Ɔbɛka?

Bible no kasa tia nea osiw n’aso fi ɔbrɛfo su ho, na mpɛn pii akokoaa remma wommu ani ngu ne so! (Mmebusɛm 21:13) Obesu araa kosi sɛ wɔbɛkyekye ne werɛ anaasɛ ɔbɛbrɛ a ontumi nsu bio. Ɛnã biako paee mu kae sɛ: “Sɛ wote wo ba ketewaa no su a na woreyɛ awu.” Saa ɔpɛ a efi nkate mu sɛ wɔbɛyɛ aso ama ne su na wɔakyekye ne werɛ no to nhyɛase ma nkitahodi ankasa. Redbook nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Nkokoaa a wɔn nanom yɛ aso ma wɔn bere nyinaa wɔ saa kwan yi so no bɛyɛ wɔn a wɔtaa te wɔn nneyɛe anaasɛ wɔn ahokeka no ase. Eyi ma wonya ɔpɛ sɛ wɔne wɔn bedi nkitaho kɛse.” Awiei koraa no akokoaa no sua kasa. Nanso mprempren ara de osu no ara dɔɔso. Tie! Dɛn na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka? Nhwehwɛmu da no adi sɛ ɛnanom a wɔn ani wɔ wɔn mma ho no tumi hu nea ɛrehaw abofra no wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so!

Dɛn na ebia ɛrehaw wo ba a woawo no foforo no? Nkokoaa kɔn tumi dɔ nufusu, na ebetumi aba sɛ ɔkɔm de wo ba no. Ɛnã nufusu, toa mu aduan, anaa biribi a ɛte saa yɛ nea ebia ɛbɛma wayɛ komm. Te sɛ tete agya Yakob mma no, wo ba no yɛ “mmerɛw” dodo na ebia obesu esiane sɛ wabrɛ ara kwa nti. (Genesis 33:13, 14) So atiridii abɔ wo ba no anaa ɔreyɛ biribi foforo a ɛkyerɛ sɛ ɔyare? Anaa so ebetumi ayɛ ne nsɔwase na afɔw na ɛrehaw no? Ebetumi ayɛ nneɛma ahorow pii.

Wo ba no wɔ nkate fam ahiade ahorow nso. Wuhia ɔdɔ ne awerɛhyem, ɛnte saa? Nkokoaa hia pii sen saa. Ɔkwan bɛn so na wubetumi adi ahiade ahorow yi ho dwuma? Denam agoru so!​—bɔ a wode no bɛbɔ wo kɔn ho, de no ato wo nsa so, anunu no. Ɔbenfo Eleanor Hamilton se: “Akokoaa a osu hwehwɛ sɛ wɔde no bɛbɔ kɔn ho anaasɛ biribi te saa no rehwehwɛ biribi a ɛho hia no te sɛ aduan a wɔma no, anaasɛ nneɛma a ɛte saa.” Saa nneɛma a ɛho hia yi a wode bɛkame no no “te sɛ tow a wɔtow no kyene afiase bi a wɔn a wɔwɔ hɔ no ntumi ne obiara nni nkitaho.”

Ehia sɛ wɔma mmofra nya ahotɔ. Oduruyɛfo Luka se Yesu nã faa ɔkwan a akyɛ bi so yɛɛ ne ba a wawo no foforo no ho ade: “Ɔde ntama kyekyeree no.” (Luka 2:7) Ebia akokoaa a wɔkyekyere ne ho bɛyɛ wo nwonwa, nanso nyansa wɔ saa adeyɛ yi mu. Nhoma bi a ɛka abayɛn ho asɛm tu fo sɛ: “Wɔkyekyere mmofra a wɔawo wɔn foforo a wontumi nna no ho, na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛtumi ada sɛ wɔde kuntu a emu yɛ hare anaa ntama kyekyere wɔn ho a. Ɛte sɛnea ɛmma wɔmmɔ piriw nyan anaa ɛmma wɔntoto wɔn nsa ne wɔn anan kwa na wɔanyan. Ɛsɛ sɛ wɔma emu yɛ den kakra, efisɛ kuntu a wɔde kyekyere wɔn a emu yɛ hodwoo taa haw mmofra mmom sen sɛ ɛbɛma wɔayɛ komm.” Sɛ́ ɛyɛ nea ɔresu apɛ aduan anaasɛ ɔresrɛ sɛ wommeso ne mu no, akokoaa su kyerɛ biribi, na denam sɔ a wosɔ hwɛ ne mfomso ahorow so no, wuhu nea wo ba no su ahorow kyerɛ.

Ayamkaw Ano a Wubegyina

Dwan se: “Na me ba a odi kan no ho ‘nni asɛm.’ Nanso na me ba a ɔto so abien no su​—na ɔkekaw mu ankasa​—ɛkame ayɛ sɛ ɛtoaa so ara bɛyɛ asram abiɛsa!” Sɛnea ɛkaa me? “Abofra no gyee me bere nyinaa. Metew me ho na na me ne obiara ntumi nni nkitaho pii. Menyɛ obi a nneɛma taa haw me, nanso eyi kaa m’ahoɔden kɛse na ɛbɔɔ me yare.”

Abofra “bɔne”? Dabi. Ná ɔreteɛteɛm wɔ ɛyaw mu ankasa. Abofra a wawo no foforo adidi ne ɔnom nkwaadɔm yɛ nea ennyinii, na nkokoaa binom te yaw kɛse nka wɔ wɔn nsono mu. Wɔta frɛ eyi ayamkaw. Ano aduru? Oduruyɛfo Benjamin Spock gye tom sɛ: “Nea ɛyɛ yaw ne sɛ yennyaa ɔkwan a etu mpɔn biara a yɛde bɛsa saa ayamkaw yi ara ɛ.” Nea nnuruyɛfo nim mprempren sɛ ɛsa yare no ara ne sɛ bere kakra betwam​—mpɛn pii asram abien anaa abiɛsa. Enkosi saa bere no de, ebia obesu ahaw wo bere nyinaa.

Anaasɛ wo de no te saa? T. Berry Brazelton, MD, ama awofo ahwɛ bere a wɔde su no ankasa, na ose, “ɛwom sɛ ɛyɛ awofo no sɛ akokoaa no sui awia ne anadwo no nyinaa de, nanso na nokwasɛm no ne sɛ, bere a wɔde su no nyinaa mmoro nnɔnhwerew abien da koro.” Esiane sɛ ɛte sɛnea nkokoaa hu basaa a awofo yɛ no nti, “dodow a ɛna no de abufuw bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wayɛ komm no, dodow no ara na abofra no sui.”

Enti ɛsɛ sɛ wunya boasetɔ na wofa ɔkwan a nyansa wom so kyekye wo ba no werɛ. Wo nsa a wode betwitwiw ne yafunu so bɔkɔɔ, awosowosow no, ama no nufu na wo ne no adi agoru, akasa akyerɛ no brɛoo anaasɛ woato dwom akyerɛ no no mpo yɛ nea ebia ɛbɛma wayɛ komm. Ebia ɛnyɛ nea ɛbɛkyɛ, nanso woayɛ ade a ɛho hia kɛse: Woama abofra no awerɛhyem sɛ wodɔ no, na ebia ɛbɛbɔ ne ho ban wɔ nkate mu ɔhaw ahorow ho.

Sɛ nhwɛso no, Seth yɛ abofra a wadi mfe asia a ne ho twa, ne ho yɛ anigye na ɔyɛ komm. Ɛyɛ den sɛ obi betumi agye adi sɛ ɔde dapɛn kakraa a edi kan wɔ n’asetra mu no sui. Nanso ne na, Janice, kae sɛnea ‘abasamtu ma ɔyɛɛ basaa.’ Ne kunu de ka ho sɛ: “Wosɔre, wuso abofra no mu, wobɔ mmɔden sɛ wobɛma abofra no aduan. Ɛmfa ho sɛ dɛn ara na woyɛ, ɔkɔ so su. Ɛyɛ ateetee kɛse, na meka no nokwarem sɛ, ɛtɔ bere bi a na ɛyɛ me sɛ mentow no nkyene fam!” Wɔyɛɛ dɛn nyaa ho akoma? Biakoyɛ. Janice se: “Na mitumi te Bruce nokwaredi ne ne mmoa nka ankasa.” Yiw, ɔboae wɔ sɔre a wɔsɔre na wɔhwɛ ma abofra no gyae su no mu. Wohuu wɔn sintɔ ahorow nso: “Ɛtɔ bere bi a ɔkwan koro pɛ a na yebetumi afa so anya ahotɔ ne sɛ yebedi kan ayɛ nea yebetumi de akyekye abofra no werɛ, na afei yɛde no ato hɔ na yɛagyae no ma wasu. Wote afobu ne ayamɔnwene nka sɛ woreyɛ saa. Nanso sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ahome no, ɛtɔ bere bi a na ɛsɛ sɛ yemia yɛn ani. Afei nso, yɛkɔɔ so kaee yɛn ho sɛ awiei koraa no eyi begyae.”

Dwan a yɛadi kan afa n’asɛm aka no tu fo bio sɛ: “Ma wo kunu ne wo nnamfo nhu nea ɛhaw wo. Bere a wɔahu no, mpɛn pii ɛyɛ a na ɛyɛ wɔn pɛ sɛ wɔbɛboa. Afei nso, hu adwene mu nkate ahorow a wo ankasa wuhia no.” Ebia obi a wubenya no ma wagyigye no kakra aboa wo no bɛma woanya ahotɔ kakra. Ɛho hia nso sɛ woremmu w’ani ngu honhom mu ahiade ahorow so. (Mateo 5:3) Janice so: “Mete nka ankasa sɛ Yehowa wɔ ayamhyehye kɛse ma mmeatan a wɔawo foforo na ɔboa wɔn, sɛ wɔdan kɔ ne nkyɛn a.”​—Hwɛ Dwom 55:22.

Sɛe a Wɔsɛe Wɔn ne Sɛ́ Wɔnsɛe Wɔn

Bere a ɛte sɛnea ɔdɔ ne ani a wɔma ekũ mmofra ho yɛ nea ehia ma akokoaa no nkate ahorow no, nkokoaa binom kɔ so ara hwehwɛ sɛ wɔma ani ku wɔn ho bere a wɔn yam nkekaw wɔn anaa ɔkɔm nne wɔn no mpo. Nnuruyɛfo pii gye tom sɛ ɛyɛ den sɛ wɔbɛsɛe akokoaa ketewaa. Nanso mmofra a wɔanyin kakra no betumi abɛyɛ nhyɛsofo, a wɔmpɛ sɛ wɔn awofonom bɛyɛ biribiara.

Eyi ho nhwɛso ne abofra a ɔresua nantew a sɛnea ne na, Carmen, kyerɛ no, “sɛ wannya nea ɔhwehwɛ a ɔde ne ho bɛto fam na wafi ase ateɛteɛm.” Ano aduru? “Na ɛsɛ sɛ yɛteɛ ne so. Na onim sɛ bere biara a ɔbɛyɛ saa no, obenya ho asotwe.” Ɛwom sɛ ɛyɛ binom nwonwa sɛ wɔbɛte sɛ wɔtwe abofra aso, nanso Carmen nim sɛ Bible no hyɛ mmofra a wɔbɛyɛn wɔn na wɔde asotwe ama wɔn ho nkuran. (Efesofo 6:4; Mmebusɛm 23:12) Ebia eyi bɛkyerɛ sɛ ɛtɔ bere bi a otwa ne ba no to. Nanso Carmen se: “Sɛ wutwa ne to a, ɛnkyɛ na wasan aba wo nkyɛn abɛbam wo.” Enti bere a abofra ho san no wɔ ani a wɔma ekũ ne ho ne ɔdɔ mu no, fa nteɛso a efi ɔdɔ mu bi ma.

Ɛyɛ mmerɛw sɛ wode abofra a woatete no yiye bɛkɔ abɔnten. Da a edi kan a wo ne wo ba no bɛkɔ baabi a wodidi anaa wodi gua no betumi ayɛ nea ɛyɛ den kɛse, sɛ woantete no yiye a. Kristofo wɔ asɛyɛde foforo a ɛne sɛ wɔbɛtete wɔn mma ma wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsom mu, efisɛ ɛnyɛ mpanyimfo aguabɔ nko na Bible no ka ho asɛm na mmom “mmofra” de nso. (Deuteronomium 31:12) Ampa, akokoaa betumi ahaw adwene bere a ɔteɛm su fi bere kɔ bere mu wɔ baguam no. Nanso nkurɔfo taa nya tema ne boasetɔ. Na ɔbaatan a ne ho akyere no ani sɔ bere a obi fi ayamye mu bisa no sɛ, “Metumi aboa wo?” na ogye no ma ɔhome kakra no.

‘Nkokoaa Anom’

Yegye di sɛ, ɛte sɛnea sɛ́ wɔbɛma abofra agyae su nnɛ no nyɛ den kɛse. Ampa, akokoaa bɛkɔ so asu; ɛno ankasa na ɛba. Enti ma wo bo ntɔ wo yam na nya wo ba no ho anigye. Hu no. Sɛ́ wobɛyɛ ɔbaatan no yɛ bere nyinaa adwuma.

Bere a osu ne nteɛteɛm fi ‘nkokoaa anom ba no, mma wo werɛ mfi sɛ, sɛ wɔde ɔkyerɛkyerɛ a ɔdɔ wom ma a, “ayeyi” betumi afi saa ano nketewaa no mu aba. (Mateo 21:16) Nkokoaa yɛ Yehowa dɔ ne ne nyansa ho adanse a ɛyɛ nwonwa na wɔyɛ n’akyɛde ahorow a ɛso nni no biako. Wo ba no bɛma woayɛ basaa na ɔbɛma woaserew; ɔbɛhaw wo nkate ahorow nanso ɔbɛma w’ani agye. Enti kɔ so yɛn wo ba no, kyekye ne werɛ na, nea ɛsen ne nyinaa no, dɔ no. Ebia ɔbɛyɛ komm kakra.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

“Nufu a wode ma ma wote nka sɛ wobɛn wo ba no kɛse”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 19]

“Yɛkɔɔ so kaee yɛn ho sɛ awiei koraa no eyi begyae”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 20]

Abofra ho san no wɔ ani a wɔma ekũ ne ho ne ɔdɔ mu

[Box on page 20]

“Fa wo koma bra nteɛso ho, na fa w’asõ bra nimdeɛ nsɛm ho. Mfa nteɛso nkame abofra: na wode abaa hwe no a, ɔrenwu. Sɛ wode abaa hwe no a, na wode regye ne kra afi asaman. Me ba, sɛ wo koma hu nyansa a, me koma bɛtɔ me yam, me ara nso m’ani begye, na m’asaabo ho bɛsɛpɛw no, sɛ w’ano reka nea ɛteɛ. . . . Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi, na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi. Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.”​—Mmebusɛm 23:12-16, 24-26.

[Kratafa 19 mfoni]

“Sɛ wutwa ne to a, ɛnkyɛ na wasan aba wo nkyɛn abɛbam wo”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena