Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 4/8 kr. 12-14
  • Ɔtaa Ahorow A Nasi Ne Fasistfo De Baa Adansefo No So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔtaa Ahorow A Nasi Ne Fasistfo De Baa Adansefo No So
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MFIRIHYIA 100
  • Wɔde Wɔn Kɔɔ Adwumayɛban Ahorow Mu
  • “Mɛtɔre Kuw Yi Ase”
  • Fasist Nniso bɔɔ Mmɔden sɛ Ebesiw Adansefo no Ano
  • Yehowa Adansefo—Wɔde Akokoduru Gyinaa Nasi Ntua Ano
    Nyan!—1998
  • Mũdi mu Kurafo Akokodurufo Di Nasi Ɔtaa so Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Wɔn Gyidi Ho Adanse
    Nyan!—1996
  • Dɛn Na Ɛtoo Yehowa Adansefo Bere a Nasi Aban Kunkum Yudafo Pii Wɔ Wiase Ko II Mu No?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 4/8 kr. 12-14

Ɔtaa Ahorow A Nasi Ne Fasistfo De Baa Adansefo No So

MFIRIHYIA 100

NOKWAREM no, sɛ wɔde nsɛmmɔne a wodii Adansefo no wɔ United States no toto nea efii ase wɔ Nasi Germany ne Fasist Spania ne Italy wɔ mfe kakraa bi akyi no ho a, na ano nyɛ den. Wɔ 1933 mu no, Adolf Hitler fii ne mfe 12 katabaakosɛmdi wɔ Germany no ase. Ankyɛ biara na wɔyɛɛ nhyehyɛe ahorow de sɔre tiaa kuw ahorow a wɔmmrɛ wɔn ho ase nhyɛ Nasism ase no.

Wɔ April 1933 mu no, Nasi polisifo baa Ɔwɛn Aban Asafo no dwumadibea a ɛwɔ Magdeburg a wokura adwene sɛ wobehu biribi a ɛkyerɛ sɛ Asafo no ne kommunism wɔ biribi yɛ. Wɔanhu biribi a ɛkyerɛ saa. Nanso asraafo no san bae wɔ June mu bɛtoo dwumadibea no mu na wɔde frankaa a wɔfrɛ no swastika sii ɔdan no so. Wɔ June 29 mu no, wɔnam radio so bɔɔ adeyɛ yi ho amanneɛ kyerɛɛ German man no. Germany Lutheran Asɔre no ne Nasifo no yɛɛ biako na wodii bara a wɔbaraa Bible Asuafo Mmɔdenbɔfo, sɛnea na wonim Adansefo no wɔ Germany no ho ahurusi.a Lutheran sɔfo Otto kae sɛ: “Yebetumi aka nneɛma ahorow a adi kan afi nkabom yi mu aba wɔ bara a wɔabara Amanaman Ntam Bible Asuafo Mmɔdenbɔfo Fekuw no ne n’akuw nketewa a ɛwɔ Saxony no mu dedaw no ho asɛm.” Ná sɔre a wɔresɔre atia Yehowa Adansefo no rekɔ so!

Wɔde Wɔn Kɔɔ Adwumayɛban Ahorow Mu

Esiane sɛ wodii Yesu ahyɛde a ɛkyerɛ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wiase no ho so nti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Nasi Germany powee sɛ wɔbɛtow aba wɔ abatow no mu. Nasifo no guu wɔn anim ase wɔ baguam. Wɔde Max Schubert a ofi Oschatz, Saxony traa teaseɛnam a apɔnkɔ twe mu de no faa mmɔron so bere a asraafo kura krataa bi a wɔakyerɛw so sɛ, “Meyɛ onipa bɔne ne ɔfatwafo wɔ m’agyanom asase so efisɛ mantow aba” no. Wɔde no faa mmorɔn so bere a ɔmanfo no teɛteɛm sɛ, “Ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔde no kɔ?” no. Nnipakuw no buae dɛn? “Wɔmfa no nkɔ adwumayɛban mu!” Ankyɛ biara wɔde Adansefo mpempem pii koguu adwumayɛban ahorow a egyee dimmɔne no mu. Ná tebea horow te dɛn wɔ hɔ?

Britania aban nhoma bi a ɛka sɛnea na nsɛm te wɔ Germany ho asɛm no kyerɛ sɛ, wɔ 1933 mu tɔnn no, “na nkurɔfo a wɔhwe wɔn na wɔyɛ wɔn ayayade yɛ ade a na abu so na na ɛyɛ nea dodow no ara nim wɔ Germany sɛ ɔman no Sohyialist [Nasi] amanyɛkuw no mufo retɔ wɔn a wɔwɔ akokoduru sɛ wɔbɛsɔre atia wɔn no so werɛ kɛse.” Obi a wɔayi no afi afiase a ohuu amane wɔ Buchenwald adwumayɛban mu no kae sɛ: “Na yɛyɛ adwuma nnɔnhwerew dunsia da biara da, Kwasida ne nna a ɛwɔ dapɛn no mu nyinaa. Wɔ nnɔnhwerew yi mu no, na wɔmma yɛn kwan sɛ yɛnnom nsu, wɔ bere a wim yɛ hyew sen biara mu mpo . . . Nokwarem no, na adwuma no yɛ pia a yepia abo a emu yɛ duru a mpɛn pii no obi a onya aduan a ɛsɛ sɛ onya di no rentumi mfa n’ahoɔden mpia.”

Wɔ saa bere no mu no, sɛnea na Britaniafo amanneɛbɔ no kyerɛ no, na mmarima bɛyɛ 8,000 a “Yudafo 1,500 ne Ernste Bibelforscher (Amanaman Ntam Bible Asuafo) 800 ka ho na wɔwɔ adwumayɛban no mu. . . . Na nneduafo a wɔyɛ Yudafo no kyerɛw nkrataa ahorow na wɔn nsa ka abien ɔsram biara. Na wɔmma Bible Asuafo no kwan mma wɔne wɔn a wɔwɔ adwumayɛban no akyi nni nkitaho. . . . Herr X de obu a ɛsen biara kaa mmarima yi ho asɛm. Na wɔn akokoduru ne wɔn nyamesom mu gyidi yɛ nwonwa na na wɔasiesie wɔn ho sɛ wobehu amane kɛse. . . . Ná nnipa wuwu da biara da wɔ adwumayɛban no mu.”

Ɔdeduani foforo a wɔayi no afi afiase wɔ Buchenwald kyerɛkyerɛɛ akwaaba a na wɔma nneduafo no wɔ “Awerɛhow Kurow Foforo” mu no mu. Afiase no sohwɛfo panyin Rodl de nsɛm yi maa wɔn akwaaba wɔ adwumayɛban no akyi: “Ebinom wɔ mo mu a wɔada afiase pɛn. Nea ɛtoo mo wɔ hɔ no ne nea yɛde bɛyɛ mo wɔ ha no nsɛ koraa. Moreba adwumayɛban mu na ɛno kyerɛ sɛ moreba hell. . . . Asotwe ahorow abien pɛ na yɛwɔ wɔ adwumayɛban yi mu, hwe a yɛde abaa hwe obi ne owu asotwe.”

Ɔpepem pii wuwui wɔ adwumayɛban ahorow yi mu esiane amammui ho adwene horow a enye nti. Wɔbrɛɛ saa nnipa yi ase nkakrankakra, wɔma wɔhweree obu a wɔwɔ na afei wɔsɛee wɔn. So ɛyɛ nea wubetumi asusuw saa nnipa ɔpepem pii a wowui yi mu biara yaw ne n’amanehunu ankasa ho?

“Mɛtɔre Kuw Yi Ase”

Ná ɛnyɛ sɛ wokunkum binom ara kwa na mmom na wɔyɛ mogya adansefo nso, efisɛ na anka wobetumi ama wɔagyae wɔn. Sɛnea na nhoma biako kyerɛ no, saa na na asɛm no te wɔ Yehowa Adansefo mmarima ne mmea 10,000 a wohuu ayayade ne atirimɔdenne a Hitler ne n’ahokafo S. S. mmarima ma ɛbae no mu amane no fam. Wɔmaa Adansefo yi kwan sɛ wɔmfa wɔn nsa nhyɛ krataa ase mfa nkyerɛ sɛ wɔapa wɔn nyamesom na wɔama wɔagyae wɔn. Wɔ mu kakraa bi na wɔpenee so.​—Hwɛ The Nazi State and the New Religions: Five Case Studies in Non-Conformity a Ɔbenfo Christine E. King kyerɛwee no mu.

Sɛnea nhoma a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no kyerɛ no, nnipa 10,000 no mu 2,500 amfa wɔn ho anni kwa​—wowui wɔ Dachau, Belsen, Buchenwald, Sachsenhausen, Ravensbruck, Auschwitz, Mauthausen ne adwumayɛban afoforo mu​—wodii wɔn Nyankopɔn Yehowa ne wɔn nhwɛsofo Kristo no nokware. Wɔ wɔn a wɔde mframa bɔne kunkum wɔn akyi no, pii wuwui esiane ɔhwe, ɔkɔm ne nnuru a wɔsɔ hwɛ a wɔde yɛɛ wɔn no nti. Wokunkum afoforo nso a mmea ka ho denam sɛn a wɔsɛn wɔn, wɔn ti a wotwae ne otuo a wɔtow wɔn so. Dɛn ntia? Esiane sɛ wɔremmu afã biara a Kristofo nni no so denam wɔn ho a wɔde bɛbɔ Hitler asraafo no ho anaasɛ denam ka a wɔbɛka sɛ nkwagye fi Hitler so no nti. Wɔtwee wɔn ho fii wiase no ho na wodii nokware koduu awiei.​—Mateo 24:13.

Wɔ 1934 mu no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ Germany ne aman afoforo mu de telegram ahorow kɔmaa Hitler de kyerɛɛ adwene a wɔne no nyɛ wɔ ayayade a ɔyɛ Adansefo no ho. Obi a na ɔwɔ hɔ bɔɔ amanneɛ sɛ bere a Hitler tee eyi no “ɔsɔre gyinaa hɔ ntɛm ara bere a wasi kuturuku, na ɔde anibere teɛɛm sɛ: ‘Mɛtɔre kuw yi ase wɔ Germany!’” Mprempren wɔ mfe 50 akyi no, so watɔre “kuw” yi ase?

Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔyɛ den sen bere biara. Nanso Hitler ne ne Nasi nniso no agu bɛyɛ mfe 39 ni. Nea ɛne eyi bɔ abira no, mprempren Adansefo bɛboro 107,000 wɔ Federal Republic of Germany a wɔka mpempem pii a wɔabara wɔn wɔ German Democratic Republic no ho. Wantɔre “kuw” yi ase. Emufo adɔɔso! Wɔyɛ den sen bere biara!

Fasist Nniso bɔɔ Mmɔden sɛ Ebesiw Adansefo no Ano

Kae sɛ Yesu kae sɛ: “Na sɛ mumfi wiase, . . . eyi nti na wiase tan mo.” Wanka eyi amfa Yehowa Adansefo a wɔwɔ Nasi Germany no nkutoo ho na mmom wɔn a wɔwɔ wiase nyinaa no​—efisɛ wɔde Kristo nyinasosɛm ahorow ne ne nhwɛso adi dwuma.

Ansa na Wiase Nyinaa Ko II reba no, na wɔabara wɔn wɔ Italy nso. Bere a Katolek Asɔre no ne Mussolini Fasist aban de wɔn nsa hyɛɛ apam bi ase wɔ 1929 mu no, efii bere bi a wɔsɔre tiaa nyamesom ase na amma Ɔwɛn Aban Asafo a ɛwɔ Brooklyn ne Adansefo a wɔwɔ Italy no antumi anni nkitaho. Wɔde Italia Adansefo anokwafo 25 koguu afiase fi mfe 2 kosi 11. Ebinom mfe a wɔde maa wɔn no annu na woyii wɔn. Dɛn ntia? Efisɛ fasism dii kan gui na woyii Adansefo no.b

Wɔ ɔko no akyi wɔ 1946 mu no, na Adansefo a wɔwɔ Italy a wɔde wɔn ho abɔ asafo nketewa ahorow 35 ho no dodow yɛ 120. Tebea no te dɛn nnɛ? Mprempren Yehowa Adansefo ne asɔre a ɛso sen biara a ɛto so abien wɔ Italy a Kristofo bɛboro 115,000 wom a wɔde wɔn ho abɔ asafo ahorow bɛyɛ 1,600 ho​—yiw, wɔyɛ den sen bere biara!

Wobetumi aka asɛm koro no ara afa aman ahorow pii ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1959 mu no, Asoɛe a Ɛhwɛ Ɔman no Mu Nsɛm so wɔ Spania no de ahyɛde horow a ɛfa Yehowa Adansefo dwumadi ahorow no ho kɔmaa ɔpanyin a ɔhwɛ Ahobammɔ Nsɛm so no sɛ: “Esiane atirimpɔw a ɛne sɛ yebesiw bɔne a yɛaka ho asɛm no ano na ankɔ so bio nti, ɛsɛ sɛ Wo a Nidi sɛ Wo no de nhoma kɔma [Polisifo Dwumadibea ti ahorow nyinaa] . . . a ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wokyerɛ wɔ mu sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ wɔ saa dwumadi ahorow yi ho nkutoo na mmom wɔmfa akwan ahorow bi a ebetumi ama adwuma no agu so.”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.

Ɔtaa foforo bae wɔ Spania nyinaa na ɛkɔɔ so koduu 1970 mu. Wɔbɔɔ Adansefo ɔhaha pii ka wɔ asennibea anaasɛ wɔde wɔn koguu afiase esiane Bible a wosua, asɛmpa no a wɔka kyerɛɛ afoforo anaasɛ wɔn ho a wɔamfa anhyɛ amammuisɛm mu ara kwa nti. So woguu Adansefo no ne wɔn adwuma no? Nea ɛne eyi bɔ abira no​—wɔ 1970 mu no, wɔpenee so ma wɔde wɔn adwuma no hyɛɛ mmara ase bere a wɔn ani nnye ho sɛ wɔbɛma wɔayɛ saa no. Wɔ 1959 mu no, bere a na Adansefo bɛyɛ 1,400 pɛ na wɔwɔ hɔ no, ebeduu 1970 mu no na wɔyɛ 11,000. Mprempren wɔ mfe 14 akyi no, Adansefo bɛboro 56,000 na wɔaboaboa wɔn ano ayɛ wɔn asafo ahorow 840! Ɔwɛn Aban Bible ne Nhomawa Asafo no wɔ baa dwumadibea fɛfɛɛfɛ bi a ɛbɛn Madrid na wotintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma ahorow no wɔ hɔ ma Iberia Asasekɔn no sotefo. So Nasi ne Fasistfo ɔtaa ahorow a ɛbae wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no tɔree Yehowa Adansefo ase? Dabi, wɔyɛ den sen bere biara!

[Ase hɔ nsɛm]

a Sɛ wopɛ sɛnea Adansefo no nyaa nkwa wɔ Fasist Italy ho asɛm nyinaa a, hwɛ 1982 Yehowa Adansefo Afe Nhoma, no nkratafa 134-79.

b Sɛ wopɛ Nasifo atirimɔdensɛm ho kyerɛwtohɔ nyinaa a, hwɛ 1974 Yehowa Adansefo Afe Nhoma no nkratafa 110-212.

[Box on page 14]

“Na wo mma nyinaa bɛpɛ [Yehowa] asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso. Trenee mu na w’ase betim; wo ne nhyɛso ntam bɛpan, na worensuru, na wo ne ahude mo ntam bɛpam no. ɛremmɛn wo. Hwɛ, wɔpɛ wo atutaw, nso emfi me; nea osua wo so no, wo nti ɔbɛhwɛ ase. . . . Akode biara a, wɔbɔ hyɛ wo renyɛ yiye na tɛkrɛma biara a ɛbɛsɔre ne wotwa ntɛn no, wobebu no fɔ; mo ne [Yehowa] nkoa agyaa ade ne man trenee a efi me no, [Yehowa] asɛm ni”​—Yesaia 54:13-17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena