Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g85 12/8 kr. 14-17
  • Metraa Ase Maa Nnwom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Metraa Ase Maa Nnwom
  • Nyan!—1985
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Tebea a Atwa Me Ho Ahyia
  • Nnwonto Adwuma a Midii Akyi
  • Biribi Tɔ Sin
  • Nea Na Mepɛ No Ankasa a Minyae
  • Nnwom Nyɛ ‘Nea Edi Kan’ Bio
  • To a Wɔde Nnwom Bɛto N’afa a Ɛfata
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • So Nnwom Betumi Apira Me Ankasa?
    Nyan!—1993
Nyan!—1985
g85 12/8 kr. 14-17

Metraa Ase Maa Nnwom

ME NNWOM ho nsɛm a mekae a edi kan no kɔ akyiri kodu me nanabea bere so. Na Kwasida biara ne fi hɔ na abusua mũ no nyinaa hyiam didi anwummere. Na wɔbɔ nnwom da mũ no nyinaa. Na ɛyɛ nnwom ahorow ahorow pii.

Bere a midii bɛyɛ mfirihyia awotwe no, misuaa sɛnea wɔbɔ sanku. Nanso esiane sɛ na m’ani nnye ho nti, ankyɛ na migyaee. Nanso wɔ saa mmere no mu no, sɛ mete sɛ kuw bi a ɛbɛn resua nnwom a ewurawura me nnompe nyinaa mu.

Wɔ mfe kakraa a edii hɔ no mu no, m’ani fii ase gyee pop ne rock nnwom ho. Te sɛ me bere sofo afoforo no, na radio no si so bere nyinaa. Afei mifii ase suaa sɛnea wɔbɔ sanku bio na ankyɛ na mifii ase bɔe wɔ akuw horow a ɛwɔ yɛn hɔ no mu. Yefii ase bɔɔ nnwom maa nkurɔfo sawee bere nyinaa wɔ yɛn mpɔtam hɔ. Saa bere no mu de na sanku kɛse no na mebɔ na ankyɛ na mifii ase totoo nneɛma ahorow a ɛho hia wɔ ho no nyinaa bi.

Saa bere koro no ara mu no, biribi foforo nso kɔɔ so wɔ me mu. Mifii ase huu asɔre no mu nyaatwom no bere a yɛne ɔsɔfo a ɔwɔ mpɔtam hɔ a na ɔno na ɔma yɛbɔ nnwom no bɔe no. Na minnim sɛ eyi bɛka m’asetra kɛse akyiri yi.

Tebea a Atwa Me Ho Ahyia

Saa bere a yɛde bɔɔ me rock ‘n’ roll no mu no, mituu akwan kakra ara yiye. Ahɔhodan ne agorudibea ahorow pii a na ɛwɔ New York kurom ne akyi no ma yɛbɛyɛɛ wɔn a wonni adagyew wɔ mfe kakraa bi mu. Nanso na tebea no nye. Nea na ɛwɔ hɔ ne ɔbrasɛe, nnubɔne a wɔnom, ne tebea a ɛma obi yɛ basaa kɛse.

Na yɛanya akyidifo kakra a wɔyɛ nnipa a wɔnom nnubɔne ahorow. Ná nnipa ko a wɔyɛ no mfa yɛn ho. Na wɔpɛ yɛn nnwom na yɛn ani gye ho nso sɛ wɔboa yɛn. Mekae anadwo bi a damfo bi de mmirika ne nteɛteɛm huruw fii agorudibea hɔ begyinaa yɛn anim. Na wanom LSD na na ɔrehwɛ yɛn bere a na yɛn nnwom no agye yɛn adwene, yɛn nipadua ne yɛn biribiara no. Na onhu nea ɔyɛ ne ho!

Ɛwom sɛ na nkurɔfo rehu yɛn kɛse na na yɛafi ase redi agoru ahorow de, nanso ade mũ no nyinaa maa meyɛɛ basaa. M’ani annye nnwom adwuma no ho. Na su bɔne ahorow a atwa me ho ahyia no fii ase kaa me na ɛma menom nnubɔne ahorow. Esiane eyinom nyinaa nti, m’asetra bɛyɛɛ awerɛhow. Enti mifii ase hwehwɛɛ nea na mete nka sɛ ɛbɛyɛ nnwom pa. Ɛno ne bere a mibehuu nnwom a wɔfrɛ no classical no.

Nnwonto Adwuma a Midii Akyi

Bere a mifii ase tiee classical nnwom no, mihuu biribi a ɛyɛ soronko. Wɔ bere a atwam no mu no, na yɛwɔ obu kɛse ma jazz dwontofo a otumi hyehyɛ nnwom yiye bere nyinaa, nanso wɔ classical nnwom mu no, na obi a otumi kyerɛw nnwom a wahyehyɛ gu krataa so nso ni. Bere koro no ara mu no, ɔde nnwonto mfiri afoforo dii dwuma wom. Odwontofo ankasa ni!

Afei de na mepɛ sɛ mede saa nnwom yi yɛ m’adwuma. Enti mekɔɔ ɔman ntoaso sukuu na mifii ase suaa nnwom ho ade. Ná afiri a wɔde bɔ nnwom a mepɛ ne bass sanku no. Na meresua akwan ahorow pii a wɔfa so bɔ nnwom. Metee nka sɛ afei de mafi ase resua biribi. Wɔ mfe kakraa a edii hɔ no mu no, mekɔɔ so ara yɛɛ eyi.

Afei misii gyinae foforo. Ampa, na merenya nkɔso, nanso metee nka sɛ metumi ayɛ nea ɛsen saa. Enti mebɔɔ me tirim sɛ mɛbɔ mmɔden akɔ sukuupɔn a wosua nnwom wɔ hɔ. Nanso na minim yiye sɛ metɔ sin kɛse wɔ nnwom ho nimdeɛ mu. Mamfi ase ntɛm. Wɔ nnwom ho asɛm a ɛfa eyi ho no mu de, wɔn a wɔma ɛtaa yɛ mmerɛw ma wɔn fi wɔn mmofraase no na wotumi de yɛ wɔn adwuma. Enti memaa bere a mede sua no dɔɔso kɔɔ nnɔnhwerew anan da biara.

Mekɔyɛɛ sɔhwɛ na wogyee me wɔ Manhattan nnwonsua sukuu a ɛwɔ New York no mu. Metee nka sɛ afei de metumi anya nkɔso sɛ odwontofo ampa. Memaa bere a mede sua no dɔɔso ma ekoduu nnɔnhwerew asia da biara. Na ɛyɛ nea anadwo ɔwɛmfo no taa bɛka kyerɛ me sɛ mentase me nneɛma nkɔ efisɛ ɔrebɛtow ɔpon no mu. Afei na na merekɔfa keteke akɔ fie, na adeyɛ koro no ara fii ase bio da a edi hɔ no.

Bere a bere kɔɔ so no, metee nka sɛ meresua biribi. Nanso misii gyinae sɛ mefi Manhattan nnwonsua sukuu no mu akɔ Juilliard Sukuu a ɛno nso wɔ New York Kurom no mu. Eyi yɛ sukuu a ɛwɔ din kɛse, ɛwom sɛ akansi honhom wɔ hɔ kɛse de. Enti ahohuru bere a edi hɔ no mu no, mekɔyɛɛ sɔhwɛ na wogyee me. Nanso bɛyɛ saa bere yi mu na biribi foforo sii wɔ m’asetra mu.

Biribi Tɔ Sin

Ɛne sɛ, wɔ saa bere yi nyinaa mu no na menom nnubɔne. Nanso, na asɛm no ne sɛ m’ani ankɔ so annye nnubɔne nom no ho kɛse. Eduu baabi a na nea edi mũ ankasa wɔ m’asetra mu nyinaa ne me nnwom no.

Ná mabɛyɛ ankonam nso a ɛkame ayɛ sɛ me nkutoo na mididi, me nkutoo na meda, na me nkutoo na mekɔ sukuu. Ɛkɔɔ so haw me kɛse. Me kan nnamfonom ba fie, nanso na mene wɔn ntumi nni nkitahodi mpo. Na mene nkurɔfo ntumi mmɔ bio.

Dɛn na metumi ayɛ? Na merehwehwɛ nea mepɛ no, nanso wɔ me mu de metee nka sɛ biribi tɔ sin. Mifii ase yɛɛ nhwehwɛmu wɔ apuei fam nyamesom ahorow no mu sɛ ebia ɛbɛma manya akwankyerɛ ne asomdwoe. Na merehwehwɛ nea mefrɛ no nokware no, nanso na nnipa no nyaatwomyɛ no dɔɔso na na nnipa pii nsusuw nokware ho kakra mpo. Enti mampɛ sɛ me ne wɔn bɛyɛ biribiara.

M’asetra kɔɔ so ara yɛɛ awerɛhow. Afei bere a masua bɔ da koro anadwo bi akyi no, metee nka sɛ biribi reyɛ ayɛ me. Ɛno ne bere a mebɔɔ Onyankopɔn mpae, sɛ́ ɔyɛ hena anaasɛ ɛhe na ɔwɔ no, mesrɛɛ no sɛ ɔmmoa me.

Nea Na Mepɛ No Ankasa a Minyae

Bere bi a atwam mu no, me nnamfo baanu ne Yehowa Adansefo benyaa nkitahodi. Me nnamfo no fii ase kaa nea na wɔresua no ho asɛm kyerɛɛ me, nanso na mempɛ sɛ mɛte ho asɛm biara! Bere a mihyiaa Yehowa Adansefo no mu biako no, ɔkaa Bible no ho asɛm kyerɛɛ me, na ɔde nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible no mu kyerɛɛ me, Nanso mibuu m’ani guu so te sɛ nea mfaso nni so sɛ wɔbɛkenkan.

Anwummere bi, bere a mebɔɔ mpae srɛɛOnyankopɔn mmoa no akyi adapɛn kakraa bi no, ná mifi sukuu reba fie bɛyɛ nnɔndubiako, na Tom, Ɔdansefo a na ɔne me kasa no de ne taxi faa me. Ofii ase kaa Bible no ho asɛm kyerɛɛ me bio, nanso mesɔre tiae denneennen. Wɔ me mu no, na minim sɛ nea ɔreka no yɛ nokware! Mibisaa nsɛm a emu yɛ den pii, nanso ɔde odwo maa me mmuae pɛpɛɛpɛ. Wɔ nnɔnhwerew anum akyi no na yɛda so ara te kar no mu rekyinkyin na yɛkɔɔ so kasae!

Bere a na yɛrekasa no, yaw nka a na mete wɔ mfe kakra a atwam no mu no fii ase kɔe. Mifii ase tee nea na Tom rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛka akyerɛ me saa asram no nyinaa mu no ase ankasa. Ebia ɛno bɛyɛ te sɛ nkate mu osuahu bi ara kwa, nso na ɛnte saa ankasa. Na ɛyɛ te a merete nokware ase, sɛnea ɛte no ankasa. Na nyansa wɔ nea Tom aka no mu ankasa. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔrekasa no, mihui sɛ adesamma antumi anni wɔn haw atitiriw no mu biara ho dwuma. Amammui, sikasɛm, anaa nyamesom nhyehyɛe a ɛwɔ wiase yi mu no mu biara nni hɔ a ebetumi de asomdwoe, anigye, akwahosan, ne nkwa a adesamma hia kɛse no aba. Nniso a Yesu kaa ho asɛm no nkutoo na ebetumi de eyi aba.​—Yeremia 10: 23; Mateo 6:9,10.

Afei nso Bible no adwene wɔ sɛnea Onyankopɔn ne nnipa di ho no hyɛ nkuran kɛse. Ɛnyɛ sɛnea obi te wɔ ani so no na ɔhwɛ na ɔmpɛ ɔman bi asɛm nsen afoforo. Nea ɛho hia ne nea ɛwɔ obi adwene ne ne koma mu.​—Asomafo no Nnwuma 10:34, 35.

Obu a mifii ase hui sɛ ɛwɔ Adansefo no mu no nso yɛ nea m’ani gyee ho kɛse. Enti mifii ase kɔɔ nhyiam ahorow wɔ wɔn Ahenni Asa horow no biako so. Na obiara a ɔwɔ hɔ asiesie ne ho fɛfɛɛfɛ na wuhu sɛ wɔapɔw nso. Mihuu hia a ɛho hia sɛ mema m’asetra yɛ nea ɛho tew na migyae nnubɔne nom no ntɛm ara. Ná ɛyɛ m’anigye kɛse sɛ mɛyɛ eyi, esiane sɛ me kan asetra kwan no amfa yiyedi biara ammrɛ me nti!

Nnwom Nyɛ ‘Nea Edi Kan’ Bio

Wɔ ahohuru bere mu akwamma no akyi no, mesan kɔɔ sukuu bio. Nanso na afei de mete nka soronko wɔ nneɛma ho. Na ɔpɛ a mewɔ sɛ menya nkɔso sɛ odwontofo no ano nyɛ den sɛ kan no bio. Afei de na minim sɛ pii wɔ asetra mu, ne sɛ nnwom rentumi nyɛ ‘nea edi kan’ wɔ m’asetra mu bio.

Mihuu Tom wɔ Ahenni Asa so da koro bi sɛ okura akwammisa krataa bi. Na ɛyɛ nea ɛbɛma ɔde ne ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Anigye a na ɔwɔ no boaa me ma mihuu nea na mepɛ wɔ asetra mu no ankasa. Na me nso mepɛ sɛ mede me bere nyinaa somYehowa, na maka nneɛma ahorow a ɛyɛ nwonwa a masua a ɛfa atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma wiase bɔne yi aba awiei na ɔde paradise nhyehyɛe foforo asi ananmu no ho asɛm akyerɛ afoforo.​—Dwom 37:10, 11, 29; Luka 23:43.

Mekae sɛnea m’agya yɛɛ n’ade wɔ me gyinaesi no ho nso yiye. Ɔde ne nsa pem ɔpon no so na ɔka kyerɛɛ me denneennen sɛ sɛ migyae sukuu a ɔbɛpam me afi fie. Nanso migyaee. Asram abien akyi no, wɔbɔɔ me asu de yɛɛ m’ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne, na ɛno akyi bere tiaa bi no, mede me ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Mfe bi akyi no, m’agya fi ɔdɔ mu too nsa frɛɛ me sɛ mensan mmra fie, bere a na wahu sɛ merenhinhim wɔ me bo a masi sɛ mɛsom Yehowa no mu no.

Afei hokwan foforo bue maa me. Mibisaa hokwan wɔ 1979 mu na wɔpenee so sɛ memmɛsom wɔ Yehowa Adansefo asafo no ti wɔ New York a wɔfrɛ no Betel (“Onyankopɔn fi”) no. Nokwarem no, ɛno yɛ bere a m’ani gyei sen biara wɔ m’asetra mu no biako. Na m’ani gye mmarima ne mmea anokwafo mpempem pii a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no ho. Afei de na manya hokwan sɛ mene wɔn bɛbom asom. Ná anka wɔn mu pii betumi akɔyɛ adwuma a akatua wom kɛse wɔ wiase yi mu nanso wɔapaw sɛ wɔbɛtra ɔbɔadeɛ no bere nyinaa som adwuma no mu mmom.

Oo, dabi, Betel som adwuma nyɛ mmerɛw! Manhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw nso. Egye obi ho a ɔde bɛbɔ afɔre kɛse. Adwuma a ɛho hia kɛse a ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔ hɔ, na ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho hyem nnam so.

Betel som adwuma ama mahu sɛ nokware anigye mfi nneɛma a obi ankasa pɛ a ne nsa ka mu na ɛba. Efi ɔbɔadeɛ a onim nea yehia na ama yɛanya nokware anigye no a wɔbɛsom no mu na ɛba. Meda so ara sua nnwonto no, nanso ɛyɛ bere a na mede yɛ saa kan no mu fã ketewaa bi pɛ. Afei nso, ɛtɔ bere bi a, mebɔ ma me nnamfo tie na minya hokwan nso sɛ me ne Adansefo nnwontofo kuw bi bɔ nnwom. Eyi ma mitumi bɔ nnwom nkakrankakra sɛnea mepɛ.

To a Wɔde Nnwom Bɛto N’afa a Ɛfata

Afotu bɛn na metumi de ama aberante anaa ababaa bi a n’ani gye nnwonto ho? Wiɛ, kae sɛ nnwonto yɛ biribi a egye bere a ɛsɛ sɛ obi a ɔde ne ho hyɛ mu no de ne ho nyinaa bɛma. Eyi mu no, ɛne yɛn Bɔfo no ne n’apɛde a wobɛyɛ si akane. Nnwonto betumi ayɛ te sɛ nyarewa. Ɛyɛ mmerɛw sɛ wode wo ho bɛhyɛ mu ma atra so. Mahu nnwontofo a wofii ase suaa Bible no nanso wogyaee esiane sɛ ɛhaw wɔn nnwonto adwuma no nti. Nnepa a wɔpow bɛn ara ni, bere a ɛnyɛ asomdwoe ne akomatɔyam nko na Onyankopɔn a wɔbɛsom no betumi ama wɔanya mprempren na mmom daa nkwa wɔ paradise asase so nnansa yi ara!

Nokwarem no, abɛyɛ nea mibu nwonto sukuu ahorow no sɛ nnɛyi asɔrefi ahorow a ɛhwehwɛ sɛ nkurɔfo de wɔn asetra nyinaa bɛma nnwonto. Nanso ɛno yɛ yɛ a wɔde yɛ onyame na akyinnye biara nni ho sɛ ɔbɔadeɛ no mpene eyi so. Ampa, nnwom yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ, nanso ɛsɛ sɛ wode to n’afã a ɛfata.

Afei nso kae sɛ nnwom ko a yɛbɔ anaasɛ yetie no ka yɛn wɔ ɔkwan pa anaa ɔkwammɔne so. Enti ɛsɛ sɛ yeyiyi mu. Ɛsɛ sɛ nnwom yɛ nea ɛho tew a ɛhyɛ nkuran, nanso ɛnnɛ, emu pii yɛ ɔbrasɛe de. Sɛ wopɛ sɛ wufi ase sua nnwom ho ade a, wubetumi de Yehowa Adansefo nnwom nhoma no adi dwuma. Nnwom pa ne nneɛma atitiriw a ɛho hia wɔ nnwonto mu nyinaa wom.

Onyankopɔn ama yɛn akyɛde a ɛyɛ nwonwa wɔ nnwom mu. Anigye nka a obi te wɔ ne mu wɔ adwuma bi a ɔyɛ no yiye ne atiefo a onya wɔn ma wɔde anisɔ tie no yɛ nea mfaso wɔ so. Nanso sɛ wobenya mu anigye yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde to beae a ɛfata​—Yɛn Bɔfo Kɛse, Yehowa, no som akyi.​—Sɛnea William Mullane ka kyerɛe.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]

Mifii ase hwehwɛɛ nea na mete nka sɛ ɛbɛyɛ nnwom pa

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 15]

Na me kan nnamfo no ba fie, nanso na mene wɔn ntumi nni nkitaho mpo

[Kratafa 16 mfoni]

M’ani gye ho ara sɛ mɛbɔ ama me nnamfo atie na ɛtɔ bere bi a minya hokwan ne Adansefo nnwomtofo kuw bi bɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena