Bible Nna—Ne Tenten Te Dɛn?
Hebri kasa yohm: ‘Da biako; bere tenten bi; bere a biribi a ɛyɛ nwonwa sii.’—Old Testament Word Studies, kratafa 109.
Adekyee: “Ɔkanea a ɛkɔ so hyerɛn kosi sɛ ade bɛkye koraa.”—Mmebusɛm 4:18, New World Translation.
Nnɔnhwere 24 da: “Na nsuyiri no baa asase so adaduanan.—Genesis 7:17.
Da betumi aka mmere horow ho: “Na ɛda no . . . ahohurubere ne awɔwbere mu na ɛbɛba.”—Sakaria 14:8.
Da betumi agyina hɔ ama nna pii: “Sɛ sukyerɛma dwo te twabere mu no.” “Na awi twabere mu no.”—Mmebusɛm 25:13; Genesis 30:14.
Da te sɛ mfirihyia 1,000 ne anadwo mu dasu: “Na mfirihyia apem yɛ w’ani so sɛ nnɛra da a etwaa mu ne anadwo mu dasu.”—Dwom 90:4; afei nso 2 Petro 3:8-10
“Nkwagye Da,” Mfirihyia pii—Yesaia 49:8.
“Atemmu Da,” mfirihyia pii.—Mateo 10:15; 11:22-24.
Da a ɛyɛ onipa nkwa nna: “Noa da,” “Lot da.”—Luka 17:26, 28, The Jerusalem Bible.
Adebɔ nna a ɛwɔ Genesis ti 1: “da a edi kan,” “da a ɛto so abien,” ne nea ɛkeka ho,ebiara yɛ mfirihyia 7,000.
Wɔka adebɔ nna asia no nyinaa ho asɛm sɛ da biako: “Ɛda a Yehowa Nyankopɔn yɛɛ asase ne soro no.”—Genesis 2:4.