Mmofra Bisa Sɛ . . .
So Nea Mehyɛ Fa Ho Ankasa?
PEGGY teɛɛm guu n’awofo so sɛ: “Ɛnyɛ tiaa dodo. Moyɛ ‘kolo’ dodo!” Ɔde mmirika kɔɔ ne dan mu—akasakasa bi a ɛfa atade bi a ɔpɛe sɛ ɔhyɛ ho no awiei ara nen.
Ebia nsɛm bi a ɛte saa a ɛfa wo ho asɔre pɛn. Ebia ɔwofo, ɔkyerɛkyerɛfo anaa adwumawura akasa atia atade bi a w’ani gye ho paa. Woka sɛ ɛyɛ nea aba so. Wɔka sɛ ɛyɛ nea ɛmfata na ɛtwetwe adwene kɔ biribi so.
Woka sɛ: “Ɛno nye. Mewɔ hokwan sɛ meyɛ nea m’adwene kyerɛ me.” Na ampa ɛte saa. Ɛdɛn, wɔ wiase nyinaa no, su wɔ ahosiesie ho sonsonoe kɛse. Ebia wo mfɛfo mpo adwene renhyia, sɛ ɛba ntadehyɛ so a. Ebia ɔkwan a mmofra a na wɔwɔ 1960 mfe no mu faa so siesiee wɔn ho te sɛ hippifo no renyɛ nea mmofra a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no pɛ bio. Amerika atesɛm krataa bi bɔ amanneɛ sɛ “mfedudu pii a wɔde apere ahwehwɛ ntade ne ahosiesie ho gyinapɛn ahorow a emu nyɛ den koraa akyi no, sukuufo rebrɛ wɔn ahosiesie ase . . . wɔresan akɔ tete de no so kɛse.”
Mmofra kuw bi sii so dua sɛ bere a ebinom da so ara “de ntade huhuuhu ba sukuu no,” pii ba a wɔasiesie wɔn ho kama. Wɔ mmeae horow bi no ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ obiara bɛba no na wasiesie ne ho sɛnea ɛsɛ. Abofra bi kae sɛ: “Wubetumi aba sukuu a woasiesie wo ho sɛnea wopɛ, na ɛyɛ nea wɔpene so.”
Enti so sɛnea wusiesie wo ho no fa ho ankasa? So ɛyɛ nea awofo reyɛ katee dodo bere a wɔkasa tia ahosiesie bi a aba so no? Eyi yɛ nsemmisa a edi mu. Nanso, nea edi kan no ma yɛnhwehwɛ mmofra su wɔ ntade ho no mu.
Nea Wonam So Da Wo Ho Adi
Pam a wadi mfirihyia 12 no se: “Nea wohyɛ kyerɛ nea woyɛ ankasa ne sɛnea wote nka wɔ wo ankasa ho.” Yiw, ntade a wohyɛ ka biribi kyerɛ afoforo fa wo ho. Ntade a wohyɛ betumi akyerɛ sɛ w’ani da hɔ, wudwo, wowɔ abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn. Anaa ebetumi akyerɛ sɛ woyɛ otuatewfo ne oniberefo. Ebetumi akyerɛ sɛ woyɛ obi a ɛsɛ sɛ wonya ne mu ahotoso anaasɛ, bere a wunhu no, ebetumi akyerɛ sɛ woyɛ obi a ɔmfra.
Wɔ Bible mmere mu no, atade a wɔhyɛ daa nnipa ahorow ahorow adi. Sɛ nhwɛso no, Salomo hwɛɛ ne mfɛnsere mu da koro bi na ntɛm ara ohuu ɔbea bi sɛ ɔyɛ aguaman! Ohuu ne ntama a ofura no sɛ ɛyɛ “aguamantam.” (Mmebusɛm 7:6-10) Ɔbea a obu ne ho biara rensiesie ne ho saa.
Saa ara na Bible no kyerɛ sɛ bere a nkurɔfo dii awerɛhow no wɔhyehyɛɛ “ayiyɛ ntade.” (2 Samuel 14:2) Wohuu nyamesom akwankyerɛfo a na wɔpɛ dibea no ntɛm ara denam wɔn ntade atenten a ɛda nsow no so. Na Yesu kasa tiaa wɔn sɛ wɔtwee adwene baa wɔn ho so wɔ saa kwan yi so.—Luka 20:46.
Ɛnnɛ nso, mpɛn pii wobegyina sɛnea wusiesie wo ho no so akyerɛ sɛnea wote. Enti, ebia eye sɛ w’awofo sɔre tia ntade ahorow bi a wohyɛ; wɔn fam de ɛyɛ nea ɛsen asɛm a ɛfa nea obiara pɛ ara kwa ho. Wɔpɛ sɛ woda asɛm a ɛyɛ nokware wɔ wo ho adi—nea ɛkyerɛ wo nipasu ankasa. Enti ebia wo ne wɔn renyɛ adwene wɔ stae ahorow ho. Nanso, ebia wudwen wo ntade ho kɛse. So woasusuw nea enti a ɛte saa no ho pɛn?
Efisɛ ebia mmofraase betumi ayɛ nkate mu ɔhaw bere. Ɛnkyɛ na wo nipadua no asesa afi mmofra de so aba mpanyin de so. Ɛwom sɛ ebia nkurɔfo bɛyɛ ade wɔ wo ho soronko kakra de, nanso ebia “mmofraasɛm” no bi bɛwɔ hɔ ara. (1 Korintofo 13:11) Ɛtɔ bere bi a nkate, ɔpɛ ne akɔnnɔ ahorow foforo mma wunhu nea woyɛ. Bere a wobɔ mmɔden nkakrankakra no woba behu onipa ko a woyɛ. Wode ahopere yere wo ho denneennen sɛ wubedi nkate ahorow foforo yi ho dwuma. W’awofo ka kyerɛ wo sɛ: “Tɔ wo bo ase, eyi yɛ onyin mu ɛyaw ahorow no bi.”
Sɛ́ aberante anaa ababaa no, ebia wobɛte nka sɛ wunni ahotɔ ara. Bere a mmofra binom ani gye mpanyimfo a wɔreyɛ no ho no, afoforo te nka sɛ wɔn ho ayɛ tan, wɔn ho nyɛ fɛ. Wɔ emu biara mu no, ɛnyɛ den sɛ wode w’adwene nyinaa besi wo nipadua mu ahosiesie so.
Eyi ka nea enti a atade a wɔhyɛ ho hia mmofra bebree kɛse no ho. Ntade a wɔhyɛ yɛ de a wɔade wɔn ho ne nnipa ko a wɔyɛ ho sɛnkyerɛnne ɔhaw koro a ɛwɔ hɔ ne sɛ, sɛ́ abofra no, wo nipasu da so ara renya nkɔso, ɛresakra. Wopɛ sɛ woka biribi fa onipa ko a woyɛ ho, nanso ebia wɔrenhu nea ɛsɛ sɛ woka anaasɛ sɛnea ɛsɛ sɛ woka no ankasa
“Meyɛ Biribiara a Me Nnamfo Pɛ sɛ Wɔyɛ”
Ɛnyɛ nwonwa sɛ mmofra binom de wɔn ho bata wɔn mfɛfo ho na wɔagyina wɔn akyi. Ɛte sɛnea wɔn ho a wobesiesie na wɔakasa te sɛ wɔn nnamfonom no ma wɔte nka sɛ ɛma wohu nnipa ko a wɔyɛ. Ɛwom, ɛnyɛ mfomso ankasa sɛ wobɛyɛ nea nkurɔfo yɛ no bi. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mede me ho meyɛɛ ade nyinaa memaa nnipa nyinaa.” (1 Korintofo 9:22) Ná otumi dannan ne ho wɔ tebea biara mu. Nanso so ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wobɛhwehwɛ sɛ wosɔ nnamfo ani ɔkwan biara so?
Abeawa bi kae sɛ: “Meyɛ biribiara a me nnamfo pɛ sɛ wɔyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenka biribi.” Dɛn na wobɛfrɛ obi a wasiesie ne ho sɛ obetie nea obi ka, na wapene nea oniiko no pɛ na n’ani gye ho so no? Bible no ma mmuae: “Munnim sɛ, nea mode mo ho ma no no . . . ɔno ara a mutie no no na ne nkoa ne mo?”—Romafo 6:16.
Wɔn a wɔkyerɛw Adolescence: Transition From Childhood to Maturity no susuw nea efii nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ mmofra ho mu bae no ho yiye. Wɔkae sɛ wɔ mmofra mu no, “sɛ́ wɔbɛpene biribi so dua a wosi no mu betumi ayɛ den araa ma ɛkame ayɛ sɛ ɛma wɔbɛyɛ nkoa ma wɔn mfɛfo, a wɔde wɔn ho to wɔn [mfɛfo] so na wɔakyerɛ wɔn sɛnea ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho, sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkasa, nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, ne mpo nea ɛsɛ sɛ wɔdwen ho na wogye di.” Bere a ebia eyi nte saa wɔ wo fam no, ebia wunim mmofra bi a wɔabɛyɛ “nkoa” ankasa ama wɔn mfɛfo.
Nanso sɛ wususuw ho a, so wo nnamfonom no nhu onyin mu nkate mu amane koro no ara a wuhu no bi? So wɔfata ankasa sɛ ‘wɔkyerɛ wo kwan’? (Hwɛ Mateo 15:14.) So ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wubedi gyinapɛn ahorow a afoforo de asi hɔ akyi, bere a ɛsɔre tia wo nsusuwii, nneɛma a ɛsom bo ma wo ne nea w’awofo pɛ mpo no?
“Atade” a Eye Sen Biara
Nanso, ebia wubedi yaw wɔ ka a wɔka sɛ wusiesie wo ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛsɔ wo nnamfonom ani no ho. Sharon, abofra a onnii mfirihyia aduonu no se: “Ɛnnɛ de ɛnyɛ obi nti na mmofra siesie wɔn ho. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ nnipa soronko.” Ebia eyi te saa wɔ wo fam.
Nanso, bere a ebinom hwehwɛ sɛ wobehu sɛ wɔyɛ soronko no, wɔte nka sɛ ɛsɛ sɛ wonya din denam wɔn ntadehyɛ so. Ebia wɔbɛhoahoa wɔn ho wɔ ɔkwan a wɔfa so siesie wɔn ho te sɛ nnipa a wɔka wɔn ho asɛm wɔ anansesɛm nhoma ahorow mu a ɛde animguase brɛ wɔn awofonom mpo no mu.
Nanso, Bible no de adwenkyerɛ ma wɔ ɔkwan a obi fa so siesie ne ho denam “atade” soronko bi so ho. “Monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre.” (Kolosefo 3:12) Ebia atade bi a aba so a wobɛhyɛ no bɛyɛ wo nnamfo ani so fɛ na ama wɔn ani agye onipa ko a woyɛ no ho. Nanso ɛnyɛ ntade na ɛma wonya obi ho anigye—anaasɛ ɛma onya nnamfo pa. Dɛn na ɛma onya eyi?
Yesu a na ɔwɔ nnamfo a wɔyɛ anokwafo pii no kae sɛ: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, . . . [efisɛ] midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.” (Mateo 11:28, 29) Kristo hyɛɛ “atade” a ɛsen biara, su ahorow te sɛ ayamhyehye ne ayamye a ɛmaa nnipa pii ani gyee ne ho kɛse no. Wo nso wubetumi ayɛ saa! Ɛdenam onipa ko a woyɛ wɔ wo mu no ho adwuma titiriw a wobɛyɛ so no, ɛnyɛ onipa soronko a woyɛ no nko na woda no adi na mmom wunya nnamfo a wɔyɛ anokwafo nso.
Wubetumi de Bible no a wubesua no yiye na wode ne nnyinasosɛm ahorow adi dwuma no afi ase. Saa kwan yi so no wunya “emu nipa” a wɔka ho asɛm no; wunya nhumu na wunya ahotoso wɔ wo mu. (2 Korintofo 4:16) Esiane eyi nti, wo mmofrabere mu no renyɛ nea ehinhim kɛse. Ɛdenam Bible no akwankyerɛ ahorow a wubedi akyi so no, wobɛyɛ obi a wasiesie ne ho yiye a obetumi akyerɛ ɔkwan pa a, ɛsɛ sɛ ɔfa so kata onipa ko a ɔyɛ wɔ honam ani no so. Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔbɛboa wo ma woafi Onyankopɔn Asɛm no mu nhwehwɛmu a ɛte sɛɛ ase.
Ebia wobɛkɔ so abisa sɛ dɛn ne Bible no gyinapɛn ahorow wɔ ntadehyɛ ne ahosiesie ho? So eye sɛ wubedi nnɛyi stae ahorow no akyi? Na ɔkwan bɛn so na ntadehyɛ betumi ada honhom fam “emu nipa” a wopɛ sɛ wunya no adi? Eyinom yɛ nsemmisa a yebesusuw ho wɔ akyiri yi de no bi mu.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
Abofra bi a onnii mfirihyia aduonu se: “Ɛnnɛ de ɛnyɛ obi nti na mmofra siesie wɔn ho. Wɔpɛ sɛ wɔyɛ nnipa soronko”
[Kratafa 13 mfoni]
Ntade a wohyɛ ka asɛm fa wo ho!
[Kratafa 15 mfoni]
Ma mmɔden a wobɔ no nnyina onipa ko a woyɛ wɔ wo mu a wubenya so