Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g84 11/8 kr. 24-27
  • Na Nitan Ahyɛ Me Koma Ma

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Na Nitan Ahyɛ Me Koma Ma
  • Nyan!—1984
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea a Nitan Wom
  • Mede Me Ho Hyɛɛ Asraafo Aboafo Dwumadi Ahorow Mu
  • Nyamesom Mu Ntetee
  • Nokware No Sua
  • Me Ho a Mede Fii Nitan Ho
  • Ɔtan Bɛba Awiei Da Bi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1995
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn A Wɔtan Wɔn!
    Nyan!—1984
  • Bere Bi Bɛba a Ɔtan Befi Hɔ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1984
g84 11/8 kr. 24-27

Na Nitan Ahyɛ Me Koma Ma

HWƐ sɛnea mekae eyi yiye! Na wɔagyaw ɔsraani kumaa no hɔ bere a kuw a ɔne wɔn nam no fii mpɔtam hɔ no. Na mmea a wɔabɔ kuw a wɔredi ne ho fɛw na wɔrehunahuna no atwa ne ho ahyia. Afei wɔbaee bagua no mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbarima bi a okura tuo no betumi afa wɔn ntam. Ɔtow tuo no na ofi hɔ kɔe ntɛm ara. Yiw, wakum ɔsraani kumaa no.

Esiane ɔtan kɛse a minya maa biribiara a ɛyɛ Britaniafo de nti, me werɛ anhow anaa me yam anhyehye me kɛse biara bere a wɔde aberante no too ade so rekɔ a ne nsa sensɛn hɔ no. Oyi ne ɔtamfo no. Na n’atade yɛ sɛnkyerɛnnede a egyina hɔ ma wɔn a misusuw sɛ wɔhyɛ me nkurɔfo so no. Ná ɔyɛ ɔsraani, na na yɛreko.

Saa asɛm yi sii mfe bi a atwam ni wɔ Belfast a nitan ama emu apaapae a ɛwɔ Northern Ireland no. Ma menka sɛnea nitan bɛhyɛɛ me mu​—ne ne ehia kɛse no, sɛnea misuae sɛ meyi afi me koma mu nkyerɛ wo.

Tebea a Nitan Wom

Bere a meyɛ abeawa no, ná m’abusuafo te beae bi wɔ Belfast a Protestantfo ne Katolek mmusua horow tumi tra ase yɛ adwuma bom wɔ asomdwoe mu. Nanso ɔhaw ahorow a nyamesom mu mpaapaemu de bae ano fii ase yɛɛ den bere a basabasayɛ ne awudi besii kasa a wɔkasa tiaa hokwan horow a ɔmanfo wɔ ananmu no. Mpɛn pii no, Protestantfo mmerante akuw ahorow taa me nuanom mmarima na wɔde abɔso (belt) a nnade wɔ ho hwee wɔn pasaa. Saa mmerante akuw ahorow yi yɛɛ basabasa wɔ kurow no fã a yɛte no, hunahunaa wɔn a wɔte hɔ no na wɔsɛee nneɛma. Wɔ ahunahuna pii a ɛkowiee ɔtopae a wɔde too yɛn mfɛnsere ano wɔ yɛn fie no akyi mu no, yetu fii saa beae no na yɛkɔtraa faako a wɔbɛfrɛɛ no Republikan Katolekfo ahiafo atrae no.

Na saa bere no yɛ bere a nyamesom mu mpaapaemu ma wokunkum nnipa wɔ atirimɔden kwan so, kum a wokum obi de si obi a wɔakum no dedaw ananmu. Sɛ nhwɛso no, wokum m’adamfo sukuuni kumaa bi nuabarima bere a ogyina kwankyɛn no. Saa basabasayɛ a ɛyɛ hu ne nyiyimu a metee nka sɛ woyi adi de tia Katolekfo wɔ adan hwehwɛ ne adwuma mu yi ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ biribiara a metumi de asakra nneɛma.

Mede Me Ho Hyɛɛ Asraafo Aboafo Dwumadi Ahorow Mu

Bere a mahu me nnamfonom sɛ wɔhyehyɛ ntade no mepɛe sɛ meyɛ te sɛ wɔn. Enti sɛ abeawa sukuuni no, mede me ho kɔbɔɔ Katolekfo asraafo aboafo ahyehyɛde no fã a ɛyɛ mmofra de no ho. Bere a mitiee nsɛm a ɛsɛe adwene no nyinaa no, minyaa wɔn a mihuu wɔn sɛ me nkurɔfo atamfo no ho tan wɔ me koma a enyinii no mu. Ɛdenam nhyiam horow a me ne afoforo a wɔwɔ nsusuwii horow a ɛte saa ara kɔe so no, ɔkwan a wɔnam so no ho nkate a ano yɛ den kanyan me​—ahofadi ma Irishfo! M’adwuma? Sɛ́ mɛhwɛ asraafo a wɔbɛsrasra hɔ no, menka nsɛm a ɛsɛe adwene na menhwehwɛ nnipa biara a ebia wobeyi adamfofa su adi akyerɛ asraafo dɔm no.

Akyiri yi wogyee me kɔɔ ahyehyɛde no fã a ɛyɛ mmea de no mu. Ɛhɔ na miyii ɔtan a manya ama biribiara a ɛyɛ Britaniafo de no kyerɛe kɛse. Me ne afoforo haw asraafo ne polisifo a wɔbɛsrasra hɔ, tetee ntasu guu asraafo no so, na mede me ho hyɛɛ ɔyɛkyerɛ ahorow a wɔyɛ de tiaa nniso no a wɔde boaa ɔkwan a Republikanfo nam so no mu. Ɛtɔ bere bi a me nso mikura akode ma mmarima a wɔwɔ yɛn kuw no mu bere a wɔde wɔn ho hyɛ atuo a wɔtotow anaa korɔnbɔ mu no. Bere a asraafo dɔm agyina yɛn no, sɛ́ abeawa no, ná ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mekwati hwehwɛ a wɔbɛhwehwɛ me ho ahwɛ sɛ ebia mikura akode no.

Mansusuw nneɛma ho ankasa da, mansusuw biribi ho ansen me botae a mewɔ sɛ mɛma Britaniafo afi Ireland no ho. Sɛnea na minim no, na nea meyɛ no teɛ na wɔn na wɔadi mfomso. Mankyerɛ mmɔborohunu biara amma wɔn a wodii wɔn nsɛmmɔne no. Yebuu yɛn ho sɛ nnipa a wɔreko ahwehwɛ ahofadi a wɔreko atia wɔn atamfo, na na nea yegye di titiriw ne sɛ ɔko ma basabasayɛ biara ba bɛyɛ nea ɛteɛ. Sɛ wɔadi nnipa bi a wɔn ho nni asɛm nsɛmmɔne esiane nitan nti a, ɛnde na ɛno nye koraa!

Ankyɛ biara na wɔkyeree me na wɔbɔɔ me sobo sɛ mebɔɔ mmɔden sɛ metow “obi nankroma mu tuo.” Na yɛn kuw no mufo baanu na ɛsɛ sɛ wopira no, wobebubu onii no nankroma denam emu tuo a wɔbɛtow so. Esiane abofra a meyɛ nti, awiei koraa no wogyaee me bere a wɔama maka m’anom asɛm agu afiri so no. Bere tiaa a midii wɔ Armagh afiase ansa na wodii m’asɛm no maa ɔtan a metan polisifo, afiase nhyehyɛe ne atemmu nhyehyɛe a mibuu wɔn sɛ wɔhyɛ nkurɔfo so no ano yɛɛ den.

Nyamesom Mu Ntetee

Me nyamesom mu ntetee no anyɛ biribi amfa ansiw nitan a na ɛrekɔ so wɔ me koma mu no ano. Nokwarem no, na nsonsonoe biara nna me nyamesom ne ɔmampɛ ntam. Bere a minyinii no, na mibu Protestantfo sɛ wɔn ho yɛ hu na wonye mma me ne m’abusua. Ɔtan a mewɔ no te sɛ wɔn a wɔyɛ katee a wɔwɔ ɔfã foforo no tan a wɔde tan Katolekfo no.

Manhu da sɛ abirabɔ bi wɔ Mass a obi kɔ ne Onyankopɔn a wɔbɔ no mpae sɛ Katolekni bere a woyi ɔtan a ano yɛ den adi kyerɛ Britaniani sraani a ebia ɔno nso yɛ Katolekni no mu. Sɛ ɛbae sɛ asɛm bi sɔree a ɛsɛ sɛ mepaw nyamesom anaa ɔmampɛ a anka mɛpaw ɔmampɛ. Enti na metumi agye me nnamfo no mu biako adwene a ɔwɔ sɛ ɔbɛtow ne yɔnko Katolekni tuo, sɛ ɔhyɛ Britaniafo asraafo atade a no atom.

Nokwarem no, asɔfo koma pafo binom kasa tiaa basabasayɛ. Nanso eyi anya nkɛntɛnso kɛse biara, esiane sɛ wɔntaa nyɛ wɔn a wodi nsɛmmɔne no hwee nti. Dɛn na abofra a ɛnkyɛ na biribi anya no so nkɛntɛnso besusuw, bere a asɔre no de nidi kɛse asie nsɛmmɔnedifo a wahu no? Da koro bi na meka ayiasefo a wɔkɔɔ ɔyɔnko bi a wawu ayi ase no ho. Wɔtotow atuo faa ne funu adaka a wɔde ntama adura ho no so. Mehyɛɛ m’atade kɔɔ asɔredan no mu na mekɔɔ Mass. Wɔ m’ani so no, na eyi yɛ asraafo ayi, na ɔsɔfo no ho a ɔde hyɛɛ mu no kyerɛe sɛ Onyankopɔn pene ɔkwan a yɛnam so no so.

Mante afobu biara nka wɔ biribiara a na meyɛ no ho. Nokwarem no, ɔsɔfo biara ni hɔ a ɔhyɛɛ da tuu me fo sɛ minnyae asraafo aboafo dwumadi ahorow no.

Nokware No Sua

Ɛde besi saa bere no na mede me ho ahyɛ ɔkwan a wɔnam so no mu koraa a na migye di pintinn sɛ ɛteɛ. Mihuu ɔfa biako no nsisi ahorow no bere a wɔdaadaa me ma migyee atirimɔdensɛm ne nsɛmmɔnedi ahorow ho amanneɛbɔ nyinaa dii na mibuu m’ani guu ɔfã a miwom no atirimɔdensɛm a ɛtra so wɔ ɔko no mu so no. Nanso, nyansa ne nneɛma pa ho adwen ma mihui sɛ biribi atõto kɛse.

Bere a merebɔ mmɔden sɛ mɛte ɔhaw a ɔmampɛ mu ntawntawdi de aba ne mmɔden a menam basabasayɛ so bɔe sɛ mesiesie nea atoto no ase no, me ne Yehowa Adansefo dii nkitaho. Efisɛ na wɔreka nneɛma a misusuw sɛ mereko ahwehwɛ no ho asɛm​—asomdwoe, atɛntrenee ne ahofadi! So na wɔyɛ Protestantfo wɔ ɔkwan foforo so? Dabi. Ɛmfa ho sɛ saa na na misusuw mfiase no, mihui sɛ wɔyɛ soronko koraa. Wɔtwe wɔn ho fi amammuisɛm ho ankasa na Bible no so na wɔdan kɔ bere nyinaa.

Sɛ nhwɛso no: Wɔ me ne wɔn nkɔmmɔbɔ no mfiase no, mibisaa ɔdansefo a ɔba m’abusua nkyɛn no nea osusuw wɔ Protestantfo nyamesom kannifo a mibu no sɛ ɔne tumi a ɛhyɛ nneɛma a wɔyɛ de tia Katolekfo ne Republikanfo no akyi no. Sɛ anka obegyina obiako afã, no, obisae sɛ: Dɛn na anka Yesu bɛyɛ wɔ saa tebea horow yi mu?Henanom afã na anka obegyina?”

Saa asemmisa a ɛne, “Dɛn na anka Yesu bɛyɛ?” no boaa me ma minyaa nsemmisa ahorow a ɛsɔree wɔ Bible no sua mu no ho mmuae. Sɛ nhwɛso no, na ɛsɛ sɛ misusuw nea anka Yesu bɛyɛ ho, bere a misusuw me ho a mede bɛhyɛ ɔkasatia a wɔnam basabasayɛ so de ba mu wɔ nea mihui sɛ ɛyɛ nsisi ahorow no mu no. Mfiase no na mete sɛ Yudafo ɔmampɛfo a wɔwɔ Yesu bere so a wɔpɛe sɛ wɔpam Romafo fi Yudea no. Nanso mihui sɛ anka Yesu remfa ne ho nhyɛ amansɛm mu sɛnea ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ no. Na n’ahenni nyɛ wiase yi fã.​—Yohane 15:19; 17:16; 18:36.

Ankyɛ biara na mihui sɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛnam Yesu Kristo so no wɔ atirimpɔw kɛse. ‘Ebeyi nniso horow a ɛde nhyɛso ba ne nsisi nyinaa afi hɔ. (Daniel 2:44) Susuw ho! Eyi bɛbam a wɔrensɛe wɔn a wɔn ho nni asɛm na metumi atra ase ahu!

Esiane sɛ na mempɛ sɛ wɔsɛe m’adwene bio nti, mekɔɔ so de me Katolek Bible no hwɛhwɛɛ nneɛma mu. Mihui sɛ Onyankopɔn din ne Yehowa na m’ani gyee n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛyɛ asase nyinaa Paradise a emu na ahobrɛasefo begye wɔn ani wɔ asomdwoe bebree mu. (Dwom 37:10, 11; Luka 23:43) Nanso so metumi de me ho ato Yehowa Adansefo so ankasa? Wiɛ, mifii ase kɔɔ nhyiam horow wɔ wɔn Ahenni Asa so na me ne wɔn fekubɔ no maa m’ahotoso yɛɛ kɛse. Na eyinom ne nnipa a wɔmfa wɔn ho nhyɛ amansɛmdi mu na wɔyɛ nea wɔka no ankasa.

Wɔ Yehowa Adansefo mu no, mihyiaa nnipa a na anka wɔyɛ Protestantfo asraafo aboafo. Wɔagyae basabasayɛ a wɔnam so hwehwɛ atɛntrenee ne asomdwoe no. Mfiase no na wɔte nka sɛ ɔkwan a wɔnam so no teɛ sɛnea metee nka no na bere bi mu no na ɔtan a wɔanya ama biribiara a ɛyɛ Katolekfo anaa Republikanfo de no ano yɛ den. Nanso wɔade wɔn ho afi ɔmampɛ adwene horow ne nitan a eyi de aba no ho. Eyi boaa me ma mihuu nea Yesu kae yi sɛ: “Mubehu nokware, na nokware no ayɛ mo adehye.”​—Yohane 8:32.

Me Ho a Mede Fii Nitan Ho

Na minim wɔ me koma mu sɛ Yesu Kristo remfa ne ho nhyɛ nitan a amammuisɛm ne nsɛmmɔnedi de ba mu. Nanso na ɛte sɛ nea meda afiri mu na ɛnyɛ mmerɛw sɛ meyi me ho afi mu. Ankyɛ biara na m’abusua mufo afoforo gyaee bɔ a wɔne Yehowa Adansefo bɔ no, na sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛtoa yɛn Bible adesua no so no, na ɛsɛ sɛ me ne me nuabea tra “asomdwoe hye” a ɛkyɛ faako a Katolekfo ne Protestantfo te wɔ Belfast no mu no. Mfiase no na yesuro sɛ biribi bɛyɛ yɛn bere biara a yɛtra ɔhye no. Nanso bere a yɛn ntease wɔ Bible no mu kɔɔ so no, nkakrankakra Yehowa ahobammɔ mu ahotoso ankasa besii saa ɔsuro yi ananmu.

Bere a na meresua Bible mu nokware no yɛtee amanneɛbɔ a ɛfa Britaniafo asraafo a wɔakum wɔn wɔ Northern Ireland ho bere a na me ne afoforo te Republikanfo nhyiambea. Mihui sɛ na mintumi mfa me ho nhyɛ anigye a wɔde gyee amanneɛbɔ ahorow a ɛte sɛɛ so no mu. Nokwarem no, anka Yesu renni eyi ho ahurusi. N’afotu ne sɛ: “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” (Mateo 7:12) Na minim sɛ ɛnteɛ sɛ medi nnipa a ɔtopae ama wɔn mu atetew ho ahurusi.

Saa asɛm a esii no ma mihui nea nitan a ntease nnim betumi de abrɛ nnipa, na mampɛ sɛ minya mu kyɛfa bio. Sɛ misusuw nea atwam no ho mprempren a, hwɛ sɛnea m’ani gye sɛ misuaa Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ a ɔwɔ atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa na ɔdɔ wom ma asase yi ne adesamma no ho ade! Ɛnnɛ ɛyɛ m’anigye ankasa sɛ mede me nkwa redi dwuma de aboa afoforo bere nyinaa ma wɔanya saa anidaso koro yi a egyina Bible so no. Na mede aseda ankasa ma sɛ nitan nni me koma mu bio.​—Nea wɔkyerɛw mae.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 25]

“Basabasayɛ a ɛyɛ hu . . . ma minyaa ɔpɛ sɛ mɛyɛ biribiara a metumi de asakra nneɛma”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

“Dɛn na abofra a ɛnkyɛ na biribi anya ne so nkɛntɛnso besusuw, bere a ohu nsɛmmɔnedifo a asɔre no sie no wɔ nidi kɛse mu no?”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

“Dɛn na anka Yesu bɛyɛ wɔ saa tebea horow yi mu? Henanom afã na anka obegyina?”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

“Wɔ Yehowa Adansefo mu no, mihyiaa nnipa a anka wɔyɛ Protestantfo asraafo aboafo. Wɔagyae basabasayɛ so a wɔnam hwehwɛ atɛntrenee ne asomdwoe no”

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

“Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho! Sɛ mododɔ mo ho a, nnipa nyinaa behu sɛ moyɛ m’asuafo.”​—Yohane 13:34, 35.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

“Monnɔ mo atamfo, monyɛ wɔn a wɔtan mo yiye, munhyira wɔn a wɔdome mo!”​—Luka 6:27, 28.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena