Bere A Wobubu Nteɛso Abaa No
FRANSENI adwene ho nimdefo Jean-Pierre Chartier bisae sɛ: “So yɛbɛhwehwɛ trabea ama awofo a wɔyɛ wɔn nea ɛmfata bɛyɛ afe 2000 mu anaa?” Dɛn nti na wobisa saa asɛm yi? Adanse wɔ hɔ sɛ ɛnyɛ sɛ mmofra pii yɛ wɔn awofo so asoɔden nko, na mmom wɔtow hyɛ wɔn so ankasa. Wɔ ne nhoma Les parents martyrs no mu no, Chartier ka mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so a wɔkyerɛw nkrataa de hunahuna wɔn awofo no ho asɛm. Ɛdefa nea enti a eyi rekɔ so no ho no, Chartier se efisɛ awofo antumi ankyerɛ wɔn mma ɔkwan a ɛsɛ sɛ wɔfa so tra ase. Ose: “Ebinom fam no, sɛ wɔhwee wɔn kakra a anka ɛbɛyɛ papa.”
Ebia wompene eyi so. Ɔkwan a wɔfa so wɔ wiase afa horow pii ne sɛ awofo bu wɔn ani gu nteɛso abaa a na anka wɔde di dwuma no so, anyɛ saa a ‘ebesiw mmofra no onyin ano,’ ‘ɛbɛhaw ne nipasu’ anaasɛ ‘ɛbɛhaw ne “desani hokwan ahorow.’”
Nanso, nnipa pii adwene mu ayɛ wɔn nãa wɔ ka a wɔka sɛ ɛsɛ sɛ wogyae mmofra ma wɔyɛ nea wɔpɛ no ho. Sɛ nhwɛso no, 1980 nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no daa no adi sɛ nnipa baasia a wɔwɔ Europa no mu biako biara tee nka sɛ nnansa yi awofo bu ani gu nteɛso so dodo. Germane Frankfurter Allgemeine Zeitung nsɛmma nhoma no kae sɛ, “Nkakrankakra no mmofra ntetee abɛyɛ ɔkwan a wɔma ma nneɛma kɔ so sɛnea ɛte ara.” Dɛn na afi mu aba? Sɛnea John O’Malley, adwene ho oduruyɛfo bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ Time nsɛmma nhoma mu kae no, mmofra a wɔma wɔn kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ biara no de mmofra a wɔrebɛn mpanyin afe so a “wonni obu biara mma awofo tumidi [ba]. Mmofra nni anohyeto biara, a abrabɔ ho gyinapɛn ahorow ka ho.”
Bere a awofo mpene so mpo no, mmofra pii fa nnubɔne na wɔde wɔn ho hyɛ aguamammɔ mu. Na sɛ wɔnyɛ nneɛma a ɛte saa mpo a, ebinom tew wɔn awofo so atua. Enti adwene ho nimdefo Benjamin Wolman kyerɛ sɛ awofo a wɔankyerɛkyerɛ wɔn mma osetie no “reyɛn nwura.” ɔkasa tia “yɛ-nea-wopɛ adwene” no, efisɛ “esiw abofra nyin kwan,” ɛmma onnya “ahosodi biara,” na ɛto nhyɛase ma daakye asetra mu basabasayɛ.
Asiane bi a ɛbae wɔ Germane nnansa yi no kyerɛ sɛnea mmofra a wɔntete wɔn no betumi de ɔhaw aba ankasa. Saa asɛm yi mu no abofra bi a wadi mfe 15 tɔɔ ne bo ase yɛɛ nhyehyɛe kum ne nã. Polisifo bɔ amanneɛ sɛ, sɛ anka obedi ho awerɛhow mmom no, abofra no kae sɛ nhyehyɛe a ɛte saa a ɔyɛe sɛ obekum n’agya no anyɛ yiye.
Nsa a Wɔma Emu Yɛ Den Wɔ Wɔn So
Esiane sɛ ɛyɛ den ma awofo pii sɛ wɔbɛtete wɔn mma nti, wɔde ahyehyɛde ahorow a wɔn botae ne sɛ wɔbɛboa awofo resisi hɔ ntɛmntɛm. Wɔ Amerika no, ahyehyɛde a wɔfrɛ no Families Anonymous ne mmofra a wɔyɛ basabasa no awofo, wɔn nnamfonom ne wɔn abusuafo bɔ nkɔmmɔ.
Nanso ahyehyɛde foforo a ɛreboa bɔ mmɔden sɛ ɛde nsa a emu yɛ den kakra bedi dwuma. Nea ɛfata no wɔfrɛ no Toughlove (a ɛkyerɛ sɛ woyi ɔdɔ adi kyerɛ wɔ nsa a emu yɛ den ase) . N’atirimpɔw a wɔada no adi ne sɛ “ɛbɛsɔre atia mmofra bɔne na ahyɛ wɔn ma wɔayɛ nea ɛteɛ.” Eyi na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ denam awofo a ɛboa wɔn ma wɔde mmofra a wɔn aso awu no abrabɔ ho anohyeto ahorow a ntease wom sisi hɔ—anohyeto ahorow a wɔhwɛ ma wodi so. Awofo a wɔyɛ ahyehyɛde yi mufo no boa wɔn ho wɔn ho. Afe biako pɛ mu no ahyehyɛde no anyin ma 1982 mu no na anya akuw efi 25 kosi 50 wɔ Amerika ne Kanada.
Ahyehyɛde abien nyinaa kyerɛ sɛ wɔatumi aboa awofo bi ne wɔn mma. Nanso adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi teɛ ne mma so no nyɛ foforo. Bere tenten a atwam ni no Bible kae sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.” (Mmebusɛm 22:15) Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ ahyehyɛde ahorow a wodi saa afotu a nyansa wom yi akyi no tumi boa wɔ ɔkwan bi so. Nanso, so “nteɛso abaa” a wode bedi dwuma no kyerɛ tumi a nyansa nni mu a wɔde bedi dwuma wɔ wo mma so anaa?
Nteɛso—Asetra Kwan
Ebinom fa no sɛ nteɛso kyerɛ ɔhwe bere nyinaa. Ampa, ɛtɔ da bi a ɔhwe ho hia. Nanso Bible mu no, nteɛso yɛ nea ɔyɛn ne ntetee ka ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mmebusɛm 8:33 no Bible se: “Muntie nteɛso na munhu nyansa, na monntew atua.” Ɛho nhia sɛ wɔde abaa di nteɛso ho dwuma bere nyinaa. Abofra no a wɔne no bɛkasa, ne no asusuw Bible mu afotu ho no taa yɛ nea edi dwuma kɛse mpo.—Deuteronomium 6:6, 7.
Nanso, abofra hia nea ɛsen ahyɛde ne mmara horow. Ohia akwankyerɛ ne atirimpɔw wɔ n’asetra mu. Na bere a awofo de Bible mu nimdeɛ ne ɛho anisɔ hyɛ abofra no mu no nkutoo na onya eyi. Bere a wɔde Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a ɛfa abrabɔ ho akyerɛkyerɛ no no, otumi twe ne ho fi mfiri ahorow a etumi yi mmofra afoforo no ho. (Mmebusɛm 2:10-13) Sɛ́ anka n’adwene mu bɛyɛ no nãa wɔ ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so no ho no, “nteɛso nkaanim” no ma ohu “nkwa kwan” a obetumi adi akyi.—Mmebusɛm 6:23.
Enti, sɛ nteɛso abaa no a “wobubu mu”—wɔmfa nni dwuma—no rema wo mmofra no asɛe a, bɔ mmɔden sɛ wode nteɛso a egyina Bible so bedi dwuma. Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛkyerɛ wo ɔkwan a wubetumi afa so ayɛ eyi.
[Box on page 13]
“Na mmara nsɛm no yɛ ɔkanea, na kyerɛ no yɛ hann, no nteɛso nkaanim yɛ nkwa kwan.”—Mmebusɛm 6:23.
[Kratafa 13 mfoni]
Mpɛn pii no afotu a egyina Bible so tu mpɔn sen abaa