Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 7/8 kr. 27-31
  • Sɛnea “Ahenni Biakoyɛ” Kã Wiase no Nyinaa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea “Ahenni Biakoyɛ” Kã Wiase no Nyinaa
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Telefon Nhyehyɛe Fi Nhyiam Nkurow Atitiriw Mu
  • Nkuranhyɛ Fi Asɛmpatrɛwfo a Wɔba Nsrahwɛ Hɔ
  • Nnipa Ahorow Ahorow a Wɔbɔɔ Wɔn Asu
  • Ahenni Biakoyɛ wɔ Apuei Fam ne Atɔe Fom
  • Wonyaa Nnipa Pii a Wɔde Wɔn Ho Bɛma Ayɛ Adwuma
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • Ɔsoro Asomdwoe wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu
    Nyan!—1987
  • “Yɛnka Kasa Koro De, Nanso Ɔdɔ Ama Yɛayɛ Biako”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 7/8 kr. 27-31

Sɛnea “Ahenni Biakoyɛ” Kã Wiase no Nyinaa

AHENNI BIAKOYƐ! Nea ɛne wiase tumi horow a emu apaapae no bɔ abira no, hwɛ biakoyɛ a Onyankopɔn de ama ho ɔyɛkyerɛ a ɛkɔɔ so wɔ Yehowa Adansefo 1983 ɔmantam nhyiam horow no ase! Eyi twee nnipakuw ahorow hyɛɛ aguabɔbea ne agumadibea ahorow mama wɔ United States ne Canada, wɔ Europa asasepɔn no so, wɔ Apuei Fam Nohɔ, wɔ Atlantic, Pacific ne Caribbean nsupɔw ahorow no so.

Na eyi nyɛ hyia a nnipa no rehyiam ara kwa de akyerɛ wɔn ahoɔden a wɔwɔ anaa de agye wɔn ani ara kwa. Na ɛyɛ nnipa a wogye di sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ Kristo ase nkutoo ne adesamma haw ahorow a ɛrekɔ so no ano aduru nhyiam horow. Wɔn nyinaa gye di sɛ Ahenni no a ayɛ adwuma fi afe 1914 no yɛ tumi a ano yɛ den ma biakoyɛ adeyɛ wɔ wɔn asetra mu.

Ɛredi eyi ho adanse no, News Tribune a wotintim wɔ Tacoma, Washington no bɔɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ hɔ a nnipa dodow a wɔbaa ase bɛyɛ 20,000 ho amanneɛ na ɛkae sɛ: “Adansefo no rehwɛ Awurade mpaebɔ no mmamu kwan mprempren ara sɛ: ‘W’ahenni mmra, wo pɛ nyɛ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ ɔsoro.’” Ɛrefa nhyiam no guamtrani asɛm aka no, atesɛm krataa no mu asɛm no kɔɔ so sɛ: “Onyankopɔn Ahenni no mu no, nniso no bɛyɛ nea nnipa nniso ahorow antumi anyɛ da no. . . . Wɔbɛma asase no nyinaa so atew na wɔama ayɛ sɛnea Onyankopɔn pɛe sɛ ɛyɛ bere nyinaa no.”

Wo faako a wɔkɔɔ nhyiam no biara no, na nhyiamfo no adwene ne sɛ wɔbɛbɔ Ahenni no ho dawuru kɛse. Wohu hia a ɛho hia sɛ wobehu sɛ Yehowa nkutoo na obetumi adi ɔhaw biara ho dwuma, na obedi ho dwuma nso na ɔde trenee nniso abrɛ nnipa nyinaa a wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne Hene Yesu Kristo a wasra no no ase no.

Bere a bɛhwɛadefo huu su pa ahorow a Adansefo no daa no adi no, ebinom nso kaa daakye a anigye wom ho anidaso a Adansefo no ka ho asɛm no ho asɛm. Sɛ nhwɛso no, bere a aka Adansefo no nokwaredi ne wɔn abrabɔ pa ho asɛm akyi no, Brescia, Italy, Stampa Sera sii nea edidi so yi so dua: “Nokware a ɛho hia titiriw a Adansefo no kyerɛkyerɛ . . . ne nea ɛka ‘sɛ ɛrenkyɛ bere tenten bi bɛba a Yehowa bedi hene, na asase yi bɛsan ayɛ Paradise bio ama yɛn nyinaa no. Treneefo renwu bio. Nhyɛso bɛba awiei, saa ara na ebedi awerɛhow ne amanehunu a ɛwɔ hɔ mprempren, ɔbonsam nneɛma bɔne horow no so nkonim.’” Nnipa a mprempren tebea bɔne no ama wɔn werɛ ahow nya anigye wɔ nsɛm a ɛte sɛɛ mu.

Telefon Nhyehyɛe Fi Nhyiam Nkurow Atitiriw Mu

“Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow no fã a ɛyɛ anigye a ɛhyɛ honhom a ɛne yɛ a yɛyɛ anuanom a yɛaka abom biako no mu den ne telefon nhyehyɛe a wɔyɛe na ɛma wotiee dwumadi no afã bi fii nhyiam nkurow atitiriw no mu no. Sɛ nhwɛso no, wɔ North Amerika no, wɔ dapɛn biara mu, efi June 16 kosi July 24 no, ɛsono nkurow ahorow a wofi so de akasa no mae wɔ telefon so. Sɛ nhwɛso no, July 8 ne 9 mu no, ɔkasa no fã bi a na wɔrema afi St. Louis, Missouri, yɛ nea atiefo a wɔwɔ Amerika nkurow afoforo 26 so, Canada nkurow 17 so, ne nkurow 3 wɔ Hawaii ne Hamilton a ɛwɔ Bermuda so tiei. Dodow a wɔbae saa dapɛn no mu wɔ nkurow 48 no mu a dɔm a na wɔwɔ St. Louis no ka ho no boro 400,000 koraa.

Sɛnea nhyiamfo no yɛɛ wɔn ade wɔ ho no yɛ anigye Nhyiamfo biako a na ɔwɔ England kae sɛ: “Mede aseda soronko ma mo . . . wɔ telefon nhyehyɛe a mode kaa nkurow ahorow a wɔreyɛ nhyiam wom no boom no ho. Minhu nsɛm a mɛka de ada m’anigye ne anisɔ wɔ eyi ho adi. Me babarima panyin ne ne yere ne wɔn mma baasa kɔɔ Dublin, Ireland nhyiam no. Enti bere a meretie ɔkasa horow no wɔ ha no, mitumi yɛ m’abusua no a wɔne afoforo a minim wɔn wɔ Ireland te ho a yɛn nyinaa retie dwumadi nhyehyɛe no ho mfonini wɔ m’adwene mu nso.” Obi a ɔkɔɔ nhyiam no bi wɔ Zurich, Switzerland, kyerɛwee sɛ: “Merekyerɛw de abɛda mo ase wɔ nhyiam a ɛyɛ anigye a minyaa hokwan baa bi no ho. Ɛkyerɛ pii ma me sɛ manya hokwan atie denam telefon so fi Germany. Mesan kɔɔ fie a na nkate ne nimdeɛ a ɛyɛ nwonwa a ɛne sɛ wiase nyinaa biakoyɛ wɔ hɔ wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu, ne sɛ merentumi nhu no saa wɔ baabiara no ahyɛ me ma.”

Nea ɛka nsɛm afoforo a wɔkae no ho ne nea edidi so yi: “Sɛ́ wɔbɛka yɛne anuanom mmarima ne mmea afoforo a wɔwɔ United States ne Canada abom denam telefon nhyehyɛe no so yɛ ade a ɛyɛ anigye ankasa, bere a yetie asɛm biara a woka no.” “M’ani sɔɔ telefon nhyehyɛe ɔkasa ahorow no nso. Na ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛka yɛn abom wɔ saa kwan yi so.”

Nkuranhyɛ Fi Asɛmpatrɛwfo a Wɔba Nsrahwɛ Hɔ

Wɔ nhyiam horow pii ase no nea ɛbɛkaa anigye no ho ne asɛmpatrɛwfo a wɔne wɔn hyiae wɔ hɔ a wɔn mu pii awie Ɔwɛn Aban Bible Gilead sukuu no a wɔkɔɔ nsase a wofi so no so na wɔne abusuafo ne nnamfo konyaa nhyiam no mu anigye no. Pii nyaa hokwan ne wɔn mmusuafo ne nnamfo san hyiaam bio. Osuahu ahorow a asomfo anokwafo yi ma fii asɛnka agua so no yɛ nea ɛkanyan afoforo, na ɛyɛɛ nhwɛso fɛfɛ maa mmerante ne mmabaa, na wɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔmfa bere nyinaa a wɔde som Ahenni biakoyɛ Nyankopɔn kɛse no nyɛ wɔn botae wɔ asetra mu.

The Honolulu Star-Bulletin bɔɔ amanneɛ sɛ asɛmpatrɛwfo baakron a sɛ wɔka bom a wɔde mfirihyia 275 asom no kaa wɔn osuahu ahorow a efi Micronesia ne Apuei Fam Nohɔ no kyerɛe. Nsɛm a wɔte fii asɛmpatrɛwfo yi hɔ no nyaa nkɛntɛnso pa. Nhyiamfo biako kae sɛ: “Ná sɛ́ wubetie asɛmpatrɛwfo no osuahu ahorow no yɛ anigye. Na eyi yɛ nsiesie pa.” Onua foforo kyerɛwee sɛ nhyiam no fã a na ɛfa “hokwan a wubenya asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ amanɔnne ho no yɛ nkuranhyɛ ankasa . . . ’Sɛ nsuonwini yɛ ɔkra a atɔ piti no, sɛ asɛmpa a efi akyirikyiri asase so yɛ ne no.’ (Mmebusɛm 25:25) Na ɛno ara ne nea asɛmpatrɛwfo no ma yenyae wɔ nhyiam no dwumadi yi mu.”

Ɔkyerɛwfo foforo a ofi England, faako a asɛmpatrɛwfo 52 fi nsase horow 19 so bae no, kyerɛwee sɛ: “Migye di sɛ mimfii nhyiam bi ase mmae da a mete anigye nka na mede aseda kɛse ama sɛ meyɛ Yehowa nkurɔfo no mu biako saa da. Afoforo pii aka nsɛm a ɛte saa ara akyerɛ me. Abusua nsɛm ne ɔyare ma mifii dwumadi titiriw bi mu wɔ Ireland afe a etwaam no, na masi me bo mprempren sen bere biara sɛ mɛsan akɔ ntɛm ara sɛnea ebetumi, sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a. Nsɛm a mete fii asɛmpatrɛwfo no hɔ wɔ kokoam ne wɔ asɛnka agua so no hyɛɛ me nkuran ankasa wɔ ɛno mu. Enti meda mo ase bio wɔ nhyehyɛe a ɛmaa eyi nyinaa yɛɛ yiye no ho.”

Nnipa Ahorow Ahorow a Wɔbɔɔ Wɔn Asu

Nsɛm ho amanneɛbɔbea a ɛwɔ nkurow ahorow pii mu ani gyee Adansefo afoforo mpempem pii a wɔbɔɔ wɔn asu no ho yiye. Saa nnipa a na wɔrebɛbɔ wɔn asu wɔ nsu mu yi de bere pii siesiee wɔn ho na ama wɔafata ama adeyɛ yi. Wɔ Canada ne United States no, nnipa 12,059 de asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne. Wɔ bere a atwam no mu no, na wɔn mu pii yɛ wɔn a wɔde wɔn ho abɔ Katoleksom anaa Yudasom, anaasɛ Protestantfo akuw horow te sɛ Mormonfo, Baptisifo ne Church of Christ, anaa mpo Apuei Fam nyamesom ahorow no ho. Ɛdenam Bible no a wɔne Yehowa Adansefo suae so no, wɔaba abehu sɛ Yehowa Nyankopɔn nam Kristo, Oguanhwɛfo Pa, no so reboaboa nnipa ahorow nyinaa ano wɔ ahyehyɛde biako mu. Na wɔ saa “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam yi ase no, wɔde wɔn ho abɛbɔ amanaman ntam anuanom a wɔde wɔn ho hyɛ Kristo ase wɔ biribiara mu no ho.

Wɔ Italy no, nnipa 3,119 de wɔn ho ma maa asubɔ. Wɔn a na wɔka wɔn ho ne ebinom a na ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ wɔn akenkan ansa na wɔafata no. Na wɔn mu pii yɛ mmofra, bere a afoforo nso adi boro mfirihyia 90. Wɔn a na wɔka wɔn ho nso ne obi a na anka ɔyɛ ɔkorɔnfo, obi a na kan ɔyɛ kɔmunistni ne ɔbarima bi a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛsom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Brazil ama nyamesom ahyehyɛde foforo bi no.

Wɔ July ne August mu no, wɔyɛɛ “Ahenni Biakoyɛ” nhyiam ahorow wɔ Europa. Sɛ nhwɛso wɔ British Isles no, wɔkaa nhyiam kurow atitiriw a ɛne Edinburgh, London ne Sheffield bɔɔ afoforo a biako a wɔyɛe wɔ Dublin, Ireland no ka ho no ho denam telefon so. Nnipa a wɔn dodow bɛyɛ 127,000 tiee ɔkasa atitiriw ahorow no na bɛyɛ apem biako de wɔn ho ma maa nsu mu asubɔ.

Ahenni Biakoyɛ wɔ Apuei Fam ne Atɔe Fom

Na Paris ne nhyiam kurow titiriw ma nhyiam ahorow pii a wɔyɛe wɔ France no, na wɔnam telefon so kaa atiefo a wɔka Franse kasa wɔ Brussels, Belgium, ne Geneva, Switzerland boom. Norway, Sweden, Denmark, Finland, Belgium ne Netherlands nso nyaa nhyiamfo mpempem pii a wɔn ani agye. Na Frankfurt ne Munich ne nhyiam nkurow atitiriw ma nhyiam horow a wɔyɛe wɔ West Germany ne afei Austria, Luxembourg ne Switzerland no. Madrid ne Valencia wɔ Spain, Rome ne Milan wɔ Italy, Lisbon wɔ Portugal, ne Athens wɔ Greece na na ɛyɛ nhyiam nkurow atitiriw a ɛhɔ na wofi kaa atiefo pii ne afoforo a wɔwɔ nsase ahorow so no boom.

Wɔ Poland no nkurow ahorow bi tumi yɛɛ da koro nhyiam a nhyiamfo afoforo fii nsase afoforo so wɔ Europa bae. Ɛwom sɛ na ɛsɛ sɛ wotwitwa dwumadi nhyehyɛe no so wɔ ɔkwan bi so de, nanso anuanom ani gyei sɛ wɔatumi ahyiam na wɔne wɔn ho wɔn ho atumi abɔ fekuw na afei nso wɔanya honhom fam aduan koro no ara a wɔde mae wɔ “Ahenni Biakoyɛ” ɔmantam Nhyiam horow no ase wɔ wiase nyinaa no bi.

Saa bere koro yi ara mu na wɔyɛɛ “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam no wɔ Japan. Wɔkaa atiefo akuw horow dunum a wɔwɔ nkurow ahorow so ne Tokyo boom denam telefon nhyehyɛe no so (anaa akyiri yi denam nsɛm a wɔakyere agu hama so) maa dwumadi afã atitiriw no. Wɔ adapɛn a edidi so no mu no nhyiamfo hyiaam wɔ South Korea (wɔde telefon nhyehyɛe dii dwuma) , Hong Kong, Taiwan ne Philippines. Wɔ mmeae horow yi nyinaa no. dwumadi nhyehyɛe koro no ara a na wɔatie wɔ Europa ne Amerika no yɛ nea nhyiamfo no ani gyee ho. Ɛhɔ nso, wɔn a wɔfata pii de wɔn ho ma maa asubɔ de yɛɛ wɔn ahosohyira ma Yehowa, Onyankopɔn a ɔma Ahenni biakoyɛ yɛ yiye no ho sɛnkyerɛnne.

Wonyaa Nnipa Pii a Wɔde Wɔn Ho Bɛma Ayɛ Adwuma

Na ɛyɛ anigye sɛ wobehu ɔpɛ a na pii wɔ sɛ wɔbɛboa wɔ dwumadibea ahorow a na ɛwɔ nhyiam no ase a wɔayɛ a wɔde di nhyiamfo ahiade ho dwuma no mu. Wɔ nhyiam biako ase no, mpanyimfo kuw bi a wɔn mfe akɔ anim pɛe sɛ wobenya kyɛfa wɔ beae a wɔyɛɛ nhyiam no a wobesiesie hɔ bere a nhyiam no aba awiei no. Na ɛno ye. Wɔde hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmprapra abansoro dan a ɛwɔ ase no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɛho renhia sɛ wodi akɔneaba wɔ antweri no so. Italiafo atesɛm krataa a wɔfrɛ no Il Resto del Carlino a wotintim wɔ Bologna, August 14, 1983 de no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Obi ho dwiriw no wɔ bere a nhyiam no kɔɔ so no nyinaa mu esiane nneɛma ho nhyehyɛe a akuw kakraa bi a wɔde wɔn ho ama ma ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ no nti. Sɛ nhwɛso no, asɛm bi a esii ni: Na bere nyinaa agumadibea hɔ ayɛ fi a wɔakyerɛkyerɛw afasu no ho. Sɛnea ɛbɛyɛ a eyi befi hɔ no, anokwafo no kuw bi san de aduru kaa afasu no nyina ho a faako a ɛhɔ ayɛ fĩ no ka ho a ne nyinaa ahyehyɛde no na etuaa ka.”

Ɛreka sɛnea agumadibea a wɔyɛɛ Rome nhyiam no wɔ hɔ atew ho asɛm no, August 14, 1983, il Giornale no kae sɛ: “Wunhu sɛ wɔatotow nkankyee ne nneɛma fi a sigaret nnaka mpo ka ho agugu hɔ; adansefo no nnom sigaret.”

Yɛn nsa kaa nkrataa pii a efi aguabɔbea ahorow a yehyiaam wɔ hɔ no mpanyimfo nkyɛn a wɔde reda wɔn anisɔ adi. Ɔde yɛn nhyiam no retoto TV so ɔsɛnkafo bi a wagye din yiye nhyiam ho no, odwumayɛni biako kae sɛ: “Wɔammɛyɛ nhyiam, wobedii agoru. Mo na mobɛyɛɛ nhyiam. Nea moyɛ no yɛ adesua ankasa.” Agumadibea kɛse bi sohwɛfo kyerɛwee sɛ: “Ayɛ yɛn anigye sɛ yɛmaa mo ne mo nhyiamfo no de yɛn nneɛma ahorow a ɛwɔ ha no dii dwuma. Wɔ nnipakuw ahorow, nketewa ne akɛse nyinaa a wɔabehyiam wɔ yɛn agumadibea ha no mu no, mo kuw no ayɛ kuw a wɔn ho tew, wɔyɛ wɔn ade pɛpɛɛpɛ na wodi boa nhyehyɛe a ɛwɔ ha no sen kuw biara a yɛne wɔn abɔ pɛn. Su a kuw no ayi adi no yɛ adesuade a ɛyɛ anigye ma yɛn nyinaa. Efi bere a edi kan a mobaa yɛn nkyɛn kosi bere a moawie a moasiesie ha no, mo kuw no akɔ so ama yɛn nyinaa ho adwiriw yɛn.”

Yehowa asomfo a wɔde bere pii asom no mu pii kyerɛe sɛ yɛn nhyiam yi yɛ nea ɛsen biara a wɔakɔ pɛn. Nhyiamfo biako kyerɛwee sɛ: “Makɔ ɔmantam nhyiam ahorow bɛyɛ mfirihyia 15 ni, nanso emu biara nni hɔ a ne nhyira horow no sen eyi.” Nhyiamfo biako a ofi Manchester, England, kae sɛ: “Yɛatra nokware no mu mfe pii​—ne nyinaa yɛ 61​—na yɛanya anigye wɔ hokwan ahorow pii mu, nanso mprempren a ɔmantam nhyiam horow no aba awiei wɔ afe yi mu wɔ yɛn ha no, yɛpɛ sɛ yɛda mo ase na yɛkyerɛ anisɔ wɔ nhyira horow a yɛn nsa kae no nyinaa ho. Ná anka ɛnyɛ nea yɛbɛpɛ sɛ emu biara pa yɛn ti so.”

Yiw, “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam horow wɔ 1983 mu no dii adanse kɛse. Yehowa a ɔyɛ Nhyehyɛeyɛfo Kɛse no aboaboa nnipa ano afi aman ne kasa horow nyinaa mu na waka wɔn abom wɔ biakoyɛ a emu ntumi ntetew mu. Wɔn adansedi, wɔn nneyɛe, ne wɔn da biara da asetra di nokwasɛm no ho adanse sɛ wɔayɛ wɔn biako wɔ n’Ahenni no ase wɔ ne Hene, Yesu Kristo a wapaw no no nsam.

Ampa, na nhyiam no dwumadi nhyehyɛe no yɛ honhom mu apontow kɛse a ɛmaa nhyiamfo no nyaa akomatɔyam, ɛhyɛɛ wɔn nkuran na ɛkanyan wɔn nso. Ɛda adi sɛ nnipa a wɔte sɛɛ, sɛnea ɔsoro atirimpɔw no kyerɛ no, yɛ biako ampa a wɔsom de hyɛ Onyankopɔn anuonyam.​—Efesofo 4:3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 28]

“Biakoyɛ bi wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu a worenhu bi wɔ baabiara”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

“Wɔ nnipakuw ahorow, nketewa ne akɛse, a wɔabehyiam wɔ yɛn agumadibea ha no nyinaa mu no, mo kuw no ne wɔn a wɔn ho tew sen biara”

[Kratafa 27 mfoni]

Kyɛfo a asɛmpatrɛwfo nyae wɔ nhyiam dwumadi mu wɔ Frankfurt, Germany, F. R.

[Kratafa 29 mfoni]

Nnipa mpempem a wofi nyamesom ne mmusua ahorow mu de wɔn ho mae ma wɔbɔɔ wɔn asu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena