Bible No Adwene
Nsoromma Mu Hwɛ—-So Ɛboa anaasɛ Ɛyɛ Nea Asiane Wom?
ƆYERE a ɔwɔ fie de “Wo Nsoromma” afã a ɛwɔ atesɛm krataa mu no a ɔbɛkenkan na efi ne da biara da adwuma no ase. Ɔdetɔnfo frɛ ne nsoromma mu hwɛfo wɔ telefon so ansa na wafi aguadi ase. Kyakyatowfo de ne nsa biako mia ne sika so a nea ɛhyɛ biako a aka no mu ne nhoma a wɔfrɛ no How to Play the Horses Horoscopically no. Agumadi mu abenfo, amansɛmdifo, ne afoforo pii hwɛ wɔn nsoromma mu ansa na wɔasi gyinae.
So faako a nsoromma ahorow, okyinsoromma ahorow, ɔsram ne owia no wɔ bere a wɔrewo obi, sɛnea nsoromma mu hwɛfo ahyehyɛ no kã w’asetra? Ɛnnɛ nnipa ɔpepem pii gye di sɛ ɛte saa. Enti ebia wubebisa se:
So Nsoromma Mu Hwɛ Yɛ Nea Ɛboa Ankasa?
Wɔn a agye wɔn ti no bua sɛ yiw. Dɛn nti na wɔte nka saa? Obi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mehwɛ me nsoromma mu da biara na meka sɛ nsɛm a wɔka kyere me no mu ɔha biara mu 80 yɛ nea ɛba mu saa.” Yiw, wɔte nka sɛ wonya wɔn haw ahorow no ho mmuae anaasɛ anyɛ yiye koraa no ɛho akwankyerɛ wɔ nsoromma mu hwɛ no mu.
Nanso, so nsoromma mu hwɛ ho asɛm a ɛwɔ atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma ahorow mu no boa ankasa? Hyɛ nea nsoromma mu hwɛfo kɛse Alexandra Mark kyerɛwee wɔ nhoma Astrology for the Aquarian Age no mu no nsow: “Ɛkame ayɛ sɛ nsoromma mu hwɛ yi . .. nyɛ nea ebetumi afa obi ho ankasa gye sɛ ɛyɛ nea ɛne no hyiae ara kwa. Nanso yɛrentumi mmu ani ngu nyansahyɛ tumi no so.” Gyina na susuw ho, so wobɛpɛ sɛ sesɛkwasɛm anaasɛ nyansahyɛ tumi ara kwa na ɛkyerɛ w’asetra kwan?
Ebia wubebisa sɛ, ‘So obi ankasa nsoromma mu a ɔhwɛ a egyina bere pɔtee ne beae a wɔde woo no so no nyɛ nea ɛyɛ nokware?’ Ɛda adi sɛ gyidi a ɛte sɛɛ gyina adwene a ɛne sɛ ɔkwan bi so no, ɔsoro abɔde wɔ tumi kɛse bi wɔ nnipa asetra so no so. Nanso esiane ɔkwan kɛse a ɛda okyinsoromma ahorow none asase ntam no nti ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi ayɛ nokware? Nyansahufo ada no adi sɛ ɔsoro abɔde no wɔ tumi wɔ ankorankoro so mpo a, ɛyɛ ketewa bi a wommu ho akontaa. Nokwarem no, ntease a na nsoromma mu hwɛ gyina so a ɛne sɛ asase yi na ɛyɛ yɛn amansan no mfinimfini ne sɛ owia ne okyinsoromma ahorow no twa ho hyia no yɛ atoro.
Bere a boa a nsoromma mu hwɛ tumi boa no yɛ nea asɛm wɔ ho no, ɛbɛyɛ nea eye sɛ yebebisa asɛm a ɛho hia kɛse yi:
So Nsoromma Mu Hwɛ Betumi Ayɛ Nea Epira?
Yiw, ebetumi. Sɛ wokenkan nsoromma mu hwɛ ho asɛm a ɛwɔ atesɛm nkrataa mu no a, gyinae pa a wutumi si yɛ nea ebefi hɔ, anaasɛ sɛnea ɔsoro abɔde ho ɔdenimfo Roger Culver ka no: “Asiane no ne sɛ wubetumi de ɛho asodi no ato obi so—nsoromma no na ɛma meyɛe.” Ampa, ebia obi bɛkenkan afã yi wɔ atesɛm nkrataa mu de agye n’ani ara kwa, nanso fa no sɛ asɛm bi a esii wɔ n’asetra mu ne nea ɔkenkanee wɔ ne nsoromma ho no ahyia. So eyi rentumi nnaadaa no wɔ anifere kwan so mma onnye nni sɛ nokware bi wɔ nsoromma mu hwɛ ho asɛm no mu? So ɛrensɔ no nhwɛ mma ɔmfa ne ho nhyɛ nsoromma mu hwɛ mu kɛse?
Sɛ saa a, ɛnde biribi a anibere wom kɛse betumi asi. Biribi a na mfiase no ɔreyɛ ahwɛ kwa a ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho no betumi adan adeyɛ a ebu nea Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn aka so. Yehowa Nyankopɔn ka kyerɛɛ tete Israelfo no sɛ okyi abosonkɔm nyinaa a nsoromma mu hwɛ nso ka ho.
Ɛrekyerɛ aniberesɛm a asɛm no yɛ no, Bible no se: “Sɛ wohu wo mu, wo nkurow a [Yehowa] wo Nyankopɔn de rema wo no biara mu ɔbarima anaa ɔbea bi a ɔyɛ nea enye [Yehowa Nyankopɔn ani so bu apam so, na ɔkɔ kɔsom anyame foforo sɔre wɔn, anaa owia anaa ɔsram anaa ɔsoro asafo a mabara no mu biara, na wɔka kyerɛ wo na wote a, ɛnde pɛ mu yiye; na sɛ wuhu sɛ ɛyɛ nokware, na asɛm no wom sɛ wɔayɛ saa akyide yi wɔ Israel a, ɛnde fa ɔbarima anaa ɔbea a wodii saa asɛmmɔne yi fi adi kɔ kurow apon ho, ɔba- rima oo, ɔbea oo, na siw wɔn abo ma wonwu.”—Deuteronomium 17:2-5.
Dɛn nti na Onyankopɔn kyi owia, ɔsram ne nsoromma a wɔde yɛ sɛnkyerɛnnede no? Nea edi kan no, etia n’atirimpɔw nti a ɔbɔe no. (Genesis 1:14-18) Ɔbɔadeɛ no na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ yɛn kwan na ɛnyɛ n’abɔde. (Romafo 1:25) Nea etia abien no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nya afã titiriw bi wɔ yɛn asetra mu. Ɛnsɛ sɛ ɔne nnipa anaa ade foforo bi kyɛ ɔsom a yɛde ma no no. (Deuteronomium 4:24) Obi betumi de ne ho ato nsoromma mu hwɛ so araa ma abɛyɛ ɔsom ama no. Nea ɛto so abiɛsa no, ebetumi ama obi de ne ho ahyɛ ahonhonsɛmdi mu. Na ne ho a ɔde hyɛ ahonhonsɛmdi mu no betumi ama tumi a ɛsen onipa de a ɛhyɛ ahonhonsɛmdi akyi—adaemone no—anya obi. (Fa toto Deuteronomium 18:9-12; Yesaia 47:12-14; Asomafo no Nnwuma 16:16-18 ho.) Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nhyɛ nsoromma mu hwɛ mu no, Onyankopɔn ma yɛn biribi a eye:
Akwankyerɛ a Ɛsen Biara
Yehowa Nyankopɔn de n’Asɛm Bible a wotumi de ho to so bere nyinaa no ama. Ɔka kyerɛ yɛn sɛ: “Saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: Gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.
Nanso egye mmɔdenbɔ wɔ yɛn fam na yɛde ahwehwɛ Onyankopɔn Asɛm no mu ahu afotu titiriw no. Saa na ɔhene Salomo onyansafo no yɛe. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na eyi nyinaa na mede mehyɛɛ me komam, na mipee eyi nyinaa mu, sɛ atreneefo ne anyansafo ne wɔn nnwuma wɔ Onyankopɔn nsam.” (Ɔsɛnkafo 9:1) Sɛ́ wobɛma nsoromma mu hwɛfo nsɛm a wontumi mfa ho nto so akyerɛ wo kwan no, nya ahotoso wɔ Yehowa Nyankopɔn akwankyerɛ a enhinhim no mu mmom.