Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 9/8 kr. 15-18
  • Dɛn Na Ɛba Nea Wudi No So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Ɛba Nea Wudi No So?
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Ɔkɔm De Wo
  • Akwantu Fi Anom Kosi Didifuru Mu
  • Nea Nipadua no Twe ne ne Kyekyɛ
  • ‘Wɔyɛe Ma Ɛyɛ Nwonwa’
  • Ehon Nkwaadɔm a Ɛwɔ Wo Nsono Mu​—Ɛyɛ Wo Nipadua “Adwene a Ɛto So Mmienu” Anaa?
    Nyan!—2017
  • Nea Nsa A Ano Yɛ Den Yɛ Wo Nipadua
    Nyan!—1980
  • Wɔyɛe sɛ Ɛntra Hɔ Daa
    Nyan!—1995
Nyan!—1984
g84 9/8 kr. 15-18

Dɛn Na Ɛba Nea Wudi No So?

“ƆKƆM de me!” Sɛ nipadua no ka sɛ ɛpɛ biribi adi a, nnipa kakraa bi na wotumi twentwɛn wɔn nan ase kɛse wɔ ho.

Nanso so woasusuw nea ɛba aduan a wudi no so ho pɛn? (Wɔ sian a esian du wasen mu no akyi.) Yesu Kristo kae bere bi sɛ “ade biara a ɛkɔ anom no kɔ ɔyafunu mu na eyi gu duasee mu.” (Mateo 15:17) Nanso nea esi wɔ bere a akɔ ɔyafunu no mu ne bere a eyi gu duasee mu no ntam no ne nea enti a ɛba saa no fã kɛse no ara yɛ ahintasɛm​—ma nyansahufo mpo. Nanso, momma yɛnhwɛ sɛnea wɔde “ngo” gu onipa afiri no mu ho nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu yiye.

Nea Enti a Ɔkɔm De Wo

Asɛm a ɛne sɛ “nea wudi no ara ne wo” no yɛ nea wɔde adi dwuma ma aboro so nanso ɛyɛ nokware. Nneɛma nketenkete a wunya fi aduan a wudi ne nsu a wonom mu no na ɛka bom yɛ wo nipadua mu nkwa mmoawaa no. Bere nyinaa no wo nipadua no ma wɔn aduan, ɛyɛ nkwa mmoawaa foforo, ɛma wɔn ahoɔden anaasɛ ɛsɛe saa nkwa mmoawa no. Enti adidi wɔ atirimpɔw kɛse sen obi didifuru a ɔbɛhyɛ no ma ara kwa. Ɛnde ngo ne nneɛma a ehia ma, na wɔde asiesie wo nipadua no bere nyinaa. Yɛn Bɔfo no nam nyansa kwan so bɔɔ yɛn nipadua no ma etumi bɔ yɛn kɔkɔ ma yetumi hu bere a nipadua no hia aduan bio no.

Wɔn a wɔyɛ nhwehwɛmu no mu pii gye di sɛ amemene no fã bi a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ hypothalamus no​—na ɛkanyan ɔpɛ sɛ wobedidi no fã kɛse no ara​—na ɛnyɛ yafunu no. Nokwarem no, obi a hwee nni ne didifuru mu no betumi ahu nea Bible no frɛ no “ɔkɔm a ano yɛ hyew” amanehunu no bi​—yafunu a ayɛ ketewaa. (Kwadwom 5:10) Nanso eyi bi ntoo yɛn mu pii da. Ɛyɛ su anaasɛ adwene mu nkate na ɛka obi ma odidi. Ɛno nti na aduan a obi behu ne ne hua nka a ɔbɛte ara kwa ma ɔkɔm tumi fi ase de no no! Nea ɛka ho no, ɛte sɛ nea amemene no tumi hu glucose a ɛwɔ nipadua no mu no, na sɛ ɛyɛ nea ɛso atew a ɛbɛma woate nka sɛ ɔkɔm de wo. Ebinom mpo susuw sɛ amemene no ‘fã’ bi tumi di kan hu srade a wowɔ wɔ wo nipadua no mu. Ebia nneɛma ahorow bi a wɔyɛ ho “asomafo” bɛma amemene no ahu bere a srade a ɛwɔ mu no nnɔɔso sɛnea amemene no pɛ. Esiane eyi nti, wobɛte sɛ ɔkɔm de wo. Nea eye nso no, bere a woadidi sɛnea ɛsɛ no, amemene no bɛka akyerɛ wo. Nanso sɛ saa nhyehyɛe yi nni dwuma yiye a (sɛnea ɛte wɔ nnipa binom mu no a) , ebia obi bedidi atra so. Ebia eyi bɛyɛ nea ɛma nnipa pii yeyɛ akɛse tra so no mu biako.

Akwantu Fi Anom Kosi Didifuru Mu

Efi bere a Onyankopɔn maa onipa kwan sɛ onni “nhaban a ɛsow aba nyinaa a ɛwɔ asase nyinaa ani” no, onipa da so ara yɛ saa. (Genesis 1:23) Wɔ Noa nsuyiri no akyi no, onipa de ade foforo bi a ɛho hia kaa n’aduan ho nam. Nam ne nnuadewa de nneɛma pa te sɛ proteins, srade ne staakye ma nipadua no. Nanso, nea ɛhaw ne sɛ, wo nipadua no twetwe nneɛma nketenkete a efi aduan mu nkutoo, bere a aduan mu nneɛma te sɛ protein, srade ne staakye yɛ nea ɛdɔɔso ara yiye. Enti, yafunu no yam aduan no ansa na nipadua no atumi afa.

Efi bere a wubehu aduan bi a ɛyɛ dɛ, wobɛte ne hua anaasɛ wubesusu ho mpo no, na wo nipadua no asiesie ne ho sɛ ɛbɛyam aduan no. Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ akokɔ nam bi a wɔakyew no kama hyɛ brodo ntam da w’anim. Hu a wubehu ara kwa no bɛma wo kɔn adɔ sɛ wubedi, anaa ɛnte saa? Wɔ kokoam no wo yafunu fi ase puw nsu a ɛde bɛyam no. Afei di saa brodo yi bi na wubehu sɛ yafunu no befi ase ayam aduan no. W’anom ma aduan no yɛ hyew (anaasɛ ɛdwo) sɛnea ɛsɛ. Ɛnyɛ sɛ wosaw a wowosaw no ma wote aduan no dɛ nko na mmom ɛyam no ma ɛyɛ mmerɛw sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi amene nso. Ntasu kotoku no nso boa denam ntasu a ɛpuw gu aduan no so ma ɛyɛ mmerɛw no so. Anom nsu no di paano no ho dwuma na ɛma staakye a ɛwɔ mu no dan asikyire.

Efi w’anom no ɛsɛ sɛ w’aduan no tu kwan kɔ faako a edi hɔ a ɛsɛ sɛ egyina no​—wo didifuru no mu. Ɛhɔ na akokɔ nam no betumi ayam. Mene bi. Dwɛɛdwɛɛwa no ankasa ano siw sɛnea ɛbɛyɛ a aduan no bɛfa menewa no mu. Nanso, ɛtra hɔ bere tiaa bi. Wɔ anibu kakraa bi mu no, nipadua no mu nam no piapia no kɔ ɔyafunu no mu. Ɔkyerɛwfo biako ka sɛ, “apiapia yi ano yɛ den araa ma” sɛ wɔde nea odi aduan no ti kyerɛ fam mpo a ebepia no ma asian akɔ.” Afei kwan ketewa bi bue ma aduan no sian kɔ didifuru no mu na ɛmma kwan mma ɛnsan mma mmenewa no mu bio.

Obiara a wafe pɛn no nim sɛ nea ɛwɔ didifuru no mu ara ne nsu bi a ɛyɛ yerɛdɛdɛ. Enti aduan no yam wɔ nsu yerɛdɛdɛ a ɛwɔ didifuru no mu bɛyɛ nnɔnhwerew pii. Ɛhɔ na akokɔ nam no yam, ma ɛdan aduan mu nneɛma nketenkete a protein wɔ mu no.

Nea ɛyɛ awerɛhow no, nnipa binom nni nsu yerɛdɛdɛ a ɛwɔ didifuru no mu no pii. Esiane eyi nti, nneɛma a ɛyam aduan wɔ nipadua no mu no ho tɔ kyima kɛse. Ebia wobedi nnuan pa de, nanso wɔrenyɛ akɛse. Nea ɛne eyi bɔ abira no, ebinom wɔ didifuru no mu nsu a ɛdɔɔso sen nea wohia no, na ɛma wɔte yaw nka wɔ wɔn koko so anaasɛ ɛma kuru ba wɔn yafunu mu. Ɛsɛ sɛ obi hwɛ n’aduan a odi no yiye, na ɛnsɛ sɛ odi aduan a ɛbɛma no ayamkekaw. Afei nso, hwɛ yiye wɔ nea wo nkate horow no de bɛba no ho. Wɔ Hiob nna no mu no, Elihu yɛɛ basaa bere a ɔretwɛn ma bere a ɛsɛ sɛ ɔkasa no adu no. Ɔkae sɛ, “Hwɛ, me yam te sɛ nsa a wontuu ano, sɛ́ nsa kotoku foforo a ɛrepɛ apae.” (Hiob 32:19) Nanso, ebia ayamkekaw renhaw obi a ne “komam dwo.”​—Mmebusɛm 14:30.

Nea Nipadua no Twe ne ne Kyekyɛ

Bere a adi nnɔnhwerew pii wɔ didifuru no mu no, afei aduan no dan nsu a wɔfrɛ no borɔfo mu chyme. Saa nsu yi sian kɔ nsono no fã a edi kan no mu nkakrankakra. Ɛkɔ so yam wɔ hɔ.

Afei mmerɛbo no boa nsono ketewa no ma efinam aduan a efi didifuru mu gu mu no denam bɔnyoma mu nsu a ɛma egu so no so. Wo nipadua no nya saa nsu nkyenenkyene yi da biara da na ɛkora so wɔ wɔ bɔnyoma kotoku no mu. Wɔ bere a ɛho hia mu no, saa kotoku yi de bɔnyoma a ehia no ma ma wɔde twetwe srade a ɛwom no. Bere a ayɛ saa adwuma yi awie no, nipadua no mu nsu nya kwan yɛ n’anwonwade ahorow no. Afei wo brodo no a aka no dan aduan mu nneɛma nketenkete a aniwa ntumi nhu! Nanso ɔkwan bɛn so na aduan mu nneɛma nketenkete yi ba bɛyɛ wo nipadua no fã?

Ɛdenam twetwe a nipadua no twetwe so. Woahu, egye aduan a ayam no bɛyɛ nnɔnhwerew anan ansa na afi nsono ketewa no mu akɔ beae a edi hɔ wɔ n’akwantu no mu: nsono kahyire no mu. Wɔ saa mmere yi mu no, ehyia nneɛma nketenkete ɔpepem pii a ɛwɔ nsono ketewa no mu te sɛ mpopaho no. Saa ade a ɛte sɛ mpopaho yi na ɛtwetwe aduan no kɔ​—mogya nkwaadɔm no mu. Mogya nkwaadɔm no de aduan a wɔayam no kɔ “adwumayɛbea” a ɛyɛ nwonwa a ɛne mmerɛbo no mu. Ɛhɔ na wɔsan yam nneɛma nketenkete a efi aduan no mu no bio. Afei bere a wohia sɛ wɔyɛ nkwa mmoawaa a ɛwɔ nipadua no mu ho adwuma no, mmerɛbo no de saa aduan yi mu nneɛma yi di dwuma sɛ “nneɛma a ɛwɔ hɔ a wɔde siesie nea asɛe no”​—wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ amino acids ne proteins. Afei bio, ebetumi de glucose asie na akyiri yi ɛde ama wo nkwa mmoawaa no sɛ aduan. Mmerɛbo no nso yɛ akorae. Bere a ehia sɛ wodi nkwa mmoawaa no ho dwuma bio no, mmerɛbo no de nneɛma a wohia ma wɔde ayɛ nsiesie no bi ma.

Ɛnde, dɛn na ɛba aduan a nipadua no antumi antwetwe no so? Awiei koraa no nsu kɔ asaabo no mu ma ehwie gu fa dwonsɔtoa no mu. Nnikae no kɔ nsono kahyire no mu na efi adi fa trumu. Esiane sɛ bere a nsono kahyira no ayɛ ma no, etumi yɛ adwuma yiye (na adanse a ɛkyerɛ sɛ ɛde mfaso brɛ nipadua no nso wɔ hɔ) nti, nnuruyɛfo pii kamfo aduan a ntɛtɛwa wɔ mu a ɛbɛma wo yam ada hɔ kyerɛ.

‘Wɔyɛe Ma Ɛyɛ Nwonwa’

Saa adidi ne ɔnom nkwaadɔm ho nhwehwɛmu tiaa a yɛayɛ yi si nea odwontofo no paee mu kae no so dua sɛ: “Meda wo ase [Yehowa] sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Hwɛ sɛnea wɔayɛ yɛn ma ɛyɛ hu ne nwonwa! Ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn ama yɛn nipadua ne honam fam nneɛma a ɛbɛma yɛatumi atra ase nko, na mmom wama yɛn akwankyerɛ a yehia a ɛbɛma yɛatumi anya pii afi asetra mu nso!​—Yohane 17:3.

[Kratafa 17 mfoni]

Adesuafo, eyi ne dididfuru no

Na eyi ne berɛbo no,

Na eyinom ne nnema nketenkete a ɛte sɛ mpopaho a ɛwɔ nsono mu no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena