Abusuabɔ A Ɛyɛ Fɛ
Afofantɔ bi wɔ hɔ a ɔne nhohowa wɔ abusuabɔ bi a ɛyɛ fɛ. Ɔkwan bɛn so na ɛnam ba?
Wɔ ahohuru bere mfiase mu hɔ no mfofantɔ akɛse a wɔn ho yɛ tuntum kakra a wɔwɔ Europa (Maculinea arion) tow nkesua gu dua a agu nhwiren so. Bere a asesa mpɛn abien no, ɛpae ɔsã a nhwiren no titiriw na odi. Ɛno akyi ofi nhwiren no so tɔ fam na ofi ase hwehwɛ biribi foforo a ɛyɛ soronko.
Sɛ nhohowa hu no a, mmoa abien yi yɛ wɔn ade te sɛ nea wonim wɔn ho. Nhohowa no fi ase de ne nan ne n’ano kekã ɔsã no. Nea ɛba ne sɛ ɛwo bi fi ɔsã no mu ba. Nhohowa no de ahopere nom, na awiei koraa no nhohowa afoforo fi ase bɛnom bi.
Sɛ ɛrekɔ ɔsã no kɔn ase hɔ baabi hon a, nhohowa a odii kan baa ne ho no fa eyi sɛ sɛnkyerɛnne a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ ɔde ne hɔho foforo yi kɔ nhohowa dontwo no mu. Ɔde n’ano so ɔsã no mu wɔ faako a ahon no akyi. Afei, wɔ bere bi akyi no ɔsã no fie ba bɛyɛ baabi a nhohowa no mma pii gu, na eyinom ne n’aduan foforo. Nhohowa no nso nsa ka ɛwo a wɔpɛ.
Ɔsã no fi ase nyin wɔ afe a edi hɔ no fefɛw bere mu, na adapɛn abiɛsa akyi no ɔbɛyɛ afofantɔ a wanyin a wafuw ntaban, na ofi ase weawea wɔ nhohowa dontwo no mu. Nhohowa biara nhaw no. Bere a wafi adi wɔ owia mu no afofantɔ no ntaban no mu bɛyɛ den a ebetumi de no atu.
Abusuabɔ soronko a ɛda nhohowa ne saa mfofantɔ pɔtee yi ntam no ma nsemmisa a emu yɛ den sɔre ma wɔn a wogye adannandi nkyerɛkyerɛ no tom no. Ɛyɛɛ dɛn na nhohowa huu sɛ tokuru bi da ɔsã yi fã baabi, na dɛn na ɛbɛma waboaboa ɛwɔ ano wɔ ne hɔ? Ɛyɛɛ dɛn na ɔsã no huu nea ɛho behia sɛ ɔde siesie ne ho na ama nhohowa abɛfa no akɔ? Dɛn nti na nhohowa no bɛma afofantɔ a wanyin no kwan ma wawea afi adi wɔ wɔn dontwo no mu a wɔnka no hwee? Wobetumi ama nsemmisa yi ho mmuae bere a obi gye nsɛm yi tom sɛ ɛyɛ nokware no: “Onyankopɔn bɔɔ . . . ntakraboa nyinaa . . . ne mmoa a wɔwea fam nyinaa sɛnea wɔn su te.” (Genesis 1:20-25, NW) Yiw, ɛnyɛ sesɛkwa, na mmom ɛyɛ adwini a atirimpɔw wom.