Nyamesom Ahorow Pii—Dɛn Na Ɛkyerɛ Ma Wo?
BERE a nyamesom ahorow pii no ne wɔn nkyerɛkyerɛ, amanne ne nneyɛe horow a ntease nnim, ne afoforo ho nitan ama woayɛ basaa no, nea nnipa pii yɛ ne sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi nyamesom nyinaa ho. Afoforo nni mu gyidi bio esiane asiane ahorow bi a ɛbaa wɔn so a na wɔte nka sɛ anka Onyankopɔn betumi asiw ano no nti. Bere a afoforo hu amanehunu ne nsisi ahorow a ɛrekɔ so wɔ nnipa mu wɔ wiase no, wɔka sɛ mfaso nni so sɛ wobegye biribiara adi. Na afoforo pii nso, bere a adannandi anya wɔn so nkɛntɛnso no, wɔdan bɛyɛ nnipa a wonnye Onyankopɔn nni ne wɔn a wonnim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ. So wuhu wo ho sɛ woka nnipa yi binom ho wɔ sɛnea wɔte nka wɔ nyamesom ho no?
So Gye a Wonnye Nni Ma Wonya Akomatɔyam?
Ɛwom sɛ nnɛ nnipa pii atwe wɔn ho afi nyamesom ho de, nanso so gye a wonnye nni no ma wonya akomatɔyam ne anigye? Ebia de a obi bɛde ne ho afi nneɛma ahorow a akyekyere wɔn wɔ wiase nyamesom ahorow mu ho no bɛma wanya ahotɔ kakra. Nanso, ɛnkyɛ na onii no aba abehu sɛ onipa wɔ honhom fam nneɛma a ɛsɛ sɛ odi ho dwuma. Ɔtaa bisa sɛ: ‘Ɛyɛɛ dɛn na yɛbaa ha? Dɛn nti na yɛwɔ ha? Dɛn na daakye de bɛba?’
Ɛno ne osuahu a Masao Fujimaki a na bere bi ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ no nyae, ɔkae sɛ: “Efi me mmofraase reba no na metaa susuw nkwa ne owu ho. Na owu yɛ asiane kɛse, adehwere ma me. Ɛmaa botae biara a ɛwɔ asetra mu yɛɛ te sɛ nea enkosi baabiara na mfaso nni so.”
Sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya biribi asi eyi ananmu no, nnipa a wɔapow nyamesom ahorow a wɔahyehyɛ anaasɛ gyidi wɔ ɔbɔadeɛ bi mu no taa nya anyame afoforo bi a wɔde si ananmu a nyamesom ho nkate wɔ wɔn mu. Nyansahu, amammuisɛm, nyansapɛ, ne mpo gye a wonnye Onyankopɔn nni ba bɛyɛ nyamesom a wokura mu denneennen.
Sɛ nhwɛso no, nyansahufo a wagye din a wɔfrɛ no Carl Sagan kae wɔ nsɛm bi a wobisabisaa no mu sɛ: “Sɛ wohwehwɛ nyansahu mu a, wubehu ade a ɛyɛ nwonwa, nhumu ne nneɛma a ɛyɛ fɛ kɛse a migye di sɛ ɛyɛ den kɛse sen nea nyamesom a wɔahyehyɛ no biara de bɛma.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Merenkasa ntia ka a wɔbɛka sɛ ahodwiriw wɔ adebɔ mu no ankasa yɛ nyamesom mu osuahu no.”
Nanso so ‘osuahu ahorow’ yi ma onipa nsa ka ne honhom mu ahiade horow no ankasa? Fujimaki a yɛfaa n’asɛm kae wɔ atifi hɔ no maa mmuae sɛ: “Mede me ho hyɛɛ anyinam ahoɔden ho adesua mu kɛse, ná mete nka sɛ mmara horow a edi anyinam ahoɔden dwumadi so no nkutoo ne ade a metumi de me ho ato so. Nanso na biribi da so ara tɔ sin wɔ m’asetra mu. Na ɛho hia sɛ mihu Onyankopɔn din ne n’atirimpɔw ma me.”
Saa ara na Alexander Solzhenitsyn a na ɔyɛ Rusiani nnomumfafo ne ɔkyerɛwfo a wagye din a na obu ne ho sɛ ɔyɛ Marxistni wɔ ne mmerantebere mu no pow gye a wonnye Onyankopɔn nni no, bere a ɔkae nnansa yi wɔ akyɛde a wɔde ma ho ɔkasa bi mu sɛ: “Wɔretwe afeha a ɛto so 20 yi mufo nyinaa akɔ gye a wonnye Onyankopɔn nni ne sɛe a wɔbɛsɛe wɔn ho mu. Gye sɛ yɛn bo a yebesi nkutoo na ɛbɛma yɛatumi aso Onyankopɔn nsa a yɛde ahomaso apia ato nkyɛn no mu . . . Biribiara nni hɔ a yebetumi aso mu wɔ asehwe no mu.” Eyi nkyerɛ sɛ gye a wonnye nni ne ano aduru, so ɛnte saa?
Ɔkwan no a Wubehu
So eyi kyerɛ sɛ nyamesom biara ye, bere dodow a ɛma wonya nea ɔkra no hwehwɛ no? Ɛnyɛ saa na ɛte, efisɛ sɛnea yɛahu no, ɛnyɛ nyamesom ahorow no nyinaa na ɛsow aba pa, sɛ ɛyɛ nea ɛda adi wɔ nnipa ani so sɛ wɔyɛ kronkron mpo a. Enti, afei ɔkwan bɛn so na obi bɛfa na wahu faako a akomatɔyam ankasa wɔ wɔ nyamesom ahorow pii no mu?
Bere a Abraham Lincoln rekyerɛkyerɛ nea enti a wamfa ne ho ammɔ nyamesom biara ho no, ɔkae sɛ: “Sɛ asɔre bi bɛkyerɛw agu n’afɔremuka so sɛ nneɛma a ɛma obi fata sɛ wogye no ba asɔre no mu nkutoo ne Agyenkwa no asɛm a wɔatwa no tiaa a ɛfa mmara no ne asɛmpa no ho sɛ, ‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Awurade wo Nyankopɔn; dɔ wo yɔnko sɛ wo ho’ no a—saa asɔre no na mede me koma ne me kra nyinaa bɛkɔ.”
Asɛm a Lincoln fa kae no yɛ nea Yesu Kristo na ɔkae na wohu wɔ Bible mu wɔ Luka 10:27. Ɛda ɔdɔ—ma Onyankopɔn ne wo yɔnko nipa—adi pefee sɛ nea ɛhyɛ nokware som agyirae. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo twe wɔn ho bere a wohu wɔn a wɔfrɛ wɔn ho Kristofo ne nyamesom afoforo mufo sɛ wɔko na wokunkum wɔn ho wɔn ho wɔ ɔko mu, anaa wodi abrabɔ bɔne kwan a ɛde ɔhaw brɛ wɔn ankasa ne afoforo no akyi na wɔhyɛ ho nkuran no.
Wɔ ɔkwan foforo so no, Yehowa Adansefo abɛyɛ wɔn a wonim wɔn yiye wɔ wiase nyinaa wɔ afeha yi mu sɛ nnipa a wɔmmfa wɔn ho nhyɛ aman ntam ntawntawdi ahorow no mu koraa. Wɔ Wiase Ko II mu no, wokunkum wɔn mu ɔhaha pii esiane pow a wɔpowee sɛ wobegyae wɔn Kristofo nnyinasosɛm ahorow mu nti. Wɔ aman binom so no, Adansefo nkumaa a wɔyɛ sukuufo mmarimaa nnɛ hu sɛ bere a wɔawie no ɛsɛ sɛ wɔkɔda afiase mfirihyia pii esiane pow a wɔpow sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ sraadi mu nti. Wɔ aman afoforo binom so, wɔ baabi a wobu nhomasua kɛse no sukuufo mmofra pene so sɛ wobegyae sukuu a wɔbɛkɔ adu akyiri saa sen sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ akodi mu ntetee ahorow mu. Dɛn ntia? Ɛnyɛ sɛ ebia wɔmpɛ nniso no asɛm anaasɛ wɔmpɛ sɛ wɔne afoforo bɛbɔ nti, na mmom ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne wɔn mfɛfo nnipa no ka wɔn na ɛmma wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho bɛhyɛ wiase no basabasayɛ kwan a wɔnam so no mu.
Na abrabɔ pa wɔ nsɛm ne nneyɛe mu nso ɛ? Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘So nnipa pa nni nyamesom ahorow no nyinaa mu?’ Yiw, nanso “papa” a ɛte sɛɛ betumi ayɛ nea ɛne Onyankopɔn ho dɔ nni hwee yɛ, na mpɛn pii ɛdan kɔ bɔneyɛ mu wɔ ahokyere bere mu. Yesu asɛm a yɛafa aka wɔ atifi hɔ no kyerɛ sɛ ɔdɔ ma wo yɔnko na ɛto ɔdɔ ma Onyankopɔn so abien. Ampa ɛsɛ sɛ yɔnko dɔ yɛ nea egyina ɔdɔ ma Onyankopɔn so, anaasɛ ɛno na ɛkanyan wo ma woyɛ saa.
Enti, mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛbɔ ɔbra pa akyi no, Yehowa Adansefo da saa ɔdɔ yi adi bere a wɔde wɔn bere ne ahoɔden kɔ afie afie na wɔne afoforo kyɛ biribi a ɛda nsow—anidaso a egyina Bible so a ɛne tra a wobɛtra ase daa wɔ ha wɔ asase so wɔ asomdwoe ne biakoyɛ wɔ nnipa ne Onyankopɔn ntam no.—Yesaia 45:18; Adiyisɛm 21:4.
Wubetumi Apaw Nea Wopɛ
Wɔ nsɛm ahorow yi mu no, yɛasusuw nneɛma ahorow pii ho a ɛfa wiase nyamesom ahorow no hɔ. Wɔ kwan biako so no, yɛahu sɛ ɛwom sɛ nyamesom ahorow pii wɔ hɔ nnɛ de, nanso wɔn nyinaa fi beae koro a ɛne Babilon atoro nyamesom no mu na enti wɔresow aba a edi huammɔ. Wɔ ɔkwan foforo so no, yɛahwehwɛ nneɛma afoforo a wɔde si ananmu a ɛne, gye a wonnye nni, nnim a wonnim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ ne gye a wonnye Onyankopɔn nni koraa no mu, na yɛahu sɛ eyinom, ne “nyamesom horow” a wɔde si ananmu no ntumi nni nnipa ahiade horow no ho dwuma.
Bere a wuhyia saa tebea yi wɔ wiase nyamesom mu no, dɛn na wobɛyɛ? So wobɛyɛ te sɛ onipa a wɔaka ne ho asɛm wɔ Dwom 10:4 a ‘ɔnhwehwɛ biribiara’ efisɛ “n’adwene nyinaa” ne sɛ “Onyankopɔn bi nni baabi” no anaa? Anaasɛ wobɛpɛ sɛ wugye nsa a Yehowa Adansefo reto afrɛ wo no so, na woahwehwɛ nokware Nyankopɔn no ne nyamesom a ɔpene so no?
Masao Fujimaki a na n’adwene mu ayɛ no naa wɔ gyidi wɔ nyansahu mu ne hia a ehia sɛ ohu Onyankopɔn ne atirimpɔw a ɛwɔ asetra mu ntam no paw nea ɔpɛ. Ɔkae sɛ: “Bere a Yehowa Adansefo ɔsɛmpatrɛwfo bi baa me pon ano no, mepenee so ntɛm ara sɛ me ne no bɛyɛ Bible adesua.” Bere a adesua no kɔɔ so no, ofii ase huu sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow no ne nokware a wobetumi de ho ato so bere a enya ne mmamu no. Ose, “Eyi nyaa tumi kɛse wɔ me so,” na eyi ma ɔkae sɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne bɔhyɛ ahorow yɛ nea wobetumi de ho ato so.
Ɛdenam fekuw a ɔne Yehowa Adansefo bɔe akyiri yi so no, ohui sɛ su koro no ara da adi wɔ wɔn mu, na osii gyinae sɛ ɔpɛ sɛ ɔyɛ wɔn mu biako. Wɔbɔɔ no asu bere a wasua ade bɛyɛ afe biako no akyi, na ɔbɛyɛɛ ɔpanyin wɔ asafo a ɔwom no mu akyiri yi.
Ohuu sɛnea tebea no te na ɔpaw nea eye. Ɛte sɛ nea Mose ka kyerɛɛ Israelfo no bere a wɔbɔɔ nsra wɔ Moab tataw so a wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔrebɛhyɛn Bɔhyɛ Asase no so no: “Mede nkwa ne owu, nhyira ne nnome masi mo anim; enti fa nkwa na wo ne w’asefo nya nkwa, na dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn na tie ne nne na bata ne ho.” (Deuteronomium 30:19, 20) Yiw, hokwan wɔ hɔ sɛ wopaw nea wopɛ. Dɛn na wobɛyɛ?
[Kratafa 13 mfoni]
Nokware som aba biako ne asomdwoe wɔ nnipa a wofi aman ne mmusua horow nyinaa mu ntam