Nyamesom Ahorow Pii—Dɛn Ntia?
YƐSEREW nnɛ wɔ Pueblo Indiafo osutɔ asaw horow no ase. . . . Nanso dɛn na yɛyɛ bere a yɛahaw no? . . . Wɔ mpɛn abien a m’ankasa asetra mu ɔhaw ahorow ma meyɛɛ basaa no mu no, meyɛɛ sɛnea saa Indiafo no yɛ no—mebɔɔ mpae hwehwɛɛ mmoa.” Saa na nyansapɛ mu ɔbenfo Huston Smith kyerɛwee wɔ ne nnianim asɛm wɔ nhoma a wɔfrɛ no Great Religions of the World no mu.
Ɛte sɛnea hia a ehia sɛ onipa nsa ka biribi a ɛkorɔn na ɛwɔ tumi bere a wahaw no yɛ ade titiriw wɔ amansan yi mu. Nnipa ho nsɛm mu nhwehwɛmufo ne abakɔsɛm akyerɛwfo ka kyerɛ yɛn sɛ efi mfiase no, onipa tee nka sɛ eyi ho hia bere a na ɔnte adebɔ mu tumi horow no ase, bere a na mmoa a wɔyɛ keka hunahuna wɔn na owu ne nea ɛba wɔ ɛno akyi ma wɔyɛɛ basaa no. Wokyerɛ sɛ eyi, a nneɛma a wonnim ho hu ka ho na ɛde nyamesom bae.
Sɛ nhwɛso no, ɛreka Shintosom mfitiase ho asɛm no, nhoma a wɔfrɛ no Religions in Japan no se: “Biribiara a ɛma wɔtee ehu nka wɔ wɔn mu no yɛ nea wobuu no sɛ wɔahyɛ da de tumi kronkron anaa tumi bi a wonnim ahyem; enti, adebɔ mu tumi horow, titiriw nnua, abo anaa mmepɔw a ɛyɛ hu, ne adebɔ mu nneɛma afoforo a wontumi nkyerɛkyerɛ mu no bɛyɛɛ nneɛma a wɔsom. Wofrɛɛ eyinom kami (onyame) .” Saa bere no ara mu na atosɛm, amanne ne abosomfi ne nneɛma afoforo a ɛtete saa fii ase. Eyi kɔɔ so fi awo ntoatoaso biako so kɔɔ foforo so. Na oyi na ɛma wonyaa Shintosom.
Sɛnea saa adwene yi kyerɛ no, Sumeriafo, Misrifo, Hindufo, Chinafo ne tete aman afoforo a na wɔn ani abue no nyinaa hwehwɛɛ akwan horow a wɔbɛfa so asom, wɔn ankasa nyamesom ahorow, wɔ ahofadi mu. Afei nnipa no asetra kwan nyaa eyi so tumi—wɔn aduan, wɔn amanne ahorow, ne mpo sɛnea faako a wɔte no wim tebea ne sɛnea asase a wɔte so no te. Nea ɛde bae ne nyamesom ahorow ahorow a yehu nnɛ no.
Wɔde Wɔn Ho anaasɛ Efi Beae Koro?
Nanso, nkyerɛkyerɛmu a ɛte sɛɛ ye kosi baabi. Ɛwom sɛ ɛkyerɛkyerɛ mpaapaemu ahorow pii a yehu wɔ nyamesom mu no mu de, nanso asemmisa titiriw bi da so ara wɔ hɔ a ɛmma ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, sɛ nyamesom ahorow ahorow no nyinaa bae a ebiara de ne ho fi foforo ho a, ɛnde ɔkwan bɛn so na yɛbɛkyerɛkyerɛ nsɛdi ahorow pii a ɛwɔ wɔn mu a wɔrentumi nka ara kwa sɛ efi ɔkwan a nnipa no faa so gye toom nti, no mu?
Fa nsɛm ne anansesɛm ahorow a ɛfa onipa mfiase ho no sɛ nhwɛso. Ɛwom sɛ emu nsɛm no sonosonoe de, nanso gye a wogye di sɛ wɔde fam dɔte na ɛyɛɛ onipa no yɛ nea atrɛw kɛse. Helafo anansesɛm biako ka sɛ Prometheus de dɔte nwenee onipa a odi kan no na Atene homee nkwa guu ne mu. Peru Indiafo de asɛm alpa camasca (asase a nkwa wom) na ɛkaa onipa a odi kan no ho asɛm. North America Indiafo abusuakuw bi a wɔfrɛ wɔn Mandan no gye dii sɛ ‘Honhom Kɛse’ no de dɔte yɛɛ nnipa baanu na ɔde wɔn baa nkwa mu denam n’anom ahome so. Chinafo tete anansesɛm biako ka sɛ P’an-ku de dɔte ne yin ne yang mu nneɛma bi yɛɛ onipa; anansesɛm foforo ka Nu-kua a ɔyɛ anansesɛm mu nipa a ɔde dɔte a ɛte sɛ akokɔsrade yɛ mmarima ne mmea ho asɛm. Ɛho anansesɛm no dɔɔso pii a Afrika mmusuakuw ahorow mufo ne nnipa a wɔte Micronesia nsupɔw no so nso de ka ho.
Nea ɛyɛ nwonwa kɛse mpo ne wiase nyinaa anansesɛm ahorow a ɛfa tetefo a wɔyɛɛ bɔne a wɔsɛee wɔn wɔ nsuyiri bi mu ne nya a adesamma abusua no nyaa nkwa wɔ ɛno akyi anaasɛ wɔsan bae bio ho no. Nnipa ne mmusuakuw ahorow a wɔwɔ asase yi mmeae horow a ɛwɔ akyirikyiri no ka eyi ho asɛm wɔ akwan ahorow ahorow so.
Ɛhe Na Efi?
Obi a onnim Bible no yiye mpo behu ntɛm ara sɛ anansesɛm ahorow a ɛte sɛɛ ne kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu a ɛfa adebɔ ne Noa Nsuyiri ho no wɔ nsɛdi. Ebia wubebisa sɛ, nanso dɛn na Bible no ne Helafo, Amerikafo ne Peru Indiafo, Chinafo ne afoforo a wɔaka no nyinaa anansesɛm ahorow no wɔ yɛ? Ɛnyɛ sɛ na nyamesom ahorow yi yɛ nea egyina Bible so. Mmom no, Bible no kyerɛ nea ɛyɛe a nyamesom ahorow pii no bae wɔ ɔkwan a ɛkyerɛ nea enti a wɔn mu apaapae ne nsɛdi ahorow a ɛwɔ wɔn mu no mu so.
Wɔ ne nhoma The Outline of History no mu no, H. G. Wells kyerɛwee sɛ: “Baabiara a tete anibuei de ne nan sii wɔ Afrika, Europa, anaasɛ Asia atɔe fam no, wonyaa asɔrefi wɔ hɔ, na faako a anibuei no akyɛ kɛse wɔ Misraim ne Sumer no, ɛhɔ na asɔrefi no da adi kɛse. . . . Anibuei mfiase ne asɔrefi ahorow a ɛbae fii ase bere koro mu wɔ abakɔsɛm mu. Nneɛma abien no yɛ ade koro.”
Nea Bible mu nhoma a wɔfrɛ no Genesis no ka kyerɛ yɛn ni: “Ná asase sofo yɛ ɔnokoro kasa ɔkasa koro. Na ɛbae sɛ wotuu kwan faa apuei no, wohuu asasetaw bi wɔ Sinear asase so, na wɔtraa hɔ.” (Genesis 11:1, 2) Sinear wɔ Mesopotamia, baabi a wɔkyerɛ sɛ anibuei fii ase no.
Kyerɛwtohɔ no kɔ so ka sɛ bere a nnipa no kɔtraa Sinear asasetaw no so no, wɔkaa wɔn ho boom maa ɔdansi adwuma bi: “Momma yɛnkyekye kurow, na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani.”—Genesis 11:4.
Kurow bɛn na na wɔrekyekye na aban bɛn nso na na wɔreto? Kurow no a na wɔfrɛ no Babel, anaa Babilon no yɛ nyamesom kurow titiriw. Wɔahu asɔrefi ahorow a ne dodow bɛyɛ 53 wɔ n’amamfo so. Nea na wɔsom wɔ hɔ ne baasakoro nyame ahorow, afei gye a wogye di sɛ onipa kra no nwu da, gye a wogye di sɛ asase ase wiase bi, anaa hell, wɔ hɔ, ne nsoromma-mu-hwɛ. Abosonsom, ntafoayi, abayisɛm, ahonhonsɛmdi ne afoforo pii a ɛka ho no nyinaa bɛyɛɛ nea wɔde dii dwuma kɛse. Babel Abantenten a egyee dimmɔne no nyɛ nkaede anaa biribi a ɛte saa ara kwa; nneɛma afoforo a wotutui wɔ saa beae no kyerɛ sɛ ebia na ɛyɛ tenten a ɛwɔ nkyekyem ahorow ne afei nso asɔrefi wɔ n’atifi. Ná ɛyɛ nea ɛbɛkɔ soro na adi kurow no so.
Dɛn na ɛbaa ɔdansi adwuma no so? Bible kyerɛwtohɔ no se: “Enti na wɔfrɛɛ hɔ Babel, efisɛ ɛhɔ na [Yehowa] yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa, na efi hɔ na [Yehowa] bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani.”—Genesis 11:9.
Bere a wɔne wɔn ho wɔn ho ntumi nni nkitaho bio no, adansifo no gyaw wɔn adwuma no hɔ na wofii ase de wɔn anim kyerɛɛ mmeae ahorow ahorow. Baabiara a wɔkɔe no, wɔde wɔn nyamesom mu gyidi horow, adwene ne anansesɛm ahorow no kaa ho kɔe. Nneɛma ahorow a ɛkɔɔ so wɔ mmeae ahorow wɔ mfirihyia mpempem mu no na ɛde mpaapaemu ahorow pii a ɛyɛ aniani de a yehu wɔ wiase nyamesom ahorow mu no aba. Nanso wɔ ɛno ase na nsɛdi ahorow a mfomso biara nni ho wɔ a ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ efi beae koro na ɛbae—Babel, anaa Babilon.
Ɔreka atoro som fibea koro yi ho asɛm no, Colonel J. Garnier kae wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no The Worship of the Dead no mu sɛ: “Ɛnyɛ Misrifo, Kaldeafo, Foenikefo, Helafo ne Romafo nko, na mmom Hindufo, Buddhafo a wɔwɔ China ne Tibet, Gothfo, Anglo-Saxonfo, Druidfo, Mexicofo ne Perufo, nnipa a wofi Australia ankasa ne mpo nnipa a wɔn ani mmuei a wɔwɔ South Sea Islands no so no nso yɛ nea ebia wonyaa wɔn nyamesom mu gyidi horow no fii beae koro. Wohu nsɛdi ahorow a ɛyɛ nwonwa wɔ baabiara, wɔ amanne, guasodeyɛ, amammrɛ, atetesɛm, ne wɔ din horow ne sɛnea ɛfa wɔn anyame ne anyamewaa ahorow no ho no mu.”
Nea ɛyɛ asɛm a ɛwɔ atifi hɔ no nsɛmmoa ne asɛm yi a Joseph Campbell kae wɔ ne nhoma The Masks of God: Primitive Mythology no mu no: “Fam tutu a wɔde hwehwɛ tetefo nneɛma mu ne onipa kan asetra ho nsɛm wɔ mfirihyia aduonum a atwam no mu ama ada adi sɛ tete anibuei wɔ Tete Wiase no mu—Misraim, Mesopotamia, Kreta ne Hela, India ne China—yɛ nea wonya fii beae koro, na beae koro a wofi yi yɛ nea ɛdɔɔso a wɔde bɛkyerɛkyerɛ beae koro a wɔn atetesɛm ne amanne ahorow fi no mu.”
Nea Afi Mu Aba
Ɛnyɛ mpaapaemu kɛse yi ho asɛm nko na Bible no kae, na mmom ɛkaa nea ebefi mu aba nso ho asɛm too hɔ—si a wɔde Babilonfo atoro nyamesom wiase ahemman besi hɔ. Ɛde nsɛm a ano yɛ den na emu da hɔ ka ne ho asɛm sɛ “aguaman kɛse a ɔte nsu pii no so. . . . na wiase ahene ne no abɔ aguaman . . . Na wɔakyerɛw din bi ne momaso sɛ: Ahintasɛm. Babilon Kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.” (Adiyisɛm 17:1, 2, 5) Ɛnyɛ nnipadɔm no nko na ɔwɔ wɔn so tumi kɛse, na mmom amammui, sraadi ne aguadi nhyehyɛe horow a ɛwɔ asase so no nso.
Dɛn na afi di a Babilon Kɛse no adi amanaman ne nkurɔfo so bere tenten no mu aba? Wɔ ne nyamesom ahorow pii no nkɛntɛnso ase no, aba bɛn na asow? Yebesusuw eyi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.
[Asase mfoni a ɛwɔ kratafa 5]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ no nyinaa a, hwɛ nhoma no mu)
Babilon na nyamesom mu adwene ne anansesɛm ahorow no fi trɛw kɔɔ wiase afã horow nyinaa
ITALY
GREECE
BABYLON
EGYPT
INDIA