Mmofra—Ɔkwan Bɛn So Na Mubetumi Ama Abusua Mu Asomdwoe Anya Nkɔso?
KRATAA bi a abeawa kumaa bi kyerɛwee fi ase sɛɛ se: “Merekyerɛw de asrɛ mo hɔ mmoa. Ɛte sɛ nea me ne m’awofo ko bere nyinaa. Mete nka sɛ mayɛ ankonam na ɛtaa ma meyɛ obi a wahaw. Sɛ moanyɛ ho biribi ntɛm a, mekum me ho . . . Mesrɛ mo, monnka sɛ me ne m’awofo nkɔkasa. Obiara ntie me.”
Bere a ebia wo tebea nte sɛ abeawa yi de no, mmofra pii hyia ntawntawdi a ɛte saa ara wɔ wɔn afi mu. Ofie nnwuma, bere a wopue a ɛsɛ sɛ wɔba fie, ntadehyɛ ne ahosiesie, mmɔdenbɔ wɔ sukuu, nhyehyɛe a wɔne obi yɛ fi adi, ne obi su wɔ abusua mufo afoforo ho—eyinom nyinaa taa de akasakasa ba.
Nanso mmofra pii ahu sɛ Bible no afotu a wɔde di dwuma de asomdwoe ba ankasa. Na ɛda adi sɛ mfaso ankasa wɔ so, sɛ asomdwoe bɛba wo ne w’awofo ntam. Nanso Bible afotu bɛn na ɛboa wo ma woyɛ saa?
‘Di Wɔn Ni na Tie Wɔn’
“Muntie mo awofo asɛm. . . . Di w’agya ne wo na ni (bu wɔn na hu sɛ wɔsom bo) . . . na awie wo yiye, na wo nna aware asase so,” saa na Bible no ka wɔ Efesofo 6:1-3. So ɛnsɛ sɛ wudi w’awofo a wɔmaa wo nkwa, wɔhwɛɛ wo bere a woyɛ akokoaa na wɔma wunyaa baabi a wode wo ti bɛto, nea wubefura, aduan ne akwahosan no ni? Nea osetie kyerɛ ne sɛ wobɛyɛ nea w’awofo a wosuro Nyankopɔn ka sɛ yɛ no—sɛ ɛyɛ den mpo a. Eyi ka nyɛ den te sɛ ne yɛ! Nanso w’awofo a wɔwɔ asetra mu osuahu pii afotu a wubetie betumi ama woahu nyansa na abɔ wo ho ban wɔ ɛyaw ahorow ho.
Ampa, ebia eyi bɛkyerɛ sua a wubesua biribi a wote nka sɛ w’ani nnye ho yɛ anaasɛ wubegye atom. Nanso eyi yɛ ntetee a ɛho hia na ama woatumi agyina mpanyimfo wiase no mu nhyɛso ahorow no ano. Ɔbenfo Paul Babriel a ɔyɛ mmofra adwene ho nsɛm ho ɔdenimfo no hui sɛ “mmofra a wotumi gyina ano” ne wɔn a “wotumi gyina tebea a wɔmpɛ ano.” Wosua sɛnea wodi abasamtu ho dwuma bere a wɔnnyɛ basabasa na wosua sɛnea wobegye tebea a wontumi nyɛ ho hwee atom. Bible no nso kyerɛ sɛ amanehunu ano a wogyina tumi ma obi nya nipasu a eye. Kwadwom 3:27 se: “Eye ma ɔbarima sɛ ɔsoa kɔndua ne mmerantebere mu.”
Na sɛ wote nka sɛ w’awofo rebu wɔn ani agu w’adwene a wokyerɛ so nso ɛ? Bible no hyɛ nyansa sɛ: (1) Wo ne wɔn nkasa bɔkɔɔ sen sɛ wobɛkekaw mu agu wɔn so. (Mmebusɛm 29:11) (2) Fa “ano dɛdɛ” kasa. Srɛ sɛ wonsusuw wo ho na wɔmmoa wo sen sɛ wobɛhyɛ wɔn. (Mmebusɛm 16:21) Yɛ obi a n’adwenem da hɔ. Fa nkyerɛkyerɛmu a eye ma wɔ w’asɛm ho sen sɛ wobɛka asɛm a ɛmfa ho, te sɛ, “Obiara reyɛ bi” no.—Hwɛ Filipifo 4:5.
Kasa ‘Fi Wo Komam Tẽe’
Bere a na Gregory yɛ abofra no na ɔte nka sɛ ne maame nte sɛnea ɔte nka no ase. Ná ɛte sɛ nea ntease nni anohyeto ahorow a ɔde ma no mu. Ɔtaa ka sɛ wayɛ bɔne bere a enni nnyinaso biara. Yaw a Gregory dii no de ntawntawdi bae da biara. Ɔpanyin bi a ɔkɔɔ ne nkyɛn wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa so sɛ ɔmmoa no ka kyerɛɛ no sɛ ɔne ne maame nkasa ‘mfi ne komam tẽe.’—Hiob 33:3.
Gregory kae sɛ: “Mebɔɔ mmɔden kɛse sɛ mɛma wahu sɛnea mete nka ankasa. Ná mihia ntease ne nkate mu mmoa fi ne hɔ. Meboaa no ma ohui sɛ ɛnyɛ sɛ mereyɛ biribi bɔne, ne sɛnea gye a onnye me nni no yɛɛ me yaw no. Ofii ase tee m’ase na yɛn abusuabɔ no nyaa nkɔso. Afei nso mitiee no na manyɛ biribi a ɛremma onnya me mu ahotoso.” Sɛ wɔante abofra nkate ahorow ase a, nea ɛtaa ba ne yaw a odi. Nanso nkitahodi a efi komam a wɔne awofo nya betumi ama tebea a ɛwɔ fie no ayɛ yiye.
Wubetumi ahu tebea a ɛyɛɛ yiye wɔ Gregory fie no mu yiye bere a wuhu sɛ ɔyɛ afie a emu ɔhaw da nsow a ɛyɛ ɔwofo-biako abusua muni no.
Ɔwofo-Biako Abusua
Mprempren, mmofra baanum a wɔwɔ Amerika biara mu biako ne ɔwofo biako pɛ na ɛte, na tebea horow a ɛte saa ara wɔ hɔ wɔ nsase afoforo so. Maame bi a ɔwɔ Peru kaa adesoa kɛse a ɛsɛ sɛ ɔsoa a ɛne nnɔnhwerew pii a ɛsɛ sɛ ɔde yɛ adwuma na afei wasan abɛyɛ ofie nnwuma no ho asɛm. Nanso ɔkae sɛ: “Nea ɛma asetra yɛ den kɛse ne bere a mmofra no ntie m’asɛm.”
Sɛ woyɛ abofra na wowɔ abusua a ɛte sɛɛ mu a, da ayamhyehye adi denam nea Bible frɛ no “tema” a wubenya no so. (1 Petro 3:8, NW) Yɛ osetie. Kyerɛ sɛ woyɛ ɔba ankasa denam ofie nnwuma a wobɛboa ne yɛ ne afei nso ɔwofo no a wobɛboa no wɔ nkate mu so. Ma w’ani nnye sɛ wowɔ obi a odwen wo ho a ɔpɛ sɛ ɔtete wo yiye. Nsɛnnennen afoforo a ɔwofo-biako abusua de ba ano a wutumi gyina bɛma woayɛ onipa pa.
Ampa, ofie biara nni hɔ a asɛm nnim. Nanso fa w’adwene si nea eye wɔ hɔ no so, wɔ anisɔ mu, na afei ma asomdwoe no nnya nkɔso.
[Kratafa 7 adaka]
“Aniwa a eyi n’agya ahii, na ebu ɛna tie animtiaa no, asubɔnten ho kwaakwaadabi betutu, na akɔre mma bedi.”—Mmebusɛm 30:17.