Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 5/8 kr. 22-26
  • “[Yehowa] Bɛma Mo Adɔɔso”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “[Yehowa] Bɛma Mo Adɔɔso”
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn a Wɔwɔ Akyi Hu Nkɔso No
  • Nkɔso Ho Ahwehwɛde Ahorow Ho Dwuma a Wodi
  • Nketewa ne Akɛso Adɔɔso
  • Pii Bɛkɔ So Aba!
  • Bra 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam No!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Adansedi De Ahenni Nkɔso Ba
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1985
  • Ahotoso a Wɔrennyi Mma Da
    Nyan!—1988
  • Ɔsoro Asomdwoe wɔ Wiase a Ɔhaw Wom Mu
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 5/8 kr. 22-26

“[Yehowa] Bɛma Mo Adɔɔso”

YUDAFO nkyerɛwee ahorow ka kyerɛ yɛn sɛ Yudafo a wɔtraa ase wɔ bere a wɔakɔ nnommufa mu aba akyi no tow nnwom ahorow a wɔakyerɛw wɔ Nnwom 113 kosi 118 no bere a wodii wɔn afahyɛ ahorow no mu bi no. Nea ɛka saa nnwom ahorow a wɔato din sɛ Hallel no ho ne bɔhyɛ yi: “[Yehowa] bɛma mo adɔɔso . . . Moyɛ nnipa a wɔahyira wɔn ama [Yehowa].”​—Dwom 115:14, 15.

Wɔ 1984 mu no, wɔde saa nsɛm yi too dwom wɔ ɔkwan foforo so​—ɛnyɛ dwom ankasankasa na mmom wɔ sɛnkyerɛnne kwan so​—wɔ afahyɛ ahorow soronko foforo bi ase. Ɛne 1984 “Ahenni Nkɔso” Ɔmantam Nhyiam horow a Yehowa Adansefo yɛe wɔ wiase no afã horow pii no. So na wɔwɔ ntease bi nti a ɛma wɔpaw “Ahenni Nkɔso” sɛ wɔn nhyiam no ti ne nea enti a wɔde odwontofo no nsɛm no dii dwuma wɔ wɔn ho no?

Wɔn a Wɔwɔ Akyi Hu Nkɔso No

Ɛdefa Adansefo a wɔwɔ Belgium ho no, atesɛm krataa Le Jour kyerɛwee sɛ: “1984 asɛmti a ɛne ‘Ahenni Nkɔso’ no ka kuw yi ho asɛm yiye . . .Na wɔyɛ 600 pɛ wɔ 1945 mu nanso nnɛ wɔboro 22,000 a anigyefo nka ho.” Na wɔ Franse no, atesɛm krataa Le Provencal bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ mfe ɔha ne anum akyi a wɔtew wɔn ahyehyɛde no, Adansefo no redɔɔso ntɛmntɛm.”

Nanso ɛnyɛ Adansefo no dɔ a wɔredɔɔso no nkutoo na wiase no hu na mmom wɔn asetra kwan a ɛso bi nni no nso. Ɛda adi sɛ afoforo ani gye nnipa a wɔwɔ su ahorow a wɔntaa nhu wɔ wiase a ɔdɔ nni mu, emu ayɛ fĩ na emu apaapae mu no ho. Sɛ nhwɛso no, agorudibea sohwɛfo panyin a ɔwɔ Florence, Italy no kae sɛ: “Minim sɛ mede no yɛ pɛsɛmenkominya adwene nanso ɛkaa me nkoa a, anka Yehowa Adansefo bɛyɛ wɔn nhyiam horow no wɔ agorudibea ha asram abien biara. Wɔ saa kwan no so no ɛha betew bere nyinaa. Mo ho yɛ nwonwa.”

Odwumayeni bi a ɔyɛ adwuma wɔ ɔdan a wɔtɔn kar wɔ mu mu a ɛbɛn Southampton, England gye tom sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn ho yɛ nwonwa.” Odwumayeni no de kaa ho sɛ: “Bere a wiase no reko na wɔne wɔn ho reham no, wɔte hɔ wɔ asomdwoe mu a wɔn nyinaa reserew. Ɛyɛ aniwu sɛ wiase mũ no nyinaa nte sɛ wɔn.”

Finlandni nsɛnkyerɛwfo a wɔfrɛ no Heli Savin kaa wɔn ho asɛm sɛ, “wɔyɛ nnipakuw a wɔn dodow yɛ mpem ason a mmeawa ne mmarimaa, agyanom ne ɛnanom, nanammea ne nanabarimanom [a] . . . wɔyɛ abusua kɛse biako a woyi su horow a eye ne obu kyerɛ afoforo wom.” Ɔkyerɛwfo no kɔɔ so sɛ: “Misusuw sɛ ade a eye sen biara a mihui ne mmarimaa a wɔadi mfe a yɛn ‘mma a wonnii mfe aduonu a wɔhaw adwene no adi no.’ . . . Metee nka ankasa sɛ biribi hyɛ me sɛ menyɛ wɔn atuu na menteɛm sɛ: ‘Anidaso bi aka ama adesamma!’”

Nkɔso Ho Ahwehwɛde Ahorow Ho Dwuma a Wodi

Wɔ tete mmere mu no, na nya a wonya nkɔso no gyina ahonisom a Onyankopɔn nkurɔfo pow na wɔde “wɔn ho to [Yehowa] so” korakora na ‘wosuro’ no no so. (Dwom 115: 4-13) Ɛnnɛ, Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden sɛ wobedi saa ahwehwɛde ahorow yi ho dwuma. Suro a wosuro Yehowa ampa no yɛ nea ɔkasafo biako a ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ nhyiam no ase no daa no adi: “Yehowa Adansefo a wɔwɔ asase so baabiara yɛ Bible asuafo mmɔdenbɔfo. Wɔ nokwarem no, wɔn ho ‘popo’Onyankopɔn Asɛm ano bere a wonya wɔn Kyerɛkyerɛfo Kɛse no atirimpɔw ahorow a ɔdɔ wom no ho nimdeɛ bere nyinaa no.”​—Hwɛ Yesaia 66:2.

Saa ɔpɛ a, wɔwɔ sɛ wɔbɛsɔ Yehowa ani yi yɛ nea wɔkaa ho asɛm wɔ nhyiam no ase. Wosii abrabɔ ho gyinapɛn ahorow a Onyankopɔn de ama no so dua. Wɔyɛɛ drama a ɛka koma a ɛkyerɛ sɛnea tete Israel hweree Onyankopɔn nhyira bere a Akan buu n’ani guu Onyankopɔn suro so na wanni nokware no. Yehowa Adansefo pɛ sɛ wokwati biribiara a ɛte saa a ebesi wɔ Yehowa Asafo mu nnɛ no.

Nhyiam horow no maa Yehowa Adansefo nyaa hokwan pii a ɛbɛma wɔada wɔn ho a wɔde to wɔn Onyankopɔn no so adi akyerɛ no. Sɛ nhwɛso no, wɔka kyerɛɛ Ɔdansefo bi a ɔwɔ Switzerland wɔ May mu sɛ wobeyi no adi afi adwuma mu June awiei esiane nsɛm ahorow a ɛfa nyamesom ho nti. Wɔ sika fam ahokyere yi akyi no, wampene so sɛ obegyae nsɛm mu asiesie na ɔkɔɔ so yɛɛ nhyehyɛe ahorow a ɛfa nhyiam no ho maa n’abusua a emufo yɛ baakron no. Afei bere a aka dapɛn biako na woayi no adi afi adwuma mu no, wɔkaa kyerɛɛ no sɛ obetumi akɔ so ayɛ n’adwuma no na wɔbɛma no nea eye sen biako no, wɔ nokwarem no, wobeyi nna a ohia a ɔde bɛkɔ nhyiam no afi n’adwuma akwamma mu.” Ɔbɔ amanneɛ sɛ, “na ɔhaw a aka ne sɛ obenyan mmofra no ntɛm na ama wɔadu nhyiambea hɔ wɔ bere a ɛsɛ mu.”

Eyi, ne osuahu ahorow a ɛte saa ara kyerɛ sɛnea Yehowa Adansefo bu nkyerɛkyerɛ a efi honhom mu a wɔn nhyiam horow de ma no kɛse. Wɔ nokwarem no, obi a ɔyɛ adwuma wɔ Post Office wɔ Finland a wɔampene kwan a obisae sɛ ɔbɛkɔ akwamma so no tuaa ne mfɛfo adwumayɛfo no mu biako $35 da biara sɛ ɔnyɛ n‘adwuma no mma no. Akyiri yi akae sɛ: “Na ɛfata sɛ mesɛe sika a ɛte saa wɔ nhyiam no ho. Susuw nea anka mɛhwere no ho sɛ metraa fie a!

Wɔ nhyiam horow 127 a wɔyɛe wɔ Europa aman 15 mu ase no, na Adansefo a wɔabɔ asu foforo a wɔwɔ hɔ no dodow yɛ 11,918 na na nnansa yi ara na wɔn mu pii agyae ahonisom.

Wɔn a na wɔka wɔn a wɔyɛɛ baguam mpaemuka a ɛte saa ho na wogye toom sɛ afei wobu Yehowa sɛ “wɔn boa ne wɔn kyɛm” ne N. K. ne ne nuabea a wadi mfe 19 a wofi Sweden no. (Dwom 115:11) Wɔyɛ Gypsyfo. Sakra a wɔasakraa wɔn tete asetra kwan no kyerɛ twe a wɔtwee wɔn ho fii abusuabɔ a emu yɛ den ho ne wɔn ho a wɔde fii atetesɛm ahorow a ase atim kɛse pii a ahonisom ahorow bi ka ho no ho no. Bere a wɔbɔɔ no asu no, E. B. a ɔyɛ Cathedral nnwontofokuw a wɔwɔ Graz, Austria a wɔagye din muni no kae sɛ: “Ɛyɛ bere a mifii ase ne Yehowa Adansefo suaa ade akyi na mihui sɛ nnwontofokuw no dwumadi ahorow no fa ahonisom ho ankasankasa.”

Wɔ nokwarem no, biribiara a ɛmma yentumi nsom ɔbɔadeɛ no wɔ yɛn asetra ne yɛn nsusuwii mu no yɛ ahonisom wɔ ɔkwan bi so. Saa na na eyi te wɔ obi a n’ani gye kyakyatow ho kɛse no fam. Nanso hwɛ sɛnea na onni ahobammɔ wɔ n’asetra mu. Sɛ onya dɔla mpempem nnɛ a, ade bɛkye no na ne nyinaa asa. Esiane sɛ obehuu ahonyade ankasa​—honhom fam de​—nti, ogyaee kyakyatow a ɛyɛ ahonisom no, na wɔbɔɔ no asu wɔ Mo-i-Rana, Norway.

Ná afoforo nso som ahoni a ɛne wɔn ho a wɔde to adesamma nkyerɛkyerɛ, nyansapɛ ne nniso ahorow so sen Onyankopɔn a wɔkyerɛ sɛ onni hɔ anaasɛ wobu wɔn ani gu no so mmom no so. Vito a wadi mfe 37 a ɔyɛ keteke ho odwumayɛni a wɔbɔɔ no asu wɔ Avellino, Italy no kyerɛkyerɛ asɛm yi mu. Esiane sɛ ɔyɛ obi a onnye Onyankopɔn nni, kommunistni ne obi a ogye adannandi di nti, obuu nyamesom sɛ “awuduru ma nnipa.” Nanso gye a ogye dii sɛ Onyankopɔn nni hɔ no hinhimii bere a Adansefo no ma ogye dii sɛ abirabɔ pii wɔ adannandi nkyerɛkyerɛ no mu no. Wɔneno yɛɛ Bible adesua. Afei ommisa sɛnea amanaman no bisa no bio: “Ɛhe ara na wɔn Nyankopɔn wɔ?” na mmom sɛ Yehowa Adansefo mu biako no ɔka sɛ: “Yɛn Nyankopɔn wɔ ɔsom.”​—Dwom 115:2, 3.

Nketewa ne Akɛso Adɔɔso

Yehowa ne “Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa agyenkwa no.” (1 Timoteo 4:10) Anaasɛ sɛnea Dwom 115:13 da no adi no: “Obehyira wɔn a wosuro [Yehowa], nketewa ne akɛse nyinaa.” Enti wɔ Yehowa Adansefo a wɔabɔ wɔn asu foforo mu no, na ɔmanfo a wɔba fam pii ka wɔn ho, nketewa sɛnea wɔte no ne afoforo a wɔ wiase no fam no, wobu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa akɛse no. Ná “nnipa nyinaa” ka wɔn ho. Susuw nhwɛso ahorow bi ho.

Wɔ afe biako a atwam ni mu no, wɔbɔɔ obi a wagye din wɔ mmirikatu mu a wobu no kɛse sɛ obi a ɔtete agumadifo no asu wɔ Helsinki, Finland.a Ofii ase dii abeawa bi a wadi mfe 14 a na ɔretete no no adanse. Ɔde Bible adesua a egye dɔnhwerew biako kaa nnɔnhwerew abiɛsa a ɔde tete no wɔ mmirikatu mu no ho. Afei wɔ 1984 mu wɔ ɔsɔretia a efi abusua no hɔ nyinaa akyi no, wɔbɔɔ no asu wɔ nhyiam horow a wɔyɛe wɔ Finland no biako ase.

Bere a ɔkyerɛkyerɛfo panyin bi a ɔyɛ asɔre Kwasida biara ma sukuufo wɔ Baptist Asɔre a ɛwɔ United States mu no suaa nokware no, ofii ase bɔɔ Yehowa mpae de fii n’asɔre no ase. Ɔka sɛ: “Sukuufo no gyee eyi toom nanso nea ɛyɛɛ me nwonwa no eyi haw akyerɛkyerɛfo no mu binom ne yɛn mfɛfo a wɔyɛ asɔre no mufo no. Wɔn mu pii gyaee Bible no a mede kyerɛkyerɛ no tie, na wɔkae sɛ nea mekyerɛkyerɛ no yɛ soronko wɔ nea ‘Ɔsɔfo’ no akyerɛkyerɛ no ho. Ampa na ɛyɛ soronko efisɛ na mede nsɛm a efi Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm no mu na edi dwuma. Na matɔ Bible Mu Nsɛm nhoma no 30, na meyɛe eyi denam me ntotoso dudu a mede ma asɔre no so. Esiane sɛ mepɛ sɛ ɔma ho kwan nti, mede biako maa ‘Ɔsɔfo’ no. Akyiri yi ɔbaa me nkyɛn na ɔkae sɛ: ‘Wɔakyerɛw nhoma yi yiye na mepɛ ankasa, ɛyɛ fɛ. . . .’ Ne su sakrae ntɛm ara bere a ohuu nkurɔfo a wotintim nhoma no​—Ɔwɛn Aban Asafo no.” Saa nyaatwom adeyɛ yi boaa no ma ɔdee ne ho fii akoa a wayɛ ama Babilon Kɛse no mu na wɔbɔɔ no asu wɔ Cicero, Illinois nhyiam no ase.

Wɔ Sweden no, abeawa bi a wadi mfe 20 faa Asafo no nhoma horow no mu biako fii ne maame nhomakorabea na ofii ase kenkanee. Esiane sɛ n’ani gyee nea osuae no ho nti, ofii ase buaa nsemmisa ahorow a ɛwowɔ kratafa biara ase no na ɔkyerɛw mmuae ahorow no wɔ nhoma ketewaa bi mu. Ɔkenkan nhoma no mpɛn anum na ɔkyerɛw ne muae ahorow no wɔ nhoma nketewa abien mu. Bere a ogyaee Sweden ɔman asɔre no kɔ akyi no, ɔkɔɔ Ahenni Asa a ɛwɔ kurow no mu no so na okohuu Adansefo no.

Ɔkyerɛkyerɛfo bi a ofi Portugal a n’ankasa anom asɛm kyerɛ sɛ na “ɔyɛ obi a wahyira ne ho so koraa ama tu a wobetu aban no agu no” ka afoforo a wɔba wɔn asu no ho. Wɔbɔɔ ɔkofo foforo bi a na kan ɔyɛ karate sukuu so panyin a n’ankasa anya nkonimbo wɔ karate bɔ mu asu wɔ Austria. Ná ababaa bi a wadi mfe 22 a wafa afuru na ne kunu aguan agyaw no yɛ obi a ɔtɔn nnubɔne, ɔbɔ korɔn na ɔde ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu no wɔ Spain. Na ɛkame ayɛ sɛ n’aba mu abu efisɛ na ɔpɛ sɛ odi ne ho dɔm ansa na ɔrehyia Yehowa Adansefo no.

Ebinom gyee nokware no wɔ asram kakraabi mu. Egyee afoforo mmere pii. Na ɛna bi a wɔbɔɔ no asu wɔ Germany no ne Yehowa Adansefo abɔ fipam bɛyɛ mfe 11. Nanso wammɛyɛ bi kosii sɛ Ɔdansefo no mma fii ase dii ne mma a wɔadi mfe 8 ne 11 no adanse ansa na ofii ase nyaa wɔn asɛm no ho anigye. Bere a ɔbɛyɛɛ Yehowa Adansefo mu biako no na Germani bi a wadi mfe 91 no redi ne papa a wɔbɔɔ no asu dii kan no nhwɛso akyi​—sɛ yɛbɛka no pɛpɛɛpɛ a wɔ mfe 88 mu​—wɔ 1896 mu!

Ebinom huu wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so sɛ “Ahenni Nkɔso” reba ara wɔ abɔfo akwankyerɛ ase. (Hwɛ Adiyisɛm 14:6, 7.) Na ɔbarima bi a ofi Netherlands a wadi mfe 25 gye obi a owu na ɔsan ba ma wɔwo no bio no di na na ɔde ne ho hyɛ ahonhonsɛmdi mu. Na ɔsom owia na na ɔwɔ anidaso sɛ daakye bi ɔbɛyɛ ne fã. Sɛnea ɛbɛyɛ a obedu botae yi ho no, na wabɔ ne tirim sɛ obewu na sɛnea ɔdaa no adi no, ‘wɔ ɔkwan biara so wɔ March 1983 mu.’ Adansefo no hyiaa no wɔ February mu!

Esiane “nnipa nyinaa,” nketewa ne akɛse a wɔadɔɔso yi nti, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan daakye?

Pii Bɛkɔ So Aba!

Yebetumi agye adi sɛ pii bɛba. Nea edi kan no, Yehowa ahyɛ nkɔso foforo bio ho bɔ. (Hwɛ Yesaia 60:22.) Nea ɛto so abien, sɛnea nkontaabu ahorow kyerɛ no, nkɔso kɛse da so ara yɛ nea ebetumi aba. Hyɛ no nsow sɛ nnipa dodow a wɔbaa nhyiam horow no ase no kɔ soro sen Yehowa Adansefo dodow nkɔanim wɔ 1984 mu no. Hyɛ no nsow bio nso sɛ, Adansefo afoforo a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔsom afe a etwaam no mu no nyinaa reboa ma wɔaka Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no ho asɛmpa akyerɛ afoforo mprempren. Akyinnye biara nni ho sɛ nhyiam ahorow no ato nhyɛase pa ama nkɔso foforo. Wɔ nhyiam a wɔyɛe wɔ Hannover, Germany no akyi no, K. V. kaa ho asɛm wɔ ɔkwan yi so: “Wɔ ɔdɔ ne ɔkwan a emu da hɔ so no, nhyiam no dwumadi twee adwene sii nsɛm tebea atitiriw a ɛbɛboa Ahenni Nkɔso no so​—nsɛm ahorow a ɛfa yɛn ankasa nkwa ho, asafo no mu abusuabɔ, su horow wɔ ahyehyɛde no ho ne abusua mu asetra ho.”

Yehowa Adansefo nkamfo wɔn ankasa ho wɔ nkɔso yi ho. Wogye tom ntɛm ara sɛ “Ɛnyɛ yɛn, [Yehowa], ɛnyɛ yɛn.” Na mmom “ɛyɛ w’adɔe nti, wo nokware nti,” ne wo nhyira nti na ama nkɔso yi aba na ɛbɛkɔ so ayɛ saa daakye.​—Dwom 115:1; hwɛ Sakaria 4:6 nso.

Esiane sɛ wɔn ani gye wɔ wɔn Nyankopɔn som mu nti, Yehowa Adansefo to nsa frɛ “nnipa nyinaa” a wɔwɔ baabiara sɛ wɔn ankasa nya kyɛfa wɔ Ahenni Nkɔso no mu denam ka a wɔbɛba abɛka wɔn ho ma wɔaka Hallel nsɛm no so: “Na yɛn de yebehyira [Yehowa] afi nnɛ akosi daa.”​—Dwom 115:18.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ 1984 Yehowa Adansefo Afe Nhoma no, kratafa 9.

[Box on page 25]

NEA NHYIAMFO NO KAE:

“Misusuw sɛ nsɛmfua 100,000 nyɛ nea ɛdɔɔso a metumi de aka anisɔ a minya maa Yehowa wɔ honhom fam apontow yi ho no ho asɛm.”​—R. S., Luxembourg

“Bere a woyii nhomawa a wɔfrɛ no The Divine Name That Will Endure Forever adi no, mihuu Yehowa nhyira ho adanse. Bɛyɛ bere tenten ni a na mepɛ sɛ minya biribi te sɛ eyi. Meda mo ase pii!”​—A. L., Federal Republic of Germany

“Reference Bible a woyii no adi no yɛ nhyira a efi Yehowa hɔ ma me ankasa . . . Ɛyɛ nwonwa! Makenkan Bible no mprɛnsa. Bible foforo yi bɛkanyan me ma makenkan bio.”​—A. P. ne J. J., United States

[Box on page 26]

“Dɛn na mede mɛhyɛ [Yehowa] anan mu, ne yiye a ɔyɛ me nyinaa ho? Mɛma nkwagye kuruwa so, na mabɔ [Yehowa] din. Mede m’aboade mɛma [Yehowa], ne man nyinaa anim. [Yehowa] ahotefo wu de, ɛbo yɛ den n’anim. O [Yehowa], meyɛ w’akoa, meyɛ w’akoa, w’afenaa ba, woasan me nhama. Wo na mɛbɔ wo aseda afɔre, na mabɔ [Yehowa] din. Mede m’aboade mɛma [Yehowa] ne man nyinaa anim, [Yehowa] fi adiwo, wo, Yerusalem mfinimfini. Munyi [Yehowa] ayɛ!”​—Dwom 116:12-19.

[Kratafa 24 mfoni]

Atifi hɔ: Nhyiamfo rekɔ asɛnka wɔ Hannover, Germany

Ase hɔ wɔ benkum so: New Reference Bible a woyii no adi wɔ Edinburgh, Scotland

Ase hɔ wɔ nifa so: Abusua mu mpaapaemu biara nni hɔ​—Adansefo a wofi Japan wɔ nhyiam ase wɔ Dortmund, Germany

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena