Me Ba Ayera!
Annette ka sɛ: “Midii kan huu krataa no—na ɛyɛ March 31, 1981—anɔpa bere a mekɔe sɛ merekɔnyan no ma wasiesie ne ho akɔ sukuu no. Ɛkenkan sɛ: ‘Merefi ha akɔ, efisɛ mempɛ sɛ metra ha bio. Ɛho nhia sɛ mitie obiara bio.’” Ɔde kaa ho sɛ, “Me werɛ remfi ɛno da, sɛ ɛyɛ bɛyɛ mfe 25 fi nnɛ mpo a.”
Wɔ Annette a wadi mfe 27 a ɔyɛ ɔbea warefo wɔ Massachusetts no fam no, na abofra a wayera ho hu rebefi ase. Ɔkae sɛ,”Ná minim sɛ ɛyɛ ne nsa ano nkyerɛwee. Metee nka sɛ na Taj akɔtɛw baabi, na obi reboa no. Ná obi nim ne haw a ɔrehyia no na ɔpɛ sɛ ɔboa no.” Nanso wɔ kasa a me ne abusuafo ne nnamfo a wɔwɔ mpɔtam hɔ kasae wɔ telefon so no nyinaa mu no, mante asɛm biara amfa faako a Taj a wadi mfe akron no wɔ ho.
Ankyɛ na ehu kaa no, bere a polisifo ne nnwuma afoforo fii ase sɛ wɔbɛhwehwɛ no no. Basaayɛ, abufuw, abasamtu ne awerɛhow dii akyi, na ɛyɛ nea akɔ so ara abesi nnɛ. Annette ka sɛ, “Ɛto ntwa da. Ɛnte sɛ owu a wubetumi agye atom esiane sɛnea ɛte no nti na wode w’ani ato biribi a eye kyɛn so so no. Mintumi nhu sɛnea meka ho asɛm efisɛ minnim nea meredi ho dwuma. Ɛyɛ abasamtu kɛse.”
Nea ɛyɛ abasamtu ma Annette nso ne nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔrentumi nka nkyerɛ ne babarima a wayera no sɛ tebea a ɛma oguanee—ne maame kunu a ɔbɛyɛɛ otirimmɔdenfo mpofirim ara na osiw no kwan sɛ ɔremma ɔne ne maame nkasa a na ɛno nti osuro sɛ wobekum no—no yɛ nea asakra koraa. Annette kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a wɔn a woguan fi fie no mu fã kɛse no ara yɛ saa esiane ahoyeraw nti na wɔsan ba fie behu sɛ nneɛma te saa ara no, Taj tebea no yɛ soronko koraa, efisɛ nea ɛma ɛbaa saa no asakra ankasa. Ɔremmehyia tebea koro no ara bio wɔ fie, na ɛnyɛ nea me kunu no ho hu bɛkɔ so ara aka no.”
Ɛwom, bɛyɛ mfe abiɛsa ni a Taj yerae de, nanso Annette da so ara hwehwɛ ne babarima a wayera no. “Mehwɛ mmarimaa nkumaa a wɔn ti nhwi ayɛ te sɛ akokɔsrade bere nyinaa,” ose, “bere nyinaa. Ɛmfa ho sɛ ɛhe na mewɔ —wɔ wimhyɛn gyinabea, wɔ nkurow afoforo mu, kurow a mete mu no mu—bere nyinaa mehwɛ wɔn na misusuw sɛ ebia sɛ ɔdan ne ho a ɛbɛyɛ Taj. Merennyae no hwehwɛ da.”
Ɛnyɛ Annette nkutoo. Wɔ afe biara mu no wɔka mmofra mpem dudu pii ho asɛm sɛ wɔayera afi fie a wonnhu wɔn bio da. Ebinom te sɛ Taj no, guan fi ofie tebea a ɛyɛ hu anaa ɛyɛ awerɛhow mu. Wowia afoforo anaasɛ wɔyera ara kwa. Dɛn na ɛto saa mmofra yinom? Dɛn nti na wɔyera?