Biakoyɛ A Onyankopɔn Pene So
YƐAHWEHWƐ mmɔden ahorow pii a wɔnam nyamesom so abɔ sɛ wɔbɛka nnipa abom no binom mu. Nanso Wiase Asɔreasɔre Bagua no mpo mu apaapae wɔ nsɛm pii mu, na entumi nka asɛm biako a emu da hɔ. Dɛn nti na mmɔden ahorow a ɛte sɛɛ a wɔbɔ sɛ wɔbɛyɛ biako no nyɛ yiye?
Nea edi kan no, esiane sɛ biakoyɛ ho mmɔden a wɔbɔ no gyina nkyerɛkyerɛ biako anaasɛ abien so anaasɛ ahyehyɛde ho nsɛm bi so nti, nea ɛtaa fi mu ba ne sɛ ankorankoro gyae wɔn gyidi ahorow no mu. Afei wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka kuw ahorow abom asen sɛ wɔbɛka ankorankoro abom mmom, na mpɛn pii mpaapaemu kɛse wɔ nnipa a wɔwɔ akuw ahorow no mu no mu mmom sen nea ɛwɔ akuw ahorow no mu no. Bio no, biako a wɔbɛyɛ wɔn nkyerɛkyerɛ biako anaasɛ abien mu no nka asɔre no mufo ɔpepem pii no mmom wɔ nsusuwii, ntease ahorow ne abrabɔ mu. Eyi nyɛ biakoyɛ a Onyankopɔn pene so.
Biakoyɛ Sɛnea Yesu Kristo Kyerɛkyerɛe
Bere a na Kristo Yesu wɔ asase so no, ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsɔre n’Agya “sɔre no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:23, 24) Eyi kyerɛ biakoyɛ a ɛkɔ akyiri sen akuw ahorow a wɔbɛka wɔn abom anaasɛ nkyerɛkyerɛ biako anaa abien a wobegye atom. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mene bobe no, mone abaa no. Nea ɔtra me mu na me nso metra no mu no, ɔno na ɔsow aba pii; . . . Motra me mu na me nsɛm tra mo mu. . . . Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtra me dɔ mu.” (Yohane 15:5, 7, 10) Yesu anka biakoyɛ a ɛyɛ aniani de ho asɛm, na mmom ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ ne nsɛm tra n’asuafo no mu, ne sɛ ɛsɛ sɛ wodi n’ahyɛde nyinaa so.
So Yesu anka sɛ ɛnsɛ sɛ n’asuafo yɛ wiase yi fã (Yohane 15:19) , sɛ ɛsɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho sɛnea ɔdɔɔ wɔn no (Yohane 13:34, 35) , sɛ ɛsɛ sɛ wɔkwati nsisi ne ɔbrasɛe (Mateo 5:28; Marko 7:21-23) , ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔhyɛn ɔpon teatea no mu na wɔkɔ so fa ɔkwan hihiaa no so na wɔanya nkwa (Mateo 7:13, 14) ? So obi a ɔyɛ ɔnokwafo bɛka no nokwarem sɛ saa Yesu nsɛm no reyɛ adwuma wɔ asɔre ahorow a wɔrehwehwɛ biakoyɛ no mufo kakraa bi mpo mu? Nanso, nea ɛsɛ sɛ wogyina so hu biakoyɛ a ɛwɔ nnipa mu no ne biako a wɔne Kristo Yesu bɛyɛ na wɔadi ne nsɛm so. Nanso obi bebisa sɛ, So biakoyɛ a ɛte sɛɛ betumi ayɛ yiye? Bible no bua sɛ yiw; na ɛte saa wɔ Kristofo asafo a ɛwɔ afeha a edi kan no mu.
Anadwo a etwa to ansa na ɔrewu no, Yesu bɔɔ ne soro Agya no mpae faa n’akyidifo no ho sɛ: “Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware. . . . Mesrɛ . . . sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.” (Yohane 17:17, 20-23) Tumi a Onyankopɔn Asɛm ne honhom kronkron no anya wɔ Yesu akyidifo so no kɔ so hyɛ saa biakoyɛ yi mu den.
Ná Kristofo a Wodi Kan Asafo no Yɛ Biako
Asomafo no nkyerɛkyerɛ ahorow no kaa Kristofo a wodi kan no boom. (Asomafo no Nnwuma 2:42) Na Yesu ahyɛ n’akyidifo sɛ wɔnyɛ nnipa a wofi amanaman no mu no asuafo, enti na wɔn biakoyɛ no bɛtra aman ne mmusua ahye ahorow. (Mateo 28:19, 20) Esiane eyi nti, na wobetumi aka wɔ Kristofo a wodii kan no ho sɛ: “Yudani anaa Helani nni hɔ, akoa anaa ɔdehye nni hɔ, ɔbarima anaa ɔbea nni hɔ bio; efisɛ mo nyinaa yɛ biako, Kristo Yesu mu.”—Galatifo 3:28.
Ná Kristofo a wodi kan no yɛ biako wɔ adwene a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn, ne din ne n’atirimpɔw ho no ho (Mateo 6:9, 10; Romafo 10:13; 1 Petro 3:10-12; 1 Yohane 4:8-10) , ne afei adwene a na wɔwɔ wɔ wiase a atwa wɔn ho ahyia no ho nso. (2 Korintofo 4:4; Yakobo 4:4; 1 Yohane 2:15-17; 5:19, 20) Na wɔne Petro kura adwene koro wɔ abrabɔ ho a ɛne sɛ: “Na mmom te sɛ nea ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no, mo nso monyɛ kronkron abrabɔ nyinaa mu.” (1 Petro 1:14-16; 2:12) Enti yebetumi ahu sɛ biakoyɛ a na ɛwɔ Kristofo asafo a ɛwɔ afeha a edi kan no mu no yɛ nea ɛkɔ akyiri. Wotuu saa Kristofo no fo sɛ ‘wɔnyɛ nokoro, na . . . wɔabom awie pɛyɛ adwenkoro ne nsusuwii koro mu.’—1 Korintofo 1:10.
Nanso, ebia ebinom begye akyinnye sɛ, saa bere no na Kristofo asafo no nyinii ɛ, afei na na afi ase foforo a esua. Na, ebia wɔbɛka sɛ, ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ bere a nnipa pii fi aman, mmusua ne nkurɔfo ahorow mu ba Kristosom mu no, mpaapaemu bɛba bere a bere rekɔ so no. Nanso Yesu bɔɔ mpae sɛ ɛsɛ sɛ saa ɔdɔ ne biakoyɛ a n’akyidifo yii adi no da no adi sɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no ne sɛ wɔyɛ n’asuafo. (Yohane 17:20, 21; 13:34, 35) Ntease mu no, ɛsɛ sɛ ɛba saa wɔ Yesu nokware asuafo a wɔwɔ awiei nna a yɛte mu nnɛ no fam. Biakoyɛ a ɛte sɛɛ wɔ nnipakuw bi a wɔn dodow rekɔ anim a wonim wɔn sɛ Yehowa Adansefo no mu ampa.
Kristofo Biakoyɛ Ankasa wɔ Yɛn Bere Yi Mu
Yehowa Adansefo a na anka wɔwɔ asɔre ahorow a emu apaapae no mu ne afoforo a na wɔnkɔ bi koraa abɛyɛ biako ampa esiane som a wɔsom Onyankopɔn denam Yesu Kristo so ne biakoyɛ tumi a Onyankopɔn Asɛm, Bible no wɔ wɔ wɔn asetra mu no nti.
Sɛ ɛba sɛ ebinom bu eyi sɛ ɛnyɛ nokware biakoyɛ na mmom ɛyɛ nyamesom kuw a awae a, ɛnde yɛka sɛ: Fa nokware hwɛ nneɛma a Yehowa Adansefo a wɔwɔ baabi a wote no yɛ no mu yiye. Wubehu sɛ nea wogye di yɛ biako, wɔwɔ adwene koro wɔ Onyankopɔn ho, wokura adwene koro wɔ abrabɔ ho ne adwene koro wɔ wiase a atwa wɔn ho ahyia no ho, te sɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wɔwɔ ɔman biara mu wɔ wiase no. Na wɔyɛ eyi a ɔman, abusua anaa nyamesom anaa amammui kuw a na kan wɔwom no mfa ho. Esiane sɛ wodi Yesu ahyɛde sɛ wɔnnyɛ wiase no fã akyi nti, wiase ntawntawdi nsɛee wɔn biakoyɛ no.
Wɔn de no yɛ ankorankoro biakoyɛ, na ɛnyɛ akuw ahorow a wɔaka wɔn abom ara kwa. Wɔn de no yɛ adwene ne abrabɔ mu biakoyɛ, biakoyɛ a ɛka wɔn asetra nyinaa. Ɛyɛ biakoyɛ a egyina hwehwɛ a wɔhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan so. (Mateo 6:33) Yehowa Adansefo bɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra.” (Mateo 6:9, 10) Wɔn fam de, eyi sen nsɛm a ntease nni mu ara kwa a wɔka. Saa nsɛm yi twe adwene si adesamma a wɔbɛka wɔn abom ho anidaso ankasa no so: Onyankopɔn ɔsoro Ahenni nniso no.
W’ankasa hwɛ eyi. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ wo ne Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no nni nkitaho na kɔ wɔn adesua. Bio no, wɔ ɔsram yi mu no, Yehowa Adansefo reyɛ ɔmantam nhyiam akɛse ahorow. Ɛdenam saa nhyiam horow yi mu biako a wobɛkɔ, ne asafo a ɛbɛn wo fie a wode wo ho bɛbɔ ho so no, wubetumi ahu na woanya biakoyɛ a Yehowa Adansefo anya no bi—biakoyɛ a Oyankopɔn pene so.
[Kratafa 11 mfoni]
Wɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow ase no, obi tumi hu biakoyɛ ankasa a ɛka nnipa ahorow nyinaa a Onyankopɔn Asɛm no akã wɔn bom