Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g83 4/8 kr. 12-13
  • “Sɛnea Mo Gyidi Te”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Sɛnea Mo Gyidi Te”
  • Nyan!—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Biribiara ‘Nyɛ Den Mma Yehowa’
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Yonatan ‘Ɔne Nyankopɔn na Ɛyɛɛ Adwuma’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Yonatan Wɔ Akokoduru Na Ɔyɛ Ɔnokwafo
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Yonatan Kra Fam Dawid Kra Ho”
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1983
g83 4/8 kr. 12-13

“Sɛnea Mo Gyidi Te”

1 Samuel 14:1-23

Ná Israel man no wɔ Filistifo tumidi ase. Ɔhene Saul boaboaa dɔm ano sɛ ɔrekɔma Israel ade ne ho, nanso Filistifo no dii wɔn so na Israelfo no kohintawee. Saa bere yi na Saul ba Yonatan ka kyerɛɛ n’akodekurafo sɛ, ‘Ma yentwam nkɔ Filistifo bansifo yi ho, ebia [Yehowa] bedi ama yɛn.’

‘Yebeyi yɛn ho akyerɛ wɔn. Sɛ wɔka sɛ: “Mo mforo mmra yɛn so“, ɛnde yɛbɛforo akɔ, efisɛ eyi bɛyɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ [Yehowa] ka yɛn ho.‘

Wofii adi, na Filistifo no teɛɛm sɛ, ‘Hebrifo no refi adi afi ntokuru no mu!’ Wɔteɛɛm ka kyerɛɛ Yonatan ne n’akodekurafo no sɛ, “Momforo mmra yɛn nkyɛn na yɛnkyerɛ mo biribi!” Ná ɛyɛ sɛnkyerɛnne a efi Yehowa hɔ! Yonatan ka kyerɛɛ n’akodekurafo no sɛ, “Foro di m’akyi, na [Yehowa] de wɔn ahyɛ Israel nsa.”

Nnipa baanu no fii ase foro kɔɔ Filistifo nsra no mu.Yonatan ne n’akodekurafo no mu biara de n’akyi kyerɛɛ ne yɔnko akyi na wɔne Filistifo a wɔdɔɔso sen wɔn koraa no koe ara kosii sɛ wokunkum wɔn mu aduonu. Eduu bere a ɛyɛ den no Yehowa ‘di maa wɔn.’

Asasewosow! Basabasayɛ! Wɔ kitikitiyɛ no mu no Filistini ne Filistini koe.

Israelfo fii mmeae a wokohintahintawee no bae bɛkaa ɔko no ho na wotuu wɔn atamfo no gui.

ASUADE MA YƐN: Susuw asɛm, “Ebia, [Yehowa] bedi ama yɛn” no ho. Gyidi a na ɔwɔ sɛ Yehowa bɛyɛ saa no kaa Yonatan ma odii dwuma. Yehowa. di maa wɔn. Israel fii n’ahintawee hɔ bae, wotuu Filistifo no gui, na “[Yehowa] gyee Israel da no.” (1 Samuel 14:23) Ne nyinaa esiane Yonatan gyidi nti. Ɛnnɛ, Kristofo nkɔ ɔko wɔ honam fam sɛnea Yehowa asomfo yɛe wɔ tete mmere mu no. Nanso yehia ne mmoa wɔ yɛn mprempren Kristofo dwumadi ahorow mu, na bere a yɛkɔ yɛn anim wɔ gyidi mu no yɛma Onyankopɔn nya nea obegyina so adi ama yɛn. Yesu se, “Sɛnea mo gyidi te no, ɛnyɛ saa mma mo!” (Mateo 9:29) Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ,’Yɛnsɔ no nhwɛ.’ (Malaki 3:10) Enti momma yɛnyɛ sɛ Yonatan na yɛnyɛ ade sɛnea yɛn gyidi a ɛyɛ den no te. “Ebia [Yehowa] bedi ama yɛn” nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena