Nuklea Ɔsɛe—Ɛyɛ Hu Paara Dɛn?
I WANT TO GROW UP, NOT BLOW UP
EYINOM ne nsɛm a ɛyɛ awerɛhow na ɛkanyan adwene a obi a wonnim no akyerɛw agu ɔfasu bi ho wɔ Frankfurt kurom, wɔ Germany. So wununu saa aberante—anaa ababaa yi—sɛ ɔte nka saa?
Ebia ɛnte saa, titiriw no sɛ woka nnipa ɔpepepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa a ehu a aka wɔn no sen atomik akodi ho hu—ɛwom mpo sɛ eyi betumi ayɛ hu de—no ho a. Sɛnea wohu no no, ɛyɛ wiase nyinaa nuklea akodi a ɛyɛ hu a ɛbɛsɛe adesamma nyinaa. Ɛbɛma asase ada hɔ a obiara nte so.
Asɛm a wɔtaa de di dwuma de ka nuklea ɔsɛe a ɛte sɛɛ ho asɛm, titiriw wɔ aman a wɔka Engiresi kasa no mu yɛ asɛm bi a wɔafa afi Bible mu. Ɛno ne “Harmagedon.” Sɛ nhwɛso no, wɔ 1961 mu no, obi a na anka ɔyɛ Amerika ɔmampanyin a wɔfrɛ no Eisenhower kae sɛ nuklea akodi ho hu a ɛrekɔ so no ma Chicago bɛyɛ nea “simma aduasa na ɛda ɛne Harmagedon ntam.” Na wɔ 1970 mfe no mfiase mu hɔ no, Henry Kissinger a na anka ɔyɛ Amerika ɔman kyerɛwfo panyin no kyerɛwee sɛ: “Amanyɛfo a wɔtraa ase wɔ mmere horow a atwam no mu no mu biara nni hɔ a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe wɔ tebea a wonnim koraa mu wɔ Harmagedon ahye so saa.”
Nanso mprempren yɛahyɛn 1980 mfe no mu. Mfe pii a wɔde asusuw nsɛm ho wɔ amammui kwan so, ayɛ nhyehyɛe ahorow no yɛ nea entumi mmaa nuklea ɔtopae a ɛte sɛ nea ɛno so na wiase no te bɛyɛ mfirihyia aduanan ni no ano mmrɛɛ ase. Ɛmfa ho sɛ wɔn manfo kɔ so ara ka no denneennen sɛ wonnyae nuklea akode yɛ no, aman a wɔwɔ tumi kɛse no kɔ so ara boaboa nuklea akode ahorow ano.
Ehu no Mu Kɔ So Ara Yɛ Den
Ɔrekyerɛ ade foforo nti a nuklea ɔsɛe ho hu no mu kɔ so ara yɛ den no, nyansahufo Joseph Weizenbaum a ɔwɔ Massachusetts Institute of Technology no kae sɛ: “Asiane no abɛyɛ kɛse, efisɛ mprempren, aman afoforo pii wɔ atomik akode ahorow.” Esiane sɛ akyinnye biara nni ho sɛ wɔn dodow no bɛkɔ so ara ayɛ kɛse nti, daakye ho anidaso no yɛ nea asɛm wɔ ho. Weizenbaum bɔ kɔkɔ sɛ: “Ɛyɛ nea ebetumi aba sɛ mfirihyia aduonu a edi hɔ no rento yɛn. Yɛde ahoɔhare kɛse rebɛn ebun no ano. Na misuro sɛ obiara nni hɔ a ɔbɛma yɛagyae. Ebia yɛayera dedaw a anidaso biara nni mu.”
Nanso, nnɛyi mfiridwuma ho nimdeɛ akɔ so ara ayeyɛ nneɛma ahorow a ɛkyerɛ bɛmma kwan. Wɔayeyɛ bɛmma ahorow a etumi du akyiri mpo dedaw a etumi kɔ akwansin mpempem pii na ɛbɛn faako a wɔpɛ sɛ ɛkɔ no ho bɛyɛ 180 meters (197 yd) . Ɛte sɛ bɔɔl a wɔtow kɔ akwansin biako—sɛ obi betumi atow ma adu akyiri saa a—na ɛfom nantwi ani wɔ hɔ bɛyɛ nea ennu nsateakwaa biako!
Woyɛ W’ade Dɛn Wɔ Ho?
Ebia worebɔ mmɔden sɛ wubesiw nuklea asɛe ano. Ampa, ebia wonyɛ ɔmansɛmdifo anaa akode a wobegyae yɛ ho nhyehyɛe yɛfo.
Nanso ɛdenam asomdwoe akuw horow anaa ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔde tia nuklea akodeyɛ a wode wo ho hyem so no, ebia wobɛte nka sɛ woreyɛ wo fam de. Nnipa mpem ɔhaha pii wɔ hɔ a wokura adwene a ɛte saa ara.
Wɔ ɔkwan foforo so no, ebia worente nka kɛse sɛ ɛsɛ sɛ wode wo ho hyem. Ebia wobɛbɔ mmɔden sɛ wubebu w’ani agu ɛho hu no so, wubeyi afi wo adwene mu denam anigyede afoforo a wubedi akyi wɔ w’asetra mu no so. Wɔ ɔkwan bi so no worehwɛ kwan sɛ wubenya nea eye.
Anaasɛ so wususw sɛ nuklea akodi yɛ nea wɔrentumi nyɛ ho hwee? Sɛ saa a, ebia worehwehwɛ ɔkwan a wobɛfa so agye wo ho. Ebia woayɛ ɔkwan a wobɛfa so agye wo ho ho nhyehyɛe bi dedaw. Ebetumi aba sɛ wode wo ho akɔbɔ akuw a wɔhwehwɛ ɔkwan a wɔbɛfa so agye wɔn ho bi—kuw a wɔatetew pii nnansa yi wɔ wiase afanan nyinaa no.
Sɛ́ obi hu ne ho wɔ akuw ahorow abiɛsa yi biako mu anaasɛ dabi no, yɛn mu biara nni hɔ a obetumi agye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nuklea akodi ho hu no yɛ paara no ho kyim. Sɛ́ yɛpɛ anaasɛ yɛmpɛ no, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho nsɛm pii a ɛkɔ akyiri yiye. So nea adesamma suro sen biara no yɛ nea ɛbɛba? So “Harmagedon” nuklea akodi yɛ nea wɔrentumi nyɛ ho hwee? So ɛyɛ nea wobekunkum yɛn mmofra a wɔreba no a wɔrennya kwan nyinyin?