Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 4/8 kr. 31
  • Ɛreboa Mmofra Ma Wɔatumi Akenkan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛreboa Mmofra Ma Wɔatumi Akenkan
  • Nyan!—1986
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Osuaa Bɔne Fafiri Fii Ne Wura Hɔ
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Momma Yenkura Yɛn Gyidi a Ɛsom Bo No Mu Pintinn!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Adesua Ho Nyansahyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 4/8 kr. 31

Ɛreboa Mmofra Ma Wɔatumi Akenkan

AKENKAN yɛ nneɛma atitiriw a obi betumi asua a ɛbɛma wanya nneɛma ahorow pii ho nimdeɛ no mu biako. Nanso mmofra ɔpepem pii a wɔde wɔn mmere mu fã kɛse hwɛ television no ho ntumi nkokwaw wɔ eyi yɛ mu. Enti wontumi nsua nneɛma pii a mfaso wɔ so a Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a wonya fi kenkan a wɔkenkan Bible ne ɛho nhoma ahorow no mu ka ho. Nanso ɔkwan bɛn so na wɔbɛfa akyerɛkyerɛ abofra bi akenkan?

Kristoni ɔwofo bi a ofi Manitoba, Canada ka nea efii Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no ne nhoma yi mu nsɛm a ɛwɔ cassette anan so a ɛhyɛ album anaa ne kotoku mu a ɔde dii dwuma no mu bae no ho asɛm. Ɔwofo no kyerɛkyerɛ mu sɛ:

“Ná Peter anya mfe anan. Na ne nuabarima ne ne nuabea a wɔanyin kyɛn no no kɔ sukuu na na ɔte fie. Sɛ mmofra afoforo no fi fie kɔ sukuu a, ntɛm ara Peter kɔ asa no so na ɔkɔbɔ ‘Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no mu nsɛm a wɔakyere agu cassette so no tie. Mfiase no na metra ne nkyɛn na bere a afiri no bɔ nsɛm a wɔakyere agu hama so no, mede me nsateaa di nsɛmfua a ɛwɔ kratafa no mu no akyi. Peter tumi suae ntɛm ara. Ankyɛ biara na ne nkutoo tumi yɛ saa. Eyi kɔɔ so kosii sɛ ofii ase kɔɔ mmotafowa sukuu.

“Da koro bi, bere a na Peter anya mfe anan na ɔkyerɛkyerɛfo no de sukuufo no retu mpase no. Peter kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo no nsɛnkyerɛnnede bi a wɔakyerɛw. Ɔkae sɛ, ‘So wubetumi akenkan nea ɛkyerɛ no?’ Enti Peter toaa so kenkan ade mũ no nyinaa kyerɛɛ no. Ɔkyerɛkyerɛfo no ho dwiriw no ankasa. Bere a ɔsan de sukuufo no kɔɔ sukuu mu no, okogyee nhoma fii nhomakorabea na ɔde Peter traa ne kyɛn. Peter kenkan emu nsɛm pii kyerɛɛ no na ɛyɛɛ no nwonwa.

“Ankyɛ biara, akyerɛkyerɛfo afoforo tee asɛm no na awiei koraa no, ɔkyerɛkyerɛfo panyin no tee. Ɔde Peter kɔɔ ne office na ɔka kyerɛe no sɛ ɔnkenkan ade nkyerɛ no. Ná ɔkyerɛkyerɛfo foforo nso wɔ hɔ. Wobisaa no ɔkwan a ɔfaa so suaa sɛnea wɔkenkan ade yiye no ho asɛm. Ɔkae sɛ n’abusua na ɛboaa no, nanso Bible Mu Nsɛm nhoma no mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no boaa no kɛse.

“Ankyɛ biara mmofra afoforo a wɔwɔ sukuu no mu no tee sɛnea Peter tumi kenkan ade no ho asɛm na na wowiawia wɔn ho mpo ba ne sukuu dan mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkenkan ade, akyerɛ wɔn na ama wɔahu sɛ asɛm a wɔate no yɛ nokware anaa. Awiei koraa no, ɔkyerɛkyerɛfo panyin no kae sɛ ɔpɛ sɛ Peter kenkan ade wɔ sukuufo no nyinaa anim wɔ aguabɔbea a ɛwɔ sukuu no mu no mu.

“Ɔkyerɛkyerɛfo panyin no ani gyei araa ma ɔnam telefon so frɛɛ me. Ɔkae sɛ mpɛn pii sɛ ɔfrɛ awofo wɔ telefon so a, na ɛsɛ sɛ ɔka adebɔne bi a abofra bi ayɛ ho asɛm kyerɛ wɔn nanso saa bere yi de, wafrɛ no sɛ ɔrebɛka sɛnea Peter tumi kenkan ade yiye ne sɛnea wɔn ani gye ne ho no ho asɛm. Ɔkae sɛ Peter nne kɔ soro na ɛba fam te sɛ nea nkurɔfo yɛ bere a wɔbɔ nkɔmmɔ no a n’ano ntotõ koraa. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ yɛn sɛ wabisa Peter sɛnea osuaa akenkan no ho asɛm na Peter akyerɛ sɛ Bible Mu Nsɛm nhoma no mu nsɛm a wɔakyere agu hama so no na ɛboaa no kɛse. Obisae sɛ ebia Peter betumi akenkan Bible Mu Nsɛm nhoma no nyinaa anaa, na mekae sɛ: ‘Yiw, obetumi.’

“Afei ɔkae sɛ ɔbɛfɛm yɛn cassette no na ama wɔahu sɛnea ɛsom bo. Dapɛn biako akyi no, ɔnam telefon so frɛɛ me na ɔkae sɛnea n’ani gyee cassette no ne nsɛm a eye a ɛwɔ so no ho kɛse ho asɛm kyerɛɛ me. Ɔkae sɛ n’ankasa pɛ cassette no bi efisɛ ɔde bɛkyerɛ ne wɔfasenom ade.”

So wunim abofra bi a obetumi asua akenkan anaasɛ obetumi ama n’akenkan anya nkɔso denam Bible mu kyerɛwtohɔ ahorow a obetie bere a ɔredi nsɛmfua mmiako mmiako a ɛwɔ nhoma a ɔrekenkan no mu akyi no so no? Awarefo a wofi Manitoba, Canada no kyerɛwee sɛ: “Yɛn ani agye boa a cassette no aboa yɛn no ho, na yɛkamfo kyerɛ awofo afoforo wɔ nokwarem sɛ wɔmfa nni dwuma.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena