Bere A Osu No Annyae Tɔ
Efi Madagascar “Nyan!” kyerɛwfo hɔ
MADAGASCAR a ɛwɔ abibirim no wɔ mmere horow abien pɛ: asusow ne ɔpɛ. Esiane sɛ asusow-bere no fi ase fi November kosi March mu nti, anyɛ obiara nwonwa wɔ December 1981 mu bere a osu fii ase tɔe no. Akuafo nyaa ahotɔ. Ná wohia nsu no na agugu wɔn mo mfuw no so ama wɔn.
Nanso, akuafo no anigye no danee awerɛhow bere a osu no kɔɔ so tɔe no. Wɔ Antananarivo a ɛyɛ wɔn kuropɔn no mu no, osu no tɔe awia ne anadwo adapɛn abiɛsa. Ná ɛnte sɛ nea ɛtɔ bere biara no. Da koro awia, bere a osu no atɔ denneennen simma du pɛ akyi no, nsu yiri faa kurow no afã horow pii. Bere a osu no kɔɔ so tɔe no, nsubɔnten ahorow fii ase yirii. Ná saa asusow-bere yi mu reyɛ den a ɛyɛ hu. Dɛn na ɛreba yi?
Ahum, mframa a ano yɛ den a ɛnyɛ ade foforo wɔ Indian Po no so wɔ faako a Madagascar wɔ no reka Madagascar. Ahum ahorow yi na ɛde nsu a ɛmo akuafo no de wɔn ani to so kɛse no ba afe biara. Nanso saa afe no, ahum ahorow abiɛsa a ano yɛ den yiye bɔe ntoatoaso wɔ supɔw no so na ɛmaa nsu tɔe kɛse. Tebea no mu bɛyɛɛ den kɛse bere a tete afasu a wɔatoto a sɛ nsu yiri a esiw ano no bubui no. Nsu no de afasu no kɔe, na asubɔnten no bu faa kurow no ne mfuw no mu.
Osu no kɔɔ so tɔe da biara. Ɛrebedu February mfiase mu hɔ no na nneɛma a nsu no asɛe no nyɛ agoru koraa. Mfude pii sɛee. Mfuw, adan ne akwan so katae wɔ nsu no ase a wonhu. Wɔ kuropɔn no mu no, adan a n’afasu yɛ dɔte no mu pii a na nsu no ka no bere nyinaa no donnɔnee na ebubuii, ma awiei koraa no egyaw nnipa 71,000 wɔ Antananarivo a wonni afie a wɔbɛtra mu. Wɔma wɔkɔtratraa mmeae ahorow te sɛ sukuu mu, ɔman agudibea, ayaresabea ne asɔredan ahorow mu, kosi sɛ wobetumi asan akɔ wɔn afi mu—anaasɛ wobesi foforo.
Nsu no annu kurow no fã a ɛwɔ soro, nea egu bepɔw so no. Nanso na ɛyɛ hu ara. Osu no hohoroo dɔte a ɛwɔ ase no na ɛmaa asase no bu guu mu. Afei nso, akwan a ɛwɔ supɔw no so nyinaa sɛee. Ná ɛyɛ den sɛ wubebu sɛ ɛyɛ akwan a wɔapae. Na esiane sɛ na wɔnhwɛ kwan sɛ osu no begyae ansa na March awu nti, mpanyimfo no anhaw wɔn ho sɛ wobesiesie. Enti na ɛsɛ sɛ mfirikafo hwɛ yiye na wɔantɔ amoa akɛse mu, na na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnam kwan ho nso hwɛ yiye na lɔre a ɛretwam ammɔ atɛkyɛ angu wɔn so.
Awiei koraa no, ɛrekɔ March awiei mu hɔ no osu no gyaee. Ankyɛ na abibirim awia no fii ase bɔe bio, a na ɛyɛ den sɛ wubehu sɛ osu a ɛte saa atɔ—kosii sɛ wobuu nneɛma a asɛe no ho akontaa. Nnipa aduɔkron abiɛsa wuwui wɔ nsu a eyirii no mu. Adan ahankron sɛee wɔ Antananarivo nkutoo, ne nea ɛboro apem wɔ apuei fam mpoano kurow Toamasina mu. Nnipa a ɛsɛee wɔn afie a na wonni baabi a wɔbɛtra wɔ ɔman no nyinaa mu dodow yɛ 117,000, na ɔman no mu nnipa dodow yɛ 9,000,000 pɛ. Akuafo no antumi antwa wɔn mfuw mu nneɛma.
Ɛbɛkyɛ ansa na nnipa a wɔwɔ Madagascar werɛ afi saa asɛm yi. Mmusua binom da so ara di wɔn adɔfo a wowui ho awerɛhow. Afoforo pii annya baabi a wɔde wɔn ti bɛto asram pii. Ná ɛsɛ sɛ akuafo twɛn afe biako bio—a na wɔn ani da so sɛ daakye osu no bɛtɔ sɛnea ɛsɛ.
Sɛ yebetumi anya awerɛhyem sɛ asiane ahorow te sɛ nea esii wɔ Madagascar no rensi bio a, anka ɛbɛma asetra ayɛ anigye ama yɛn mu pii. Sɛnea ɛte no, Bible no kyerɛ yɛn sɛ ɛrenkyɛ bere no bɛba a yebenya saa ahotoso no. (Yesaia 11:9; 65:21, 22; Mika 4:4) Kristofo anokwafo a wɔwɔ Madagascar ani abere reka asɛmpa yi akyerɛ nnipa a wɔwɔ supɔw no so bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiesie nneɛma a osu a annyae tɔ sɛee no no.