Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g86 5/8 kr. 13-16
  • “So Mɛnantew Bio Da Bi?”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “So Mɛnantew Bio Da Bi?”
  • Nyan!—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “So Ne Werɛ Ahow?”
  • “Afei, Wo Nkutoo Betumi Akɔ Akodu He”
  • ‘Wo ne Tumi Bi a Ɛkorɔn Wɔ Nkitahodi’
  • Ɔyarefo A Wokɔsra No—Sɛnea Wubetumi Aboa
    Nyan!—1991
  • Wɔnyɛ Nkonyaayifo Anaa Anyame
    Nyan!—1994
  • Yehowa Ama Me Ahoɔden
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Wie A Miwiee Me Ko No
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1986
g86 5/8 kr. 13-16

“So Mɛnantew Bio Da Bi?”

SAA Dwoda anɔpa wɔ September, 1983, mu no, mekɔe sɛ merekɔfa me bag sɛnea metaa yɛ no. Mebɔɔ mmɔden sɛ meso ne nsa no mu. Mekae sɛ, ‘Eyi de dɛn ni’​—efii me nsam hwee hɔ! Ná ahoɔden biara nni me nsa no mu. Mfiase no misusuwii sɛ ebia medaa me nsa so anadwo no na enti ɛrenkyɛ na agyae. Nanso amma saa. Emu kɔɔ so ara yɛɛ den da mũ no nyinaa.

Ansa na anɔpa a edi hɔ no reba no, na m’anan abien no nyinaa ntumi nyɛ hwee. Ɔkwan koro pɛ a metumi afa so asi afi mpa so ne sɛ me yere Barbara bɛboa me. Afei de mihui sɛ ɛho hia sɛ mikohu oduruyɛfo.

Yeduu ayaresabea ketewaa bi a ɛwɔ yɛn hɔ wɔ Botwood, Newfoundland, na nnuruyɛfo baasa bɛhwɛɛ me. Bere a wɔasusuw ho akyi no, wɔka kyerɛɛ me sɛ wosusuw sɛ ɔyare bi a wɔfrɛ no borɔfo mu sɛ polyneuritis a etumi ma obi bubu a wɔfrɛ no ɔkwan foforo so sɛ Guillain-Barré Syndrome, anaasɛ GBS na ɛyɛ me. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ ɛte saa ampa no, wɔyɛɛ nhyehyɛe ma mekɔɔ ayaresabea foforo bi a ɛwɔ kurow kɛse bi a wɔfrɛ no Grand Falls wɔ Newfoundland no mu. Ɛhɔ na saa ɔyare no ho ɔbenfo bi hwɛɛ me. Nhwehwɛmu tiaa bi a ɔyɛe sii so dua sɛ nea wodii kan kae no yɛ nokware​—polyneuritis (mmubui) ! (Hwɛ adaka a ɛwɔ ase hɔ a ese “Dɛn Ne GBS?” no mu.) Ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ mehwɛ kwan sɛ mɛkɔ so ara ayɛ mmerɛw. Ná ɛnyɛ den sɛ megye adi! Efisɛ na ɛsɛ sɛ mepere bɛboro simma du ansa na matumi ahyɛ me sɔks!

Ɛdefa ayaresa ho no, mepenee so sɛ mɛkɔ ayaresabea bi a ɛwɔ St. John a ɛyɛ Newfoundland kurow kɛse no mu. Barbara na ɔkaa kar no twaa akwansin 300 no kɔɔ hɔ. Mekae sɛ yeduu kwan mu baabi no, ɔkae sɛ mensesa faako a kar no mu radio no da no, nanso ɛno mpo mantumi anyɛ! Saa bere yi de na mintumi nnantew. Nsɛmmisa a na ɛma misuro ne, ‘So mɛnantew bio da bi? So me yere na ɛbɛyɛ n’adesoa ne n’asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ me wɔ me nkwa nna a aka no mu?’

Bere a yeduu ayaresabea hɔ no na mayɛ adesoa. Ná ɛyɛ ahometew​—na ɛtɔ bere bi a ɛyɛ hu kakra nso. Ɛha nso oduruyɛfo panyin no kae sɛ: “Akyinnye biara nni ho. Ɛyɛ polyneuritis anaasɛ GBS.”

Ná masi me bo saa anadwo no sɛ m’ankasa bedidi. Nanso pɛ ani bɛhwɛ me! Mede aduan no ayɛ me tirim ne m’aso akyi nyinaa mpo! Ná mintumi mfa me nsa nyɛ hwee. Ná meda so ara tumi kasa, nanso anɔpa a edi hɔ no de na mabubu koraa. Ná mente yaw ankasa nka saa bere no na mmom na mete sɛ biribi wowɔ me te sɛ mpaane.

Afei mmubui no duu me furuma mu, na ɛkãa m’ahome. Ná wosusuw m’ahome hwɛ nnɔnhwerew abien biara. Afei ɛyaw no fii ase​—ɛyaw ankasa. Me kotodwe ne m’abati tutuu me sɛ ɔkekaw. Eyi bɛyɛɛ bere a emu yɛ den sen biara ma me. Edii dapɛn pii. ‘Esiane sɛ na mintumi mmɔ dɔn bere a mihia mmoa nti, na ɛsɛ sɛ meteɛm frɛ ayarehwɛfo no na wɔabɛma me so. Ayarehwɛfo no ba bɛyɛ nneɛma ahorow bi a ɛma ɛyaw no gyae bɛyɛ simma 20. Nnuruyɛfo no hyɛɛ me nkuran sɛ bere a ɛnyɛ mmerɛw sɛ megyina ɛyaw no ano no, ɛyɛ sɛnkyerɛnne pa a ɛkyerɛ sɛ ntini no afi ase reyɛ adwuma.

“So Ne Werɛ Ahow?”

Mmoa a ɛsen biara a na minya ne bere a Barbara ba da biara na ɔbɛhyɛ me den honhom mu denam Bible ne Bible nhoma ahorow a ɔkenkan kyerɛ me no so no. Ná ɔma me aduan na ɔma meteɛteɛ m’apɔw mu sɛnea ɛho hia.

Ɛtɔ bere bi a ayarehwɛfo no frɛ Barbara na wobisa no brɛoo sɛ, “So ne werɛ ahow?” Ná wonim sɛ ɔyare yi ma adwennwene kɛse tɔ obi so. Na ampa, ná bere bi wɔ hɔ a m’aba mu bu, ehu ka me mpo, na midwen ho sɛ: ‘Ebia me yare no bɛka m’adwuma a meyɛ no, na ɛbɛma ɛho ahia sɛ migyae ahwɛfo kwantufo adwuma a m’ani gye ho kɛse no.’ Nanso esiane nkuranhyɛ a minya fii Barbara ne Yehowa Adansefo asafo a ɛwɔ hɔ no mufo hɔ no nti, mebɔɔ mmɔden ara sɛ menya adwempa.

Ade foforo a ɛboaa me ne nsuhyew aguare. Ná wɔtaa de me tra akongua bi mu na wopia me kɔ aguaree hɔ na afei wɔde me to nsuhyew dɛdɛ bi mu! Eyi boae kɛse maa ɛyaw a mete nka wɔ m’apɔw so no ano brɛɛ ase. Ɛne, sɛ, na mitumi te nsuhyew no nka wɔ me were mu na ɛnyɛ me honam mu. Ɛdefa nipadua mu ahotɔ ho de, na eyi ne bere a mepɛ wɔ da no mu!

Ɛboaa me nso maa nea na nnuruyɛfo no aka akyerɛ yɛn no traa m’adwene mu a ɛne sɛ, bere a ebia ebegye asram dodow bi anaasɛ afe mpo no, ɛyɛ nea me ho betumi atɔ me koraa. Ade biako a ɛboaa me nen.

Sɛ́ aduruyɛ no fã wɔ adapɛn kakraa bi akyi no, na wɔde me tra agua bi mu a wɔhwɛ kwan sɛ mɛtra ase kyérebenn. Ná ɛma mete yaw nka kɛse! Mfiase no na mitumi yɛ saa simma kakraa bi pɛ. Obi a ɔyare no bi ayɛ no kaa nokware, bere a ɔkae sɛ, “Ɛyaw no te sɛ bere a wode w’abatwɛw dompe apem biribi​—ɛno ara ne sɛ emmubu” no.

Bere a bere kɔɔ so no, mebɔɔ mmɔden traa ase kyerebenn kyɛe kakra. Afei nso na me yere de me tra mmubuafo akongua mu kyinkyin ayaresabea hɔ ma mekɔsra nnipa baanu a GBS no bi ayɛ wɔn no. Ɛwom sɛ na mate sɛ ɛká nnipa bɛyɛ ɔpepem-fã mu biako pɛ de, nanso nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ bere a mekɔɔ hɔ akyi na wɔde nnipa baanu a ebi aka wɔn no bae.

“Afei, Wo Nkutoo Betumi Akɔ Akodu He”

Wɔ bɛyɛ adapɛn abiɛsa a mabubu koraa akyi no, hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ mesɔree anɔpa bi na mihui sɛ me kokurobeti keka ne ho kakra! Eyi bɛyɛɛ nkuranhyɛ foforo kaa oduruyɛfo no de no ho sɛ me ho betumi atɔ me ntɛm no. Nkakrankakra, afei na me nsateaa a aka no tumi keka wɔn ho.

Bere a madi bɛyɛ ɔsram biako wɔ ayaresabea hɔ no, ayarehwɛfo no de me traa mmubuafo akongua mu na wopiaa me kakra kae sɛ: “Afei, wo nkutoo betumi akɔ akodu he?” Ná ɛnyɛ nea manya ahoɔden pii saa, nanso mebɔɔ mmɔden sɛ mede me nsa bepia akongua no. Ná ɛsɛ sɛ migyina home mpɛn pii, nanso wɔ mmɔdenbɔ kɛse​—ne fifiri a efii me​—akyi no, mitumi koduu ɔkwan no ano! Metee nka sɛ mayɛ bi.

Mmɔden a edi kan a mebɔe sɛ megyina hɔ no yɛɛ hu ampa! Ɛyaw nka a metee no nyɛ nea metumi akyerɛkyerɛ mu. Wɔ bere tiaa bi mu no na misusuw sɛ m’anan bɛmem akɔhyɛn me mu. Nanso na da biara mebɔ mmɔden sɛ mɛyɛ asen da a etwaam no. Bere a minyaa nkɔso no, wɔmaa me poma sɛnea ɛbɛyɛ a me nkutoo bɛnantew nkakrankakra. Metɔɔ me bo ase.

Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔma mesan kɔɔ fie dapɛn awiei bi na ama matumi ne me nnamfo binom agye yɛn ani kakra. Barbara tumi hwɛɛ me yiye wɔ hɔ. Ɛwom, mampɛ sɛ mede me ho bɛto afoforo so koraa saa, nanso na biribiara nni hɔ a metumi ayɛ wɔ ho. Enti misuae sɛ mefi ahobrɛase mu agye ɔdɔ mu a afoforo fi hwɛ me bere a ɛho hia no atom.

Bere a merenya ahoɔden a mihuu sɛnea me nipadua no resiesie ne ho no, na metaa susuw kyerɛwsɛm a ese, “Woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa” no ho. (Dwom 139:14) Amanehunu yi maa m’ani sɔɔ ɔdesani nipadua no. Hwɛ anigye ara a na ɛyɛ afei sɛ mɛsɔre anɔpa biara a nea misusuw ho ne sɛ: ‘Dɛn na metumi ayɛ nnɛ a na mintumi nyɛ nnɛra?

‘Wo ne Tumi Bi a Ɛkorɔn Wɔ Nkitahodi’

Nnuruyɛfo no ani gyee nya a minyaa ahoɔden ntɛm no ho. Egye bere tenten ansa na nnipa pii atumi asɔre agyina wɔn anan so bio. Ɔyarehwɛfo biako ka kyerɛɛ me sɛ: “Migye di sɛ nea ɛboa ma wunyaa ahoɔden ntɛm ne mmoa kɛse a efi ɔdɔ mu a w’asafo no de maa wo no.” Ɛno ma minyaa asuade titiriw bi: hia a ɛho hia sɛ wobɛkɔ akɔsra wɔn a wonni ahoɔden anaasɛ wɔrehu amane ahorow bi no na wɔahyɛ wɔn nkuran. Ná me yere yɛ wɔn a wɔba bɛsra yɛn no ho kyerɛwtohɔ. Nnipa bɛboro 800 na wɔba bɛhwɛɛ yɛn bere a na merenya ahoɔden no!

Dapɛn a ɛtɔ so anum wɔ ayaresabea hɔ no baa awiei na na mede ahopere retwɛn oduruyɛfo no amanneɛbɔ. Ɔbɛhwɛɛ me na ɔkae sɛ metumi akɔ fie. Ná ɛsɛ sɛ mesan kɔ hɔ mmere horow bi na wɔhwɛ sɛnea me ho te. Bere a woyii me akyi da du no, mesan de wɔn poma no kɔmaa wɔn na meka kyerɛɛ wɔn sɛ masi me bo sɛ m’ankasa bɛnantew. Medaa oduruyɛfo no ase wɔ hwɛ a wahwɛ me no ho, nanso ɔkae sɛ, “Nna m’ase. Wo ne tumi bi a ɛkorɔn sen yɛn de yi wɔ nkitahodi!”

Bere a mekɔɔ so ara yɛɛ aduru wɔ fie no, na ahoɔden kakraa bi na ɛwɔ me nsa no mu. Nokwarem no, ɛyɛ February wɔ afe a etwaam no mu nkutoo na mitumi kɔyɛɛ m’adwuma a meyɛ sɛ Yehowa Adansefo hwɛfo kwantufo no wɔ Canada apuei fam kakra. Asram anum atwam fi saa Dwoda no wɔ September 1988 mu bere a me bag no fii me nsa hwee hɔ no. Mibubui​—nanso afei mitumi nantew bio!​—Sɛnea Winston Peacock ka kyerɛe.

[Kratafa 13 adaka]

Dɛn Ne GBS?

Guillain-Barré Syndrome (wɔde din no too Franseni oduruyɛfo a odii kan huu yare yi no) yɛ ahintasɛm ma nyansahufo. Ɛwom sɛ nneɛma ahorow bi na ɛde ba de, nanso wonnya nhuu ade pɔtee a ɛde ba. Wɔn a ɛka wɔn no taa nya ahoɔden de. Nanso sɛ ɛma obi bubu ma ɛkɔka ɔhome nkwaadɔm no a, obetumi awu. Enti Journal of Neurosurgical Nursing ka sɛ “anidaso koro pɛ a wɔn a ɔyare yi ka wɔn wɔ ne hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn yiye.”

Wɔkyerɛ sɛ bere a ɔyare yi aka nipadua no, ɛko tia ehon nkwaadɔm no. Eyi mma ehon ne ɛnam nkwaadɔm no ntumi nni nkitaho. Eyi ma nipadua no yɛ mmerɛw na ebubu. Ɔyarefo no fi ase nya ahoɔden bere a ntini no san fi ase yɛ adwuma no. Eyi betumi agye bɛyɛ asram 18, na ɛtaa yɛ yaw kɛse.

Laura Barry rekyerɛw wɔ The Canadian Nurse mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ tebea horow a obi a ɔyare GBS kɔ mu no mu sɛ: “Wokɔ so ara gye nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔyare yi bi aka wo no ho kyim, nanso wokɔ so ara yɛ mmerɛw. . . . Abufuw di akyi ba na wubisa sɛ: ‘Dɛn nti na me na eyi ba me so?’ . . . Bere a onipa no hu sɛ ɔrentumi nni ɔyare no so no . . . ɛtaa de adwennwene kɛse na ɛba a wɔ obi a ɔyare GBS fam no, ebetumi ayɛ kɛse.”

Ɔyarehwɛfo Barry de ba awiei sɛ, sɛ obi betumi anya ahoɔden a, ayarehwɛfo ne abusuafo ne nnamfo mmoa ho hia. Ɛdenam wɔn mmoa so no ebia ɔde nkakrankakra begye atom na “ebedu saa bere yi de na anidaso wɔ hɔ sɛ ɔyare no adu baabi a ɛrennya nkɔso bio.”

[Kratafa 16 adaka]

Kae Ɔyarefo No!

Nyansahyɛ Ahorow a ɛfa Nnamfo a Wɔda Ayaresabea a Wɔkɔsra Wɔn Ho

• Ɛnkyɛ pii na woamma ɔyarefo no ammrɛ

• Sɛ modɔɔso na morekɔ a, momma nnipa baanu nkɔ ɔdan no mu wɔ bere koro mu; nnipa pii betumi ama wabrɛ

• Kasa brɛoo; ɔkasa a ano yɛ den betumi ahaw ayarefo afoforo

• Ma asɛm biara a wobɛka nyɛ nea ɛhyɛ nkuran

• Bɔ mmɔden sɛ wubehu nea ehia ɔyarefo no. Fa wo ho ma sɛ wobɛyɛ nnwuma ahorow ama abusua no mufo sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere abɛhwɛ ɔyarefo no mpɛn pii sɛnea ebetumi

• Sɛ lɔre ho hia a, boa ma wonnya bi

• Sɛ wokɔ hɔ bere a ɔyarefo no ada anaasɛ wɔreyɛ no aduru a, gyaw krataa ketewa bi a ɛkyerɛ sɛ wobaa hɔ

• Nkyia bɔkɔɔ anaa nea ɛte saa betumi ayɛ nea ɛhyɛ ɔyarefo no den

[Kratafa 16 adaka]

“Na sɛ mutie atemude yi na mudi so yɛ a, [Yehowa] wo Nyankopɔn nso bedi apam ne adɔe a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom no so ama wo, na wadɔ wo ahyira wo ama woadɔ, na wahyira wo yafunu mu aba ne w’asase so aba, w’aburow ne wo nsã ne wo ngo ne w’anantwi mma ne wo nguan mma, asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ w’agyanom sɛ ɔde bɛma wo no so. Wobehyira wo asen aman nyinaa; ɔbarima anaa ɔbea renyɛ obonin wo mu ne w’afieboa mu. Na [Yehowa] beyi ɔyare nyinaa afi wo so, na ɔremfa Misraim yare bɔne biara nto wo so, na ɔde bɛto wɔn a wɔtan wo nyinaa so.”​—Deuteronomium 7:12-15.

[Kratafa 14 mfoni]

Mibubui, nanso afei mitumi nantew bio​—nu mitumi kura me bag no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena