Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 5/8 kr. 28-31
  • Bere A Merehwehwɛ Nea Ɛde Owu Ba No, Mihuu Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Merehwehwɛ Nea Ɛde Owu Ba No, Mihuu Nkwa
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aduruyɛ Adwuma a Meyɛe
  • Katolekfo Sɔfo Bɔɔ Mmɔden sɛ Ɔbɛsakra Me
  • M’ani a Egyee Aduruyɛ Ho Nhwehwɛmu Ho
  • Nhwehwɛmu Adwuma Foforo
  • Di a Midii Ɔhemmea Bi Adanse
  • Sɛnea Wɔyɛ Nhwehwɛmu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Bible Tumi Sesa Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɛwom Sɛ Na M’ani Afura De, Nanso Mitumi Huu Ade!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Adwinnadeɛ Foforɔ a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu
    Yɛn Ahenni Som—2014
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1985
g85 5/8 kr. 28-31

Bere A Merehwehwɛ Nea Ɛde Owu Ba No, Mihuu Nkwa

Oduruyɛfo a ɔyɛ nyarewa ahorow ho nhwehwɛmu bi asɛm

MADAMFO no kae sɛ, “Mewɔ anidaso sɛ merenwu da.” Meserewee wɔ eyi ho. Nanso wɔ bere koro no ara mu no, ɛkanyan ɔpɛ a emu yɛ den a ɛbɛma mayɛ nhwehwɛmu wɔ me mu. Na minim m’adamfo no yiye. Me ne no nyinaa na ɛkɔɔ sukuu, na na ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛma maka sɛ n’adwene ho reka. Sɛ́ oduruyɛfo a ɔyɛ nyarewa ahorow ho nhwehwɛmu no, na minim owu ne nneɛma ahorow pii a ɛde ba no ho asɛm nanso na minsusuw asetra a enni awiei ho da

Wɔ nkɔmmɔbɔ no akyi no, ɔmaa me nhoma abien. Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu ne Is The Bible Really the Word of God? Ɛne bere a edi kan a metee asɛm a Yehowa Adansefo ka fi Bible mu no. Na saa nhoma abien yi de nsakrae kɛse bɛba m’asetra mu, ne nsakrae mpo wɔ m’aduruyɛ ho nhwehwɛmu adwuma no mu. Na mede mfe pii ayɛ adehon ho nhwehwɛmu. Sɛ́ oduruyɛfo a ɔyɛ nyarewa ahorowho nhwehwɛmu no, na m’ani gye faako a nyarewa ahorow fi bae ne nneɛma ahorow a ɛde ba no ho. Na mihyia nneɛma abien a ebetumi aba bere biara no da biara da​—nkwa ne owu. Nwonwa a nkwa yɛ ne te a wontumi nte owu ase no maa me ho dwiriw me. Na afei mpofirim ara no metee sɛ obi ka sɛ ebia ɔrenwu da efisɛ ɔhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛba wɔ ne nkwa nna mu.​—Mateo 6:9, 10.

Aduruyɛ Adwuma a Meyɛe

Wɔantete me wɔ ofie a wɔpɛ nyamesom kɛse mu. Na me papa a ɔyɛ onyansafo a ɔpɛ akenkan no ahu pii afa Katolek asɔre mpanyimfo a wɔwɔ Spain no ho na na ɔmpɛ sɛ ɔde wɔn nsusuwii ahorow no bɛkyerɛkyerɛ yɛn. Wɔ saa bere yi mu no, na Katolek asɔre nkyerɛkyerɛ yɛ ahyɛde wɔ sukuu mu. Bere a midii mfe 15 no, mifii ase susuw Katolekfo nkyerɛkyerɛ no ho na misii gyinae sɛ mɛtwe me ho afi asom no ho.

Wɔ bere bi mu no, na misusuw sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ɔsraani nanso bere a miwiee bachillerato (ntoaso sukuu) no, na ɛsɛ sɛ mepaw mfiridwuma anaasɛ aduruyɛ. Na makenkan nsɛm pii afa nnuruyɛfo ahorow ho na na mpɛn pii mete sɛ me papa ka Spain nnuruyɛfo a wɔagye din te sɛ Santiago Ramó y Cajal a onyaa Nobel. Akyɛde wɔ aduruyɛ mu no ho asɛmpa. Enti awiei koraa no, mepaw aduruyɛ ho nyansahu a ɛyɛ anigye no.

Katolekfo Sɔfo Bɔɔ Mmɔden sɛ Ɔbɛsakra Me

Bere a bere retwam no, sɔre a mesɔre tiaa Katoleksom no ano bɛyɛɛ den koduu baabi a ɛma mebɛyɛɛ obi a ontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaasɛ onni hɔ. Migyee nkyerɛkyerɛ ahorow te sɛ Baasakoro, hell ne ka a wɔka sɛ paapa no nyɛ bɔne no ho akyinnye bere nyinaa.

Da koro, bere a na me ne me nnamfo bi agye akyinnye wɔ Ɔman Nhomakorabea a ɛwɔ Madrid no, wɔn mu biako too nsa frɛɛ me sɛ mimehyia Katolekfo sɔfo bi a wagye din a sɛnea ɔka kyerɛɛ me no, obetumi ama m’adwenem naayɛ no agyae na wakyerɛ sɛ nsɛm a meka no nyɛ nokware no. Mepenee eyi so na da no ara yɛkɔsraa ɔsɔfo no wɔ ne fie.

Bere a yekodui no, n’ani gyei na ɔkae sɛ ɔrenyɛ hwee enti ɔne yɛn besusuw asɛm no ho awia mũ no nyinaa. N’ani begye ho sɛ ɔbɛboa me ma masan aba Katolek asɔre no mu bio. Bere a yɛde simma aduasa agye akyinnye akyi no, ɔkaee mpofirim ara sɛ wayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛkɔ obi nkyɛn! M’adamfo no dii yaw bere a ohui sɛ ne sɔfo no aguan no.

Mantumi annye nokware a ɛyɛ fã ne fã a wɔde onipa nyansapɛ a ɛnyɛ nokware afrafra a ɛtɔ bere bi a ɛka Onyankopɔn ho asɛm sɛ ɔyɛ Baasakoro ne otirimɔdenfo a ɔno na ɔma wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hell a wɔma nnipa tra hɔ bere nyinaa no antom. Mantumi annye Onyankopɔn a ɔte saa no antom.

M’ani a Egyee Aduruyɛ Ho Nhwehwɛmu Ho

Mfe no twaam ntɛmntɛm na me ho kokwawee sɛ oduruyɛfo. Me ho kokwawee wɔ nyarewa ahorow a ɛho nhia sɛ wɔyɛ obi oprehyɛn de sa no yare no mu, na mede anigye yɛɛ m’adwuma no. Na mepɛ sɛ meboa nnipa a wɔyare. Da koro wɔbɛfrɛɛ me sɛ memmɛhwɛ abeawa bi a ɔyare bi a emu yɛ den abɔ no no. Ɔyare yi ho asɛm haw me kɛse​—misusuwii sɛ ɛrenkyɛ biara obewu. Saa ɔyare a emu yɛ den a ekunkum nnipa ntɛmntɛm yi ho adwennwene haw me kɛse.

Bere a mekɔɔ fie saa da no, mekɔɔ baabi a misua ade no na mekɔfaa nhoma ahorow nyinaa a ɛka ɔyare yi ho asɛm na mifii ase suaa no yiye. Na mepɛ sɛ mihu nea ɛde ɔyare yi ba ne afei ano aduru. Misuaa eyinom nyinaa anadwo mu no nyinaa

Ebeduu ahemadakye no, na m’ani agye kɛse efisɛ na makyerɛw nneɛma ahorow a ɛbɛyɛ sɛ ɛno na ɛde ɔyare yi ba no ho nkyerɛkyerɛ nyinaa. Mebɔɔ me tirim sɛ metintim nkyerɛkyerɛ a me nsa aka no. Nanso mekaee afotu aSantiago Ramón y Cajal de ama no: Ɛsono sɛ wode biribi ho nkyerɛkyerɛ bɛma; na ɛyɛ ade foforo sɛ wode bɛyɛ adwuma. Nkyerɛkyerɛ nkutoo nnɔɔso. Ɛho hia sɛ mede yɛ adwuma na adi adanse sɛ ɛyɛ nokware ampa. Awiei koraa no, dɛn na efii mu bae? Misii gyinae sɛ mede me nkwa nna nyinaa bɛyɛ aduruyɛ ho nhwehwɛmu. Enti misii gyinae sɛ mɛyɛ obi a ne ho akokwaw kɛse wɔ adehon ne nea nipadua no yɛ bere a nyarewa ahorow aka no no ne nyarewa ahorow ho nhwehwɛmu mu.

Minyaa nkɔso wɔ me nhwehwɛmu no mu koduu baabi a wɔka kyerɛɛ me sɛ memfa nneɛma ahorow a afi nhwehwɛmu ahorow a mayɛ wɔ mmoa ho mu aba no nni ayarefo a akisikuru aka wɔn no ho dwuma. Mampɛ sɛ mɛyɛ saa efisɛ na adehon biako pɛ ho nhwehwɛmu na mayɛ. Mfiase no na mepɛ sɛ meyɛ foforo bi a na minim ho ade yiye nso ho nhwehwɛmu. Na migye di sɛ ɛho hia sɛ wonya aduru pɔtee bi ma adehon foforo biara.

Ná mede me ho ahyɛ me nhwehwɛmu ahorow no mu na na akisikuru ho fekuw bi a ɛwɔ Spain ne Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no ma me sika afe biara. Afei biribi a menhwɛ kwan koraa sii. Wɔka kyerɛɛ me sɛ sɛ me nsa bɛkɔ so aka sika a ɛte saa a, ɛsɛ sɛ mede nneɛma a afi me nhwehwɛmu no mu aba no ma nhwehwɛmu adwumayɛkuw foforo a ɛnhyɛ m’ase. Na mempɛ sɛ medi nhyehyɛe yi so. Esiane nnaadaasɛm a ɛte sɛɛ a ɛwɔ aduruyɛ adwuma no mu nti, na ɛsɛ sɛ migyae me nhwehwɛmu adwuma no.

Nhwehwɛmu Adwuma Foforo

Na ɛno ne tebea a miwom bere a midii kan hyiaa m’adamfo Ɔdansefo no. Na me ne me yere atɔ Bible a ɛnkyɛ biara, na na makenkan “Apam Foforo” no fã bi. Na eyi asan akanyan m’anigye wɔ honhom mu nsɛm ho bio. Saa anadwo no, mifii ase denam kenkan a mekenkan Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no so.

Na ade rekye bere a​—makenkan nsɛm a emu dɔ na wɔ bere koro no ara mu, ɛyɛ anigye akyi​—no, ɛkame ayɛ sɛ miwiee nhoma no kenkan. Na ɛsɛ sɛ meda kakra. Nanso nea edi kan no, esiane sɛ manyɛ anigye kɛse, obu ne nkate a emu yɛ den nti, mebɔɔ Onyankopɔn mpae. Medaa No ase wɔ nea masua afa ne ho anadwo no a ɛnyɛ sɛ ɔyɛ ɔbɔadeɛ nko na mmom Onyankopɔn teasefo a ɔwɔ su ahorow a ɛyɛ nwonwa a ɛne ɔdɔ, nyansa, atɛntrenee ne tumi. Na oyi ne Onyankopɔn a metumi abu no na masom no no.

Mede nnafua abien kenkan eyi ne nhoma a wɔfrɛ no Is the Bible Really the Word of God? no. Ade kyee no menam telefon so ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ wɔmfa nhoma ahorow pii a wɔabɔ ho dawuru no mmrɛ me. Ankyɛ biara wɔde bae a nhoma a ɛfa adannandi ho ka ho. Mekenkan ne nyinaa na mede baa awiei sɛ Yehowa Adansefo nkutoo na wɔwɔ nokware a ɛfa nokware Nyankopɔn a ɔne Yehowa no som ne n’adwuma ho. Ná menkenkan biribi a ɛte sɛɛ wɔ nyamesom nhoma mu pɛn da​—na eyi fi da a emu da hɔ no.

Esiane sɛ na metaa kenkan nyansahu mu nokwasɛm ahorow ka nhoma ahorow pii a woaka ho asɛm wom no ho nti, m’ani gyee mmɔden a Adansefo no bɔe no ho. Na wɔaka nhoma ahorow 248 ho asɛm wɔ wɔn nhoma a wɔfrɛ no Did Man Get Here by Evolution or by Creation? no mu! Ɛda adi sɛ wɔyɛɛ nhwehwɛmu pii ansa na wɔkyerɛw saa nhoma no.

Mekaa adwen horow a manya wɔ Bible no ne Adansefo no ho no ho asɛm kyerɛɛ me yere. Afei n’ankasa kenkan Nokware nhoma no na ɔpenee so sɛ ɔbɛka Bible adesua a me ne Adansefo no yɛ nkakrankakra no ho. Yɛde Bible ahorow abien na edii dwuma, Katolekfo Nácar​—Coluga ne Adansefo no New World Translation no. Ekoduu baabi no na yesua ade mprɛnsa dapɛn biara. Ankyɛ biara na yefii ase kɔɔ nhyiam ahorow no bi wɔ Ahenni Asa bi so wɔ Madrid.

Dodow a mekɔɔ so suaa Bible no, dodow no ara na mihui sɛ aduruyɛ rennya adesamma haw ahorow no ano aduru ankasa. Ebiayebenya nkɔso bi wɔ ko a yɛreko atia nyarewa ahorow bi no mu nanso sɛ oduruyɛfo no, mihui sɛ mereko ntia biribi a merentumi nyɛ ho hwee bere nyinaa: sɛ mɛma owu afi hɔ. Aduruyɛ adwuma no fã biara nni hɔ a ebetumi aka nsɛm a ɛwɔ Bible no mu a tumi wom yi: “Wɔamene owu nkonim mu” ne “owu nni hɔ bio.” Onyankopɔn a ‘ontumi nni atoro’ no nkutoo na obetumi ahyɛ saa anidaso yi ho mmamu a pii pɛ no ho bɔ.​—1 Korintofo 15: 54; Adiyisɛm 21:4; Hebrifo 6:18.

Esiane sɛ m’adwene asakra nti, misii gyinae sɛ megyae akisikuru ho nhwehwɛmu no na mapene dibea a ɛne sɛ mɛyɛ dwumadibea a ɛhwɛ nea nipadua no yɛ bere a ɔyare aka no ho nsɛm so panyin wɔ kurow a wɔfrɛ no Orense a ɛwɔ Spain kesee fam atɔe fam no mu no so. Sɛ mede toto me nhwehwɛmu adwuma no ho a na eyi te sɛ nea mahwere anuonyam wɔ aduruyɛ adwuma no mu. Nanso asɛm foforo a ɛmaa misii gyinae yi ne sɛ na minim sɛ Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Orense no hia mmoa. Akyiri yi wɔbɔɔ yɛn asu sɛ Yehowa Adansefo Kristofo wɔ May 29, 1971 mu wɔ Orense.

Di a Midii Ɔhemmea Bi Adanse

Efi saa bere no reba no, manya ɔsom ho hokwan ahorow pii wɔ asafo no mu. Mayɛ ɔpanyin mfe pii na mahwɛ Aduruyɛbea so wɔ nhyiam nketewa ne akɛse pii ase. Sɛ oduruyɛfo ne nea ɔyɛ nyarewa ahorow ho nhwehwɛmu no, menam​—radio, television ne nsɛm ho amanneɛbɔ dwumadibea so​—de nkyerɛkyerɛmu ama wɔ Yehowa Adansefo gyinabea a ɛfa mogya a wɔde ma nkurɔfo a wɔde di dwuma no ho. Yɛn Bible mu ntease ahorow no yɛ nea edi mũ na adanse a ɛwɔ aduruyɛ mu a ɛredɔɔso wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔde anohyeto ma wɔ eyi mu.​—Genesis 9:4; Leviticus 17:14; Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.

Wɔ 1978 mu no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛma ɔkasa a ɛfa “Mogya, Aduruyɛ ne Onyankopɔn Mmara” ho wɔ Nyansahu mu Nhwehwɛmu Bagua a Ɛkorɔn a ɛwɔ Madrid no anim. Wɔ mfe akron a na atwam no mu no, na mama ɔkasa a ɛfa akisikuru ho nhwehwɛmu ho wɔ saa beae koro yi ara. Hwɛ soronko ara a eyi yɛ! Mprempren de na m’atiefo yɛ nnuruyɛfo ne asɔfo a Ɔhemmea Sophia a ofi Spain no ka ho bae sɛ obi a ɔresua onipa asetra ne ne nneyɛe ho ade. Na ɛsɛ sɛ ɔkasa no gye dɔnhwerew biako. Nokwarem no, ɛkame ayɛ sɛ ɔkasa no gyee nnɔnhwerew abiɛsa. Mitumi buaa nsemmisa ahorow pii na awiei koraa no, Ɔhemmea Sophia fi ayamye mu kamfoo me. M’ani gyei sɛ mitumi dii adanse ma ɛde ayeyi brɛɛ Yehowa.’

Mprempren sɛ mehwɛ m’afiri a ɛma nneɛma nketewa yɛ akɛse no mu de hwehwɛ nneɛma ahorow a ɛde nyarewa ne owu ba no mu a, ɛno nso ka me ma miyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ wɔ nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a afiri a ɛma nneɛma nketewa yɛ akɛse no ma mihu no ho. Nwonwa a nkwa yɛ no kɔ so ma me ho dwiriw me na mprempren manya mmuae ahorow a ɛyɛ nokware ama te a yɛnte owu ase no​—bɔne so akatua ne owu.​—Romafo 6:23.

Mahu wɔ Bible no a masua no mu sɛ nokware anidaso wɔ hɔ ma awufo wɔ owusɔre a Yesu kyerɛkyerɛɛ ho asɛm no mu. N’ankasa kae sɛ: “Mommma eyi nyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne na wɔafi adi.”​—Yohane 5:28, 29.

Meda Yehowa ase pii wɔ nimdeɛ a mewɔ wɔ nokware no ho, sɛ mahu sɛ ɛrenkyɛ biara adesamma a wɔyɛ osetie bɛsan anya akwahosan ne nkwa bio. Sɛ́ oduruyɛfo ne obi a ɔyɛ nyarewa ahorow ho nhwehwɛmu no, megyae adwuma efisɛ, obiara nni hɔ saa bere no a ɔbɛka sɛ “meyare”; “owu nni hɔ bio” mpo. (Yesaia 33:24, NW; Adiyisɛm 21:3, 4) Nanso m’ani begye sɛ saa adwuma no befi me nsa. Enti te sɛ m’adamfo no a mekaa ne ho asɛm wɔ me nnianim asɛm no mu no, me nso mprempren mewɔ anidaso sɛ merenwu da!​—Sɛnea Oduruyɛfo Salvador Gonzales ka kyerɛe.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena