Nyamesom Ho Akam
Amerika ɔsraani no bisaa ɔsɔfo no sɛ, “Sɛ obi begyina m’anim a ɛsɛ sɛ metow no a, dɛn nu menyɛ?”
Ɔsɔfo no buae sɛ, “Tow no ntɛm ara, . . . nanso kae sɛ nkwa som bo.”
SƐ́ WOBƐKO na bere koro no ara mu wɔadi nyamesom gyidi ahorow akyi nyɛ nea ɛne ne ho hyia bere nyinaa. Nanso sɛ aman ahorow ko a, nyamesom ho taa kam, sɛnea nhwɛso a ɛwɔ atifi hɔ no da no adi no. The Seattle Times ka no sɛɛ se: “Ɛnnɛ nyamesom hyɛ nitan a ɛrehaw wiase no pii ho nkuran kɛse sen sɛ ɛbɛma ano abrɛ ase.”
Enti yɛahu Katolekfo a wɔko tia Protestantfo wɔ nnansa yi mfe no mu wɔ Northern Ireland. “Kristofo” a wɔko tia Nkramofo wɔ Lebanon. Nkramofo a wɔko tia Yudafo wɔ Mfinimfini Apuei. Hindufo a wɔko tia Nkramofo wɔ India. Buddafo a wɔko tia Hindufo wɔ Sri Lanka. Shi’ite Nkramofo a wɔko tia Sunni Nkramofo wɔ Iran-Iraq. Afoforo pii ka ho.
Ɛnyɛ sɛ ɔko yi nyinaa fa nyamesom mu ntawntawdi ho. Ebia ebinom fa ɔman ahye ho ntawntawdi anaa asetra mu hokwan ahorow ho ɔsatu ho. Nanso mpɛn pii nyamesom ne ade titiriw a ɛma asɛm no yɛ kɛse. Sɛ nhwɛso no, wɔ Iran-Iraq aman ahye ho ntawntawdi no mu no, Iran Shi’ite Nkramofo asɔfo ka kyerɛ wɔn asraafo no sɛ, “Allah akbar.” (“Onyankopɔn yɛ ɔkɛse!”) Mmerante no kɔko tia Iraq Sunni Nkramofo no a wogye di sɛ owu wɔ akono bɛma wɔanya ɔsoro kɔ kwan.
Enti sɛ nyamesom ho kam a, asɛm a wɔka ne sɛ, ‘Onyankopɔn wɔ yɛn afã.’ Eyi ma basabasayɛ, adesɛe, ne nnipakum no kɔ so—ne nyinaa wɔ Onyankopɔn din mu. Nea ɛsen ne nyinaa no, sɛ nyamesom ne asɛm titiriw no a, ɔko no taa yɛ nea wohwie mogya gu wom kɛse na ɛyɛ den sɛ wobegyae nso. Sɛnea Ernest Lefever a ɔyɛ abrabɔ pa ho nsɛm asoɛe bi a ɛwɔ Washington, D. C. titrani kae no: “Sɛ wote nka sɛ Onyankopɔn wɔ w’afã a, wubetumi akyerɛ sɛ atirimɔdensɛm biara teɛ.”—U.S. News and World Report.
Afei asemmisa no sɔre sɛ: Sɛ ɔko si a, so Onyankopɔn kɔ obi afã ampa? Asemmisa yi haw ɔbarima bi a na ɔka wimhyɛn bi a ɛkɔtow atopae guu Germany ne Italy so mpɛn 60 wɔ Wiase Ko II mu no mufo ho no. N’ahonim haw no kɛse sɛ ɔde ne ho hyɛɛ mmarima, mmea ne mmofra mpempem pii a wokunkum wɔn no mu. Yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan sɛnea ɔhwehwɛɛ asemmisa no ho mmuae a akomatɔyam wom ne sɛnea onyae no wɔ asɛm a edi so a ɛne, “Henanom Afã na Onyankopɔn Wɔ?” no mu.
[Kratafa 3 mfoni fibea]
U.S. Army photo