Wo Tamfo A Ɔsen Biara—Ɔne Hena
NOKWAREM no, obiara nni hɔ a onnye ntom sɛ mpɛn pii no onipa ne bɔne farebae. Nanso asɛm no ankasa ne sɛ, So onipa nkutoo betumi adi atirimɔdensɛm na wayɛ basabasa pii a yɛn awo ntoatoaso yi ahu no? Nnipa pii mpo pow sɛ wobɛhwehwɛ obi foforo wɔ onipa akyi sɛ ɔne bɔne farebae. Nanso so ɛsɛ sɛ wode nokware a eyi betumi ayɛ no to nkyɛn a wonhwehwɛ mu? Sɛ nhwɛso no, Ɔbonsam bi a wɔtaa ka ne ho asɛm sɛ ne dua yɛ tenten na ɔwɔ mmɛn na ɔhyɛ atade kɔkɔɔ a akyekyere ne ho papee no mfonini yɛ serew. Nanso nsɛmmɔnedi a ɛrekɔ so kɛse wɔ wiase nyinaa no nyɛ serew.
So eyi mma ɛnyɛ wo nwonwa sɛ onipa a ɔyɛ abɔde a otumi yi ɔdɔ ne ayamye kɛse adi no ne obi nso a ɔde ayayade a woyɛ nnipa wɔ nnade ban mu ne nuklea ɔtopae ahorow bae? Sɛ bɔne yɛ adwene mu ade anaa biribi a ɛwɔ asetra mu ara kwa a, dɛn nti na akɔ soro akodu baabi a eyi hu wɔ bere a onipa susuw sɛ onim n’ankasa ne nneɛma a atwa ne ho ahyia ho ade sen bere biara a aba pɛn no? Dɛn nti na ɛkame ayɛ sɛ aman horow nyinaa rebɔ nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim ho amanneɛ? Dɛn nti na nneɛma bɔne ahorow a na ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ho asɛm wɔ mmere horow a edi kan no mu no yɛ nea abu so wɔ saa afeha yi mu? Sɛ atirimɔdensɛm yɛ nea onipa nkutoo na ɔde ba a, dɛn nti na mmɔden kɛse a onipa abɔ sɛ obeyi afi hɔ no adi nkogu kɛse?
So ebetumi aba sɛ Romaniani agoru kyerɛwfo a wagye din a wɔfrɛ no Eugene Ionesco anni atoro bere a ɔkae sɛ: “Yɛrenhu nea abakɔsɛm bɛyɛ, sɛ adaemone ho asɛm nni mu a” no anaa?
Asɔfo No Kommyɛ a Ɛyɛ Nwonwa
Ɛwom sɛ asɛm a ɛne sɛ ebia “adaemone ho asɛm” wom anaa enni mu no yɛ nea ɛte sɛ nea asɔfo de mmuae a ɛsen biara ama de, nanso nea ɛyɛ nwonwa yiye no, asɔfo no mu apaapae te sɛ nyansahufo no ara pɛ. Bere bi Providence Journal-Bullentin bisaa asɔfo dodow bi a wɔwɔ mpɔtam hɔ asɛm yi a ɛne sɛ, So Satan wɔ hɔ ankasa? Ebinom kae sɛ wɔatu adaemone ankasa, na na ɛyɛ den ma afoforo a wogye dii sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ no sɛ ‘wɔbɛka ne ho asɛm sɛ onipa’ (‘mihu no yiye sɛ tumi bi a ɛne nea Onyankopɔn pɛ bɔ abira’) nanso afoforo nso kae sɛ Ɔbonsam nyɛ onipa (‘misusuw sɛ ɛnsɛ sɛ yɛka ne ho asɛm sɛ onipa’) .
Nanso, paapa Paul VI maa akyinnyegye a emu yɛ den sɔree wɔ nyamesom nkyerɛkyerɛ mu wɔ 1972 mu bere a ɔkae sɛ: “Yenim sɛ saa onipa [Ɔbonsam] yi a yentumi nhu no yiye a ɔhaw adwene yi wɔ hɔ ankasa na ɔda so ara de anifere kɛse di dwuma.” Asɔfo a wɔatew wɔn ho no suroe wɔ eyi ho. Asɔre no gyinaa nyamesom mu nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ asɛm no ho no akyi. Nea efii mu bae? Asɛm bi a wɔtoo din “Kristoni Gyidi ne Adaemonesɛm Ho Nkyerɛkyerɛ” a ɛsan penee Katolek Asɔre no gye a egye di sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ no so pefee. Nanso sɛnea Herbert Haag ka wɔ Journal of Ecumenical Studies mu no, asɔre no faa ɔkwan bi a wonhu no yiye na ɛyɛ soronko so wɔ saa asɛm yi tintim mu.’a Na nea ɛyɛ ahodwiriw wɔ twe a wɔtwe wɔn ho fi atetesɛm ho no, wɔammɔ nea ɔkyerɛw nhwehwɛmu yi ho asɛm no din. Haag de ba awiei sɛ: “Rome pawee sɛ ɛremmɔ nea ɔkyerɛwee no din, a nea ɛkyerɛ ara ne sɛ, ɛyɛ gye a wogye tom sɛ adwene mu naayɛ wɔ ho.”
So Yebetumi Abu Satan Sɛ “Ɔwɔ Hɔ Ankasa wɔ Anibere So”?
Ɛwom sɛ ɛkame ayɛ sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ ne wiase no nyinaa pow Vatican asɛm no de, nanso wɔ a Ɔbonsam wɔ hɔ no yɛ nea wontumi mpia nto nkyɛn. Nea ebefi mu aba no dɔɔso pii. Sɛ nhwɛso no, sɛ Ɔbonsam biara nni hɔ a ɔkwan bɛn so na wubetumi akyerɛ wɔ a Onyankopɔn bi a ɔwɔ ɔdɔ wɔ hɔ bere a bɔne da so wɔ hɔ no mu? Sɛnea Howard R. Burkle kyerɛw wɔ God, Suffering, and Believe nhoma no mu no: “Nanso nneɛma nyinaa a ɛma gyidi [wɔ Onyankopɔn mu] yɛ den ma nnɛɛmafo no mu nea ɛyɛ titiriw ne amane a adesamma hu no.” Enti pow a wɔpow sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ no yɛ ade biako a ebetumi ama worennye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.
Nokwasɛm foforo nso ne sɛ wogye di wɔ wiase nyinaa sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ. Sɛnea abakɔsɛm kyerɛwfo Jeffrey Burton Russell kyerɛ no, “yɛwɔ ɔbonsam ho nkyerɛkyerɛ a edi nsɛ ahorow wɔ amanne ahorow a ɛsonsonoe mu.” Tete Persiafo frɛɛ no Ahriman, Nkramofo frɛ no Iblĩs na Buddhafo frɛ no Marã. Nanso wɔ Atɔe-Fam wiase no mu de ebia wɔde edin Satan na enim no yiye. Wɔda so ara gye di sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ, ɛmfa ho sɛ nyansahu gye ho kyim na asɔfo nso nnye ntom.
Nanso nea ɛho hia titiriw ma Kristofo ne asemmisa a ɛne sɛ, So Bible no kyerɛkyerɛ sɛ Ɔbonsam wɔ hɔ? Nokwarem no, asɔfo a wɔatew wɔn ho bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛkyerɛ pue a Ɔbonsam ho asɛm pue wɔ Bible mu no mu sɛ ɛnyɛ nokware, na ebinom reka mpo sɛ Yesu Kristo annye anni sɛ ɔwɔ hɔ. Ɔrekyerɛw wɔ Scottish Journal of Theology mu no, Ɔbenfo Richard H. Hiers kyerɛ sɛ wɔn su ne sɛ: “Yennye nni sɛ Satan ne adaemone wɔ hɔ; na ɛyɛ ampa sɛ anka Yesu rentumi nnye nni saa ara!” Nanso bere a wahwehwɛ Nsɛmpa no kyerɛwtohɔ mu yiye akyi no, Hiers de baa awiei sɛ: “Biribiara nni hɔ a ɛsɛ sɛ ɛma yesusuw sɛ Yesu ammu adaemone wɔ ɔkwan a ne bere sofo ne asɛnkafo a wɔwɔ Nsɛmpa no mu no buu wɔn no: sɛ wɔwɔ hɔ ankasa ne anibere so.”
So ntease pa bi wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wubu Ɔbonsam sɛ, “ɔwɔ hɔ ankasa wɔ anibere so”? Dɛn pɔtee na Bible no ka fa ho?
[Ase hɔ nsɛm]
a Haag ka sɛ, Vatican nsɛmma nhoma titiriw L’Osservatore Romano no bi nkutoo mu na asɛm no pue.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
“Yɛrenhu nea abakɔsɛm bɛyɛ, sɛ adaemone ho asɛm no nni mu a”
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]
Mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛka Ɔbonsam ho asɛm sɛ bɔne a ɛwɔ onipa mu no nyɛ nea ɛdɔɔso
[Kratafa 6 mfoni]
So onipa nkutoo na wama eyinom nyinaa aba?