Mmofra Bisa Sɛ. . .
‘So Marijuana Nom Betumi Asɛe M’akwahosan?’
Ɛte sɛ nea aduru a wɔde gugu ani so no boa no. Anyɛ yiye koraa no ɛma n’aniwa a ayɛ kɔkɔɔ no gyae kakra sɛnea ɛbɛyɛ a n’awofo renhu. Na sɛ wohu mpo a obetumi aka akyerɛ wɔn bere nyinaa sɛ wɔde chlorine pii gu nsu a woguare wom wɔ sukuu no mu. Ne hua no de, mama dan mu aduhuam no bɛma akɔ. Ampa, ɛtɔ bere bi a ɛhaw no sɛ da koro n’awofo behu marijuana a ɔde asie wɔ no dan mu no. Nanso ɔwɔ ɔhaw yi ano aduru: marijuana sigaret no bi a ɔbɛnom.
ABOFRA a ɔnom marijuana bu n’adeyɛ no sɛ biribi a ɛrempira no. Ɔtaa dwen senea ɛbɛyɛ a wɔrenhu n’adeyɛ yi ho pii sen nea ebetumi de aba n’adwene ne ne nipadua so no ho.
Nanso, nhwehwɛmu bi a Asoɛe a ɛhwɛ nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so ho nsɛm so wɔ United States yɛe no da no adi sɛ marijuana a wɔnom akɔ fam wɔ ntoaso sukuufo mu. Dɛn ntia? Ɛda adi sɛ ɛyɛ suro a wosuro sɛ marijuana betumi asɛe obi akwahosan nti.
Ɛwom, ɛnyɛ mmofra a wonnya nnii mfe aduonu nko na eyi ho asɛm haw wɔn. Wɔkyerɛ sɛ United States Oduruyɛfo Panyin no kae sɛ: “Mehyɛ nnuruyɛfo ne abenfo afoforo se wontu awofo ne ayarefo fo wɔ asiane kɛse a ɛwɔ marijuana nom mu no ho na wɔnka nkyerɛ wɔn ma wonnyaa nom.” Nanso so adanse ankasa wɔ hɔ a ɛkyere sɛ marijuana nom ye ‘ɔbonam mu fi?—2 Korintofo 7:1.
Sɛnea Ɛka W’ahrawa ne Wo Menewa
Bere a obi atwe wusiw a efi marijuana sigaret mu akɔ ne mu akyi simma kakraa bi no, efi ase kã no. N’anom ne ne menewam nyinaa yow, n’aniwa yɛ kɔɔ—na nea ɔnom no taa nya anigye wɔ bere tiaa bi mu. Nanso bere a wɔahwehwɛ nhwehwɛmu ahorow mpempem pii a ɛfa asɛm no ho mu akyi no, Aduruyɛ Sukuu a ɛwɔ United States no kae sɛ “ɛsɛ sɛ ɔman no ma ɛyɛ n’ahiasɛm kɛse” sɛ wɔn a wɔnom marijuana no betumi anya emu anigye a wonya no so akatua kese.
Susuw w’ahrawa ho. Wɔn a wɔpene marijuana nom so kɛse no mpo gye tom sɛ wusiw a wotwe kɔ wo mu no rentumi nyɛ nea eye ma wo. Te sɛ wusiw a efi tawa mu no, nneɛma ahorow bi wɔ marijuana wusiw mu a ete sɛ ama. Nanso, ebinom ka sɛ esiane sɛ wɔn a wɔnom marijuana kɛse no mpo nto wɔn a wɔnom tawa no nti, asiane a ɛwom no nyɛ kɛse.
Nanso David a na kan ɔnom marijuana no ka sɛ: “Manom sigaret ne marijuana pɛn, na ɛyɛ nea mɛka se marijuana pira ahrawa kɛse esiane ɔkwan a wɔfa so twe marijuana wusiw no kɔ wɔn mu no nti. Nnipa a wɔnom sigaret no mu pii twe wusiw no gyina wɔn anom na afei wɔmene ɛne mframa a ɛbɛtra mu no. Wɔntwe wusiw a efi sigaret no mu no nkɔ wɔn ahrawa ho tẽe, nanso saa na wɔna wɔnom marijuana no yɛ. Ná yɛtaa twe marijuana wusiw no kɔ yɛn mu na afei yɛma owusiw no gyina yɛn ahrawa ho bere tenten a yebetumi. Ɛne sɛ, marijuana no bo yɛ den, enti na yɛpɛ wusiw a yebetumi anya afi mu no nyinaa!”
Ɔbenfo Forest S. Tennant, Jr., bisabisaa United States asraafo 492 a na wɔnom marijuana nsɛm. Wɔn mu ɔha biara bɛyɛ 25 “menewam wɔ kuru esiane marijuana nom nti, na wɔn mu ɔha biara mu bɛyɛ 6 bɔɔ amanneɛ sɛ wonyaa ahrawa mu yare bi.” Wɔ nhwehwɛmu foforo mu no, Tennant ne n’ahokafo bisabisaa nnipa a wɔnom marijuana 30 nsɛm. Wohui sɛ eyinom mu 24 wɔ ahrawa mu yare bi “a ɛte sɛ akisikuru mfiase.” Ampa, obiara rentumi nka no pɔtee sɛ saafo yi benya akisikuru yare. Nanso hena na ɔpɛ sɛ ɔyɛ sɛ aborɔfo atwaboa a wɔde no yɛ akisikuru yare ho nhwehwɛmu?
Bible no kyerɛ sɛ Onyankopon ‘ma nnipa nyinaa nkwa ne ɔhome.’ (Asomafo no Nnwuma 17:25) So ɛbɛyɛ obu a wokyerɛ ma Nkwamafo no sɛ wobɛtwe biribi a ɛsɛe ahrawa ne menewa no akɔ wo mu?
Marijuana ne W’amemene
Wɔ Ɔsɛnkafo 12:6 no, wɔfrɛ onipa amemene no wo anwensɛm mu sɛ “sika toaa.” W’amemene a ne kɛse sen wo kotoromoa kakra na emu duru yɛ nkaribo abiɛsa pɛ no nyɛ nea nneɛma ahorow a wokaakae nko na ɛwom, na mmom ɛno na edi wo hon nkwaadɔm no nyinaa so nso. Nanso Aduruyɛ Sukuu no bɔ kɔkɔ sɛ: “Yebetumi de ahotoso aka sɛ marijuana nya amemene no so tumi kɛse, a nsakrae afoforo nso ka ho.”—Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.
Ɔkwan a aduru no fa so di dwuma wɔ amemene no mu no yɛ nea wonnya nhu nwiei. Saa ara na adanse a edi mu nni hɔ a, ɛkyerɛ sɛ marijuana ma adwene no sɛe koraa. Oduruyɛfo Robert Heath ayɛ nhwehwɛmu ahorow a emu na ɔmaa nkontromfi marijuana a ɛdɔɔso no. Nhwehwemu a ɔyɛe wɔ nkontromfi no amemene ho daa amemene no nkwaboaa a asɛe adi. Nanso wɔakasa atia Heath nhwehwɛmu no sɛ ɛyɛ nea ɛnkɔ akyiri (wɔkyerɛ sɛ nkontromfi anan pɛ na ɔyɛɛ saa nhwehwɛmu no wɔ wɔn ho) na enni nyansahu tumi biara. Nanso sɛnea Aduruyɛ Sukuu no gye tom no, ba a ebetumi aba sɛ marijuana bɛma “sika toaa” no asɛe no nyɛ nea ɛsɛ sɛ wobu no adewa.
Awo Mu Dɛmdi?
Ebia ɔwofo a wobɛyɛ no bɛyɛ te sɛ nea ɛwɔ akyirikyiri mprempren. Nanso ebetumi aba sɛ wubesusuw kwan a worehwɛ sɛ wobɛware na woawo mma no ho kakra. So marijuana nom betumi de ɔhaw ahorow bi aba wo mma a wunnya nwoo wɔn no so? Nhwehwɛmufo kyerɛ sɛ ebetumi aba saa.
Nhoma a wɔfrɛ no sɛ Marijuana Effects on the Endocrine and Reproductive Systems bɔ amanneɛ sɛ ɛte sɛ nea marijuana ma nkura a wɔyem no yafunu no sɛe ankasa. Ɛte sɛ nea aduru no brɛ wɔn a wɔyɛ mmarima no awo mu ahoɔden bi ase. Ampa, onipa nyɛ akura. Nanso, nhwehwɛmufo ka sɛ: “Nhwehwɛmu ahorow [marijuana] a ɛfa onipa ho asɛm ho yɛ nea ɛne nea ɛfa mmoa ho nhwehwɛmu ahorow ho no taa hyia.” Sɛnea ɛka awo nkwaadɔm no anaasɛ asiane a ɛyɛ wɔ ho yɛ nea wonnya nhu nwiei. Nanso nhwehwɛmufo bɔ kɔkɔ sɛ marijuana taa yɛ nea asiane kɛse wom ma mmaabun efisɛ wɔn awo nkwaadɔm no da so ara renyin.
Aduruyɛ Sukuu no bɔ amanneɛ bio sɛ marijuana yɛ nea wonim sɛ “ɛde awo mu dɛmdi ba bere a wɔde pii ma mmoa a wɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ wɔn ho no.” Ampa, “wɔnhyɛɛ da nyɛɛ nhwehwɛmu a ɛkyerɛ sɛ marijuana a wɔnom betumi apira abofra a ɔwɔ awotwaa mu no.” Nanso, “sɛnea marijuana de nkakrankakra ka abofra a wɔwo no no yɛ nea ebia nhwehwɛmu ahorow a wɔayɛ abedu saa bere yi no remma wontumi nhu.” (Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.) Eyi te saa efisɛ awo mu dɛmdi ntaa nna ne ho adi ntɛm ara bere nyinaa.
Sɛ nhwɛso no, mfe bi a atwam mu no na nnuruyɛfo de aduru bi ma de siw ɔpɔn ano. Na ɛte sɛ nea mmofra a ɛnanom a wɔde aduru yi dii dwuma woo wɔn no wɔ ahoɔden ara yiye. Nanso, wɔ mfe bi akyi no, bere a saa mmofra no nyinyinii no, akisikuru yeyɛɛ mmea no binom. Saa ara na ebetumi agye mfe pii ansa na wɔahu sɛ marijuana de awo mu dɛmdi ba. Nanso Adnruyɛ Sukuu no gye tom sɛ “hon nkwaadɔm no mu nneɛma a ɛnkɔ so yiye ne nneɛma afoforo a ɛkeka ho betumi ayɛ nea ɛwɔ hɔ ampa” a efi marijuana a awofo binom nomee nti.
Enti Oduruyɛfo Gabriel Nahas ka sɛ marijuana nom betumi ayɛ nea asiane wom wɔ awo mu. So obi a obu mma sɛ “[Yehowa] agyapade” betumi ayɛ biribi a ɛte sɛɛ?—Dwom 127:3.
“Biribiara Nni Hɔ a Ɛte Sɛ Ɛno”
Ntease pii wɔ hɔ a enti ɛnsɛ sɛ wɔnom marijuana. Bible no se, “Mmerante anuonyam ne wɔn ahoɔden.” (Mmebusɛm 20:29) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wode ahoɔden a ɛte sɛɛ a wobɛtow akyene di agoru esiane aduru a ɛte sɛɛ a wobɛnom nti?
Nhoma a wɔfrɛ no Self-Destructive Behaviour in Children and Adolescents no ka sɛ nnuru a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so yɛ “biribi a ɛma mmofra pii nya bere tiaa mu anigye no mu biako; ebetumi ayɛ ɔkwan a huammɔdi nni mu a wɔfa so sɛe nkwa, a wɔ ɔkwan foforo so no mfaso nni so.” Nanso akwan horow a asiane nni mu kɛse a wɔfa so ma asetra yɛ nea atirimpɔw wom wɔ hɔ. Obi a na anka ɔnom marijuana ka sɛ: “Ɛho nhia sɛ mɛnom abow bio. Mahu nokware no na mene Yehowa Nyankopɔn abenya abusuabɔ—na biribiara nni hɔ a ɛte sɛ ɛno.”
Enti sɛ́ wobɛsɛe wo nipadua mmom no, yɛ nea ɛbɛma wone Onyankopon ntam abusuabɔ yi anya nkɔso! Ɛnyɛ nea ne yɛ yɛ den pii. Nokwarem no. Onyankopɔn hyɛ wɔn a wofi ahonim mu ‘hohoro wɔn ho fi honam ne honhom mu fi nyinaa mu’ no saa bɔ yi: “Na me nso magye mo, na mayɛ mo agya.” (2 Korintofo 6:17-7:1) Wo nso sɛ woba benya Onyankopɔn adamfofa mu anigye a, wubehu sɛ biribiara nni hɔ a ɛte sɛ ɛno!
[Kratafa 17 mfoni]
So marijuana a wobɛnom fata ɛho asiane no?
AWO NKWAADƆM A ƐSƐE
AHRAWA MU AKISIKURU
Amemene a Ɛsɛe