Hena Na Ɔkae Sɛ Na Ɛyɛ Áprɛ?
HEBRI asɛmfua tap·puʹach a wɔtaa kyerɛ ase sɛ “áprɛ” no pue mpɛn pii wɔ Engiresi Bible no mu. Nanso wɔamfa anni dwuma anka “papa ne bɔne hu dua” no ho asɛm. (Genesis 2:9, 17; 3:6) Ɛnde ɛhe na atetesɛm a ɛkyerɛ sɛ ne áprɛ no yɛ papa ne bɔne hu dua no fi bae?
Sɛnea Plant of the Bible nhoma a H. N. Moldenke kyerɛwee no kyerɛ no, akyinnye biara nni ho sɛ na adwene yi fi “nkɛntɛnso a, mfonini a mfoniniyɛfo a wɔtraa ase wɔ Mfinimfini Bere no mu yɛe a ɛkyerɛe sɛ ɛte saa no ma enyae wɔ nkurɔfo so no.” Sɛ nhwɛso no, Moldenke kaa Garden of Paradise mfonini a agye din a Peter Paul Rubens (1577-1640) yɛe a mprempren ɛwɔ Ɔdan a wɔde mfonini sie mu mu wɔ The Hague no ho asɛm sɛ: “Ɛte sɛ nea ɛda ɛdi sɛ Papa ne Bɔne hu Dua a ɔwɔ no abobare ne dubaa ho no yɛ áprɛ. Ɛda adi sɛ saa mfonini yi yɛ mfonini ahorow no mu biako a ama yɛanya adwene a ɛnteɛ mprempren sɛ áprɛ yɛ Bible mu dua no.”
Ɛdefa Adam ne Hawa mfonini (hwɛ atifi hɔ) a Germani asennibea mfoniniyɛfo Lucas Cranach the Elder (1412-1553) yɛe a wayɛ áprɛ no wom ho no. Moldenke kae sɛ na mfoniniyɛfo a wɔwɔ hɔ saa bere no “ani gye ho sɛ wobekura hokwan a wɔwɔ sɛ wogyina nea wosusuw so yɛ mfonini sɛnea wɔpɛ no mu.” Mfoniniyɛfo afoforo a wɔtraa ase wɔ saa bere no mu te sɛ Tintoretto ne Titian yɛɛ saa ara wɔ wɔn mfonini ahorow a ɛfa ade koro no ara ho no mu.
Nanso ɛda adi sɛ wɔn a wodii kan kyerɛw nsusuwii no ho asɛm no mu biako ne Engiresini anwensɛm kyerɛwfo John Milton a wagye din no. Milton kyerɛw sɔ a ɔwɔ no sɔɔ Hawa hwɛe no ho asɛm wɔ ne Paradise Lost (1667) no mu sɛ:
Da koro bi, bere a merekyinkyin asese no so no, meforoo dua bi
Dua bi a eye fɛ a ɛwɔ akyirikyiri a ɛyɛ den sɛ wobehu,
Nea asow nnuaba a ɛyɛ fɛ sen biara a egu ahorow Kɔkɔɔ ne akokɔsrade. . . .
Sɛnea ɛbɛyɛ a medwudwo akɔnnɔ a manya a ano yɛ den no ano no.
Mebɔɔ me tirim sɛ medi saa áprɛ a ɛyɛ fɛ no bi ahwɛ
Ɛnyɛ sɛ ɔkɔm ne sukɔm nti na midii bi
mpofirim—
Nnaadaafo a wɔwɔ tumi—akɔnnɔ a ano yɛ den
Nea saa duaba a ɛkanyan akɔnnɔ ma wonya no hyɛɛ me kese.”
Enti Kristoman mu anansesɛm ahorow a agye din sen biara no mu biako no mfi Onyankopɔn Asɛm Bible no mu na mmom efi mfoniniyɛfo ne anwensɛm akyerɛwfo nsusuwii a ɛnteɛ no. Ná duaba no yɛ dɛn? Bible no anka efisɛ asɛm a ɛho hia ne onipa asoɔden a ɔyɛe no na ɛnyɛ duaba no.—Romafo 5:12.