N’ani Afura Nanso Otumi Yɛ Biribiara
NÁ MEYƐ abarimaa a madi mfe du a mewɔ Ecuador bere a ɛbaa saa no. Wɔ asiane bi a menhwɛ kwan mu no, me nsa nifa ne m’ani nifa no nyinaa sɛee. Ɛkaa m’ani benkum no nso, nanso oprehyɛn a wɔyɛe no maa ɛno huu ade kakra.
Afei m’ani a na eye no fii ase sɛee nkakrankakra. Bere a mema wɔhwɛe no, wɔka kyerɛɛ me sɛ m’ani befura koraa wɔ asram kakraa bi ntam. Ɛhaw me kɛse. Merentumi nka sɛnea ɛmaa m’aba mu bui no ho asɛm.
Saa bere yi ara mu na m’agya wu gyaw mmarimaa baanu guu me na nkutoo so: me nua Eddie a ɔsen me mfe abien no ne m’ankasa. Ɔdɔ a me na yii adi ne ntease a me nua Eddie nyae no boaa me ma migyinaa ano kakra. Nanso metee nka sɛ meyɛ adesoa ma wɔn. Enti misii gyinae sɛ bere biara a me na bewu no, me nso mekum me ho.
Efi bere a midii mfe 28 kosi 30 no yɛɛ nea emu yɛ den sen biara. Adwennwene tɔɔ me so nna bebree a na merehwehwɛ adwuma bi ayɛ. Nanso na mmuae koro no ara na minya bere nyinaa: Sɛ obi betumi ayɛ adwuma a, ne nsa abien ne aniwa ho bia. Na me na taa ka kyere me sɛ: “Bɔ Onyankopon mpae na ɔnkyekye wo were.”
Na mede awerɛhow ka se, “Sɛ Onyankopon wɔ hɔ a, anka me nsa anaa m’aniwa rensɛe! Bɔne bɛn ara na meyɛe bere a madi mfe du no a enti ɛsɛ sɛ Onyankopɔn de dɛmdi a ete sɛɛ twe m’aso?” Sɛnea na ɛte bere nyinaa no na nkɔmmɔbɔ ahorow a ete sɛɛ ma me na su na eyi ma midii awerehow kɛse mmom.
Bere a na meresusuw me tebea no ho no, mekae sɛ. ‘Sɛ mewɔ gyidi a anka merenni awerɛhow pii saa.’ Ɛno ma misii gyinae sɛ mɛkɔ asɔre bi a na ɛbɛn yɛn fie no. Wɔmaa me nhoma ahorow bi sɛ memma me nua Eddie nkenkan nkyerɛ me. Eyi amma mannya awerɛkyekye biara. Afei mesrɛɛ wɔn sɛ wɔmma me Bible, na wɔde biako fɛm me. Bere a na Eddie rekenkan akyerɛ me no, metee ahotɔ kɛse nka wɔ me mu, ɛwom sɛ na mente nea ɛreka no ase yiye de. Nanso wɔ bere tiaa bi akyi no, na ɛsɛ sɛ mesan de Bible no kɔ.
Hann a Edi Kan a Mihui
Ɛno akyi bere tiaa bi no mekɔsraa m’adamfo bi a na ɔne nnipa bi a na misusuw sɛ wɔyɛ Protestantfo resua Bible no. Saa ɔbea yi a wɔfrɛ no Beatriz no pɛ nnipa asɛm yiye na ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde me bɛka nkɔmmɔbɔ no ho, nanso m’ani annye ho. Na mibu Protestantfo sɛ wɔyɛ kapitalistfo adwumayɛfo a wosisi afoforo. Nã meyɛ komunist amanyɛkuw a ɛwɔ Ecuador no muni saa bere no.
Na Beatriz yɛ Yehowa Adansefo no mu biako enti sɛnea meyɛɛ m’ade no anhaw no. Ɔne me kɔɔ so ara bɔɔ nkɔmmɔ wɔ ayamye mu. Nokwarem no. ɔde n’address maa me na ɔka kyerɛɛ me sɛ, sɛ minya asemmisa bi a menkyerɛw no. Eyi akyi no, ankyɛ na mede nsemmisa bi kɔɔ ne nkyɛn wɔ ne fi.
Ná Beatriz nni fie nanso ne sewaa Castorina a ɔno nso yɛ Yehowa Adansefo no mu biako no de anigye kɛse gyee me. Bere a ɔbɔɔ Onyankopon din kyerɛɛ me no. mekae sɛ mibuae sɛ, “Minnye biribiara nni, minnye Onyankopɔn anaa ɔbaabun no anaa akronkronfo no nni; na sɛ megye adi a, ɛsɛ sɛ mudi ho adanse!” Mifii ne fie hɔ a na ne mmuae ahorow noama me ho adwiriw me na abrɛ me ɛse, na mehyɛɛ bɔ sɛ mɛsan aba ma yɛayɛ Bible adesua.
Yefii ɛse de “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” nhoma no suaa Bible no wɔ January 1965, mu. Mekae sɛ mibisae sɛ, “Munya nsɛm a mubisa me no nyinaa fi he?” Beatriz ne ne sewaa no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔatintim nsemmisa ahorow wo nkratafa no ase no, eyi yɛ nea woahyɛ da ayɛ na ama nkyekyem ahorow no mu nsɛntitiriw no ada adi. Eyi yɛɛ ɔhaw maa me. Mɛyɛ dɛn adi kan asiesie me ho ama adesua no? Nokwarem no, na me ho pere me, na masi me bo sɛ mesua. Enti mesrɛɛ me nua Eddie sɛ ɔkenkan no den nkyerɛ me bio.
Wɔ nea edi kan wɔ mfe 20 mu no, mifii ase huu “hann,” dabi, enye m’ani na mede hui, na mmom m’aso na mede yɛe saa. Mekaa nneɛma afoforo a meresua no ho asɛm kyerɛɛ obiara. Bere a yesuaa “Ma Onyankopɔn Nyɛ Ɔnokwafo” nhoma no wiei no, na migye ade biako di: Onyankopon wɔ hɔ!
Saa bere yi mu na mifii ase yɛɛ biribi a anka merenso dae da se meyɛ bi no—sɛ́ mefi adi akɔka Bible no ho asɛm akyerɛ afoforo! Bere a yɛrekɔ afie afie da koro bi no, ɔbea bi kae sɛ, “Mesrɛ mo monkɔkasa nkyerɛ Doctor no.” Na merehwɛ obi a ɔyɛ Oduruyɛfo kwan. Nanso hwɛ me ho ara a edwiriw me sɛ yehyiaa Katolekfo sɔfo bi a ɔka kyerɛɛ yɛn sɛ yɛnsan mmra saa da no anwummere esiane se onni adagyew saa bere no nti no.
Ɔsɔfo no gyee yɛn fɛw so saa anwummere no. Mifii ase bisaa no sɛ, “So yebetumi de Bible no adi dwuma?” Ɔkae sɛ yiw. Yɛkaa Hell gya nkyerɛkyerɛ no ho asɛm. Wɔ yɛn nkɔmmɔbɔ no mfiase no ɔde ahotoso kae sɛ obetumi afi Bible no mu akyerɛ sɛ Heli yɛ beae a ogya dɛw a wɔyɛ nkurɔfo ayayade wɔ hɔ. Yɛkaa ho asɛm nnɔnhwerew abien na wantumi amfi Bible mu ankyerɛ eyi. Yɛkɔɔ so ara susuw eyi ho wɔ adapɛn abiɛsa a edi hɔ no mu.
Da koro bi a yɛkɔɔ hɔ no ɔkae sɛ “Afei de metumi akyerɛ mo wɔ Bible no mu sɛ daa ahoyeraw wɔ ogya mu wɔ hɔ. Wɔ Mateo 25 no, Yesu ka kyerɛɛ mpapo no sɛ, ‘Mumfi nkɔ daa ogya a wɔasiesie ama ɔbonsam ne n’adaemone no mu.’”
Mibuae sɛ: “Nanso sɛ ogya no yɛ nea wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’adaemone a, dɛn nti na wususuw sɛ wɔtow mmoa a wɔyɛ mmɔbɔ yi nso gu ogya no mu ka wɔn ho?
Obuae sɛ, “Oo, na sɛ mpapo a wɔbɔɔ wɔn din no nyɛ mmoa ankasa. Wɔyɛ nnipa abɔnefo ho sɛnkyerɛnne.”
Mibuae sɛ, “Ɛnde ɛsɛ sɛ ogya no nso yɛ sɛnkyerɛnne.”
Awiei koraa no, ogye toom sɛ: “Ebia yɛrentumi mfi Bible mu nkyerɛ sɛ hell yɛ beae a wɔyɛ ayayade de, nanso yebetumi afi nyansapɛ mu asi so dua.” Nea ɛkosii ara nen! Ɛdaa adi pefee maa me sɛ, onni nokware no.
Akyiri yi biribi a ɛte saa ara sii bere a me ne Protestantfo ɔsɛmpatrɛwfo bi kasae no. Me ne no susuw Baasakoro nkyerɛkyerɛ no ho. Bere a yɛabɔ ho nkɔmmɔ bere tenten akyi no, ogye toom sɛ: “Bible no ka sɛ Agya no yɛ kɛse sen Ɔba no, nanso mepɛ sɛ mɛkɔ so ara agye adi sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn.” Nea mepɛ ne sɛ megye Bible no adi! Afei de na minim sɛ mahu nokware no. Wɔbɔɔ me asu sɛ Yehowa Adansefo no mu biako wɔ September 25, 1965 mu.
Afoforo a Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn Mu Anigye
Minyaa anigye kɛse wɔ afoforo a wɔkyerɛkyerɛ wɔn Bible no mu na mifii ase de bere pii yɛɛ eyi. Ɛwom, na ɛyɛ nea ɛho hia sɛ obi ka me ho na ɔkenkan kyerɛw nsɛm ahorow no wɔ Bible no mu ma me. Sɛnea na ɛtebere nyinaa no na me nua Eddie boa me ma midi kan siesie me ho ne ɔkenkan nhoma ahorow no den kyerɛ me.
Mebɛyɛɛ daa ɔkwampaefo (bere nyinaa ɔsɛnkafo) wɔ April 1966 mu. M’ani gyee kɛse sɛ mede me nkwa redi dwuma wɔ ɔkwan a ɛsom bo sɛɛ so! Asram anan akyi no, me nua no waree ne ɛno akyi bere tiaa bi no. wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛyɛ ɔkwampaefo titiriw a ɔde nnɔnhwerew 150 ka asɛmpa no ɔsram biara. Nanso meyɛ den atumi ayɛ? Meyɛ dɛn na me nkutoo atumi ayɛ Bible adesua? Bere a wotintim Nokware a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no wɔ 1968 mi no, misuaa atiri 22 no nyinaa mu nsemmisa no ho mmuae guu me tirim.
Mitumi de nhoma no kyerɛkyerɛɛ afoforo wɔ saa kwan yi so. Afei nso misuaa nsemmisa ahorow a ɛwɔ Bible sua nhoma afoforo pii a Ɔwɛn Aban Asafo no atintim no mu no mmuae guu me tirim. Bere a woyii Me Nhoma a ɛka Bible Mu Nsɛm a mfonini fɛfɛ ahorow wom no adi wɔ 1978 mu no, misuaa nkratafa ahorow a mfonini ahorow no wɔ guu me tirim ntɛm ara.
Afei bere a woyii Wobetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So nhoma no adi wɔ 1982 mu no, mefaa ɔkwan a ɛte saa ara a mede kyerɛkyerɛ no so. Minhuu mfonini ahorow no da nanso minim ne nyinaa ho asɛm wɔ me tirim a ɛma mitumi kyerɛkyerɛ mu bere a merekyerɛkyerɛ afoforo no. Sɛ mede nhoma no redi dwuma a, mekan nkratafa ahorow no kosi mfonini bi so na afei mekyerɛkyerɛ mu. Ɔkwan a mefa so yi ma ɛyɛ mmerɛw ma me sɛ mɛyɛ Bible adesua denam nhoma yi mmoa so.
Bere a mifii akwampaefo titiriw adwuma no ase no, misii gyinae Sɛ mɛbɔ mmɔden anya me nua Eddie ma me ne no ayɛ Bible adesua daa. Ɔpenee so, ɛwom se na ɛnyɛ nea n’ani gye ho kɛse de. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ ɛkame ayɛ sɛ wante nea na ɔde boasetɔ kenkan kyerɛ me bere nyinaa yi mu biara ase. Mibisaa no da koro bi sɛ, “Eddie ɛyɛɛ dɛn na Bible no ho asɛm kakraa bi na wunim yi, bere a wode bere tenten akenkan akyerɛ me no?” Mmuae a ɔde maa me sɛ ɔyɛɛ saa de boaa me ara kwa no ma mihuu onua pa a na mewɔ no kɛse. Nanso ankyɛ na ofii ase huu bo a Bible mu nokware ahorow no som no na onyaa nkɔso wɔ honhom mu nkakrankakra.
Asiane no Nsɛnnennen Ahorow
Sɛnea wubetumi ahu no, obi a n’ani afura nso wɔ ne haw ahorow. Ɛdɛn, mmere pii wɔhɔ a ɛkaa kakraa anka mehweree me nkwa esiane eyi nti! Sɛ nhwɛso no, na menam rekɔ fie anwummere bi bere a metee sɛ mapem ɔbarima bi. Ɔde abufuw siw me kwan. Mpofirim ara metee biribi a ɛyɛ den nka wɔ m’abati so. Na mama m’atade no kɔn so agyina hɔ esiane awɔw no nti na ɛno amma mantumi ankyerɛ ade ko a ɛyɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ meyi me ho ano sɛ meyɛ onifuraefo.
Nanso na ɔbarima no abow, na wantie me. Metee nka sɛ wama dekode no so afi m’abati so na ɔde nne a ɛyɛ hu kae sɛ, “Afei aka dɛn?” Memaa me ti so bisae se, “Dɛn?” Ɛda adi sɛ eno ma ohui se m’ani afura ampa na ne nne a ɔde rekasa no sakrae. Ɛno ansa na mihu asiane a na miwom no. Ade a ɔde too m’abati so no yɛ nkrante. Na nea aka ne sɛ obetwa me ti afi so! Mansuro efisɛ na minhu asiane a miwom no. ɔbarima no kɔe na mesan kɔɔ fie asomdwoe mu.
Nsɛnnennen afoforo wɔ hɔ, nanso eyinom nyinaa ama mahu sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa. Ebeduu saa bere yi no na m’abusua no mufo ayɛ baason—me na, me nua Eddie, ne yere ne ne mma baasa no ne me. Esiane sɛ na adwuma ho yɛ den nti, na ɛsɛ sɛ Eddie kɔyɛ adwuma wɔ kurow foforo bi so a yɛn nyinaa ka ne ho. Nanso ɛhɔ na adwuma ho ɔhaw no kɔyɛɛ kɛse. Eddie adwuma no fii ne nsa a wanyɛ adwuma bɛyɛ afe biako.
Nea eye ne sɛ mitumi kɔɔ so ara yɛɛ akwampae titiriw adwuma no. Da koro mpo nni hɔ a yɛannya aduan ne ntade a yehia. Hwɛ sɛnea m’ani sɔ Yesu asɛm no: “Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan, na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho”!—Mateo 6:33.
Ɔsom Adwuma a Abasow Wom
Wɔ mfe yi mu no, manya Onyankopɔn nhyira a ɛwɔ me som adwuma no so ho adanse afoforo. Mekae sɛ da koro bi mekɔɔ abusua bi a emufo yɛ Protestantfo fie na nkɔmmɔbɔ bi a ɛfa hell-gya nkyerɛkyerɛ no ho sɔree ntɛm ara. Wɔkɔfrɛɛ wɔn sɔfo no a na ɔte bɛn hɔ no. Ɔsɔfo no kae sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ nea ɛteɛ, na sɛnea nkɔmmɔbɔ no kɔɔ so ni:
Mifii ase sɛ, “Bere bi na Incafo wɔ ɔhene bi a wɔfrɛ no Atahuallpa a owui mfe pii a atwam ni. Na ɔyɛ ɔbosonsomfo ne obi a ɔwaree yerenom pii na okum ne nua nso. Enti ɛhe na ne kra wɔ?”
Ɔsɔfo no buae sɛ “Ɛnde bɛyɛ sɛ ɛwɔ hellgya mu.”
“Nanso na saa ɔhene yi nnim nokware Nyankopɔn no ho hwee. Wankenkan Bible da, na wannya ho nimdeɛ biara nso.”
Ɔkae sɛ, “Ɛnde bɛyɛ sɛ ɛwɔ soro.”
Mibuae sɛ, “Nanso 1 Korintofo 6:9 ka sɛ abosonsomfo rennya Onyankopɔn Ahenni.”
Ɛhɔ yɛ dinn. Bere a mente mmuae biara no, ntoaso sukuu kyerɛkyerɛfo bi a na ɔka ɔsɔfo no ho kae sɛ, “Sɛ ɔsɔfo no antumi amma w’asemmisa no ho mmuae a, yɛsrɛ wo, so wobɛpɛ sɛ wokyerɛ yɛn? Ɛhe na Atahuallpa kra wɔ?”
Afei mekɔɔ so kyerɛɛ wɔn fii Bible no mu sɛ awufo nnim hwee wɔ adamoa no mu ne sɛ Onyankopɔn ahyɛ daakye owusɔre ne atemmu bere bi ato hɔ. (Ɔsɛnkafo 9:5, 10; Yohane 5: 28, 29; Asomafo no Nnwuma 17:31) Ɛbɛdaa adi sɛ nkyerɛkyerɛmu no kaa sukuu ɔkyerɛkyerɛfo no kɛse efisɛ akyiri yi ɔno ankasa kɔhwehwɛɛ Yehowa Adansefo akyi kwan. Mprempren ɔresom sɛ asafo mu ɔsomfo wɔ Yehowa Adansefo asafo no biako mu wɔ Ecuador ha.
Anigye ahyɛ me koma ma, efisɛ mprempren m’abusua no mufo nyinaa yɛ Yehowa Adansefo. Wɔbɔɔ Eddie, ne yere ne ne yere nuabea a na ɔresiesie ne ho abɛyɛ ɔbea sɔfo no asu wɔ 1969 mu. Me na nso bɔɔ asu wɔ 1970 mu. Meda m’abusua ne Adansefo afoforo no ase kɛse wɔ wɔn ayamye no ho. Nanso nea ɛsen ne nyinaa no, meda Yehowa Nyankopɔn a wabue m’ani (honhom mu) na wama m’asetra ayɛ nea edi mu no ase. Ɛdenam ne mmoa so no, matumi ayɛ biribiara a m’anifurae no mfa ho.—Sɛnea Rodrigo Vaca ka kyerɛe.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 22]
Na mede awerɛhow ka sɛ “Sɛ Onynkopɔn wɔ hɔ a, anka mo nsa anaa maniwa rensɛe”
[Kratafa 23 mfoni]
Minya anigye kɛse wɔ Bible a mede kyerɛkyerɛ afoforo no mu