Hu A Ɔtopae No Yi
“Wɔ Urakami Bon no so na owusiw kumɔnn a ɛrema ne ho so afi faako a ɔtopae no paee no tui ntɛmntɛm fae. Te sɛ honhom bi a wɔagyae no afi afiase bere a wada hɔ mfe pii akyi no, wusiw a ɛkɔntɔnkɔntɔn no de n’ani kyerɛɛ wim. . . . Ade a ɛyɛ hu a etumi kum nnipa yi maa ne ho so de n’ani kyerɛɛ wimhyɛn a ɛretwa ne ho no. Ani danedanee.”—The Fall of Japan a William Craig kyerɛwee.
EYI ne nea esii wɔ Nagasaki August 9, 1945 anɔpa, bere a wɔtow atomik ɔtopae wɔ hɔ wɔ simma kakraa bi akyi mu no. Sɛnea egyigyei no yɛ hu kɛse. Nanso na biribiara asɛe wɔ faako a ɔtopae no paee no. “Nnipa ɔhaha pii deda mmorɔn so, mfuw mu ne mmeae ahorow a wɔapirapira na wɔreteɛteɛm repɛ nsu. Abɔde a wɔnsɛ nnipa nenam hɔ a wɔn ani so biri wɔn, wɔn were a awaawae akɛseakɛse sensɛn hɔ, a akonsin ahorow ayeyɛ tumm.” Nnipa mpem aduanan wui saa anɔpa no, sɛnea bɛyɛ mpem ɔha nso wui wɔ bɛyɛ nnansa ntam wɔ Hiroshima no.
Ɛwom, sɛ yɛde ɔtopae a wogyaw mu guu Hiroshima ne Nagasaki so no toto nea ɛwɔ hɔ nnɛ no ho a, na ennu ho baabiara de, nanso ɛnonom nkutoo ne nuklea ɔtopae a wɔagyaw mu agu mmarima, mmea ne mmofra so. Nanso nnipa bebree a wowui no abɛyɛ biribi a ɛyɛ hu a adesamma abusua no kae. Ehu yi kyerɛ nea ebetumi aba wiase nyinaa so bere a adesamma ko nuklea ɔko no wɔ ɔkwan ketewa bi so.
Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa koraa sɛ nnipa pii akɔ so akasa atia—wiase no nuklea akode akorae horow a ɛredɔɔso no—nanso ebesi nnɛ no, mfaso biara mmaa so ɛ. Ɛwom sɛ nnansa yi ara wɔanya aboafo afoforo a na wɔnhwɛ kwan sɛ wobenya wɔn—nnipa atitiriw ne ahyehyɛde ahorow a ɛwɔ Kristoman mu no.
Wɔ saa nyamesom akuw ahorow pii no fam no, eyi abɛyɛ adwene foforo a wɔanya. Wɔ 1950 mu no, The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛdenam n’atesɛm krataa titiriw, L’Osservatore Romano so no, Vatican hyɛɛ United States Aban no ne nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ sɛ wɔate nea enti a Ɔman Panyin Truman asi gyinae sɛ ɔbɛpene so ma wɔayɛ haidrogen ɔtopae a ɛsen biara no ase yiye.” Wɔ 1958 mu, sɛnea amanneɛbɔ bi a efi Denmark kyerɛ no, Protestantfo Wiase Asɔreasɔre Bagua no agyinatufo sii gyinae sɛ: “Kristoni betumi afi ahonim mu apene atomik akode ahorow a wɔde bedi dwuma wɔ ɔko a wɔko de bɔ wɔn ho ban mu no so.”
Nnipa binom a wɔyɛ akannifo mpo penee ɔtopae no so sen saa. Wɔ 1958 mu no ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Canterbury no kae mpo sɛ: “Nea minim nyinaa ne sɛ, ɛyɛ Onyankopɔn akwankyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ adesamma abusua no sɛe ne ho wɔ saa kwan yi so [denam nuklea ɔtopae ahorow so].” Na wɔ 1961 mu no, Engiresifo Daily Express bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛsɛ sɛ Britania de haidrogen ɔtopae no sie, Ɔsɔfo Panyin a ɔwɔ Wales . . . kae nnɛra. Ebetumi ama nnipa agye Kristo adi.”
Enti, hwɛ nwonwa a ɛyɛ sɛ wɔbɛte sɛ Protestantfo ne Katolek ahyehyɛde ahorow pii rekasa atia nuklea akode ahorow mprempren! Dɛn nti na wɔasakra wɔn adwene horow no? Dɛn na wɔreka mprempren? Na awiei koraa no so ɛbɛsakra asɛm no ankasa?